< 1 Ahemfo 16 >

1 Na Awurade asɛm baa Hanani babarima Yehu so tiaa Baasa sɛ,
Then this message from the Lord came to the prophet Jehu, son of Hanani, condemning Baasha.
2 “Mepagyaa wo firii mfuturo mu, de wo tuaa me nkurɔfoɔ Israel ano. Nanso, wofaa Yeroboam kwan bɔne no so, maa me nkurɔfoɔ Israel yɛɛ bɔne, maa wɔn bɔne a wɔyɛeɛ no hyɛɛ me abufuo.
“Even though I lifted you out of the dust to make you ruler over my people Israel, you have followed the way of Jeroboam and have made my people Israel sin, making me angry by their sins.
3 Enti, merebɛsɛe Baasa ne ne fie, na mɛyɛ wo fie te sɛ Nebat babarima Yeroboam deɛ.
Now I'm going to destroy Baasha and his family. Baasha, I will make your family like that of Jeroboam, son of Nebat.
4 Wɔn a wɔbɛwuwu wɔ kuro no mu a wɔyɛ Yeroboam dea no deɛ, nkraman bɛwe wɔn ɛnam. Na ewiem nnomaa na wɔbɛsosɔ wɔn a wɔbɛwuwu wiram no.”
Those of Baasha's family who die in the town will be eaten by dogs, and those who die in the countryside will be eaten by birds.”
5 Na Baasa adedie ne ɛho nsɛm nkaeɛ, deɛ ɔyɛeɛ ne ne mpontuo no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
The rest of the events of Baasha's reign, everything that he did and what he accomplished, are recorded in the Book of Chronicles of the Kings of Israel.
6 Baasa wuiɛ no, wɔsiee no wɔ Tirsa. Na ne babarima Ela dii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
Baasha died and was buried in Tirzah. His son Elah succeeded him as king.
7 Na Awurade asɛm nam Hanani babarima odiyifoɔ Yehu so baa Baasa ne ne fiefoɔ so, ɛsiane bɔne dodoɔ a na wayɛ wɔ Awurade ani so no enti. Saa nneyɛeɛ no hyɛɛ Awurade abufuo. Na ɔyɛɛ sɛdeɛ ɔyɛɛ Yeroboam fie no ara pɛ, ɛfiri sɛ, Baasa nso sɛee Yeroboam fie.
The message from the Lord condemning Baasha and his family came to the prophet Jehu, son of Hanani. It came because Baasha had done what was evil in the Lord's sight, in the same way as the family of Jeroboam had done, and also because Baasha had killed Jeroboam's family. The Lord was angry because of Baasha's sins.
8 Baasa babarima Ela hyɛɛ aseɛ dii Israel so wɔ Tirsa a saa ɛberɛ no, na ɔhene Asa adi adeɛ wɔ Yuda mfeɛ aduonu nsia. Ɔdii ɔhene wɔ Israel mfeɛ mmienu.
Elah, son of Baasha, became king of Israel in the twenty-sixth year of the reign of King Asa of Judah. He reigned in Tirzah for two years.
9 Na Simri, a na ɔyɛ safohene wɔ adehyeɛ nteaseɛnam no mu fa so, bɔɔ ne tirim pɔ sɛ ɔbɛkum Ela. Ɛda bi, Ela boroo nsã wɔ Arsa a na ɔyɛ ahemfie sohwɛfoɔ no fie wɔ Tirsa.
One of Elah's officials called Zimri who was in charge of half his chariots plotted a rebellion against him. One time Elah was in Tirzah, getting himself drunk at the home of Arza, the palace manager at Tirzah.
10 Simri kɔɔ hɔ de adeɛ kɔbɔɔ no ma ɔhwee fam wuiɛ. Saa asɛm yi sii ɔhene Asa adedie wɔ Yuda no afe a ɛtɔ so aduonu nson mu. Enti, Simri bɛyɛɛ ɔhene a ɔdi so.
Zimri went up to him, attacked him, and killed him. This was in the twenty-seventh year of the reign of Asa, king of Judah. Then he took over from him as king.
11 Ɛhɔ ara, Simri kunkumm Baasa adehyeɛ abusua no mu nnipa nyinaa a wannya abarimaa baako koraa. Mpo, ɔkunkumm ne ntɛtɛbusuafoɔ ne ne nnamfonom.
As soon as he became king and was installed on his throne, he killed all of Baasha's family. He did not leave a single male alive, whether of his relatives or of his friends.
12 Simri sɛee Baasa ahennie nnidisoɔ no, sɛdeɛ Awurade nam odiyifoɔ Yehu so ahyɛ no.
So Zimri destroyed the entire household of Baasha, as the Lord had said in his condemnation of Baasha through Jehu the prophet.
13 Yeinom siiɛ ɛsiane Baasa ne ne babarima Ela bɔne ne wɔn bɔne dodoɔ a wɔdii Israel anim ma wɔyɛeɛ no enti. Wɔde wɔn abosom huhuo hyɛɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, abufuo.
This was because of all the sins Baasha and his son Elah had committed and had made Israel to commit. Their worship of their useless idols had angered the Lord, the God of Israel.
14 Ela ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
The rest of what happened in Elah's reign and everything that he did are recorded in the Book of Chronicles of the Kings of Israel.
15 Simri tenaa Tirsa dii adeɛ Israel, ɛberɛ a na ɔhene Asa adi adeɛ wɔ Yuda mfeɛ aduonu nson mu, nanso ɔdii adeɛ nnanson pɛ. Ɛberɛ a Israel akodɔm a na wɔrekɔto ahyɛ Filistifoɔ kuro Gibeton so no
Zimri became king of Israel in the twenty-seventh year of the reign of King Asa of Judah. He reigned in Tirzah seven days. At that time the Israelite army was attacking the Philistine town of Gibbethon.
16 tee sɛ Simri akum ɔhene no, wɔyii ɔsahene Omri de no dii adeɛ sɛ wɔn ɔhene foforɔ.
When the troops who were camped there learned that Zimri had plotted rebellion against the king and had murdered him, they made Omri, the army commander, king of Israel that same day in the army camp.
17 Enti, Omri dii Israel akodɔm anim, firi Gibeton kɔtuaa Tirsa a ɛyɛ Israel ahenkuro no.
Omri and the whole Israelite army left Gibbethon and went and besieged Tirzah.
18 Ɛberɛ a Simri hunuu sɛ wɔafa kuro no, ɔkɔɔ ɔhene no abankɛsewa mu wɔ ne fie, na ɔhyee hɔ ne ne ho fraeɛ, ma ɔwuu egyadɛreɛ no mu.
When Zimri saw that the city had been taken he went into the fortress of the royal palace and set it on fire around him, and he died, because of the sins he had committed.
19 Na ɔno nso ayɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Ɔdii Yeroboam anammɔn akyi, toaa bɔne a Yeroboam dii Israel anim yɛeɛ no so.
He did evil in the Lord's sight and followed the way of Jeroboam and his sin which he had made Israel commit.
20 Simri adedie ho nsɛm nkaeɛ ne ne pɔ bɔne a ɔbɔeɛ no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
The rest of what happened in Zimri's reign and his rebellion are recorded in the Book of Chronicles of the Kings of Israel.
21 Na afei, na Israelfoɔ no mu akyɛ mmienu. Na nnipa no mu fa pɛ sɛ wɔma Ginat babarima Tibni di wɔn so ɔhene, ɛnna ɛfa a aka no nso gyinaa Omri akyi.
After this the people of Israel were divided. Half supported Tibni, son of Ginath, as king, while the other half supported Omri.
22 Nanso, Omri akyidifoɔ no bu faa Ginat babarima Tibni akyidifoɔ no so. Enti, wɔkumm Tibni, ma Omri dii ɔhene.
However, those on Omri's side defeated Tibni's supporters. Tibni was killed and Omri became king.
23 Omri hyɛɛ aseɛ dii ɔhene wɔ Israel ɛberɛ a ɔhene Asa adi adeɛ wɔ Yuda mfeɛ aduasa baako mu. Ne nyinaa mu, ɔdii adeɛ mfeɛ dumienu a ɔde emu nsia tenaa Tirsa.
Omri became king of Israel in the thirty-first year of the reign of King Asa of Judah. He reigned for a total of twelve years, (six of them were in Tirzah).
24 Na Omri tɔɔ bepɔ bi a seesei wɔfrɛ no Samaria, firii Semer a na ɛyɛ ne dea no nkyɛn, dwetɛ kilogram aduosia nnwɔtwe. Ɔkyekyeree kuro wɔ so, na ɔtoo kuro no edin Samaria, de hyɛɛ Semer animuonyam.
He purchased the hill of Samaria from Shemer for two talents of silver. He fortified the hill, and named the city that he built Samaria, after Shemer, the previous owner of the hill.
25 Nanso, Omri yɛɛ bɔne Awurade ani so, na mpo, ne bɔne no so sene ahemfo a wɔdi nʼanim no deɛ.
Omri did what was evil in the Lord's sight—in fact he did more evil than those who lived before him.
26 Ɔdii Yeroboam anammɔn akyi, kɔɔ so somm abosom, sɛdeɛ Yeroboam dii Israel anim, ma wɔyɛɛ no. Ɔde yei hyɛɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, abufuo.
For he followed all the ways of Jeroboam, son of Nebat, and in his sins which he made Israel commit, worshiping their useless idols which angered the Lord, the God of Israel.
27 Omri adedie ho nsɛm nkaeɛ no ne deɛ ne tumi ano kɔsi ne ne dwuma a ɔdiiɛ no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
The rest of what happened in Omri's reign, what he did, and his achievements are recorded in the Book of Chronicles of the Kings of Israel.
28 Omri wuiɛ no, wɔsiee no Samaria. Na ne babarima Ahab na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
Omri died and was buried in Samaria. His son Ahab succeeded him as king.
29 Omri ba Ahab hyɛɛ aseɛ dii Israel so ɔhene ɛberɛ a na ɔhene Asa adi adeɛ Yuda mfeɛ aduasa nwɔtwe mu. Ɔdii adeɛ Samaria mfeɛ aduonu mmienu.
Ahab, son of Omri, became king of Israel in the thirty-eighth year of the reign of King Asa of Judah. He reigned in Samaria for twenty-two years.
30 Nanso Omri ba Ahab yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Mpo, na ne bɔne no so sene ahemfo a wɔdi nʼanim no nyinaa mu biara deɛ.
Ahab, son of Omri, did evil in the Lord's sight, more than those who lived before him.
31 Na ɔyɛɛ deɛ Yeroboam yɛɛ wɔ bɔneyɛ mu no bi. Wamma no anso hɔ ara. Ɔwaree Isebel a na ɔyɛ Sidonfoɔhene Etbaal babaa, na ɔhyɛɛ aseɛ somm Baal, sɔree no.
He didn't see anything to worry about in following the sins of Jeroboam, son of Nebat, and he even married Jezebel, daughter of Ethbaal, king of the Sidonians, and started to serve and worship Baal.
32 Deɛ ɛdi ɛkan no, ɔsii abosomfie ne afɔrebukyia maa Baal wɔ Samaria.
Ahab made an altar for Baal in the temple of Baal that he had built in Samaria.
33 Afei, ɔsii Asera afɔrebukyia. Ɔkɔɔ so yɛɛ pii de hyɛɛ Awurade, Israel Onyankopɔn abufuo sene ahemfo a wɔadi nʼanim wɔ Israel no nyinaa.
Then he put up an Asherah pole. In this way Ahab did more to anger the Lord, the God of Israel, than all the kings of Israel before him.
34 Nʼahennie so na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Hiel a ɔfiri Bet-El sane kyekyeree Yeriko. Ɔtoo fapem no, nʼabakan Abiram wuiɛ. Na ɔtintim abɔntenpono de wieeɛ no nso, ne kaakyire Segub nso wuiɛ. Yei nyinaa sisiiɛ, sɛdeɛ asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn fa Yeriko ho a Nun babarima Yosua kaeɛ no teɛ.
During Ahab's reign Hiel of Bethel rebuilt Jericho. He sacrificed Abiram his firstborn son when he laid its foundation, and sacrificed Segub his youngest son when he constructed its gates. This fulfilled the message the Lord had given through Joshua, son of Nun.

< 1 Ahemfo 16 >