< 1 Ahemfo 14 >

1 Saa ɛberɛ no, Yeroboam babarima Abia yaree dendeenden.
בעת ההיא חלה אביה בן ירבעם
2 Enti, Yeroboam ka kyerɛɛ ne yere sɛ, “Sesa wo ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, obiara renhunu wo sɛ wone ɔhemmaa no. Na kɔ odiyifoɔ Ahiya, ɔbarima a ɔka kyerɛɛ me sɛ mɛdi ɔhene no, nkyɛn wɔ Silo.
ויאמר ירבעם לאשתו קומי נא והשתנית ולא ידעו כי אתי (את) אשת ירבעם והלכת שלה הנה שם אחיה הנביא--הוא דבר עלי למלך על העם הזה
3 Fa burodo mua edu, ɔfam ne ɛwoɔ akɔtoa kɔkyɛ no, na bisa no deɛ ɛbɛba abarimaa no so.”
ולקחת בידך עשרה לחם ונקדים ובקבק דבש--ובאת אליו הוא יגיד לך מה יהיה לנער
4 Na Yeroboam yere no kɔɔ Ahiya fie wɔ Silo. Saa ɛberɛ no na wabɔ akɔkoraa a ɔnhunu adeɛ.
ותעש כן אשת ירבעם ותקם ותלך שלה ותבא בית אחיה ואחיהו לא יכל לראות כי קמו עיניו משיבו
5 Nanso, na Awurade aka akyerɛ Ahiya sɛ, “Yeroboam yere bɛba ha, na ɔbɛhyɛ da ayɛ ne ho sɛ obi foforɔ. Ɔbɛbisa wo ne babarima no ho asɛm, ɛfiri sɛ, ɔyare dendeenden. Sɛ ɛba saa a, fa mmuaeɛ a mede bɛma wo no ma no.”
ויהוה אמר אל אחיהו הנה אשת ירבעם באה לדרש דבר מעמך אל בנה כי חלה הוא--כזה וכזה תדבר אליה ויהי כבאה והיא מתנכרה
6 Na Ahiya tee ne nan ase wɔ ɛpono ano no, ɔfrɛɛ sɛ, “Yeroboam yere, bra mu! Adɛn enti na woahyɛ da ayɛ wo ho sɛ obi foforɔ?” Na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Mewɔ asɛmmɔne ka kyerɛ wo.
ויהי כשמע אחיהו את קול רגליה באה בפתח ויאמר באי אשת ירבעם למה זה את מתנכרה ואנכי שלוח אליך קשה
7 Fa saa nkra yi a ɛfiri Awurade, Israel Onyankopɔn, nkyɛn kɔma wo kunu Yeroboam sɛ, ‘Mepagyaa wo firi mpapahwekwaa mu, de wo bɛsii me nkurɔfoɔ Israel so ɔhene.
לכי אמרי לירבעם כה אמר יהוה אלהי ישראל יען אשר הרמתיך מתוך העם ואתנך נגיד על עמי ישראל
8 Metuu ahemman no ase firii Dawid fie, de maa wo. Nanso, woammu wo bra, te sɛ me ɔsomfoɔ Dawid a ɔdii mʼahyɛdeɛ so a ɔde nʼakoma nyinaa dii mʼakyi, na daa ɔyɛɛ biribiara a mepɛ sɛ ɔyɛ no.
ואקרע את הממלכה מבית דוד ואתנה לך ולא היית כעבדי דוד אשר שמר מצותי ואשר הלך אחרי בכל לבבו לעשות רק הישר בעיני
9 Bɔne a woayɛ no dɔɔso kyɛn wɔn a wɔtenaa ase ansa na wɔrewo woɔ no. Woayɛ anyame afoforɔ ma ɛnam so ama me bo afu wo, wo sikakɔkɔɔ nantwie mma no enti. Na ɛsiane sɛ woadane wʼakyi akyerɛ me enti,
ותרע לעשות מכל אשר היו לפניך ותלך ותעשה לך אלהים אחרים ומסכות להכעיסני ואתי השלכת אחרי גוך
10 mede amanehunu bɛba wo fie ahennie nnidisoɔ so, na makum wo mmammarima nyinaa, akoa ne deɛ ɔdi ne ho so nso. Mɛhye wʼahennie nnidisoɔ no ase, sɛdeɛ obi hye wura ma aseɛ tu koraa no.
לכן הנני מביא רעה אל בית ירבעם והכרתי לירבעם משתין בקיר עצור ועזוב בישראל ובערתי אחרי בית ירבעם כאשר יבער הגלל עד תמו
11 Me, Awurade, meka ntam sɛ, wo fiefoɔ a wɔbɛwuwu wɔ kuro no mu no, nkraman na wɔbɛwe wɔn ɛnam, na wɔn a wɔbɛwuwu wiram no nso, apete na wɔbɛsosɔ wɔn ɛnam.’”
המת לירבעם בעיר יאכלו הכלבים והמת בשדה יאכלו עוף השמים כי יהוה דבר
12 Na Ahiya ka kyerɛɛ Yeroboam yere sɛ, “Kɔ efie, na sɛ wowura kuro no mu ara pɛ a, abɔfra no bɛwu.
ואת קומי לכי לביתך בבאה רגליך העירה ומת הילד
13 Na Israel nyinaa bɛsu no, na wɔasie no. Ɔno nko ne onipa a ɔfiri mo fie a wɔbɛsie no yie, na saa abɔfra no nko na Awurade, Israel Onyankopɔn, hunu no sɛ ade pa wɔ Yeroboam fiefoɔ nyinaa mu.
וספדו לו כל ישראל וקברו אתו--כי זה לבדו יבא לירבעם אל קבר יען נמצא בו דבר טוב אל יהוה אלהי ישראל--בבית ירבעם
14 Na Awurade bɛpagya ɔhene adi Israel so. Ɔno na ɔbɛtɔre Yeroboam fiefoɔ ase. Saa asɛm no bɛsi ɛnnɛ yi ara, saa dɔnhwereɛ yi ara mu.
והקים יהוה לו מלך על ישראל אשר יכרית את בית ירבעם זה היום ומה גם עתה
15 Na Awurade bɛwoso Israel te sɛ sibire a ɛhinhim wɔ asuwa ani. Ɔbɛtutu Israelfoɔ ase afiri saa asase pa a ɔde maa wɔn agyanom no so. Na ɔbɛbɔ wɔn apete, atra Asubɔnten Eufrate, ɛfiri sɛ, wɔnam som a wɔsom Asera afɔrebukyia no so ahyɛ Awurade abufuo.
והכה יהוה את ישראל כאשר ינוד הקנה במים ונתש את ישראל מעל האדמה הטובה הזאת אשר נתן לאבותיהם וזרם מעבר לנהר יען אשר עשו את אשריהם--מכעיסים את יהוה
16 Ɔbɛto Israel asaworam, ɛfiri sɛ, Yeroboam yɛɛ bɔne, nam so maa Israel nyinaa ne no yɛɛ bɔne.”
ויתן את ישראל--בגלל חטאות ירבעם אשר חטא ואשר החטיא את ישראל
17 Na Yeroboam yere sane kɔɔ Tirsa. Na ɛberɛ a ɔwuraa ne fie no, abɔfra no wuiɛ.
ותקם אשת ירבעם ותלך ותבא תרצתה היא באה בסף הבית והנער מת
18 Ɛberɛ a Israelfoɔ siee no no, wɔsuu no sɛdeɛ Awurade nam odiyifoɔ Ahiya so hyɛeɛ no.
ויקברו אתו ויספדו לו כל ישראל כדבר יהוה אשר דבר ביד עבדו אחיהו הנביא
19 Yeroboam ahennie ho nsɛm nkaeɛ, nʼakodie nyinaa ne ɛkwan a ɔfaa so buu ɔman no nyinaa no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma Mu.
ויתר דברי ירבעם אשר נלחם ואשר מלך הנם כתובים על ספר דברי הימים--למלכי ישראל
20 Yeroboam dii adeɛ wɔ Israel mfeɛ aduonu mmienu. Ɔwuiɛ no, ne babarima Nadab na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
והימים אשר מלך ירבעם עשרים ושתים שנה וישכב עם אבתיו וימלך נדב בנו תחתיו
21 Na Salomo babarima Rehoboam na na ɔdi ɔhene wɔ Yuda. Ɛberɛ a ɔdii adeɛ no, na wadi mfeɛ aduanan baako, na ɔdii adeɛ mfeɛ dunson wɔ Yerusalem, kuro a na Awurade ayi wɔ Israel mmusuakuo no nyinaa mu, sɛ ɔde rehyɛ ne din animuonyam. Na Rehoboam maame din de Naama a ɔyɛ Amonni.
ורחבעם בן שלמה מלך ביהודה בן ארבעים ואחת שנה רחבעם במלכו ושבע עשרה שנה מלך בירושלם העיר אשר בחר יהוה לשום את שמו שם מכל שבטי ישראל ושם אמו נעמה העמנית
22 Ɛberɛ a na Rehoboam di adeɛ no, nnipa a wɔwɔ Yuda no yɛɛ bɔne Awurade anim, maa ne bo fuu wɔ wɔn bɔne no ho. Na saa bɔne no sene deɛ wɔn agyanom no yɛeɛ mpo.
ויעש יהודה הרע בעיני יהוה ויקנאו אתו מכל אשר עשו אבתם בחטאתם אשר חטאו
23 Wɔsisii abosomfie, gyinaa nnannua a wɔate ho ne Asera afɔrebukyia wɔ bepɔ biara so ne dutan frɔmfrɔm biara ase.
ויבנו גם המה להם במות ומצבות ואשרים על כל גבעה גבהה ותחת כל עץ רענן
24 Mpo, na abosomfie mmarima nnwamanfoɔ wɔ asase no so mmaa nyinaa. Nnipa no suasuaa akyiwadeɛ ahodoɔ a amanaman a wɔsom abosom no yɛeɛ enti a Awurade pamoo wɔn firii asase no so maa Israelfoɔ no.
וגם קדש היה בארץ עשו ככל התועבת הגוים אשר הוריש יהוה מפני בני ישראל
25 Rehoboam dii adeɛ ne mfeɛ enum so no, Misraimhene Sisak bɛto hyɛɛ Yerusalem so.
ויהי בשנה החמישית למלך רחבעם עלה שושק (שישק) מלך מצרים על ירושלם
26 Ɔbɔ wuraa Awurade Asɔredan no mu ne ahemfie hɔ baabiara, wiaa biribiara a sikakɔkɔɔ akyɛm a Salomo yɛeɛ no ka ho.
ויקח את אצרות בית יהוה ואת אוצרות בית המלך ואת הכל לקח ויקח את כל מגני הזהב אשר עשה שלמה
27 Akyire yi, Rehoboam yɛɛ kɔbere akyɛm de sii anan, na ɔde hyɛɛ ahemfie awɛmfoɔ no nsa sɛ wɔnhwɛ so.
ויעש המלך רחבעם תחתם מגני נחשת והפקיד על יד שרי הרצים השמרים פתח בית המלך
28 Ɛberɛ biara a ɔhene no kɔ Awurade Asɔredan mu hɔ no, awɛmfoɔ no soa kɔ hɔ bi, na sɛ ɔwie na ɔreba a, wɔsane de bɛgu awɛmfoɔ ɛdan no mu.
ויהי מדי בא המלך בית יהוה--ישאום הרצים והשיבום אל תא הרצים
29 Na Rehoboam ahennie ho nsɛm nkaeɛ no ne dwuma a ɔdiiɛ no deɛ, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
ויתר דברי רחבעם וכל אשר עשה הלא המה כתובים על ספר דברי הימים--למלכי יהודה
30 Daa na ɔko da Rehoboam ne Yeroboam ntam.
ומלחמה היתה בין רחבעם ובין ירבעם כל הימים
31 Ɛberɛ a Rehoboam wuiɛ no, wɔsiee no wɔ nʼagyanom koraberɛ wɔ Dawid kurom. Na ne maame din de Naama a ɔyɛ Amonni baa. Afei, ne babarima a ne din de Abiyam na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
וישכב רחבעם עם אבתיו ויקבר עם אבתיו בעיר דוד ושם אמו נעמה העמנית וימלך אבים בנו תחתיו

< 1 Ahemfo 14 >