< 1 Korintofoɔ 2 >

1 Anuanom, ɛberɛ a mebaa mo nkyɛn bɛkaa Onyankopɔn ho ahintasɛm a ɛyɛ nokorɛ kyerɛɛ mo no, manka asɛm a ɛkyere adwene anaa nyansa a ɛtra mo so.
When I came to you, brothers, I didn’t come with excellence of speech or of wisdom, proclaiming to you the testimony of God.
2 Meyɛɛ mʼadwene sɛ ɛberɛ a me ne mo wɔ hɔ no, mɛma me werɛ afiri biribiara gye Yesu Kristo nko na ne titire no, ne wuo wɔ asɛnnua no so no.
For I determined not to know anything amongst you except Yeshua the Messiah and him crucified.
3 Enti, ɛberɛ a mebaa mo hɔ no, na meyɛ mmerɛ a ehu ne ahopopoɔ aka me.
I was with you in weakness, in fear, and in much trembling.
4 Na me nkyerɛkyerɛ a mekyerɛkyerɛeɛ no nso mannyina anyansasɛm ne nnipa adwene so na mekyerɛkyerɛeɛ, na mmom, menam kasa pa so daa tumi a ɛwɔ Onyankopɔn Honhom Kronkron no mu no adi.
My speech and my proclaiming were not in persuasive words of human wisdom, but in demonstration of the Spirit and of power,
5 Enti, mo gyidie nnyina onipa nyansa so, na mmom, ɛgyina Onyankopɔn tumi so.
that your faith wouldn’t stand in the wisdom of men, but in the power of God.
6 Mekasa nyansa mu kyerɛ wɔn a wɔanyini wɔ Honhom mu. Nanso, saa nyansa no nyɛ ewiase nyansa anaa ewiase yi mu tumi ahodoɔ a wɔn tumi resa no. (aiōn g165)
We speak wisdom, however, amongst those who are full grown, yet a wisdom not of this world nor of the rulers of this world who are coming to nothing. (aiōn g165)
7 Nyansasɛm a meka no yɛ Onyankopɔn nyansa a wɔde ahinta nnipa. Ɛno na Onyankopɔn ayi ato hɔ ama yɛn dada sɛ yɛn animuonyam ahyɛdeɛ ansa na wɔrebɔ ewiase. (aiōn g165)
But we speak God’s wisdom in a mystery, the wisdom that has been hidden, which God foreordained before the worlds for our glory, (aiōn g165)
8 Aman sodifoɔ biara nnim saa nyansa no. Sɛ wɔnim a, anka wɔremmɔ Awurade a animuonyam ahyɛ no ma no asɛnnua mu. (aiōn g165)
which none of the rulers of this world has known. For had they known it, they wouldn’t have crucified the Lord of glory. (aiōn g165)
9 Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Deɛ onipa biara anhunu na wante da, deɛ onipa biara annwene ho sɛ ɛbɛba da no, ɛno na Onyankopɔn no ara asiesie ama wɔn a wɔdɔ no no.”
But as it is written, “Things which an eye didn’t see, and an ear didn’t hear, which didn’t enter into the heart of man, these God has prepared for those who love him.”
10 Na yɛn na Onyankopɔn nam ne Honhom Kronkron no so ada nʼahintasɛm yi adi akyerɛ yɛn. Honhom no pɛɛpɛɛ biribiara mu kɔsi Onyankopɔn ahintasɛm a emu dɔ no so.
But to us, God revealed them through the Spirit. For the Spirit searches all things, yes, the deep things of God.
11 Onipa deɛ, ɔno ara ne honhom a ɛte ne mu no na ɛnim ne ho nsɛm nyinaa; saa ara nso na Onyankopɔn Honhom no nko ara na ɛnim Onyankopɔn ho nsɛm nyinaa.
For who amongst men knows the things of a man except the spirit of the man which is in him? Even so, no one knows the things of God except God’s Spirit.
12 Ɛnyɛ ewiase yi mu honhom na yɛanya; Honhom Kronkron a Onyankopɔn somaa no no na yɛanya sɛdeɛ ɛbɛma yɛahunu deɛ Onyankopɔn de ama yɛn no nyinaa.
But we received not the spirit of the world, but the Spirit which is from God, that we might know the things that were freely given to us by God.
13 Enti, ɛnyɛ nsɛm a nnipa de wɔn nyansa akyerɛ yɛn no na yɛka, na mmom, nsɛm a Honhom no akyerɛ yɛn no na yɛnam Honhom no mu nokorɛ reda saa honhom mu nsɛm yi adi akyerɛ wɔn a wɔwɔ Honhom no.
We also speak these things, not in words which man’s wisdom teaches but which the Holy Spirit teaches, comparing spiritual things with spiritual things.
14 Nanso, obi a ɔnni Honhom no rentumi nnya akyɛdeɛ a ɛfiri Onyankopɔn Honhom no mu. Ɔrente aseɛ da biara da; ɔfa no sɛ nsɛm a aba nni mu, ɛfiri sɛ, wɔgyina Honhom no nko so na wɔbɛtumi anya nteaseɛ a ɛsɛ.
Now the natural man doesn’t receive the things of God’s Spirit, for they are foolishness to him; and he can’t know them, because they are spiritually discerned.
15 Onipa a Honhom no te ne mu no tumi sese biribiara nanso obiara rentumi mmu no atɛn.
But he who is spiritual discerns all things, and he himself is to be judged by no one.
16 Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Hwan na ɔnim Awurade adwene? Hwan na ɔbɛtumi atu no fo?” Nanso, yɛn deɛ, yɛwɔ Kristo adwene no bi.
“For who has known the mind of the Lord that he should instruct him?” But we have Messiah’s mind.

< 1 Korintofoɔ 2 >