< 1 Korintofoɔ 6 >

1 Sɛ akasakasa ba onua ne onua ntam a, adɛn enti na mokɔ abosonsomfoɔ atemmufoɔ anim ma wɔbu mo atɛn ɛberɛ a anka ɛsɛ sɛ moma ateneneefoɔ siesie mo ntam?
How dare any of you file a lawsuit before pagan judges if you have a dispute with your neighbor! Instead you should bring this before other believers.
2 Monnim sɛ ateneneefoɔ na wɔbɛbu ewiase atɛn? Na sɛ, ɛsɛ sɛ mobu ewiase atɛn a, morentumi mmu nsɛm nketenkete atɛn?
Don't you know that Christian believers will judge the world? If you're going to judge the world, are you not fit to judge in the most minor cases?
3 Monnim sɛ yɛbɛbu abɔfoɔ atɛn? Mpɛn ahe na yɛmmu asetena mu nneɛma atɛn?
Don't you know we are going to judge angels? How much more those things that relate to this life!
4 Na sɛ nsɛm a ɛte saa ba a, nnipa a wɔnni dibea wɔ asafo no mu na mobɛma wɔasiesie?
So if you have to judge things that relate to this life, how can you go to judges that are not respected by the church?
5 Ɛyɛ animguaseɛ ma no! Menim yie sɛ ɛnyɛ dɛn ara a, onyansafoɔ baako bi wɔ mo mu a ɔbɛtumi adi onua ne onua ntam asɛm.
I'm trying to shame you by saying this. What? You can't find one wise person among you who can settle a dispute that you have?
6 Ɛyɛ sɛ wɔfa saa ɛkwan yi so anaa, sɛ onua de onua bɛkɔ asɛnniiɛ ma wɔn a wɔnni gyidie bɛdi abua wɔn asɛm?
Instead one believer takes another believer to court, and places the issue before unbelievers!
7 Sɛ motumi de mo ho mo ho kɔ asɛnniiɛ no kyerɛ sɛ moadi nkoguo dada. Anka ɛyɛ sɛ obi bɛsisi mo anaa sɛ ɔbɛyɛ mo bɔne mmom.
The very fact you have lawsuits against each other already is a complete disaster. Wouldn't it be better to accept the injustice? Why not let yourselves be defrauded?
8 Nanso, mo ara motwa mo ho yɛ mo ho mo ho bɔne, sisi mo ho ne mo nuanom mpo.
But you would rather cause injustice and defraud even your fellow-believers in church.
9 Mo ara monim sɛ ɔdebɔneyɛfoɔ no renkɔ Onyankopɔn Ahennie no mu. Monnnaadaa mo ho; mo a mo suban nyɛ, anaa mo a mosom ahoni, anaa adwamanfoɔ anaa mmarima a wɔne mmarima da,
Don't you know those who are unjust will not inherit the kingdom of God? Don't be fooled! People who are immoral, worship idols, commit adultery, sexual perverts, homosexuals,
10 anaa adifudepɛfoɔ, anaa aniberefoɔ, anaa akɔwensafoɔ, anaa mo a mosɛe afoforɔ din, anaa akorɔmfoɔ no mu biara no rennya kyɛfa biara wɔ Onyankopɔn Ahennie no mu.
thieves, greedy, drunkards, abusers, or cheats, will not inherit the kingdom of God.
11 Na mo mu bi te saa. Nanso, wɔahohoro mo bɔne. Wɔde mo ama Onyankopɔn. Ɛnam Honhom Kronkron no ne Awurade Yesu Kristo din mu enti, wɔasiesie mo ne Onyankopɔn ntam.
Some of you were once like that, but you have been made clean and holy. You have been made right in the name of the Lord Jesus Christ, and in the Spirit of our God.
12 Obi se, “Mewɔ ho ɛkwan sɛ meyɛ deɛ mepɛ.” Ɛwom saa; nanso ɛnyɛ biribiara na ɛyɛ ma wo. Mɛtumi aka sɛ, “Mewɔ ho ɛkwan sɛ meyɛ biribiara.” Nanso meremma biribiara ho ɛkwan ma ɛmfa me akoa.
People say, “I'm free to do anything”—but not everything is appropriate! “I'm free to do anything”—but I will not let anything control me! People say,
13 Obi foforɔ nso bɛka sɛ, “Aduane wɔ hɔ ma yafunu na yafunu nso wɔ hɔ ma aduane.” Ɛyɛ nokorɛ; nanso Onyankopɔn bɛma ne nyinaa aba awieeɛ. Ɛnsɛ sɛ onipa de ne onipadua ma adwamammɔ, na mmom, ɛsɛ sɛ ɔde som Awurade, ɛfiri sɛ onipadua no yɛ Onyankopɔn dea.
“Food for the stomach, and the stomach for food”—but God will destroy both of them. Also, the body is not meant to be used for immorality, but for the Lord, and the Lord for the body.
14 Onyankopɔn maa Awurade sɔre firii awufoɔ mu na ɔno nso nam ne tumi so bɛma yɛn nso asɔre afiri awufoɔ mu.
By his power God raised the Lord from the dead, and he will raise us up the same way.
15 Monnim sɛ mo onipadua no yɛ Kristo onipadua no fafa bi anaa? Memfa Kristo onipadua fa bi mmɔ obi a ɔbɔ adwaman onipadua ho anaa? Dabi.
Don't you know your bodies are parts of Christ's body? Should I take the parts of Christ's body and join them to a prostitute? Absolutely not!
16 Anaa ebia na monnim sɛ onipa a ɔde ne ho bɔ adwamanfoɔ ho nso yɛ odwamanfoɔ? Atwerɛsɛm no da no adi sɛ, “Wɔn baanu no nyinaa yɛ onipadua korɔ.”
Don't you realize that anyone who has sex with a prostitute becomes “one body” with her? Remember that Scripture says, “The two will become one body.”
17 Nanso, onipa a wɔde no abata Awurade ho no ne no yɛ baako wɔ honhom mu.
But whoever is joined to the Lord is one with him in spirit!
18 Mommmɔ adwaman. Bɔne biara a onipa bɛyɛ no nka ne onipadua no, nanso onipa a ɔbɔ adwaman no sɛe ɔno ankasa ne onipadua.
Stay away from sexual immorality! All other sins that people commit are outside of the body, but sexual immorality is a sin against your own body.
19 Monnim sɛ mo onipadua no yɛ Honhom Kronkron a ɔte mo mu, a Onyankopɔn na ɔde maa mo no asɔredan? Na monne mo ho;
Don't you know that your body is a temple of the Holy Spirit that is within you, that you received from God?
20 ɔtɔɔ mo aboɔden. Enti momfa mo onipadua no nhyɛ Onyankopɔn animuonyam.
You don't belong to yourself—a price was paid for you! So glorify God in your body!

< 1 Korintofoɔ 6 >