< 1 Yohane 4 >
1 Me nuanom adɔfoɔ monnnye honhom no nyinaa nni. Mmom monsɔ honhom no nhwɛ sɛ ɛfiri Onyankopɔn anaa. Ɛfiri sɛ, atorɔ adiyifoɔ bebree ahwete wɔ ewiase.
Улю́блені, — не кожному духові вірте, але випробо́вуйте духів, чи від Бога вони, бо неправдивих пророків багато з'явилося в світ.
2 Ɛkwan a wobɛtumi afa so ahunu sɛ obi wɔ Onyankopɔn Honhom no ne sɛ, ɔbɛpae mu aka sɛ, nokorɛm Yesu Kristo baa onipa tebea mu.
Духа Божого цим пізнавайте: кожен дух, який ви́знає, що Ісус Христос прийшов був у тілі, той від Бога.
3 Na deɛ ɔnka saa mfa Yesu ho no nni honhom a ɛfiri Onyankopɔn. Saa honhom no yɛ Kristo ɔtamfoɔ. Motee sɛ saa na ɛbɛba, nanso ɛwɔ ewiase ha dada.
А кожен дух, який не визнає́ Ісуса, той не від Бога, але́ він анти́христів, про якого ви чули, що йде, а тепер уже він у світі.
4 Me mma, mofiri Onyankopɔn mu na moadi atorɔ adiyifoɔ no so, ɛfiri sɛ, Honhom a ɛwɔ mo mu no wɔ tumi sene honhom a ɛwɔ ewiase yi mu.
Ви від Бога, дітки́, і ви перемогли їх, — більший бо Той, Хто в вас, аніж той, хто в світі.
5 Wɔka nsɛm a ɛfa ewiase ho ma ewiase tie ɛfiri sɛ, wɔyɛ ewiasefoɔ.
Вони від світу, тому́ то говорять від світу, а світ слухає їх.
6 Nanso, yɛn deɛ, yɛyɛ Onyankopɔn nkurɔfoɔ. Obiara a ɔnim Onyankopɔn no tie yɛn. Na obiara a ɔnyɛ Onyankopɔn onipa no ntie yɛn. Yei nko ara ne ɛkwan a yɛnam so de hunu nokorɛ Honhom ne atorɔ honhom mu.
Ми від Бога, — хто знає Бога, той слухає нас, хто не від Бога, той не слухає нас. Цим пізнає́мо Духа правди та духа обмани.
7 Anuanom, momma yɛnnodɔ yɛn ho ɛfiri sɛ, ɔdɔ firi Onyankopɔn. Obi a ɔwɔ ɔdɔ no yɛ Onyankopɔn ba na ɔnim Onyankopɔn nso.
Улю́блені, — любім один о́дного, бо від Бога любов, і кожен, хто любить, родився від Бога та ві́дає Бога!
8 Obi a ɔnni ɔdɔ no nnim Onyankopɔn ɛfiri sɛ, Onyankopɔn yɛ ɔdɔ.
Хто не любить, той Бога не пізнав, бо Бог є любов!
9 Ɛkwan a Onyankopɔn nam so da ne dɔ adi kyerɛ yɛn ne sɛ, ɔsomaa ne Ba korɔ no baa ewiase sɛdeɛ yɛbɛfa ne so anya nkwa.
Любов Божа до нас з'явилася тим, що Бог Сина Свого Одноро́дженого послав у світ, щоб ми через Нього жили́.
10 Yei ne ɔdɔ. Ɛnkyerɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn, na mmom, ɔno na ɔdɔ yɛn enti ɔsomaa ne Ba sɛ yɛmfa ne so nya yɛn bɔne ho mpata.
Не в то́му любов, що ми полюбили Бога, а що Він полюбив нас, і послав Свого Сина вблага́нням за наші гріхи.
11 Anuanom adɔfoɔ, sɛ saa na Onyankopɔn dɔ yɛn a, na ɛkyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛdodɔ yɛn ho.
Улю́блені, — коли Бог полюбив нас отак, то повинні любити і ми один о́дного!
12 Obiara nhunuu Onyankopɔn da. Sɛ yɛdodɔ yɛn ho a, na Onyankopɔn te yɛn mu na ne dɔ no awie pɛyɛ wɔ yɛn mu.
Бога не бачив ніко́ли ніхто. Коли один о́дного любимо, то Бог в нас пробуває, а любов Його в нас удоскона́лилась.
13 Yei na ɛma yɛhunu pefee sɛ yɛte Onyankopɔn mu na ɔno nso te yɛn mu. Wama yɛn ne Honhom.
Що ми пробуваємо в Ньому, а Він у нас, пізнає́мо це тим, що Він дав нам від Духа Свого́.
14 Na yɛahunu na yɛaka akyerɛ afoforɔ sɛ Agya no somaa ne Ba maa ɔbɛyɛɛ ewiase Agyenkwa.
І ми бачили й сві́дчимо, що Отець послав Сина Спасителем світу.
15 Obiara a ɔpae mu ka sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn Ba no, Onyankopɔn te ne mu na ɔno nso te Onyankopɔn mu.
Коли хто визнає́, що Ісус — то Син Божий, то в нім Бог пробува́є, а він у Бозі.
16 Na yɛn ankasa nim na yɛgye Onyankopɔn dɔ a ɔde dɔ yɛn no di. Onyankopɔn yɛ ɔdɔ na obiara a ɔte ɔdɔ mu no te Onyankopɔn mu na Onyankopɔn nso te ne mu.
Ми пізнали й увірували в ту любов, що Бог її має до нас. Бог є любов, і хто пробуває в любові, пробуває той в Бозі, і в нім Бог пробуває!
17 Ɛsɛ sɛ ɔdɔ yɛ pɛ wɔ yɛn mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛnya akokoɔduru Atemmuo da no. Na yɛbɛnya saa akokoɔduru no nso, ɛfiri sɛ, yɛn abrabɔ wɔ ewiase ha no te sɛ Kristo deɛ pɛ.
Любов удоскона́люється з нами так, що ми маємо відвагу на день судний, бо який Він, такі й ми на цім світі.
18 Ehu nni ɔdɔ mu. Ɔdɔ amapa pam ehu nyinaa. Ehu ne asotwe na ɛnam. Enti, deɛ ɔyɛ ohufoɔ no nwie pɛyɛ wɔ ɔdɔ mu.
Стра́ху немає в любові, але досконала любов проганяє страх геть, бо страх має му́ку. Хто ж боїться, той не досконалий в любові.
19 Yɛwɔ ɔdɔ, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn na ɔdɔɔ yɛn kane.
Ми любимо Його, бо Він перше нас полюбив.
20 Sɛ obi ka sɛ, “Medɔ Onyankopɔn” na ɔtane ne nua a, ɔyɛ ɔtorofoɔ. Na deɛ ɔnnɔ ne nua a ɔhunu no no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔbɛtumi adɔ Onyankopɔn a ɔnhunu no.
Як хто скаже: „Я Бога люблю́“, та нена́видить брата свого́, той неправдомо́вець. Бо хто не любить брата свого, якого бачить, як може він Бога любити, Якого не бачить?
21 Yei ne mmara a Kristo hyɛ maa yɛn. Deɛ ɔdɔ Onyankopɔn no, ɛsɛ sɛ ɔdɔ ne nua nso.
І ми оцю заповідь маємо від Нього, щоб, хто любить Бога, той і брата свого любив!