< 1 Korintofoɔ 4 >

1 Ɛsɛ sɛ mobu yɛn sɛ Kristo asomfoɔ a wɔde Onyankopɔn ahintasɛm a ɛyɛ nokorɛ no ahyɛ yɛn nsa.
Tiel oni rigardu nin, kiel servantojn de Kristo kaj administrantojn de la misteroj de Dio.
2 Adeɛ baako a wɔrehwehwɛ afiri onipa a wɔde ahintasɛm no ahyɛ ne nsa no ne sɛ, ɔbɛdi ne wura no nokorɛ.
Cetere, ĉi tie estas postulate ĉe administrantoj, ke oni troviĝu fidela.
3 Sɛ mo anaa onipa bi bu me atɛn seesei a ɛmfa me ho. Mʼankasa nso memmu me ho atɛn.
Sed ĉe mi estas tre malgrava afero esti juĝata de vi, aŭ per homa juĝo: mi ja ne juĝas min mem.
4 Mʼadwene mu yɛ fann, nanso ɛno nkyerɛ sɛ medi bem fitaa. Awurade nko ara na ɔbu me atɛn.
Ĉar mi scias nenion kontraŭ mi; tamen mi ne estas pro tio pravigita; sed tiu, kiu juĝas min, estas la Sinjoro.
5 Enti, ɛnsɛ sɛ obiara bu ne yɔnko atɛn kɔsi sɛ ɛberɛ a ɛsɛ bɛba. Awurade ba mu no na wɔbɛbu atɛn a ɛtwa toɔ. Ɔbɛda deɛ ahinta wɔ sum mu no adi na wada deɛ ahinta wɔ nnipa akoma mu no nso adi. Na nkamfo a ɛsɛ sɛ onipa biara nya firi Onyankopɔn hɔ no, wɔakamfo no.
Tial juĝu nenion antaŭ la tempo, ĝis venos la Sinjoro, kiu enlumigos la kaŝitaĵojn de la mallumo kaj klarigos la intencojn de la koroj; kaj tiam ĉiu ricevos de Dio sian propran laŭdon.
6 Anuanom, mo enti mede Apolo ne me ayɛ nhwɛsoɔ, sɛdeɛ ɛbɛma mo asuasɛm a ɛka sɛ, “Di mmara pa so” no. Ɛnsɛ sɛ mo mu biara de onipa bi hoahoa ne ho na ɔbu ɔfoforɔ nso onipa teta.
Tion do, fratoj, mi alifigure rilatigis al mi kaj Apolos pro vi; por ke vi en ni lernu ne preterpasi la skribitaĵojn; por ke neniu el vi bloveŝvelu por unu kontraŭ la alia.
7 Hwan na ɔka kyerɛɛ wo sɛ wokorɔn sene afoforɔ? Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔde biribiara a wowɔ no maa wo? Na adɛn enti na wode hoahoa wo ho sɛdeɛ ɛnyɛ akyɛdeɛ?
Ĉar kiu vin diferencigas? kaj kion vi havas, kion vi ne ricevis? sed se vi ĝin ricevis, kial vi fanfaronas, kvazaŭ vi ĝin ne ricevus?
8 Biribiara a mohwehwɛ no, mo nsa aka dada! Moyɛ adefoɔ dada. Moayeyɛ ahemfo, nanso yɛnyɛ bi! Nokorɛm, anka mepɛ sɛ moyɛ ahemfo na anka yɛn nso yɛyɛ ahemfo bɛka mo ho.
Jam vi estas plenigitaj, jam vi riĉiĝis, vi reĝis sen ni; kaj mi ja volus, ke vi efektive reĝu, por ke ni ankaŭ reĝu kun vi.
9 Ɛyɛ me sɛ yɛn asomafoɔ yi deɛ, Onyankopɔn de yɛn atwa toɔ sɛ nnipa bi a wɔabu wɔn kumfɔ wɔ badwa mu sɛ nnipa ne ewiase abɔfoɔ nyinaa nhwɛ.
Ĉar ŝajnas al mi, ke Dio elmetis nin, la apostolojn, la plej lastajn, kiel mortkondamnitajn; ĉar ni fariĝis spektaklo al la mondo kaj al anĝeloj kaj al homoj.
10 Kristo enti, yɛyɛ nkwaseafoɔ, nanso moyɛ anyansafoɔ wɔ Kristo mu. Yɛyɛ mmerɛ, nanso moyɛ den. Wɔmmu yɛn, nanso wɔbu mo.
Ni estas malsaĝuloj pro Kristo, sed vi estas saĝaj en Kristo; ni estas malfortaj, sed vi estas fortaj; vi estas gloraj, sed ni estas senhonoraj.
11 Ɛbɛsi saa ɛberɛ yi mu ɛkɔm ne sukɔm de yɛn. Yɛfira ntomago; wɔhwe yɛn; yɛdi atutena;
Eĉ ĝis la nuna horo ni malsatas kaj soifas, kaj ni estas nudaj, kaj ni estas batataj kaj senhejmaj;
12 yɛyɛ adwuma a ɛyɛ den de hwɛ yɛn ho. Wɔdome yɛn a, yɛhyira; wɔhwe yɛn a yɛgyina ano.
kaj ni penadas, laborante per niaj propraj manoj; insultate, ni benas; persekutate, ni eltenas;
13 Wɔya yɛn a, yɛde kasa pa bua. Yɛte sɛ ewiase yi mu wira bi a yɛnka hwee de bɛsi ɛnnɛ.
kalumniate, ni petegas; ni fariĝas kiel la balaaĵo de la mondo, la forĵetaĵo de ĉio, eĉ ĝis nun.
14 Ɛnyɛ sɛ mepɛ sɛ megu mo anim ase enti na metwerɛɛ saa nwoma yi brɛɛ mo. Na mmom, mepɛ sɛ mekyerɛ mo ɛkwan sɛ me ara me mma a medɔ wɔn.
Ne por hontigi vin mi tion skribas, sed, kiel miajn amatajn filojn, por admoni vin.
15 Na sɛ mowɔ ahwɛfoɔ ɔpedu mpo wɔ mo asetena mu wɔ Kristo mu a, mowɔ Agya baako pɛ. Na mo nkwa a ɛwɔ Kristo Yesu mu no enti, menam asɛmpa a meka kyerɛɛ mo no so abɛyɛ mo agya.
Ĉar kvankam vi eĉ havus dek mil pedagogojn en Kristo, tamen vi havas ne multajn patrojn; ĉar en Kristo Jesuo mi naskigis vin per la evangelio.
16 Mesrɛ mo sɛ monsuasua me.
Mi do petegas vin, estu imitantoj de mi.
17 Ɛnam yei so enti, meresoma Timoteo na waba mo nkyɛn. Ɔyɛ mʼankasa me dɔ ba a ɔdi me nokorɛ wɔ Awurade mu. Ɔbɛkaakae mo mʼakwan foforɔ a menam so di Kristo Yesu akyi ne nkyerɛkyerɛ a mekyerɛkyerɛ wɔ asafo biara a mekɔ mu no.
Pro tio mi sendis al vi Timoteon, kiu estas mia amata kaj fidela filo en la Sinjoro, kaj kiu vin memorigos pri miaj vojoj en Kristo, ĝuste kiel mi instruas ĉie en ĉiu eklezio.
18 Mo mu bi ayɛ ahantan, susu sɛ meremmɛsra mo.
Kelkaj bloveŝvelas, kvazaŭ mi ne venus al vi.
19 Sɛ Awurade pɛ a, ɛrenkyɛre biara mɛba mo nkyɛn na mʼankasa mabɛhwɛ dwuma a saa ahantanfoɔ yi bɛtumi adi na ɛnyɛ asɛm a wɔbɛka no.
Sed mi venos al vi baldaŭ, se la Sinjoro tion volos; kaj mi ekscios, ne la parolon de la bloveŝvelintoj, sed la potencon.
20 Onyankopɔn Ahennie no nyɛ nsɛnkeka na ɛyɛ tumi.
Ĉar la regno de Dio estas ne en parolo, sed en potenco.
21 Emu deɛ ɛwɔ he na mopɛ? Memmɛbɔ mo mmaa anaa akoma a ɔdɔ wɔ mu na ɛbu adeɛ na memfa mmra mo nkyɛn?
Kion vi volas? ĉu kun vergo mi venu al vi, aŭ en amo kaj en spirito de humileco?

< 1 Korintofoɔ 4 >