< 1 Ahemfo 17 >
1 Afei, Elia a ɔfiri Tisbi a ɛwɔ Gilead no ka kyerɛɛ ɔhene Ahab sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade, Onyankopɔn a mesɔre no som no, Israel Onyankopɔn te ase yi, ɛbɔ rensi, na osuo nso rentɔ mfeɛ kakra bi mu, gye sɛ ɛnam mʼasɛm so.”
Elijah the Tishbite, from Tishbe in Gilead, said to Ahab, “As Yahweh, the God of Israel lives, before whom I stand, there will not be dew or rain these years unless I say so.”
2 Na Awurade ka kyerɛɛ Elia sɛ,
The word of Yahweh came to Elijah, saying,
3 “Kɔ asuo Kerit a ɛwɔ apueeɛ fam no a ɛbɔ Asubɔnten Yordan mu no, na kɔhinta hɔ.
“Leave from here and go eastward; hide yourself by the brook Kerith, east of the Jordan.
4 Nom asuo no mu nsuo, na di deɛ anene no de bɛbrɛ wo, ɛfiri sɛ, mahyɛ sɛ wɔmmrɛ wo aduane.”
It will happen that you will drink from the brook, and I have commanded the ravens to feed you there.”
5 Enti, Elia yɛɛ sɛdeɛ Awurade aka akyerɛ no no. Ɔbɔɔ atenaeɛ wɔ asuo Kerit ho.
So Elijah went and did as the word of Yahweh commanded. He went to live by the brook Kerith, east of the Jordan.
6 Anene no brɛɛ no burodo ne ɛnam anɔpa ne anwummerɛ biara, na ɔnom nsuo firii asuo no mu.
The ravens brought him bread and meat in the morning and bread and meat in the evening, and he drank from the brook.
7 Na akyire yi, asuo no weeɛ, ɛfiri sɛ, na osuo ntɔ wɔ asase no so baabiara.
But after a while the brook dried up because there was no rain in the land.
8 Na Awurade ka kyerɛɛ Elia sɛ,
The word of Yahweh came to him, saying,
9 “Kɔ na kɔtena akuraa Sarefat a ɛbɛn Sidon kuro no mu. Okunafoɔ bi wɔ hɔ a ɔbɛma wo aduane adi. Makyerɛ no deɛ ɔnyɛ.”
“Arise, go to Zarephath, which belongs to Sidon, and live there. Look, I have commanded a widow there to provide for you.”
10 Na Elia kɔɔ Sarefat. Ɔduruu kuro no abɔntenpono no ano no, ɔhunuu okunafoɔ bi a ɔrehwehwɛ mmabaa. Ɔbisaa no sɛ, “Mesrɛ wo, wobɛtumi ama me nsuo kuruwama bi?”
So he arose and went to Zarephath, and when he came to the gate of the city a widow was there gathering sticks. So he called to her and said, “Please bring me a little water in a jar so that I may drink.”
11 Ɔrekɔsa nsuo no aba no, ɔsrɛɛ no sɛ, “Ɛyɛ a fa burodo sini bi nso ka ho.”
As she was going to get water he called to her, and said, “Please bring me a piece of bread in your hand.”
12 Okunafoɔ no kaa sɛ, “Meka Awurade, wo Onyankopɔn no ntam sɛ, menni burodo sini koraa wɔ fie. Na deɛ mewɔ wɔ efie yɛ asikyiresiam kakra ne ngo toa ase kakraa bi. Mekɔpɛɛ mmabaa kakra a mede bɛnoa aduane a ɛtwa toɔ, na me ne me babarima adi, na afei yɛawuwu.”
She replied, “As Yahweh your God lives, I do not have any bread, but only a handful of meal in a jar and a little oil in a jug. See, I am gathering two sticks so I may go in and cook it for me and my son, that we may eat it, and die.”
13 Nanso, Elia ka kyerɛɛ no sɛ, “Nsuro! Kɔ na kɔnoa aduane a ɛtwa toɔ no. Nanso, ɛyɛ a, to burodo ketewa bi di ɛkan ma me ansa. Na ɛno akyi no, aduane bebree bɛka ama wo ne wo ba no.
Elijah said to her, “Do not fear. Go and do as you have said, but make me a little bread first and bring it out to me. Then afterward make some for you and for your son.
14 Na deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn ka ne sɛ, ‘Daa asikyiresiam ne ngo pii bɛka wɔ wo adekoradeɛ no mu kɔsi ɛberɛ a Awurade bɛma osuo atɔ, ama nnɔbaeɛ anyini bio.’”
For Yahweh, the God of Israel, says, 'The jar of meal will not empty, neither will the jug of oil stop flowing, until the day that Yahweh sends rain on the earth.”
15 Na ɔyɛɛ sɛdeɛ Elia kaeɛ no. Enti ɔno, Elia ne ne ba no kɔɔ so dii asikyiresiam ne ngo a na ɔwɔ no ara nna bebree.
So she did as Elijah had told her. She and Elijah, along with her household, ate for many days.
16 Ɛberɛ biara na wɔwɔ asikyiresiam ne ngo a ɛbɛso wɔn di wɔ wɔn adekoradeɛ mu sɛdeɛ Awurade nam Elia so hyɛɛ ho bɔ no.
The jar of meal did not empty, neither did the jug of oil stop flowing, just as the word of Yahweh had said, as he had spoken by Elijah.
17 Akyire yi, ɔbaa no babarima no yareeɛ. Yadeɛ no kɔɔ so ara kɔsii sɛ abɔfra no wuiɛ.
After these things the woman's son, the woman who owned the house, fell sick. His sickness was so severe that there was no more breath left in him.
18 Ɔbaa no bisaa Elia sɛ, “Ao, Onyankopɔn onipa, ɛdeɛn na woayɛ me yi? Wobaa ha sɛ worebɛtwe mʼaso wɔ me bɔne a mayɛ ho enti na woakum me ba yi?”
So his mother said to Elijah, “What do you have against me, man of God? Have you come to me to remind me of my sin and to kill my son?”
19 Nanso, Elia ka kyerɛɛ no sɛ, “Fa wo ba no ma me.” Na ɔgyee abarimaa no firii ne nsam. Ɔde no kɔɔ ɛsoro dan bi a wɔsoɛɛ no mu no mu. Ɔde owufoɔ no too ne mpa so.
Then Elijah replied to her, “Give me your son.” He took the boy from her arms and carried him up into the room where he was staying, and he laid the boy on his own bed.
20 Elia su guu Awurade so sɛ, “Ao, Awurade, adɛn enti na wode saa awerɛhoɔ yi abɛto okunafoɔ yi a ɔde ne fie asom me hɔhoɔ yi so, na wama ne ba awuo yi?”
He cried to Yahweh and said, “Yahweh my God, have you also brought disaster on the widow with whom I am staying, by killing her son?”
21 Ɔbutuu abɔfra no so mprɛnsa, su guu Awurade so sɛ, “Ao Awurade, me Onyankopɔn, mesrɛ, ma abɔfra yi nnya nkwa bio.”
Then Elijah stretched himself on the child three times; he cried out to Yahweh and said, “Yahweh my God, I beg you, please let this child's life return to him.”
22 Awurade tiee Elia mpaeɛbɔ, na abɔfra no nyaa nkwa bio.
Yahweh listened to the voice of Elijah; the life of the child returned to him, and he revived.
23 Enti, Elia de no firi soro hɔ brɛɛ ne maame, ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ, wo ba no anyane.”
Elijah took the child and brought him out of his room down into the house; he handed the boy to his mother and said, “See, your son is alive.”
24 Na ɔbaa no ka kyerɛɛ Elia sɛ, “Afei, mahunu pefee sɛ woyɛ Onyankopɔn onipa, na Awurade kasa fa wo so ampa.”
The woman said to Elijah, “Now I know that you are a man of God, and that the word of Yahweh in your mouth is true.”