< 1 Korintofoɔ 8 >

1 Asɛm a ɛfa nnuane a wɔde ma ahoni ho nso nie: Ɛyɛ nokorɛ pefee sɛ, “Yɛn nyinaa wɔ nimdeɛ.” Nanso, saa nimdeɛ no ma onipa yɛ ahantan; ɔdɔ deɛ, ɛma nkɔsoɔ.
اما درباره قربانی های بتها: می‌دانیم که همه علم داریم. علم باعث تکبر است، لکن محبت بنا می‌کند.۱
2 Onipa a ɔgye ne ho di sɛ ɔnim biribi no nnim sɛdeɛ anka ɛsɛ sɛ ɔhunu.
اگر کسی گمان برد که چیزی می‌داند، هنوز هیچ نمی داند، بطوری که بایددانست.۲
3 Nanso, onipa a ɔdɔ Onyankopɔn no, Onyankopɔn nim no.
اما اگر کسی خدا را محبت نماید، نزد اومعروف می‌باشد.۳
4 Enti, nnuane a wɔde ma ahoni a wɔdi no, yɛnim sɛ ohoni wɔ hɔ ma biribi a ɛnte ase. Yɛnim sɛ Onyankopɔn baako pɛ na ɔwɔ hɔ.
پس درباره خوردن قربانی های بتها، می‌دانیم که بت در جهان چیزی نیست و اینکه خدایی دیگر جز یکی نیست.۴
5 Nneɛma bebree wɔ soro ne asase so a yɛfrɛ wɔn anyame ne awuranom, nanso wɔn mu biara nyɛ anyame anaasɛ awuranom.
زیرا هرچند هستند که به خدایان خوانده می‌شوند، چه در آسمان و چه درزمین، چنانکه خدایان بسیار و خداوندان بسیارمی باشند،۵
6 Yɛwɔ Onyame baako pɛ a ɔyɛ Agya. Ɔno na ɔbɔɔ adeɛ nyinaa, na yɛte ase ma no. Yesu Kristo ne yɛn Awurade a Agya no nam ne so yɛɛ adeɛ nyinaa, na ɔmaa yɛn nkwa.
لکن ما را یک خداست یعنی پدر که همه‌چیز از اوست و ما برای او هستیم، و یک خداوند یعنی عیسی مسیح که همه‌چیز از اوست و ما از او هستیم.۶
7 Nanso, ɛnyɛ obiara na ɔnim saa nokwasɛm yi. Nnipa bi de wɔn ho ama ahoni no ara kɔsi sɛ, sɛ wɔdi saa nnuane no a, wɔnim pefee sɛ ohoni aduane na wɔredi. Esiane wɔn ahonim a ɛyɛ mmerɛ enti, wɔgye di nso sɛ aduane no gu wɔn ho fi.
ولی همه را این معرفت نیست، زیرا بعضی تابه حال به اعتقاد اینکه بت هست، آن را چون قربانی بت می‌خورند و ضمیر ایشان چون ضعیف است نجس می‌شود.۷
8 Ɛnyɛ aduane a yɛdie no na ɛtwe yɛn bɛn Onyankopɔn. Sɛ yɛanni saa aduane no a, yɛntɔ sin, ɛnna sɛ yɛdi nso a, yɛn mmoro so.
اما خوراک، ما رامقبول خدا نمی سازد زیرا که نه به خوردن بهتریم و نه به ناخوردن بدتر.۸
9 Monhwɛ yie na moamma mo ahofadie no antwetwe wɔn a wɔyɛ mmerɛ wɔ gyidie mu no ankɔ bɔne mu.
لکن احتیاط کنید مبادااختیار شما باعث لغزش ضعفا گردد.۹
10 Sɛ ɛba sɛ obi a nʼahonim yɛ mmerɛ wɔ saa asɛm yi mu hunu sɛ wo a wowɔ “nimdeɛ” redidi wɔ ohoni dan mu a, ɛrenhyɛ no nkuran mma ɔno nso nkɔdi aduane a wɔde ama ahoni no bi anaa?
زیرا اگرکسی تو را که صاحب علم هستی بیند که در بتکده نشسته‌ای، آیا ضمیر آن کس که ضعیف است به خوردن قربانی های بتها بنا نمی شود؟۱۰
11 Enti, saa onipa a ɔyɛ mmerɛ yi a ɔyɛ wo nua a Kristo wu maa no yi, ɛsiane wo “nimdeɛ” enti ɔbɛyera!
و از علم تو آن برادر ضعیف که مسیح برای او مرد هلاک خواهد شد.۱۱
12 Na ɛnam saa ɛkwan yi so bɛma woayɛ bɔne atia wo nuanom. Sɛ ɛba saa a, woyɛ bɔne tia Kristo nso, ɛfiri sɛ wonam wɔn adwenem mmerɛ so adaadaa wɔn.
و همچنین چون به برادران گناه ورزیدید و ضمایر ضعیفشان را صدمه رسانیدید، همانا به مسیح خطا نمودید.۱۲
13 Enti, sɛ aduane ma me nua yɛ bɔne a, merenwe ɛnam bio sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛremma me nua nkɔ bɔne mu. (aiōn g165)
بنابراین، اگرخوراک باعث لغزش برادر من باشد، تا به ابدگوشت نخواهم خورد تا برادر خود را لغزش ندهم. (aiōn g165)۱۳

< 1 Korintofoɔ 8 >