< 1 Ahemfo 11 >

1 Farao babaa no akyi no, ɔhene Salomo dɔɔ ananafoɔ mmaa bebree a na wɔyɛ Moabfoɔ, Amonfoɔ, Edomfoɔ, Sidonfoɔ ne Hetifoɔ.
El rey Salomón amó, además de la hija del Faraón, a muchas mujeres extranjeras, moabitas, ammonitas, idumeas, sidonias y heteas;
2 Na Awurade aka no pefee akyerɛ ne nkurɔfoɔ sɛ, wɔne saa aman no nni awadeɛ, ɛfiri sɛ, mmaa a wɔbɛware wɔn no bɛtwetwe wɔn ama wɔakɔsom wɔn anyame. Nanso, Salomo waree wɔn ara.
de las naciones de que había dicho Yahvé a los hijos de Israel: “No os lleguéis a ellas, ni ellas se lleguen a vosotros; pues seguramente desviarán vuestro corazón hacia los dioses de ellas.” A tales se unió Salomón con amor.
3 Na ɔwɔ yerenom ahanson ne mpenafoɔ ahasa. Na ampa ara wɔtwee ne ɔkra firii Awurade ho.
Tuvo setecientas mujeres reinas y trescientas concubinas; y sus mujeres eran causa de los extravíos de su corazón.
4 Ɛberɛ a Salomo bɔɔ akɔkoraa no, wɔtwee nʼakoma kɔɔ anyame afoforɔ so, na wamfa ne ho anto Awurade, ne Onyankopɔn so, sɛdeɛ nʼagya Dawid yɛeɛ no.
Pues siendo Salomón ya viejo, sus mujeres arrastraron su corazón hacia otros dioses; pues no era su corazón enteramente fiel a Yahvé su Dios, como lo fue el corazón de su padre David.
5 Salomo dii Sidonfoɔ nyamebaa Astoret ne Amonfoɔ nyame Molek a na wɔkyiri no no akyi.
Salomón dio culto a Astarté, diosa de los sidonios, y a Milcom, abominación de los ammonitas.
6 Enti, Salomo yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Wanni Awurade akyi, sɛdeɛ nʼagya Dawid yɛeɛ no.
E hizo Salomón lo que era malo a los ojos de Yahvé, y no siguió por entero en pos de Yahvé como su padre David.
7 Salomo sii abosonnan maa Moabfoɔ nyame Kemos, a na ɔyɛ akyiwadeɛ, wɔ Ngo Bepɔ a ɛwɔ Yerusalem apueeɛ fam, na ɔsii bi nso maa Amonfoɔ nyame Molek, a na ɔyɛ akyiwadeɛ.
En aquel tiempo Salomón erigió en el monte que está frente a Jerusalén un santuario para Camos, abominación de Moab y para Moloc, abominación de los hijos de Ammón.
8 Salomo sisii abosonnan yi maa nʼananayerenom nyinaa, sɛ wɔnhye nnuhwam, na wɔmmɔ afɔdeɛ mma wɔn anyame wɔ hɔ.
Lo mismo hizo para todas sus mujeres de tierra extraña, que quemaban incienso y ofrecían sacrificios a sus dioses.
9 Na Awurade bo fuu Salomo, ɛfiri sɛ, nʼakoma adane afiri Awurade, Israel Onyankopɔn, a wada ne ho adi akyerɛ no mprenu no ho.
Entonces se irritó Yahvé contra Salomón, puesto que había apartado su corazón de Yahvé, el Dios de Israel, que se le había aparecido dos veces,
10 Ɔbɔɔ Salomo kɔkɔ sɛ ɔnni anyame foforɔ akyi, nanso Salomo anni Awurade ahyɛdeɛ so.
y le había mandado particularmente que no se fuese tras otros dioses; mas él no guardó lo que Yahvé le había ordenado.
11 Enti, Awurade ka kyerɛɛ Salomo sɛ, “Esiane sɛ woanni mʼapam so, na woapo me mmara enti, ampa ara, mɛte ahemman no afiri wo ho, na mede ama wʼasomfoɔ no mu baako.
Dijo, pues, Yahvé a Salomón: “Por cuanto te has portado así y no has guardado mi alianza y mis leyes que Yo te había prescrito, arrancaré el reino de tu mano y lo daré a un siervo tuyo;
12 Nanso, ɛsiane wʼagya Dawid enti, merenyɛ saa ɛberɛ a wote ase. Mɛgye ahemman no afiri wo babarima nsam.
pero no lo haré en tus días por amor de tu padre David; sino que lo arrancaré de mano de tu hijo.
13 Ɛno mpo, mɛma wadi abusuakuo baako so, ɛsiane me ɔsomfoɔ Dawid ne kuropɔn Yerusalem a mayi asi hɔ no enti.”
Ni tampoco le arrancaré el reino entero, sino que daré una tribu a tu hijo, por amor a David, mi siervo, y por amor de Jerusalén que Yo he escogido.”
14 Na Awurade pagyaa Edomni Hadad a na ɔfiri Edom adehyebusua mu, sɛ ɔnyɛ ɔtamfoɔ ntia Salomo.
Suscitó Yahvé a Salomón un enemigo: Hadad, el idumeo, que era del linaje real de Edom.
15 Mfeɛ bi a atwam no, Dawid ne Yoab a na ɔyɛ nʼakodɔm sahene no kɔɔ Edom kɔsiee Israelfoɔ bi a wɔtotɔɔ akono no. Ɛberɛ a wɔwɔ hɔ no, anka Israel akodɔm no reyɛ akunkum mmarima a wɔwɔ Edom nyinaa.
Cuando David estuvo (en guerra) con Edom, y Joab, jefe del ejército, subió para enterrar los muertos y mató a todos los varones de Edom
16 Yoab ne akodɔm no tenaa hɔ abosome nsia kunkumm wɔn.
—porque seis meses permaneció allí Joab con todo Israel, hasta exterminar a todos los varones de Edom—
17 Nanso, Hadad ne nʼagya adehyeɛ ntuanofoɔ no mu kakra dwaneeɛ. (Saa ɛberɛ no na Hadad yɛ abɔfra ketewa bi.)
huyó Hadad y con él algunos idumeos de entre los siervos de su padre y se retiró a Egipto, siendo Hadad todavía jovencito.
18 Wɔdwane firii Midian kɔɔ Paran. Paran hɔ na ebinom kɔkaa wɔn ho. Afei, wɔkɔɔ Misraim, Farao nkyɛn, na ɔmaa wɔn baabi a wɔbɛtena, aduane ne asase.
Saliendo de Madián pasaron a Farán, y tomando consigo algunos hombres de Farán, llegaron a Egipto, al Faraón, rey de Egipto, el cual le dio casa, le asignó sustento y le dio tierras.
19 Farao pɛɛ Hadad asɛm yie, na ɔmaa no ɔyere a na ɔyɛ ɔhemmaa Tapanhes nuabaa.
Hadad halló gracia a los ojos del Faraón, de tal manera que le dio por mujer la hermana de su misma mujer, la hermana de la reina Tafnes.
20 Ɔne no woo ɔbabarima a wɔtoo no edin Genubat, na wɔtetee no fraa Farao mmammarima mu wɔ Farao ahemfie.
La hermana de Tafnes le dio un hijo, Genubat, al que destetó Tafnes en la casa del Faraón; y habitó Genubat en la casa del Faraón, en medio de los hijos del Faraón.
21 Ɛberɛ a Hadad tee wɔ Misraim sɛ Dawid ne ne sahene Yoab awuwu no, ɔka kyerɛɛ Farao sɛ, “Ma mensane nkɔ mʼankasa me ɔman mu.”
Cuando supo Hadad en Egipto que David se había dormido con sus padres, y que Joab, jefe del ejército, era muerto, dijo al Faraón: “Déjame ir para que vaya a mi tierra.”
22 Farao bisaa no sɛ, “Adɛn? Ɛdeɛn na ɛho hia wo wɔ ha? Ɛdeɛn ho na yɛadi wo hwammɔ a enti wopɛ sɛ wokɔ wo kurom?” Ɔbuaa sɛ, “Biribiara nkɔɔ bɔne, nanso kɔ ara na mepɛ sɛ mekɔ efie.”
El Faraón le contestó: “Pues, ¿qué te falta conmigo para que quieras irte a tu tierra?” Replicó él: “Nada me falta, pero de todos modos déjame partir.”
23 Onyankopɔn pagyaa Eliada babarima Reson nso ma ɔbɛyɛɛ ɔtamfoɔ tiaa Salomo. Reson dwane firii ne wura ɔhene Hadadeser a ɔfiri Soba nkyɛn
Suscitó Dios (a Salomón otro) adversario: Rezón, hijo de Eliadá, que había huido de su señor Hadadéser, rey de Soba.
24 bɛyɛɛ adɔnyɛfoɔ panin. Dawid dii Hadadeser so nkonim no, Reson ne ne mmarima dwane kɔɔ Damasko, kɔdii ɔhene wɔ hɔ.
Reuniendo consigo unos hombres vino a ser jefe de una banda, cuando David mató a los (arameos). Llegó a Damasco, donde se estableció, apoderándose del reino de Damasco.
25 Reson bɛyɛɛ Israel ɔtamfoɔ kɛseɛ wɔ Salomo ahennie nkaeɛ no nyinaa mu; na ɔyɛɛ ɔteeteefoɔ sɛdeɛ Hadad yɛeɛ no. Reson kɔɔ so tanee Israel dendeenden, na ɔtoaa so dii ɔhene wɔ Aram.
Este fue enemigo de Israel todos los días de Salomón, además del mal que hizo Hadad, pues aborrecía a Israel y reinaba sobre la Siria.
26 Otuatefoɔ panin foforɔ bi nso ne Nebat babarima Yeroboam. Na ɔyɛ Salomo ankasa mpanimfoɔ no mu baako. Na ɔfiri kuro Sereda a ɛwɔ Efraim mu. Na wɔfrɛ ne maame Senua a ɔyɛ okunafoɔ.
Levantó la mano contra el rey también Jeroboam, hijo de Nabat, efrateo de Seredá, cuya madre era una viuda que se llamaba Seruá. Era este siervo de Salomón.
27 Nʼatuateɛ no asekyerɛ nie: Na Salomo rekyekyere Milo, na ɔgu so resiesie nʼagya Dawid kuro no afasuo no,
Y he aquí la causa porque se sublevó contra el rey: Salomón estaba edificando el Milló, rellenando la hondonada que había en la ciudad de David, su padre.
28 na Yeroboam yɛ nsiyɛfoɔ. Salomo hunuu no sɛ ɔyɛ ɔdeyɛfoɔ no, ɔde no tuaa adwumayɛfoɔ a wɔfiri Efraim ne Manase mmusuakuo mu no ano.
Jeroboam era hombre valiente y capaz y viendo Salomón que este joven era muy activo en la obra, le puso sobre todos los trabajos de la casa de José.
29 Ɛda bi a Yeroboam refiri Yerusalem no, ɔhyiaa odiyifoɔ Ahiya, Siloni, wɔ ɛkwan so a ɔhyɛ atadeɛ foforɔ. Na wɔn baanu nko na wɔwɔ wiram hɔ.
Aconteció por aquel tiempo que saliendo Jeroboam de Jerusalén, le encontró en el camino el profeta Ahías silonita, que estaba envuelto en una capa nueva, y los dos estaban solos en el campo.
30 Ɛhɔ na Ahiya worɔɔ nʼatadeɛ foforɔ a na ɛhyɛ no no, tetee mu asinasini dumienu.
Tomando entonces Ahías la capa nueva que tenía encima, la rasgó en doce pedazos,
31 Na ɔka kyerɛɛ Yeroboam sɛ, “Fa asinasini yi mu edu, na sei na Awurade, Israel Onyankopɔn, reka: ‘Merebɛgye ahemman no afiri Salomo nsam, na mede mmusuakuo no mu edu bɛma wo.
y dijo a Jeroboam: “Toma para ti diez pedazos, porque así dice Yahvé, el Dios de Israel: He aquí que voy a arrancar el reino de mano de Salomón, y te daré a ti diez tribus;
32 Na ɛsiane me ɔsomfoɔ Dawid ne Yerusalem a mayi afiri Israel mmusuakuo no nyinaa mu no enti, mɛgya no abusua baako.
una sola tribu quedará para él, a causa de mi siervo David, y a causa de Jerusalén, la ciudad que Yo he escogido entre todas las tribus de Israel;
33 Ɛfiri sɛ, Salomo agya me hɔ, akɔsom Astoret a ɔyɛ Sidonfoɔ nyamebaa ne Kemos a ɔyɛ Moabfoɔ nyame ne Amonfoɔ nyame Molek. Wamfa mʼakwan so anyɛ deɛ ɛsɔ mʼani. Wanni me mmara ne mʼahyɛdeɛ so te sɛ nʼagya Dawid.
por cuanto me han abandonado, y se han prosternado ante Astarté, diosa de los sidonios, ante Camos, dios de Moab, y ante Milcom, dios de los hijos de Ammón; y no han seguido mis caminos para hacer lo que es recto a mis ojos (ni han observado) mis leyes y mis preceptos como lo hizo David, su padre.
34 “‘Nanso, merennye ahemman no nyinaa mfiri Salomo nsam saa ɛberɛ yi. Esiane me ɔsomfoɔ Dawid, deɛ meyii no no, na ɔtiee mʼahyɛdeɛ, dii me mmara so no enti, mɛma Salomo adi adeɛ mfeɛ a aka no wɔ ne nkwa mu.
Mas no quitaré de su mano ninguna parte del reino, puesto que le he constituido príncipe todos los días de su vida, por amor de mi siervo David, a quien escogí, porque observó mis leyes y mis mandamientos,
35 Na mɛgye ahemman no afiri ne babarima nsam, na mede mmusuakuo no mu edu ama wo.
sino que quitaré el reino de mano de su hijo, y te lo daré a ti, a saber, las diez tribus;
36 Ne babarima bɛnya abusuakuo baako, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, me ɔsomfoɔ Dawid asefoɔ bɛkɔ so adi ɔhene wɔ Yerusalem, kuro a mayi sɛ me din nna so no.
y a su hijo le daré una tribu, para que mi siervo David tenga una lámpara todos los días delante de Mí en Jerusalén, la ciudad que he escogido para Mí a fin de poner allí mi Nombre.
37 Na mede wo bɛsi Israel ahennwa no so, na wobɛdi adeɛ no sɛdeɛ wʼankasa wʼakoma pɛ.
A ti te tomaré, y tú reinarás sobre todo lo que deseare tu alma, y serás rey sobre Israel.
38 Sɛ wotie asɛm a meka kyerɛ wo, na wonante mʼakwan mu, na woyɛ deɛ medwene sɛ ɛyɛ, na wotie me mmara, di mʼahyɛdeɛ so, sɛdeɛ me ɔsomfoɔ Dawid yɛeɛ no a, ɛnneɛ, daa mɛka wo ho. Mɛtim wo fie adedie ase, sɛdeɛ meyɛ maa Dawid no, na mede Israel bɛma wo.
Si obedecieres todo cuanto Yo te mandare, andando en mis caminos, e hicieres lo que es recto a mis ojos, guardando mis leyes y mis mandamientos, como lo hizo mi siervo David, seré contigo y te edificaré una casa estable, como la edifiqué a David, y te daré Israel.
39 Nanso, ɛsiane Salomo bɔne a wayɛ enti, mɛtwe Dawid asefoɔ aso, nanso ɛrenyɛ afebɔɔ.’”
Humillaré a la descendencia de David por esta causa, pero no para siempre.”
40 Salomo pɛɛ sɛ ɔkum Yeroboam, nanso ɔdwane kɔɔ Misraim, Misraimhene Sisak nkyɛn, kɔsii sɛ Salomo wuiɛ.
Procuraba Salomón dar muerte a Jeroboam, pero Jeroboam se escapó y fue a refugiarse en Egipto, cerca de Sesac, rey de Egipto, y permaneció en Egipto hasta la muerte de Salomón.
41 Na Salomo ahennie ho nsɛm nkaeɛ, deɛ ɔyɛeɛ ne ne nyansa no deɛ, wɔatwerɛ wɔ Salomo Ho Nsɛm Nwoma no mu.
Las demás cosas de Salomón, todo lo que hizo y su sabiduría, ¿no está escrito en el libro de los hechos de Salomón?
42 Salomo dii ɔhene wɔ Yerusalem ne Israel nyinaa so mfirinhyia aduanan.
El tiempo que reinó Salomón en Jerusalén, sobre todo Israel, fue de cuarenta años.
43 Ɛberɛ a Salomo wuiɛ no, wɔsiee no wɔ nʼagya Dawid kurom. Na ne babarima Rehoboam na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene foforɔ.
Y Salomón se durmió con sus padres, y fue sepultado en la ciudad de David, su padre. En su lugar reinó su hijo Roboam.

< 1 Ahemfo 11 >