< 1 Yohane 1 >
1 Yɛretwerɛ mo afa Nkwa Asɛm a ɛwɔ hɔ firi ahyɛaseɛ: Deɛ yɛateɛ, deɛ yɛde yɛn ani ahunu, deɛ yɛhwɛeɛ na yɛde yɛn nsa kaeɛ. Yei ne Nkwa Asɛm a yɛreka ho asɛm no.
Ami kezdettől fogva volt, amit hallottunk, a szemünkkel láttunk, amit szemléltünk, és kezünkkel érintettünk, az élet igéjéről.
2 Nkwa no daa ne ho adi no, yɛhunuiɛ. Ɛno enti, yɛka ho asɛm kyerɛ mo, ɛne nkwa a ɛnni awieeɛ a na ɛwɔ Agya no nkyɛn na wɔdaa no adi kyerɛɛ yɛn no. (aiōnios )
Az élet megjelent, és láttuk, és tanúbizonyságot teszünk róla és hirdetjük nektek az örök életet, amely az Atyánál volt és megjelent nekünk. (aiōnios )
3 Yɛkaa deɛ yɛhunuiɛ na yɛteeɛ no kyerɛɛ mo nso, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mo ne yɛn bɛnya ayɔnkofa wɔ ɔdɔ a yɛne Agya no ne Ɔba Yesu Kristo wɔ no mu.
Amit hallottunk és láttunk, azt hirdetjük nektek, hogy közösségetek legyen velünk. A mi közösségünk pedig közösség az Atyával és az ő Fiával, Jézus Krisztussal.
4 Yɛretwerɛ yei sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛn anigyeɛ bɛwie pɛyɛ.
Ezeket azért írjuk nektek, hogy örömötök teljes legyen.
5 Afei, yei ne asɛm a yɛate afiri ne Ba no nkyɛn a yɛrebɔ mo amaneɛ. Onyankopɔn yɛ hann a esum nni ne mu koraa.
Ez pedig az üzenet, amelyet tőle hallottunk és hirdetünk nektek, hogy Isten világosság és nincs benne semmi sötétség.
6 Na sɛ afei yɛka sɛ yɛne no wɔ ayɔnkofa na saa ɛberɛ korɔ no ara mu yɛte sum mu a, na yɛredi atorɔ wɔ yɛn nsɛm ne yɛn nneyɛeɛ mu.
Ha azt mondjuk, hogy közösségünk van vele, és sötétségben járunk, hazudunk, és nem az igazságot cselekedjük.
7 Na sɛ yɛte hann mu sɛdeɛ ɔte hann mu no a, ɛnneɛ na yɛne yɛn ho yɛn ho wɔ ayɔnkofa, na ne Ba Yesu no mogya te yɛn ho firi bɔne nyinaa ho.
Ha pedig a világosságban járunk, amint ő maga a világosságban van, közösségük van egymással és Jézus Krisztusnak, az ő Fiának vére megtisztít minket minden bűntől.
8 Sɛ yɛka sɛ yɛnni bɔne a, na yɛdaadaa yɛn ho, na nokorɛ no nni yɛn mu.
Ha azt mondjuk, hogy nincs bűn bennünk, magunkat csaljuk meg és igazság nincsen bennünk.
9 Sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ Onyankopɔn a, ɔyɛ ɔnokwafoɔ ne ɔteneneeni sɛ ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn, na wate yɛn ho afiri deɛ ɛnte nyinaa ho.
Ha megvalljuk bűneinket, hű és igaz: megbocsátja bűneinket és megtisztít minden gonoszságtól.
10 Sɛ yɛka sɛ yɛnyɛɛ bɔne a, yɛma Onyankopɔn yɛ ɔtorofoɔ a nʼAsɛm no nni yɛn mu.
Ha azt mondjuk, hogy nem vétkeztünk, hazuggá tesszük őt, és az ő igéje nincs bennünk.