< 1 Korintofoɔ 9 >

1 Menne me ho anaa? Menyɛ ɔsomafoɔ anaa? Menhunuu Yesu yɛn Awurade anaa? Na monyɛ me nsa ano adwuma wɔ Awurade mu anaa?
Menne me ho ana? Menyɛ ɔsomafo ana? Minhuu Yesu yɛn Awurade ana? Na monyɛ me nsa ano adwuma wɔ Awurade mu ana?
2 Na sɛ afoforɔ mpo nnye me ntom sɛ ɔsomafoɔ a, mo deɛ, mogye me tom saa. Sɛdeɛ mo ankasa mo abrabɔ te wɔ Awurade mu no di ho adanseɛ sɛ meyɛ ɔsomafoɔ.
Na sɛ afoforo mpo nnye me nto mu sɛ ɔsomafo a, mo de, mugye me to mu saa. Sɛnea mo ankasa mo abrabɔ te wɔ Awurade mu no di ho adanse sɛ meyɛ ɔsomafo.
3 Sɛ nnipa ka me ho asɛm a, saa ɛkwan yi so na mefa yi me ho ano.
Sɛ nnipa ka me ho asɛm a, saa ɔkwan yi so na mefa yi me ho ano.
4 Menni ho ɛkwan sɛ mʼadwuma enti, wɔma me aduane di ma me nsuo nom anaa?
Minni ho kwan sɛ mʼadwuma nti wɔma me aduan di ma me nsu nom ana?
5 Menni ho ɛkwan sɛ meyɛ deɛ asomafoɔ a aka no yɛeɛ no bi, sɛdeɛ Awurade nuanom ne Petro yɛeɛ, na meware Okristoni baa de no ka me ho tu mʼakwan yi?
Minni ho kwan sɛ meyɛ nea asomafo a aka no yɛe no bi, sɛnea Awurade nuanom ne Petro yɛe, na meware Okristonibea de no ka me ho tu mʼakwan yi?
6 Anaasɛ Barnaba ne me nko ara na ɛsɛ sɛ yɛyɛ adwuma de bɔ yɛn ho akɔnhoma?
Anaasɛ Barnaba ne me nko ara na ɛsɛ sɛ yɛyɛ adwuma de bɔ yɛn ho akɔnhama?
7 Ɔsraani bɛn na ɔtua ɔno ankasa ne ho ka wɔ ɛberɛ a ɔdi sraa? Okuafoɔ bɛn na ɔnni nʼafuo mu nnɔbaeɛ bi? Odwanhwɛfoɔ bɛn na ɔnnom ne nnwan a ɔyɛn wɔn no nufosuo bi?
Ɔsraani bɛn na otua ɔno ankasa ne ho ka? Okuafo bɛn na onni nʼafuw mu nnɔbae bi? Oguanhwɛfo bɛn na ɔnnom ne nguan a ɔyɛn wɔn no nufusu bi?
8 Ɛnsɛ sɛ meti nhwɛsoɔ a ɛwɔ yɛn abrabɔ dada no mu ɛfiri sɛ, Mmara no ka asɛm korɔ no ara.
Ɛnsɛ sɛ miti nhwɛso a ɛwɔ yɛn abrabɔ dedaw no mu, efisɛ Mmara no ka asɛm koro no ara.
9 Yɛkan wɔ Mose Mmara no mu sɛ, “Sɛ wode nantwie retiatia aburoo so a, nkyekyere nʼano.” Nantwie ho asɛm na ɛhia Onyankopɔn anaa?
Yɛkenkan wɔ Mose Mmara no mu se, “Sɛ wode nantwi retiatia aburow so a, nkyekyere nʼano.” Nantwi ho asɛm na ehia Onyankopɔn ana?
10 Anaasɛ na asɛm a ɔreka no fa yɛn ho? Nokorɛm wɔtwerɛɛ yei de maa yɛn. Onipa a ɔfuntum ne deɛ ɔtwa aba no nyinaa, ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa yɛ wɔn adwuma sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛnya wɔn kyɛfa wɔ wɔn dwumadie no mu.
Anaasɛ na asɛm a ɔreka no fa yɛn ho ana? Nokware, wɔkyerɛw eyi de maa yɛn. Ɛsɛ sɛ onipa a ofuntum ne nea otwa aba no nyinaa yɛ wɔn adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a, wobenya wɔn kyɛfa wɔ wɔn dwumadi no mu.
11 Yɛadua honhom aba wɔ mo mu na sɛ yɛnya ewiase nnepa firi mo nkyɛn a, ɛdɔɔso dodo anaa?
Yɛadua honhom aba wɔ mo mu na sɛ yenya wiase nnepa fi mo nkyɛn a, ɛdɔɔso dodo ana?
12 Na sɛ afoforɔ wɔ tumi sɛ wɔhwɛ yeinom anim firi mo nkyɛn a, yɛn deɛ, yɛnni tumi a ɛboro saa? Nanso, yɛnni saa tumi yi ho dwuma biara. Mmom, yɛatena ase saa ara sɛdeɛ yɛremfa suntidua biara nto asɛmpa a ɛfa Kristo ho no.
Na sɛ afoforo wɔ tumi sɛ wɔhwɛ eyinom anim fi mo nkyɛn a, so yɛn de, yenni tumi a ɛboro saa ana? Nanso yɛamfa saa tumi yi anni dwuma biara. Mmom yɛpenee biribiara so sɛnea yɛrensiw Kristo asɛmpa no ho kwan.
13 Monim sɛ wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ asɔredan mu no nya wɔn aduane firi asɔredan mu, na wɔn nso a wɔbɔ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia so no nso nya wɔn afɔrebɔdeɛ.
Munim sɛ wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ asɔredan mu no nya wɔn aduan fi asɔredan mu, na wɔn nso a wɔbɔ afɔre wɔ afɔremuka so no nso nya wɔn afɔrebɔde.
14 Saa ara nso na Awurade ahyɛ sɛ, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔka asɛmpa no nya wɔn asetena firi mu.
Saa ara nso na Awurade ahyɛ sɛ, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔka asɛmpa no nya wɔn asetena fi mu.
15 Nanso, menkaa saa asɛdeɛ yi ho hwee. Ɛnyɛ sɛ meretwerɛ seesei sɛ meregye saa asɛdeɛ no afa. Ɛnneɛ anka mɛdi ɛkan mawu. Obiara rentumi mfa mʼasɛdeɛ no nni agorɔ.
Nanso memfaa saa kyɛfa yi mu biara nnii dwuma ɛ. Ɛnyɛ sɛ merekyerɛw mprempren sɛ mobɛyɛ saa nneɛma no ama me. Ɛno de, anka medi kan awu sen sɛ mɛma obi asiw me eyi ho kwan.
16 Menni tumi sɛ, ɛsiane sɛ meka asɛmpa no enti, mehoahoa me ho. Mehyɛ mmara ase na meka asɛmpa no. Na sɛ manka asɛmpa no a, mɛhunu amane.
Minni tumi sɛ mɛhoahoa me ho bere a meka asɛmpa no, efisɛ ɛyɛ ɔhyɛ ma me sɛ menka. Na sɛ manka asɛmpa no a, mehu amane.
17 Sɛ meyɛ adwuma no sɛdeɛ ɛfiri mʼankasa me pɛ mu a, na ɛsɛ sɛ mehwɛ akatua anim. Nanso meyɛ no sɛ mʼadwuma, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn na ɔde ato me so.
Sɛ mifi me pɛ mu yɛ adwuma no a, na ɛsɛ sɛ mehwɛ akatua anim. Nanso meyɛ no sɛ mʼadwuma, efisɛ, Onyankopɔn na ɔde ato me so.
18 Ɛnneɛ, na akatua bɛn na ɛsɛ sɛ menya? Ɛyɛ ahohoahoadeɛ sɛ wobɛka asɛmpa no na wonnye hwee na wommisa asɛdeɛ biara nso.
Ɛno de, na akatua bɛn na ɛsɛ sɛ minya? Ɛyɛ ahohoahoade sɛ wobɛka asɛmpa no na wunnye hwee na wummisa kyɛfa biara nso.
19 Mede me ho; menyɛ obi akoa. Nanso, meyɛ me ho obiara akoa sɛdeɛ mɛsesa akra dodoɔ biara a mɛtumi.
Mede me ho; menyɛ obi akoa. Nanso meyɛ me ho obiara akoa sɛnea mɛsakra akra dodow biara a metumi.
20 Ɛberɛ a me ne Yudafoɔ te no, meyɛɛ me ho sɛ Yudani sɛdeɛ mɛtwetwe wɔn aba me nkyɛn. Mʼankasa nso na menhyɛ Mose Mmara ase, nanso metenaa ase sɛdeɛ Mose Mmara di me so sɛdeɛ mɛtwetwe wɔn a wɔhyɛ saa Mmara no ase aba me nkyɛn.
Bere a me ne Yudafo te no, meyɛɛ me ho sɛ Yudani, sɛnea mɛtwetwe wɔn aba me nkyɛn. Metenaa ase sɛnea Mose Mmara di me so, mmom na mankasa nhyɛ mmara no ase de, sɛnea mɛtwetwe wɔn a wɔhyɛ saa Mmara no ase aba me nkyɛn.
21 Saa ara na mekɔfraa amanamanmufoɔ mu no nso meyɛɛ me ho sɛ wɔn ara pɛ, sɛdeɛ mɛtumi matwetwe wɔn aba me nkyɛn. Yei nkyerɛ sɛ menni Onyankopɔn Mmara so; mehyɛ Kristo Mmara ase.
Saa ara na mekɔfraa amanamanmufo mu no nso meyɛɛ me ho sɛ wɔn ara pɛ, sɛnea metumi atwetwe wɔn aba me nkyɛn. Eyi nkyerɛ sɛ minni Onyankopɔn mmara so; mehyɛ Kristo mmara ase.
22 Wɔn a wɔn gyidie yɛ mmerɛ no, meyɛɛ sɛ wɔn ara sɛdeɛ mɛtwetwe wɔn aba me nkyɛn. Meyɛɛ me ho sɛdeɛ ɛfata biara maa nnipa nyinaa, sɛdeɛ mɛtumi afa ɛkwan biara a ɛbɛyɛ yie so magye wɔn mu bi nkwa.
Wɔn a wɔn gyidi yɛ mmerɛw no, meyɛɛ sɛ wɔn ara, sɛnea mɛtwetwe wɔn aba me nkyɛn. Meyɛɛ me ho sɛnea ɛfata biara maa nnipa nyinaa, sɛnea metumi afa ɔkwan biara a ɛbɛyɛ yiye so agye wɔn mu bi nkwa.
23 Asɛmpa no enti na meyɛɛ yeinom nyinaa na manya mu nhyira bi.
Asɛmpa no nti na meyɛɛ eyinom nyinaa na manya mu nhyira bi.
24 Monim sɛ mmirika akansie mu, mmirikatufoɔ no nyinaa tu mmirika no bi, nanso wɔn mu baako pɛ na ɔnya akradeɛ no. Enti, tu mmirika no ɛkwan bi so na nya akradeɛ no.
Munim sɛ mmirika akansi mu, mmirikatufo no nyinaa tu mmirika no bi, nanso wɔn mu baako pɛ na onya abasobɔde no. Enti tu mmirika no sɛnea ɛbɛma woanya abasobɔde no.
25 Obiara a ɔsi agodie mu akan no siesie ne ho di mmara so. Ɔyɛ saa sɛdeɛ ɔbɛnya ahenkyɛ a ɛrenkyɛre, nanso yɛn deɛ yi deɛ, ɛbɛkyɛ akɔsi daapem nyinaa.
Obiara a osi agodi mu akan no siesie ne ho yiye ma akansi no. Ɔyɛ saa sɛnea obenya ahenkyɛw a ɛrenkyɛ, nanso yɛn de yi de, ɛbɛkyɛ akosi daapem nyinaa.
26 Ɛno enti na meretu mmirika kɔ mʼanim tee akɔwie no. Ɛno enti na mete sɛ okuturukubɔni a ne kuturuku mfom no.
Ɛno nti na meretu mmirika kɔ mʼanim tee akowie no. Ɛno nti na mete sɛ okuturukuboni a ne kuturuku mfom no.
27 Mebɔ mmɔden hyɛ me onipadua so na medi no nya, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ meka Asɛmpa no kyerɛ afoforɔ a me nso merenyɛ deɛ ɛmfra.
Mebɔ mmɔden hyɛ me nipadua so na midi no nya, sɛnea ɛbɛyɛ a, sɛ meka asɛmpa no kyerɛ afoforo a me nso merenyɛ nea ɛmfra.

< 1 Korintofoɔ 9 >