< 1 Yohane 2 >

1 Me mma, meretwerɛ yei abrɛ mo na moanyɛ bɔne; na sɛ obi yɛ bɔne a, yɛwɔ Yesu Kristo ɔteneneeni no a ɔsrɛ wɔ Agya no hɔ ma yɛn.
My little children, these things write I vnto you, that ye sinne not: and if any man sinne, wee haue an Aduocate with the Father, Iesus Christ, the Iust.
2 Na Kristo no ankasa ne yɛn bɔne ho mpata na ɛnyɛ yɛn bɔne nko, na nnipa nyinaa bɔne.
And he is the reconciliation for our sinnes: and not for ours onely, but also for the sinnes of the whole world.
3 Sɛ yɛdi Onyankopɔn mmara so a, na ɛkyerɛ sɛ yɛnim no.
And hereby we are sure that we knowe him, if we keepe his commandements.
4 Sɛ obi ka sɛ, “Menim no”, nanso ɔnni ne mmara so a, saa onipa no yɛ ɔtorofoɔ a nokorɛ nni ne mu.
Hee that saith, I knowe him, and keepeth not his commandements, is a liar, and the trueth is not in him.
5 Na obiara a ɔtie nʼAsɛm no yɛ obi a nokorɛm, ne dɔ a ɔde dɔ Onyankopɔn no wie pɛ yɛ. Yei na ɛma yɛgye to mu sɛ yɛte ne mu.
But hee that keepeth his worde, in him is the loue of God perfect in deede: hereby wee knowe that ye are in him.
6 Na sɛ yɛte ne mu deɛ a, na ɛsɛ sɛ yɛdi Yesu Kristo anammɔn akyi.
He that saith he remaineth in him, ought euen so to walke, as he hath walked.
7 Anuanom, saa mmara a meretwerɛ abrɛ mo yi nyɛ asɛm foforɔ. Ɛyɛ mmara dada a moate firi ahyɛaseɛ pɛɛ no. Mmara dada no yɛ adeɛ a moate ho asɛm dada.
Brethren, I write no newe commandement vnto you: but an olde commandement, which ye haue had from the beginning: this olde commandement is that worde, which yee haue heard from the beginning.
8 Nanso, mmara a meretwerɛ abrɛ mo yi yɛ foforɔ na emu nokorɛ no da adi wɔ Kristo ne mo mu. Esum no retwam na hann papa no gu so rehyerɛn.
Againe, a new comandement I write vnto you, that which is true in him, and also in you: for the darkenes is past, and that true light now shineth.
9 Obiara a ɔka sɛ ɔwɔ hann no mu, nanso ɔtane ne nua no wɔ sum mu bɛsi saa dɔnhwereɛ yi mu.
He that saith that hee is in that light, and hateth his brother, is in darkenes, vntill this time.
10 Obiara a ɔdɔ ne nua no te hann mu, enti biribiara nni ne mu a ɛbɛma obi foforɔ ayɛ bɔne.
Hee that loueth his brother, abideth in that light, and there is none occasion of euil in him.
11 Nanso, obiara a ɔtane ne nua no te sum mu. Ɔnam mu a ɔnnim faako a ɔrekɔ, ɛfiri sɛ, esum no afira nʼani.
But he that hateth his brother, is in darkenesse, and walketh in darkenesse, and knoweth not whither hee goeth, because that darkenesse hath blinded his eyes.
12 Me mma, meretwerɛ mo, ɛfiri sɛ, ɛsiane Kristo din enti, wɔde mo bɔne akyɛ mo.
Litle children, I write vnto you, because your sinnes are forgiuen you for his Names sake.
13 Agyanom, meretwerɛ mo, ɛfiri sɛ, monim deɛ ɔte ase firi ahyɛaseɛ no. Mmabunu, meretwerɛ mo, ɛfiri sɛ, moadi ɔbonsam so.
I write vnto you, fathers, because yee haue knowen him that is from the beginning. I write vnto you, yong men, because ye haue ouercome that wicked one. I write vnto you, litle children, because ye haue knowen ye Father.
14 Mma, meretwerɛ mo, ɛfiri sɛ, monim Agya no. Agyanom, meretwerɛ mo, ɛfiri sɛ, monim deɛ ɔte ase firi ahyɛaseɛ no. Mmabunu, meretwerɛ mo, ɛfiri sɛ, mowɔ ahoɔden, na Onyankopɔn asɛm no te mo mu, na moadi ɔbonsam so.
I haue written vnto you, fathers, because ye haue knowen him, that is from the beginning. I haue written vnto you, yong men, because ye are strong, and the worde of God abideth in you, and ye haue ouercome that wicked one.
15 Monnnɔ ewiase anaasɛ biribiara a ɛyɛ ewiase dea. Sɛ modɔ ewiase a, na ɛkyerɛ sɛ monnnɔ Agya a ɔwɔ mo mu no.
Loue not this world, neither the things that are in this world. If any man loue this world, the loue of the Father is not in him.
16 Biribiara a ɛyɛ ewiase dea, honam akɔnnɔ, deɛ nnipa hunu na wɔn kɔn dɔ, biribiara a ɛwɔ ewiase a nnipa hoahoa wɔn ho wɔ ho no, emu biara mfiri Agya no. Ne nyinaa firi ewiase.
For all that is in this world (as the lust of the flesh, the lust of the eyes, and the pride of life) is not of the Father, but is of this world.
17 Ewiase ne mu akɔnnɔdeɛ retwam, nanso deɛ ɔyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ no tena hɔ daa. (aiōn g165)
And this world passeth away, and the lust thereof: but he that fulfilleth the will of God, abideth euer. (aiōn g165)
18 Me mma, awieeɛ no abɛn. Wɔka kyerɛɛ mo sɛ Kristo Tamfoɔ no bɛba, nanso seesei, Kristo atamfoɔ bebree ada wɔn ho adi, enti yɛahunu sɛ ampa awieeɛ no abɛn.
Litle children, it is the last time, and as ye haue heard that Antichrist shall come, euen now are there many Antichrists: whereby we know that it is the last time.
19 Nokorɛm, na saa nnipa yi nka yɛn ho na ɛno enti na wɔgyaa yɛn hɔ no. Na sɛ wɔka yɛn ho a, anka wɔne yɛn tenaeɛ. Nanso, wɔgyaa yɛn hɔ, sɛdeɛ wobɛhunu no pefee sɛ wɔnka yɛn ho.
They went out from vs, but they were not of vs: for if they had bene of vs, they should haue continued with vs. But this cometh to passe, that it might appeare, that they are not all of vs.
20 Mo deɛ, Kristo ahwie Honhom Kronkron no agu mo so, enti mo nyinaa nim nokorɛ no.
But ye haue an ointment from that Holy one, and know all things.
21 Ɛnyɛ sɛ monnim nokorɛ no enti na matwerɛ saa krataa yi, na mmom, monim na monim nso sɛ, atorɔ biara mfiri nokorɛ mu mma.
I haue not written vnto you, because ye knowe not the trueth: but because ye knowe it, and that no lie is of the trueth.
22 Afei, hwan ne ɔtorofoɔ? Ɛyɛ obi a ɔka sɛ Yesu nyɛ Kristo no. Yei ne Kristo ɔtamfoɔ. Ɔpo Agya no ne Ɔba no nyinaa.
Who is a liar, but he that denyeth that Iesus is that Christ? the same is that Antichrist that denyeth the Father and the Sonne.
23 Na deɛ ɔpo Ɔba no po Agya no; deɛ ɔgye Ɔba no gye Agya no nso.
Whosoeuer denyeth the Sonne, the same hath not the Father.
24 Mommɔ mmɔden mfa asɛm a motee ahyɛaseɛ no nsie mo akoma mu. Sɛ mode asɛm a motee ahyɛaseɛ no sie a, mo ne Ɔba no ne Agya no bɛnya ayɔnkofa.
Let therefore abide in you that same which ye haue heard from the beginning. If that which ye haue heard from the beginning, shall remaine in you, ye also shall continue in the Sonne, and in the Father.
25 Na yei na Kristo no ankasa ahyɛ yɛn ho bɔ no, nkwa a ɛnni awieeɛ no. (aiōnios g166)
And this is the promise that he hath promised vs, euen that eternall life. (aiōnios g166)
26 Metwerɛ mo fa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔdaadaa mo ho.
These things haue I written vnto you, concerning them that deceiue you.
27 Na mo deɛ, Kristo ahwie ne Honhom Kronkron no agu mo so. Mmerɛ dodoɔ a ne Honhom no te mo mu no, ɛho nhia sɛ obi foforɔ bɛkyerɛkyerɛ mo. Ɛfiri sɛ, ne Honhom no kyerɛkyerɛ mo biribiara. Na deɛ ɔkyerɛ no nso yɛ nokorɛ; ɛnyɛ atorɔ. Montie Kristo nkyerɛkyerɛ no na montena ne mu.
But that anointing which ye receiued of him, dwelleth in you: and ye neede not that any man teach you: but as the same Anoynting teacheth you of all things, and it is true, and is not lying, and as it taught you, ye shall abide in him.
28 Me mma, montena ne mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ ɔba a, yɛbɛnya akokoɔduru na yɛmfa aniwuo nkɔ hinta da a ɔbɛba no.
And nowe, litle children, abide in him, that when he shall appeare, we may be bolde, and not be ashamed before him at his comming.
29 Monim sɛ Kristo yɛ ɔteneneeni. Na ɛsɛ sɛ mohunu sɛ obiara a ɔyɛ ade tenenee no yɛ Onyankopɔn ba.
If ye know that he is righteous, know ye that he which doeth righteously, is borne of him.

< 1 Yohane 2 >