< 1 Yohane 3 >

1 Monhwɛ ɔdɔ a Agya no dɔ yɛn. Ne dɔ a ɔdɔ yɛn no mu den enti wɔfrɛ yɛn Onyankopɔn mma. Na ɛyɛ nokorɛ nso. Ne saa enti ewiase nnim yɛn ɛfiri sɛ ɛnnim Onyankopɔn.
보라, 아버지께서 어떠한 사랑을 우리에게 주사 하나님의 자녀라 일컬음을 얻게 하셨는고 우리가 그러하도다 그러므로 세상이 우리를 알지 못함은 그를 알지 못함이니라
2 Me nuanom, seesei yɛyɛ Onyankopɔn mma, nanso deɛ daakye yɛbɛyɛ deɛ, yɛnnim. Nanso, yɛnim sɛ Kristo ba a, yɛbɛyɛ te sɛ ɔno, ɛfiri sɛ, yɛbɛhunu no sɛdeɛ ɔteɛ.
사랑하는 자들아! 우리가 지금은 하나님의 자녀라 장래에 어떻게 될 것은 아직 나타나지 아니하였으나 그가 나타내심이 되면 우리가 그와 같을 줄을 아는 것은 그의 계신 그대로 볼 것을 인함이니
3 Obiara a ɔwɔ saa anidasoɔ yi wɔ Kristo mu no yɛ ne ho kronn sɛdeɛ Kristo yɛ kronn no.
주를 향하여 이 소망을 가진 자마다 그의 깨끗하심과 같이 자기를 깨끗하게 하느니라
4 Obiara a ɔyɛ bɔne no bu Onyankopɔn mmara so, ɛfiri sɛ, bɔne yɛ mmara so buo.
죄를 짓는 자마다 불법을 행하나니 죄는 불법이라
5 Monim sɛ Kristo baeɛ sɛ ɔrebɛfa nnipa bɔne, ɛfiri sɛ, ɔno deɛ bɔne nni ne mu.
그가 우리 죄를 없이 하려고 나타내신 바 된 것을 너희가 아나니 그에게는 죄가 없느니라
6 Enti, obiara a ɔtena Kristo mu no nkɔ so nyɛ bɔne. Na obiara a ɔkɔ so yɛ bɔne no nhunuu no, na ɔnnim no.
그 안에 거하는 자마다 범죄하지 아니하나니 범죄하는 자마다 그를 보지도 못하였고 그를 알지도 못하였느니라
7 Mommma obi nnaadaa mo, me mma. Obiara a ɔyɛ deɛ ɛtene no yɛ ɔteneneeni sɛdeɛ Kristo yɛ ɔteneneeni no.
자녀들아! 아무도 너희를 미혹하지 못하게 하라 의를 행하는 자는 그의 의로우심과 같이 의롭고
8 Deɛ ɔkɔ so yɛ bɔne no yɛ ɔbonsam dea, ɛfiri sɛ, ɔbonsam firi ahyɛaseɛ pɛɛ na ɔyɛɛ bɔne. Saa asɛm yi enti na Onyankopɔn Ba no baeɛ. Ɔbaeɛ sɛ ɔrebɛsɛe ɔbonsam nnwuma.
죄를 짓는 자는 마귀에게 속하나니 마귀는 처음부터 범죄함이니라 하나님의 아들이 나타나신 것은 마귀의 일을 멸하려 하심이니라
9 Obiara a ɔyɛ Onyankopɔn Ba no nkɔ so nyɛ bɔne, ɛfiri sɛ Onyankopɔn su wɔ ne mu, na ɛsiane sɛ Onyankopɔn yɛ nʼAgya enti, ɔntumi nkɔ so nyɛ bɔne.
하나님께로서 난 자마다 죄를 짓지 아니하나니 이는 하나님의 씨가 그의 속에 거함이요 저도 범죄치 못하는 것은 하나님께로서 났음이라
10 Nsonsonoeɛ a ɛda Onyankopɔn mma ne ɔbonsam mma ntam ne sɛ, obi a ɔnyɛ papa anaa ɔnnɔ ne nua no nyɛ Onyankopɔn ba.
이러므로 하나님의 자녀들과 마귀의 자녀들이 나타나나니 무릇 의를 행치 아니하는 자나 또는 그 형제를 사랑치 아니하는 자는 하나님께 속하지 아니하니라
11 Nsɛm a motee ahyɛaseɛ no kyerɛ sɛ, monnodɔ mo ho.
우리가 서로 사랑할지니 이는 너희가 처음부터 들은 소식이라
12 Ɛnsɛ sɛ yɛyɛ sɛ Kain. Na ɔyɛ ɔbonsam dea. Enti ɔkumm nʼankasa ne nua. Adɛn enti na Kain kumm no? Ɛfiri sɛ, nneɛma a ɔyɛeɛ no yɛ bɔne, nanso ne nua no deɛ, ɔyɛɛ papa.
가인같이 하지 말라 저는 악한 자에게 속하여 그 아우를 죽였으니 어찐 연고로 죽였느뇨 자기의 행위는 악하고 그 아우의 행위는 의로움이니라
13 Enti, anuanom, sɛ ewiasefoɔ tane mo a, mommma ɛnyɛ mo nwanwa.
형제들아! 세상이 너희를 미워하거든 이상히 여기지 말라
14 Yɛnim sɛ yɛafiri owuo mu aba nkwa mu. Yɛnim saa, ɛfiri sɛ, yɛdɔ yɛn nuanom.
우리가 형제를 사랑함으로 사망에서 옮겨 생명으로 들어간 줄을 알거니와 사랑치 아니하는 자는 사망에 거하느니라
15 Obi a ɔtan ne nua no yɛ owudifoɔ na monim nso sɛ owudifoɔ nni nkwa a ɛnni awieeɛ wɔ ne mu. (aiōnios g166)
그 형제를 미워하는 자마다 살인하는 자니 살인하는 자마다 영생이 그 속에 거하지 아니하는 것을 너희가 아는 바라 (aiōnios g166)
16 Yei na ɛma yɛhunu sɛdeɛ ɔdɔ teɛ. Kristo de ne nkwa maa yɛn. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛde yɛn nkwa ma yɛn nuanom.
그가 우리를 위하여 목숨을 버리셨으니 우리가 이로써 사랑을 알고 우리도 형제들을 위하여 목숨을 버리는 것이 마땅하니라
17 Sɛ obi yɛ ɔdefoɔ na ɔhunu sɛ biribi ho hia ne nua na wanhunu no mmɔbɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi aka sɛ ɔdɔ Onyankopɔn wɔ nʼakoma mu?
누가 이 세상 재물을 가지고 형제의 궁핍함을 보고도 도와줄 마음을 막으면 하나님의 사랑이 어찌 그 속에 거할까보냐
18 Me mma, ɛnsɛ sɛ yɛn dɔ no yɛ kasa hunu. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ ɔdɔ turodoo a ɛnam nneyɛeɛ so da ne ho adi.
자녀들아! 우리가 말과 혀로만 사랑하지 말고 오직 행함과 진실함으로 하자
19 Yei na ɛbɛma yɛahunu sɛ yɛwɔ nokorɛ no. Yei na ɛbɛma yɛn akoma anya gyidie wɔ Onyankopɔn anim.
이로써 우리가 진리에 속한 줄을 알고 또 우리 마음을 주 앞에서 굳세게 하리로다
20 Sɛ yɛn akoma bu yɛn fɔ mpo a, yɛnim sɛ Onyankopɔn so sene yɛn akoma na ɔnim biribiara.
우리 마음이 혹 우리를 책망할 일이 있거든 하물며 우리 마음보다 크시고 모든 것을 아시는 하나님일까 보냐
21 Enti, anuanom adɔfoɔ, sɛ yɛn akoma ammu yɛn fɔ a, yɛwɔ akokoɔduru wɔ Onyankopɔn anim.
사랑하는 자들아! 만일 우리 마음이 우리를 책망할 것이 없으면 하나님 앞에서 담대함을 얻고
22 Biribiara a yɛbisa no no, yɛn nsa ka, ɛfiri sɛ, yɛdi ne mmara so na yɛyɛ nʼapɛdeɛ nso.
무엇이든지 구하는 바를 그에게 받나니 이는 우리가 그의 계명들을 지키고 그 앞에서 기뻐하시는 것을 행함이라
23 Ne mmara no ka sɛ, yɛnnye ne Ba Yesu Kristo no din mu na yɛnnodɔ yɛn ho sɛdeɛ Kristo hyɛɛ yɛn no.
그의 계명은 이것이니 곧 그 아들 예수 그리스도의 이름을 믿고 그가 우리에게 주신 계명대로 서로 사랑할 것이니라
24 Obiara a ɔdi Onyankopɔn mmara so no te Onyankopɔn mu na Onyankopɔn nso te ne mu. Na yei na ɛma yɛhunu sɛ Onyankopɔn te yɛn mu. Yɛnim no saa ɛsiane Honhom a wama yɛn no enti.
그의 계명들을 지키는 자는 주 안에 거하고 주는 저 안에 거하시나니 우리에게 주신 성령으로 말미암아 그가 우리 안에 거하시는 줄을 우리가 아느니라

< 1 Yohane 3 >