< 1 Korintofoɔ 3 >
1 Nokorɛm, anuanom, mantumi ankasa ankyerɛ mo sɛ nnipa a wɔwɔ Honhom no. Na ɛsɛ sɛ mekasa kyerɛ mo sɛ ewiasefoɔ a wɔte sɛ mmɔfra a wɔwɔ Kristo mu gyidie.
And I, brethren, could not speak unto you as unto spiritual, but as unto carnal, as unto babes in Christ.
2 Memaa mo nufosuo. Mamma mo aduane a ɛyɛ den, ɛfiri sɛ, na ɛnyɛ mma mo. Na seesei ara mpo ɛnyɛ mma mo,
I fed you with milk, not with meat; for ye were not yet able [to bear it]: nay, not even now are ye able;
3 ɛfiri sɛ, moda so te hɔ sɛ ewiasefoɔ. Sɛ anibereɛ wɔ mo mu na motwa mo ho ne mo ho mo ho nya akasakasa a, ɛnna no adi sɛ moyɛ ewiasefoɔ a mote hɔ ma ewiase?
for ye are yet carnal: for whereas there is among you jealousy and strife, are ye not carnal, and walk after the manner of men?
4 Sɛ obi ka sɛ, “Me deɛ, medi Paulo akyi” na ɔfoforɔ nso ka sɛ, “Me nso mewɔ Apolo afa” a, ɛnkyerɛ sɛ moyɛ ewiasefoɔ anaa?
For when one saith, I am of Paul; and another, I am of Apollos; are ye not men?
5 Mebisa sɛ, Apolo yɛ hwan? Na Paulo nso yɛ hwan? Yɛyɛ Onyankopɔn asomfoɔ kwa a ɛnam yɛn so na monya gyidie. Adwuma a Onyankopɔn de ama yɛn mu biara sɛ yɛnyɛ no na yɛyɛ.
What then is Apollos? and what is Paul? Ministers through whom ye believed; and each as the Lord gave to him.
6 Meduaa aba no na Apolo guguu so nsuo nanso Onyankopɔn na ɔmaa afifideɛ no nyiniiɛ.
I planted, Apollos watered; but God gave the increase.
7 Obi a ɔduaeɛ ne obi a ɔguguu so nsuo no ho nhia. Onyankopɔn na ne ho hia, ɛfiri sɛ, ɔno na ɔmaa afifideɛ no nyiniiɛ.
So then neither is he that planteth anything, neither he that watereth; but God that giveth the increase.
8 Nsonsonoeɛ biara nni onipa a ɔdua ne deɛ ɔgugu so nsuo ntam. Onyankopɔn bɛhwɛ dwuma a wɔn mu biara diiɛ so na wama wɔn so adeɛ.
Now he that planteth and he that watereth are one: but each shall receive his own reward according to his own labour.
9 Yɛn deɛ yɛyɛ aboafoɔ a yɛne Onyankopɔn reyɛ adwuma na mo nso moyɛ Onyankopɔn afuo. Bio, moyɛ Onyankopɔn dan.
For we are God’s fellow-workers: ye are God’s husbandry, God’s building.
10 Menam adom a Onyankopɔn de maa me no so meyɛɛ ɔdanseni pa adwuma. Metoo fapem ɛnna onipa foforɔ nso resi ato so. Nanso, ɛsɛ sɛ wɔn mu biara fa ɛkwan pa so si.
According to the grace of God which was given unto me, as a wise masterbuilder I laid a foundation; and another buildeth thereon. But let each man take heed how he buildeth thereon.
11 Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn ayɛ Yesu Kristo nko ɛdan no fapem enti wɔrentumi nto fapem foforɔ biara bio.
For other foundation can no man lay than that which is laid, which is Jesus Christ.
12 Ebinom de sikakɔkɔɔ, anaa dwetɛ anaa aboɔden aboɔ na ɛbɛsi wɔn dan wɔ fapem no so; afoforɔ nso de nnua anaa ɛserɛ anaa wira.
But if any man buildeth on the foundation gold, silver, costly stones, wood, hay, stubble;
13 Obiara dwuma a ɔdiiɛ no, ɛda no bɛda no adi; ɛda no ogya no bɛda obiara adwuma adi. Ogya no bɛsɔ ahwɛ, ahunu dwuma ko no yɛ a ɛyɛ.
each man’s work shall be made manifest: for the day shall declare it, because it is revealed in fire; and the fire itself shall prove each man’s work of what sort it is.
14 Sɛ deɛ onipa ko no de sii fapem no so no tumi gyina ogya no ano a, ɛbɛnya akatua.
If any man’s work shall abide which he built thereon, he shall receive a reward.
15 Na sɛ obi adwuma hye wɔ ogya no ano a, akatua no bɛbɔ no, nanso ɔno deɛ, ɔbɛnya nkwa sɛ obi a wadwane afiri gyaframa mu.
If any man’s work shall be burned, he shall suffer loss: but he himself shall be saved; yet so as through fire.
16 Nokorɛm, monim sɛ moyɛ Onyankopɔn asɔredan na Onyankopɔn Honhom no te mo mu!
Know ye not that ye are a temple of God, and [that] the Spirit of God dwelleth in you?
17 Enti, obiara a ɔbɛsɛe Onyankopɔn asɔredan no, Onyankopɔn bɛsɛe no. Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn asɔredan yɛ kronkron, na mo na moyɛ nʼasɔredan no.
If any man destroyeth the temple of God, him shall God destroy; for the temple of God is holy, which [temple] ye are.
18 Ɛnsɛ sɛ obiara daadaa ne ho. Sɛ obi a ɔka mo ho fa ne ho sɛ ɔyɛ ewiase yi mu onyansafoɔ a, ɛwɔ sɛ ɔyɛ ɔkwasea ansa na wabɛyɛ onyansafoɔ. (aiōn )
Let no man deceive himself. If any man thinketh that he is wise among you in this world, let him become a fool, that he may become wise. (aiōn )
19 Ɛfiri sɛ, deɛ ewiase bu no nyansa no yɛ asɛm a aba nni mu wɔ Onyankopɔn ani so. Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Ɔkyere anyansafoɔ wɔ wɔn aniteɛ mu.”
For the wisdom of this world is foolishness with God. For it is written, He that taketh the wise in their craftiness:
20 Bio, Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Awurade nim onipa nsusuiɛ. Ɔnim sɛ ɛnkɔsi hwee.”
and again, The Lord knoweth the reasonings of the wise, that they are vain.
21 Enti, ɛnsɛ sɛ obiara de deɛ onipa tumi yɛ hoahoa ne ho na biribiara yɛ mo dea.
Wherefore let no one glory in men. For all things are yours;
22 Paulo, Apolo ne Petro, saa ewiase yi, nkwa ne owuo, ɛnnɛ ne daakye nyinaa yɛ mo dea,
whether Paul, or Apollos, or Cephas, or the world, or life, or death, or things present, or things to come; all are yours;
23 na moyɛ Kristo dea na Kristo nso yɛ Onyankopɔn dea.
and ye are Christ’s; and Christ is God’s.