< 1 Ahemfo 18 >

1 Mfeɛ mmiɛnsa akyi, Awurade asɛm baa Elia nkyɛn sɛ, “Fa wo ho kɔkyerɛ ɔhene Ahab na ka kyerɛ no sɛ ɛnkyɛre biara, mɛma osuo atɔ asase no so.”
After many days, the LORD’s word came to Elijah, in the third year, saying, “Go, show yourself to Ahab; and I will send rain on the earth.”
2 Elia de ne ho kɔkyerɛɛ ɔhene Ahab. Na ɛkɔm no ano yɛɛ den yie wɔ Samaria.
Elijah went to show himself to Ahab. The famine was severe in Samaria.
3 Ahab frɛɛ Obadia a na ɔhwɛ nʼahemfie so no. Na Obadia gye Awurade di yie.
Ahab called Obadiah, who was over the household. (Now Obadiah feared the LORD greatly;
4 Ɛberɛ a na Isebel rekunkum Awurade adiyifoɔ no, Obadia faa adiyifoɔ no ɔha de wɔn kɔsiee abodan mmienu mu a, wɔn mu aduonum biara da ɔbodan baako mu. Na ɔmaa wɔn aduane ne nsuo.
for when Jezebel cut off the LORD’s prophets, Obadiah took one hundred prophets, and hid them fifty to a cave, and fed them with bread and water.)
5 Ahab ka kyerɛɛ Obadia sɛ, “Ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ asase no so nsuwa ne bɔnhwa nyinaa sɛ ebia yɛbɛnya ɛserɛ ama apɔnkɔ ne mfunumu yi awe sɛdeɛ wɔrenwu.”
Ahab said to Obadiah, “Go through the land, to all the springs of water, and to all the brooks. Perhaps we may find grass and save the horses and mules alive, that we not lose all the animals.”
6 Enti, wɔkyɛɛ asase no mu maa wɔn ho. Ahab faa ɛfa na Obadia nso faa ɛfa.
So they divided the land between them to pass throughout it. Ahab went one way by himself, and Obadiah went another way by himself.
7 Obadia nam, nam no, Elia hyiaa no. Obadia hunuu no, kaee no enti, ɔkotoo no wɔ fam kaa sɛ, “Enti, wo nie, me wura Elia?”
As Obadiah was on the way, behold, Elijah met him. He recognised him, and fell on his face, and said, “Is it you, my lord Elijah?”
8 Elia buaa sɛ, “Aane, kɔka kyerɛ wo wura sɛ, ‘Elia wɔ ha.’”
He answered him, “It is I. Go, tell your lord, ‘Behold, Elijah is here!’”
9 Obadia bisaa sɛ, “Me wura, ɛdeɛn bɔne na mayɛ a enti woresoma me Ahab nkyɛn ama wɔakum me?
He said, “How have I sinned, that you would deliver your servant into the hand of Ahab, to kill me?
10 Mmerɛ dodoɔ a Awurade, wo Onyankopɔn te ase yi, ɔman anaa ahemman biara nni hɔ a me wura nsomaa obi wɔ so sɛ ɔnhwehwɛ wo. Na ɔman anaa ahemman biara a wɔbɛka sɛ wonni soɔ no, ɔma wɔka ntam, ka sɛ wɔanhunu wo.
As the LORD your God lives, there is no nation or kingdom where my lord has not sent to seek you. When they said, ‘He is not here,’ he took an oath of the kingdom and nation that they didn’t find you.
11 Na afei, woka kyerɛ me sɛ menkɔ me wura nkyɛn nkɔka nkyerɛ no sɛ, ‘Elia wɔ ha.’
Now you say, ‘Go, tell your lord, “Behold, Elijah is here.”’
12 Mennim baabi a sɛ megya wo hɔ kɔ a, Awurade honhom bɛpagya wo akɔsi. Sɛ mekɔka kyerɛ Ahab, na wanhunu wo a, ɔbɛkum me. Nanso, me, wo ɔsomfoɔ, masom Awurade firi me mmɔfraase.
It will happen, as soon as I leave you, that the LORD’s Spirit will carry you I don’t know where; and so when I come and tell Ahab, and he can’t find you, he will kill me. But I, your servant, have feared the LORD from my youth.
13 Me wura, wontee deɛ meyɛɛ ɛberɛ a na Isebel rekunkum Awurade adiyifoɔ no anaa? Mede Awurade adiyifoɔ no ɔha siee abodan mmienu mu a, na wɔn mu aduonum wɔ ɔbodan baako biara mu. Memaa wɔn aduane ne nsuo nso.
Wasn’t it told my lord what I did when Jezebel killed the LORD’s prophets, how I hid one hundred men of the LORD’s prophets with fifty to a cave, and fed them with bread and water?
14 Na afei, woka kyerɛ me sɛ menkɔ me wura nkyɛn nkɔka nkyerɛ no sɛ, ‘Elia wɔ ha!’ Ɔbɛkum me!”
Now you say, ‘Go, tell your lord, “Behold, Elijah is here”.’ He will kill me.”
15 Elia kaa sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade a mesom no te ase yi, deɛ ɛbɛyɛ biara, mede me ho bɛma Ahab ɛnnɛ.”
Elijah said, “As the LORD of Armies lives, before whom I stand, I will surely show myself to him today.”
16 Enti, Obadia kɔhyiaa Ahab, ka kyerɛɛ no, na Ahab kɔhyiaa Elia.
So Obadiah went to meet Ahab, and told him; and Ahab went to meet Elijah.
17 Ɔhunuu Elia no, ɔbisaa no sɛ, “Wo nie, wo a woha Israelfoɔ?”
When Ahab saw Elijah, Ahab said to him, “Is that you, you troubler of Israel?”
18 Elia buaa sɛ, “Menhaa Israel ɛkwan biara so. Na mmom, wo ne wʼagya fiefoɔ na moaha Israel. Moagyae Awurade mmara so die, akɔdi Baal akyi.
He answered, “I have not troubled Israel, but you and your father’s house, in that you have forsaken the LORD’s commandments and you have followed the Baals.
19 Enti, frɛ Israel nnipa nyinaa na wɔmmɛhyia me Karmel bepɔ so. Na fa Baal adiyifoɔ ahanan aduonum ne Asera adiyifoɔ ahanan a wɔdidi Isebel didipono so no nso bra.”
Now therefore send, and gather to me all Israel to Mount Carmel, and four hundred and fifty of the prophets of Baal, and four hundred of the prophets of the Asherah, who eat at Jezebel’s table.”
20 Na Ahab soma kɔɔ Israel nyinaa kɔboaboaa adiyifoɔ no ano wɔ Karmel bepɔ so.
So Ahab sent to all the children of Israel, and gathered the prophets together to Mount Carmel.
21 Elia dii nnipa no anim kaa sɛ, “Moadwene bɛyɛ ntanta wɔ saa asɛm yi ho akɔsi da bɛn? Sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn a, monni nʼakyi, na sɛ Baal nso yɛ Onyankopɔn a, monni nʼakyi.” Nanso, nnipa no yɛɛ dinn.
Elijah came near to all the people, and said, “How long will you waver between the two sides? If the LORD is God, follow him; but if Baal, then follow him.” The people didn’t say a word.
22 Elia ka kyerɛɛ ɔman no sɛ, “Me nko ara ne Awurade odiyifoɔ a maka, nanso Baal wɔ adiyifoɔ ahanan aduonum.
Then Elijah said to the people, “I, even I only, am left as a prophet of the LORD; but Baal’s prophets are four hundred and fifty men.
23 Momma yɛn anantwinini mmienu. Momma wɔnyi mu baako, na wɔntwitwa no asinasini mfa ngu gyenyina so, nsɔ wɔn mu ogya. Nantwinini baako a aka no, mɛyɛ ne ho adwuma, de agu gyenyina so a merento mu ogya.
Let them therefore give us two bulls; and let them choose one bull for themselves, and cut it in pieces, and lay it on the wood, and put no fire under; and I will dress the other bull, and lay it on the wood, and put no fire under it.
24 Na mobɛfrɛ mo nyame na me nso mafrɛ Awurade. Onyame a ɔnam ogya so gye so no, ɔno ne Onyankopɔn.” Ɔmanfoɔ no nyinaa penee so.
You call on the name of your god, and I will call on the LORD’s name. The God who answers by fire, let him be God.” All the people answered, “What you say is good.”
25 Elia ka kyerɛɛ Baal adiyifoɔ no sɛ, “Momfa anantwinini no baako, na monni ɛkan nsiesie no, ɛfiri sɛ, mo dɔɔso. Momfrɛ mo nyame a monnto mu ogya.”
Elijah said to the prophets of Baal, “Choose one bull for yourselves, and dress it first, for you are many; and call on the name of your god, but put no fire under it.”
26 Enti, wɔfaa nantwinini a wɔkaa sɛ wɔmfa no no, siesiee no too afɔrebukyia no so. Afei, wɔfrɛɛ Baal, frɛɛ no, frɛɛ no firi anɔpa mu nyinaa sɛ, “Ao, Baal! Tie yɛn oo!” Wɔteateaam saa ara, nanso wɔannya mmuaeɛ biara! Afei wɔde anibereɛ sa faa afɔrebukyia a wɔasi no ho hyiaeɛ.
They took the bull which was given them, and they dressed it, and called on the name of Baal from morning even until noon, saying, “Baal, hear us!” But there was no voice, and nobody answered. They leapt about the altar which was made.
27 Ɛduruu owigyinaeɛ no, Elia dii wɔn ho fɛ sɛ, “Monteateam den! Ɔyɛ onyame! Ebia, ɔredwene biribi ho dendeenden anaa ɔregye nʼahome, ɔnnyaa adagyeɛ anaa watu ɛkwan. Ebi nso a, wada a ɛsɛ sɛ wɔnyane no.”
At noon, Elijah mocked them, and said, “Cry aloud, for he is a god. Either he is deep in thought, or he has gone somewhere, or he is on a journey, or perhaps he sleeps and must be awakened.”
28 Enti, wɔteateaam den, de asekan twitwaa wɔn ho wɔn ho, wowɔɔ wɔn ho wɔn ho pea sɛdeɛ wɔn amanneɛ teɛ, maa mogya pram wɔn.
They cried aloud, and cut themselves in their way with knives and lances until the blood gushed out on them.
29 Owigyinaeɛ no twaa mu mpo no wɔtoaa wɔn nkɔmhyɛ no so, kɔsii anwummerɛ afɔrebɔ berɛ no mu. Nanso, mmuaeɛ biara amma. Wɔante obiara nne na obiara annye wɔn so.
When midday was past, they prophesied until the time of the evening offering; but there was no voice, no answer, and nobody paid attention.
30 Afei, Elia ka kyerɛɛ ɔmanfoɔ no nyinaa sɛ, “Mommra me nkyɛn ha.” Wɔkɔɔ ne nkyɛn, na ɔsiesiee Awurade afɔrebukyia a na abubuo no.
Elijah said to all the people, “Come near to me!”; and all the people came near to him. He repaired the LORD’s altar that had been thrown down.
31 Elia faa aboɔ dumienu a baako biara gyina hɔ ma Israel abusuakuo baako,
Elijah took twelve stones, according to the number of the tribes of the sons of Jacob, to whom the LORD’s word came, saying, “Israel shall be your name.”
32 na ɔde aboɔ no sane sii Awurade afɔrebukyia no. Na ɔtwaa amena a ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ anammɔn mmiɛnsa faa afɔrebukyia no ho hyiaeɛ.
With the stones he built an altar in the LORD’s name. He made a trench around the altar large enough to contain two seahs of seed.
33 Ɔde nnyensin guu afɔrebukyia no so, twitwaa nantwinini no asinasini guu so. Afei, ɔkaa sɛ, “Monhyɛ pɔre akɛseɛ no nsuo ma ma, na monhwie ngu afɔrebɔdeɛ no ne nnyensin no so.” Wɔyɛɛ deɛ ɔkaeɛ no wieeɛ no,
He put the wood in order, and cut the bull in pieces and laid it on the wood. He said, “Fill four jars with water, and pour it on the burnt offering and on the wood.”
34 ɔkaa sɛ, “Monyɛ saa ara bio!” Na wɔyɛɛ saa wieeɛ no, ɔkaa sɛ, “Monyɛ saa ne mprɛnsa so.” Wɔyɛɛ sɛdeɛ ɔkaeɛ no,
He said, “Do it a second time;” and they did it the second time. He said, “Do it a third time;” and they did it the third time.
35 maa nsuo no tene faa afɔrebukyia no ho, maa mpo, ɛbu faa amena no so.
The water ran around the altar; and he also filled the trench with water.
36 Ɛduruu ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wɔbɔ anwummerɛ afɔdeɛ, sɛdeɛ wɔn amanneɛ kyerɛ no, odiyifoɔ Elia kɔɔ afɔrebukyia no so, bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao, Awurade, Abraham, Isak ne Yakob Onyankopɔn, kyerɛ ɛnnɛ sɛ woyɛ Onyankopɔn wɔ Israel, na meyɛ wo ɔsomfoɔ. Kyerɛ sɛ, deɛ mereyɛ yi nyinaa firi wo.
At the time of the evening offering, Elijah the prophet came near and said, “LORD, the God of Abraham, of Isaac, and of Israel, let it be known today that you are God in Israel and that I am your servant, and that I have done all these things at your word.
37 Ao, Awurade, tie me! Tie me na saa nnipa yi nyinaa nhunu sɛ, Ao, Awurade, woyɛ Onyankopɔn a woatwe wɔn asane aba wo nkyɛn.”
Hear me, LORD, hear me, that this people may know that you, LORD, are God, and that you have turned their heart back again.”
38 Nʼano siiɛ pɛ, na ogya a ɛfiri Awurade nkyɛn te firii soro bɛhyee nantwinini ba no, nnyensin no, aboɔ no ne mfuturo no. Mpo, ɛwee amena no mu nsuo no nyinaa.
Then the LORD’s fire fell and consumed the burnt offering, the wood, the stones, and the dust; and it licked up the water that was in the trench.
39 Nnipa no hunuiɛ no, wɔde wɔn anim butubutuu fam, teateaam sɛ, “Awurade yɛ Onyankopɔn! Awurade yɛ Onyankopɔn!”
When all the people saw it, they fell on their faces. They said, “The LORD, he is God! the LORD, he is God!”
40 Na Elia hyɛɛ sɛ, “Monkyere Baal adiyifoɔ no nyinaa. Mommma wɔn mu baako koraa nnwane.” Enti, ɔmanfoɔ no kyekyeree wɔn nyinaa. Na Elia de wɔn kɔɔ Kison bɔnhwa mu kɔkunkumm wɔn wɔ hɔ.
Elijah said to them, “Seize the prophets of Baal! Don’t let one of them escape!” They seized them; and Elijah brought them down to the brook Kishon, and killed them there.
41 Elia ka kyerɛɛ Ahab sɛ, “Kɔ na kɔdi aduane pa, ma wo ho ntɔ wo! Na mate sɛ osu kɛseɛ bi rebɛtɔ.”
Elijah said to Ahab, “Get up, eat and drink; for there is the sound of abundance of rain.”
42 Enti, Ahab too ɛpono. Na Elia foro kɔɔ Karmel bepɔ atifi, kɔbutuu fam, bɔɔ mpaeɛ.
So Ahab went up to eat and to drink. Elijah went up to the top of Carmel; and he bowed himself down on the earth, and put his face between his knees.
43 Na ɔka kyerɛɛ ne ɔsomfoɔ sɛ, “Kɔ na fa wʼani kyerɛ ɛpo so.” Ɔsomfoɔ no kɔ kɔhwɛɛ hɔ, na ɔba bɛka kyerɛɛ Elia sɛ, “Manhunu hwee.” Elia kaa saa kyerɛɛ no mprɛnson sɛ ɔmfa nʼani nkɔkyerɛ hɔ. Ɔno nso kɔɔ mprɛnson.
He said to his servant, “Go up now and look towards the sea.” He went up and looked, then said, “There is nothing.” He said, “Go again” seven times.
44 Ne mprɛnson so no, ne ɔsomfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Mehunuu omununkum bi a ɛte sɛ onipa abasa a, apue afiri ɛpo no so reforo.” Ɛhɔ ara na Elia teaam sɛ, “Ntɛm! Kɔ Ahab nkyɛn kɔka kyerɛ no. ‘Foro wo teaseɛnam no, na sane kɔ efie. Sɛ woanka wo ho a, osuo no bɛsi wo ɛkwan.’”
On the seventh time, he said, “Behold, a small cloud, like a man’s hand, is rising out of the sea.” He said, “Go up, tell Ahab, ‘Get ready and go down, so that the rain doesn’t stop you.’”
45 Ankyɛre biara na osuo munaa tumm. Osuframa bɔeɛ, na osu kɛseɛ tɔeɛ, na ntɛm so, Ahab kɔɔ Yesreel.
In a little while, the sky grew black with clouds and wind, and there was a great rain. Ahab rode, and went to Jezreel.
46 Afei, Awurade maa Elia ahoɔden sononko bi. Ɔkekaa nʼatadeɛ hyɛɛ nʼabɔsoɔ mu, na ɔdii Ahab teaseɛnam no ɛkan ara kɔsii Yesreel ɛkwan ano.
The LORD’s hand was on Elijah; and he tucked his cloak into his belt and ran before Ahab to the entrance of Jezreel.

< 1 Ahemfo 18 >