< 1 Ahemfo 15 >
1 Yeroboam dii adeɛ wɔ Israel ne mfeɛ dunwɔtwe soɔ no, Abiyam hyɛɛ nʼadedie ase sɛ ɔhene wɔ Yuda.
In the eighteenth year of King Jeroboam son of Nebat, Abijah began to reign over Judah.
2 Ɔdii ɔhene wɔ Yerusalem mfeɛ mmiɛnsa. Na ne maame din de Maaka a ɔyɛ Absalom babaa.
He ruled for three years in Jerusalem. His mother's name was Maacah. She was the daughter of Abishalom.
3 Nʼagya bɔne a ɔyɛeɛ nyinaa no, ɔyɛɛ bi. Na nʼakoma nni Awurade ne Onyankopɔn mu, sɛdeɛ ne nana Dawid yɛeɛ no.
He walked in all the sins that his father had committed before his time; his heart was not devoted to Yahweh his God as the heart of David, his ancestor, had been.
4 Nanso, ɛsiane Dawid enti, Awurade, ne Onyankopɔn maa nʼasefoɔ kwan ma wɔkɔɔ so dii adeɛ, na ɔmaa Abiyam ɔbabarima a ɔbɛdi nʼadeɛ wɔ Yerusalem.
Nevertheless, for David's sake, Yahweh his God gave him a lamp in Jerusalem by raising up his son after him in order to strengthen Jerusalem.
5 Na Dawid ayɛ deɛ ɛyɛ wɔ Awurade ani so. Ɔdii Awurade ahyɛdeɛ so ne nkwa nna nyinaa, agye Hetini Uria no ho asɛm no nko ara.
God did this because David had done what was right in his eyes; for all the days of his life, he had not turned away from anything that he commanded him, except only in the matter of Uriah the Hittite.
6 Abiyam nkwa nna mu nyinaa, na akokoakoko da ɔno ne Yeroboam ntam.
Now there was war between Rehoboam and Jeroboam all the days of Abijah's life.
7 Nsɛm a aka a ɛsisii wɔ Abiyam ahennie mu ne deɛ ɔyɛeɛ no, wɔatwerɛ wɔ Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. Ɔko daa Abia ne Yeroboam ntam ɛberɛ biara.
As for the other matters of Abijah, all that he did, are they not written in the book of the events of the kings of Judah? There was war between Abijah and Jeroboam.
8 Na Abiyam wuiɛ no, wɔsiee no Dawid kuropɔn mu. Na ne babarima Asa dii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
Abijah slept with his ancestors, and they buried him in the city of David. Asa his son became king in his place.
9 Yeroboam dii ɔhene wɔ Israel ne mfeɛ aduonu so no, Asa bɛdii ɔhene wɔ Yuda.
In the twentieth year of Jeroboam king of Israel, Asa began to reign over Judah.
10 Ɔdii ɔhene Yerusalem mfeɛ aduanan baako. Na wɔfrɛ ne nanabaa Maaka a na ɔyɛ Absalom babaa.
He ruled forty-one years in Jerusalem. His grandmother's name was Maacah, the daughter of Abishalom.
11 Asa yɛɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani, sɛdeɛ ne nana Dawid yɛeɛ no.
Asa did what was right in the eyes of Yahweh, as David, his ancestor, had done.
12 Ɔpamoo asɔreeɛ so nnwamanfoɔ nyinaa firii asase no so, na ɔyiyii ahoni a nʼagyanom yɛeɛ no nyinaa.
He expelled the cultic prostitutes from the land and removed all the idols that his ancestors had made.
13 Na mpo, ɔtuu ne nanabaa Maaka firii ahemaadwa no so, ɛfiri sɛ, na wayɛ Asera ahoni dua a na ɛyɛ akyiwadeɛ. Asa twaa dua no na ɔhyee no wɔ Kidron bɔnhwa mu.
He also removed Maacah, his grandmother, from being queen, because she had made a disgusting figure out of an Asherah pole. Asa cut down the disgusting figure and burned it at the Kidron Valley.
14 Ɛwom sɛ wɔansɛe abosonnan no nyinaa koraa deɛ, nanso, Asa kɔɔ so de nʼakoma hyɛɛ Awurade mu nʼasetena nyinaa mu.
But the high places were not taken away. Nevertheless, Asa's heart was completely devoted to Yahweh all his days.
15 Ɔde dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne nneɛma a ɔno ne nʼagya too edin de maa Awurade Asɔredan no baeɛ.
He brought into the house of Yahweh the things that were set apart by his father, and his own things that had been set apart that were made of silver and gold, and vessels.
16 Na akokoakoko wɔ Yudahene Asa ne Israelhene Baasa ntam.
There was war between Asa and Baasha king of Israel, all their days.
17 Israelhene Baasa kɔko tiaa Yuda, na ɔmaa Rama banbɔ sɛdeɛ obi ntumi nni ahyɛnfirie wɔ Yudahene Asa asase so.
Baasha king of Israel, acted aggressively against Judah and built up Ramah, so that he might not allow anyone to leave or enter into the land of Asa king of Judah.
18 Asa tasee dwetɛ ne sikakɔkɔɔ no a ɛkaa wɔ Awurade Asɔredan no akoradan mu ne deɛ na ɛwɔ ahemfie no akoradan no mu. Ɔde hyɛɛ ne mpanimfoɔ no mu bi nsa, na ɔsomaa wɔn ma wɔkɔɔ Hesion babarima Tabrimon babarima Siriahene Ben-Hadad a na ɔdi ɔhene wɔ Damasko no nkyɛn, na ɔde saa nsɛm yi kaa ho.
Then Asa took all the silver and gold left in the storerooms in the house of Yahweh, and the storerooms of the king's palace. He put it into the hands of his servants and sent it to Ben Hadad son of Tabrimmon son of Hezion, the king of Aram, who lived in Damascus. He said,
19 “Ma yɛnyɛ apam a na ɛda wʼagya ne mʼagya ntam no foforɔ. Tie, mede akyɛdeɛ a ɛyɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ resoma de abrɛ wo. Afei, twa wo ne Israelhene Baasa apam no mu, sɛdeɛ ɔremfa ne nsa nka me.”
“Let there be a covenant between me and you, as there was between my father and your father. Look, I have sent to you a gift of silver and gold. Break your covenant with Baasha king of Israel, so that he may leave me alone.”
20 Ben-Hadad penee ɔhene Asa abisadeɛ no so, na ɔsomaa nʼakodɔm, ma wɔkɔto hyɛɛ Israel so. Wɔdii nkuro Iyon, Dan, Abel-Bet-Maaka ne Kineret a Naftali nsase nyinaa ka ho no so.
Ben Hadad listened to King Asa and sent the commanders of his armies, and they attacked the cities of Israel. They attacked Ijon, Dan, Abel of Beth Maacah, and all Kinnereth, together with all the land of Naphtali.
21 Na Israelhene Baasa tee asɛm a asi no, ɔgyaee nʼadwuma a na ɔreyɛ de abɔ Rama ho ban no, kɔɔ Tirsa kɔtenaa hɔ.
It came about that when Baasha heard this, he stopped building up Ramah and went back to Tirzah.
22 Afei, ɔhene Asa soma kɔɔ Yuda mmaa nyinaa, kɔkaa sɛ ɔhwehwɛ sɛ obiara biara bɛboa asoa ɛdansie aboɔ ne nnua a na Baasa de reyɛ banbɔdwuma wɔ Rama no afiri hɔ. Asa de saa banbɔ nneɛma no kyekyeree kuro Geba a ɛwɔ Benyamin ne Mispa kuro no.
Then King Asa made a proclamation to all Judah. No one was exempted. They carried away the stones and timbers of Ramah with which Baasha had been building up the city. Then King Asa used that building material to build up Geba of Benjamin and Mizpah.
23 Asa ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ne tumi kɔduruiɛ no, ne nkuro a ɔkyekyereɛ no nyinaa din no, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. Ne nkɔkoraabɔ mu no, ɔyaree ne nan.
As for the other matters of Asa, all his might, all that he did, and the cities he built, are they not written in the book of the events of the kings of Judah? But during his old age he was diseased in his feet.
24 Ɛberɛ a Asa wuiɛ no, wɔsiee no nʼagyanom nkyɛn wɔ Dawid kuropɔn mu. Na ne babarima Yehosafat bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
Then Asa slept with his ancestors and was buried with them in the city of David his father. Jehoshaphat his son became king in his place.
25 Yeroboam babarima Nadab hyɛɛ aseɛ dii adeɛ wɔ Israel ɛberɛ a na ɔhene Asa adi adeɛ wɔ Yuda mfeɛ mmienu mu. Ɔdii adeɛ Israel mfeɛ mmienu.
Nadab son of Jeroboam began to reign over Israel in the second year of Asa king of Judah; he reigned over Israel two years.
26 Na ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Ɔdii nʼagya anammɔn akyi, toaa so yɛɛ bɔne, somm abosom sɛdeɛ na Yeroboam adi Israel anim ama wɔayɛ no.
He did what was evil in the sight of Yahweh and walked in the way of his father, and in his own sin, by which he led Israel to sin.
27 Na Ahiya babarima Baasa a ɔfiri Isakar abusuakuo mu no pam Nadab tiri so, kumm no ɛberɛ a na ɔne Israel akodɔm akyere sraban, retua Filistifoɔ kuro Gibeton no.
Baasha son of Ahijah, of the family of Issachar, conspired against Nadab; Baasha killed him down at Gibbethon, which belonged to the Philistines, for Nadab and all Israel were laying siege to Gibbethon.
28 Baasa kumm Nadab wɔ ɔhene Asa adedie wɔ Yuda mfeɛ mmiɛnsa mu no so, na ɔbɛyɛɛ Israelhene a ɔdi hɔ.
In the third year of Asa king of Judah, Baasha killed Nadab and became king in his place.
29 Ntɛm ara, ɔkunkumm ɔhene Yeroboam asefoɔ nyinaa a adehyeɛ abusua no mu baako koraa anka, sɛdeɛ Awurade nam odiyifoɔ Ahiya a ɔfiri Silo ahyɛ bɔ afa Yeroboam ho no.
As soon as he was king, Baasha killed all the family of Jeroboam. He left none of Jeroboam's descendants breathing; in this way he destroyed his royal line, just as Yahweh had spoken by his servant Ahijah the Shilonite,
30 Saa asɛm yi siiɛ, ɛfiri sɛ, Yeroboam di a ɔdii Israel anim ma wɔyɛɛ bɔne no, ɛhyɛɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, abufuo.
for the sins of Jeroboam which he committed and by which he led Israel to sin, because he provoked Yahweh, the God of Israel, to anger.
31 Nadab ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma mu.
As for the other matters concerning Nadab, and all that he did, are they not written in the book of the events of the kings of Israel?
32 Na akokoakoko wɔ Asa ne Israelhene Baasa ntam.
There was war between Asa and Baasha king of Israel all their days.
33 Ahiya ba Baasa hyɛɛ aseɛ dii Israel so wɔ ɔhene Asa adedie wɔ Yuda no mfeɛ mmiɛnsa mu. Baasa dii adeɛ Tirsa mfeɛ aduonu ɛnan.
In the third year of Asa king of Judah, Baasha son of Ahijah began to reign over all Israel in Tirzah and he reigned twenty-four years.
34 Na ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Ɔdii Yeroboam anammɔn akyi, somm abosom, sɛdeɛ Yeroboam dii Israel anim yɛeɛ no.
He did what was evil in the sight of Yahweh and walked in the way of Jeroboam and in his sin by which he led Israel to sin.