< 1 Yohane 5 >

1 Obiara a ɔgye di sɛ Yesu yɛ Agyenkwa no yɛ Onyankopɔn ba. Na obiara a ɔdɔ Agya no dɔ ne mma no nso.
Πᾶς ὁ πιστεύων ὅτι Ἰησοῦς ἐστιν ὁ Χριστός, ἐκ τοῦ Θεοῦ γεγέννηται· καὶ πᾶς ὁ ἀγαπῶν τὸν γεννήσαντα ἀγαπᾷ καὶ τὸν γεγεννημένον ἐξ αὐτοῦ.
2 Yei na ɛma yɛhunu sɛ yɛdɔ Onyankopɔn mma; sɛ yɛbɛdɔ Onyankopɔn na yɛadi nʼahyɛdeɛ so.
Ἐν τούτῳ γινώσκομεν ὅτι ἀγαπῶμεν τὰ τέκνα τοῦ Θεοῦ, ὅταν τὸν Θεὸν ἀγαπῶμεν, καὶ τὰς ἐντολὰς αὐτοῦ τηρῶμεν.
3 Ɔdɔ a yɛdɔ Onyankopɔn no kyerɛ di a yɛdi nʼahyɛdeɛ so. Na nʼahyɛdeɛ no nso sodie nyɛ den mma yɛn,
Αὕτη γάρ ἐστιν ἡ ἀγάπη τοῦ Θεοῦ, ἵνα τὰς ἐντολὰς αὐτοῦ τηρῶμεν· καὶ αἱ ἐντολαὶ αὐτοῦ βαρεῖαι οὐκ εἰσίν.
4 ɛfiri sɛ, Onyankopɔn ba biara di ewiase so nkonim. Yɛnam yɛn gyidie so di ewiase so nkonim.
Ὅτι πᾶν τὸ γεγεννημένον ἐκ τοῦ Θεοῦ νικᾷ τὸν κόσμον· καὶ αὕτη ἐστὶν ἡ νίκη ἡ νικήσασα τὸν κόσμον, ἡ πίστις ἡμῶν.
5 Hwan na ɔbɛtumi adi ewiase so nkonim? Obi a ɔgye di sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn Ba no nko ara.
Τίς ἐστιν ὁ νικῶν τὸν κόσμον, εἰ μὴ ὁ πιστεύων ὅτι Ἰησοῦς ἐστὶν ὁ υἱὸς τοῦ Θεοῦ;
6 Yesu Kristo yɛ obi a ɔnam nsuo ne mogya so baeɛ. Ɛnyɛ nsuo nko so na ɔnam baeɛ na mmom, nsuo ne mogya. Na ɛyɛ Honhom no na ɛdi ho adanseɛ ɛfiri sɛ, Honhom no ne nokorɛ no.
Οὗτός ἐστιν ὁ ἐλθὼν δι᾽ ὕδατος καὶ αἵματος, Ἰησοῦς Χριστός· οὐκ ἐν τῷ ὕδατι μόνον, ἀλλ᾽ ἐν τῷ ὕδατι καὶ τῷ αἵματι. Καὶ τὸ πνεῦμά ἐστι τὸ μαρτυροῦν, ὅτι τὸ πνεῦμά ἐστιν ἡ ἀλήθεια.
7 Adansefoɔ baasa na wɔwɔ hɔ.
Ὅτι τρεῖς εἰσιν οἱ μαρτυροῦντες,
8 Honhom no, nsuo no ne mogya no. Saa adansefoɔ yi adwene hyia.
τὸ πνεῦμα, καὶ τὸ ὕδωρ, καὶ τὸ αἷμα· καὶ οἱ τρεῖς εἰς τὸ ἕν εἰσιν.
9 Yɛgye adanseɛ a nnipa di no di; nanso adanseɛ a Onyankopɔn di no mu yɛ den yie. Na saa adanseɛ no na Onyankopɔn adi afa ne Ba no ho no.
Εἰ τὴν μαρτυρίαν τῶν ἀνθρώπων λαμβάνομεν, ἡ μαρτυρία τοῦ Θεοῦ μείζων ἐστίν· ὅτι αὕτη ἐστὶν ἡ μαρτυρία τοῦ Θεοῦ, ἣν μεμαρτύρηκε περὶ τοῦ υἱοῦ αὐτοῦ.
10 Enti, obi a ɔgye Onyankopɔn Ba no di no agye saa adanseɛ yi adi wɔ nʼakoma mu. Na obi a ɔnnye Onyankopɔn nni no ama Onyankopɔn ayɛ ɔtorofoɔ, ɛfiri sɛ, wannye adanseɛ a Onyankopɔn di faa ne Ba no ho anni.
Ὁ πιστεύων εἰς τὸν υἱὸν τοῦ Θεοῦ ἔχει τὴν μαρτυρίαν ἐν αὐτῷ· ὁ μὴ πιστεύων τῷ Θεῷ ψεύστην πεποίηκεν αὐτόν, ὅτι οὐ πεπίστευκεν εἰς τὴν μαρτυρίαν, ἣν μεμαρτύρηκεν ὁ Θεὸς περὶ τοῦ υἱοῦ αὐτοῦ.
11 Yei ne adanseɛ no: Onyankopɔn ama yɛn nkwa a ɛnni awieeɛ; na saa nkwa no wɔ ne Ba no mu. (aiōnios g166)
Καὶ αὕτη ἐστὶν ἡ μαρτυρία, ὅτι ζωὴν αἰώνιον ἔδωκεν ἡμῖν ὁ Θεός, καὶ αὕτη ἡ ζωὴ ἐν τῷ υἱῷ αὐτοῦ ἐστίν. (aiōnios g166)
12 Obiara a ɔwɔ Ɔba no wɔ saa nkwa no, na obiara a ɔnni Ɔba no nni nkwa no.
Ὁ ἔχων τὸν υἱὸν ἔχει τὴν ζωήν· ὁ μὴ ἔχων τὸν υἱὸν τοῦ Θεοῦ τὴν ζωὴν οὐκ ἔχει.
13 Mo a mogye Onyankopɔn Ba no din di no, meretwerɛ mo yei sɛdeɛ ɛbɛma moahunu sɛ mowɔ nkwa a ɛnni awieeɛ. (aiōnios g166)
Ταῦτα ἔγραψα ὑμῖν τοῖς πιστεύουσιν εἰς τὸ ὄνομα τοῦ υἱοῦ τοῦ Θεοῦ, ἵνα εἰδῆτε ὅτι ζωὴν αἰώνιον ἔχετε, καὶ ἵνα πιστεύητε εἰς τὸ ὄνομα τοῦ υἱοῦ τοῦ Θεοῦ. (aiōnios g166)
14 Na anidasoɔ a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn anim ne sɛ, yɛnim sɛ biribiara a yɛbisa no wɔ ne pɛ mu no, ɔtie yɛn.
Καὶ αὕτη ἐστὶν ἡ παρρησία ἣν ἔχομεν πρὸς αὐτόν, ὅτι ἐάν τι αἰτώμεθα κατὰ τὸ θέλημα αὐτοῦ, ἀκούει ἡμῶν·
15 Ɛberɛ biara a yɛbisa no no, ɔtie yɛn. Yɛahunu sɛ yei yɛ nokorɛ yi, yɛnim nso sɛ ɔma yɛn deɛ yɛbisa no biara.
καὶ ἐὰν οἴδαμεν ὅτι ἀκούει ἡμῶν, ὃ ἐὰν αἰτώμεθα, οἴδαμεν ὅτι ἔχομεν τὰ αἰτήματα ἃ ᾐτήκαμεν παρ᾽ αὐτοῦ.
16 Sɛ obi hunu sɛ ne nua ayɛ bɔne bi a ɛmfa no nkɔ owuo mu a, ɔmmɔ Onyankopɔn a ɔbɛma no nkwa no mpaeɛ mma no. Yei fa wɔn a wɔn bɔne mfa wɔn nkɔ owuo mu no ho. Bɔne bi wɔ hɔ a ɛde onipa kɔ owuo mu na ɛno ho deɛ, menka sɛ mommɔ ho mpaeɛ nkyerɛ Onyankopɔn.
Ἐάν τις ἴδῃ τὸν ἀδελφὸν αὐτοῦ ἁμαρτάνοντα ἁμαρτίαν μὴ πρὸς θάνατον, αἰτήσει, καὶ δώσει αὐτῷ ζωὴν τοῖς ἁμαρτάνουσι μὴ πρὸς θάνατον. Ἔστιν ἁμαρτία πρὸς θάνατον· οὐ περὶ ἐκείνης λέγω ἵνα ἐρωτήσῃ.
17 Afideyɛ nyinaa yɛ bɔne, nanso bɔne bi wɔ hɔ a ɛnkɔwie owuo mu.
Πᾶσα ἀδικία ἁμαρτία ἐστί· καὶ ἔστιν ἁμαρτία οὐ πρὸς θάνατον.
18 Yɛnim sɛ Onyankopɔn ba biara nkɔ so nyɛ bɔne, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn Ba no bɔ wɔn ho ban, na ɔbonsam ntumi nyɛ wɔn bɔne.
Οἴδαμεν ὅτι πᾶς ὁ γεγεννημένος ἐκ τοῦ Θεοῦ οὐχ ἁμαρτάνει· ἀλλ᾽ ὁ γεννηθεὶς ἐκ τοῦ Θεοῦ τηρεῖ ἑαυτόν, καὶ ὁ πονηρὸς οὐχ ἅπτεται αὐτοῦ.
19 Yɛnim sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma, na ewiasefoɔ deɛ wɔhyɛ ɔbonsam tumi ase.
Οἴδαμεν ὅτι ἐκ τοῦ Θεοῦ ἐσμεν, καὶ ὁ κόσμος ὅλος ἐν τῷ πονηρῷ κεῖται.
20 Yɛnim sɛ Onyankopɔn Ba no aba, na wama yɛahunu nokorɛ Onyankopɔn no. Ɔno ne Onyankopɔn nokwafoɔ a ɔma daa nkwa no. (aiōnios g166)
Οἴδαμεν δὲ ὅτι ὁ υἱὸς τοῦ Θεοῦ ἥκει, καὶ δέδωκεν ἡμῖν διάνοιαν ἵνα γινώσκωμεν τὸν ἀληθινόν· καί ἐσμεν ἐν τῷ ἀληθινῷ, ἐν τῷ υἱῷ αὐτοῦ Ἰησοῦ Χριστῷ. Οὗτός ἐστιν ὁ ἀληθινὸς Θεός, καὶ ζωὴ αἰώνιος. (aiōnios g166)
21 Me mma, montwe mo ho mfiri abosom ho.
Τεκνία, φυλάξατε ἑαυτὰ ἀπὸ τῶν εἰδώλων. Ἀμήν.

< 1 Yohane 5 >