< 1 Korintofoɔ 16 >

1 Asɛm a ɛfa ɛtoɔ a wɔbɛyi de aboa Onyankopɔn asafo mma a wɔwɔ Yudea ho no nie: Ɛsɛ sɛ moyɛ deɛ meka mekyerɛɛ Galati asafo ahodoɔ sɛ wɔnyɛ no bi.
Asɛm a ɛfa tow a wobeyi de aboa Onyankopɔn asafomma a wɔwɔ Yudea ho no ni: Ɛsɛ sɛ moyɛ nea meka kyerɛɛ Galati asafo ahorow sɛ wɔnyɛ no bi.
2 Kwasiada biara, sika a moanya no, momfa bi nsie baabi sɛdeɛ meba mo nkyɛn a, ɛremma monyi toɔ.
Kwasida biara sika a moanya no, momfa bi nsie baabi sɛnea meba mo nkyɛn a ɛremma munyi tow.
3 Sɛ meba hɔ a, mɛtwerɛ adansedie krataa mede asoma nnipa a mopene so sɛ mensoma wɔn, na wɔabɛgye mo akyɛdeɛ no de akɔ Yerusalem.
Sɛ meba hɔ a mɛkyerɛw adansedi krataa de asoma nnipa a mopene so sɛ mensoma wɔn, na wɔabegye mo akyɛde no de akɔ Yerusalem.
4 Sɛ ɛho hia sɛ me ne wɔn ba a, me ne wɔn bɛba.
Sɛ ɛho hia sɛ me ne wɔn ba a, me ne wɔn bɛba.
5 Sɛ mefiri Makedonia a na mɛba mo nkyɛn, ɛfiri sɛ, mɛfa hɔ.
Sɛ mifi Makedonia a na mɛba mo nkyɛn, efisɛ mɛfa hɔ.
6 Ebia, mɛdi nna kakra wɔ mo nkyɛn. Ebia, mɛdi awɔberɛ no wɔ mo nkyɛn. Ɛno akyi moaboa me ama makɔ baabiara a mepɛ sɛ mekɔ.
Ebia medi nna kakra wɔ mo nkyɛn, anaa mpo medi awɔwbere no wɔ mo nkyɛn, na moaboa me ama makɔ baabiara a mepɛ sɛ mekɔ.
7 Mempɛ sɛ medi nna tiaa bi mo nkyɛn. Na mmom, mewɔ anidasoɔ sɛ, sɛ Awurade pɛ a, mɛtena mo nkyɛn akyɛre.
Mempɛ sɛ midi nna tiaa bi wɔ mo nkyɛn. Na mmom, mewɔ anidaso sɛ, sɛ Awurade pɛ a, mɛtena mo nkyɛn akyɛ.
8 Nanso, mɛtena Efeso ha yi akɔsi Pentekoste da no.
Nanso mɛtena Efeso ha yi akosi Pentekoste da no.
9 Ɛwom sɛ wɔn a wɔasɔre atia me dɔɔso deɛ, nanso akwan pa a mɛtumi mafa so madi dwuma pa wɔ ha.
Ɛwɔ mu sɛ wɔn a wɔasɔre atia me no dɔɔso de, nanso akwan pa a metumi afa so adi dwuma pa wɔ ha.
10 Sɛ Timoteo ba mo nkyɛn wɔ ha a, monsom no hɔhoɔ, ɛfiri sɛ, ɔreyɛ Awurade adwuma sɛdeɛ meyɛ yi ara.
Sɛ Timoteo ba mo nkyɛn wɔ ha a, monsom no hɔho, efisɛ ɔreyɛ Awurade adwuma sɛnea meyɛ yi ara.
11 Obiara mmu no abomfiaa, na mmom, mommoa no na ɔntu ne kwan yi asomdwoeɛ mu na watumi asane abɛka me nsa, ɛfiri sɛ, merehwɛ ɔne anuanom no anim.
Obiara mmu no abomfiaa, na mmom mommoa no na ontu ne kwan yi asomdwoe mu na watumi asan abɛka me nsa, efisɛ merehwɛ ɔne anuanom no anim.
12 Ɛfa onua Apolo ho nso, metaa hyɛ no nkuran sɛ ɔne anuanom a aka no ntaa nsra mo, nanso ɔnyɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛba seesei ara. Sɛ ɔnya ɛkwan deɛ a, ɔbɛba.
Onua Apolo nso, metaa hyɛ no nkuran sɛ ɔne anuanom a wɔaka no ntaa nsra mo, nanso ɔnyɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛba mprempren ara. Sɛ onya kwan de a, ɔbɛba.
13 Monnwɛn, momma mo gyidie mu nyɛ den; mo bo nyɛ duru na monnya ahoɔden.
Monwɛn, momma mo gyidi mu nyɛ den; mo bo nyɛ duru na munnya ahoɔden.
14 Momfa ɔdɔ nyɛ mo nnwuma nyinaa.
Momfa ɔdɔ nyɛ mo nnwuma nyinaa.
15 Monim Stefana ne ne fiefoɔ ho asɛm. Wɔyɛ nnipa a wɔdane bɛyɛɛ Akristofoɔ ɛkan wɔ Hela na wɔde wɔn ho ama Onyankopɔn adwumayɛfoɔ. Mesrɛ mo, me nuanom,
Munim Stefana ne ne fifo ho asɛm. Wɔyɛ nnipa a wɔdan bɛyɛɛ Kristofo kan wɔ Hela na wɔde wɔn ho ama Onyankopɔn adwumayɛfo. Mesrɛ mo, me nuanom,
16 sɛ monni nnipa a wɔte saa ne wɔn a wɔdi saa dwuma no bi na wɔne wɔn som no akyi.
sɛ mommrɛ mo ho ase mma nnipa a wɔte saa ne wɔn a wodi saa dwuma no bi no.
17 Mʼani gye Stefana, Fortunato ne Akaiko ba a wɔbaeɛ no ho. Wɔbɛsii mo anan
Mʼani gye Stefana, Fortunato ne Akaiko ba a wɔbae no ho. Wobesii mo anan
18 na wɔama mʼani agye sɛdeɛ wɔmaa mo ani gyeeɛ no ara pɛ. Ɛsɛ sɛ yɛkae nnipa a wɔte saa no.
na wɔama mʼani agye sɛnea wɔmaa mo ani gyei no ara pɛ. Ɛsɛ sɛ yɛkae nnipa a wɔte saa no.
19 Asafo a wɔwɔ Asia no kyea mo. Akwila ne Priska ne asafo a wɔhyia wɔn fie no nso kyea mo.
Asafo a wɔwɔ Asia no kyia mo. Akwila ne Priska ne asafo a wohyia wɔ wɔn fi no nso kyia mo.
20 Anuanom a wɔwɔ ha no kyea mo. Momfa ɔdɔ nkyeakyea mo ho mo ho.
Anuanom a wɔwɔ ha no kyia mo. Momfa ɔdɔ nkyiakyia mo ho mo ho.
21 Me ara me nsa ano atwerɛ nie: Me Paulo, mekyea mo.
Me ara me nsa ano nkyerɛw ni: Me Paulo, mikyia mo.
22 Obiara a ɔnnɔ Awurade no, nnome mmra ne so. Marana-ta “Yɛn Awurade bra!”
Obiara a ɔnnɔ Awurade no, nnome mmra ne so. Marana-ta “Yɛn Awurade bra!”
23 Awurade Yesu adom mmra mo so.
Awurade Yesu adom mmra mo so.
24 Me dɔ nka mo nyinaa wɔ Kristo Yesu mu. Amen.
Me dɔ nka mo nyinaa wɔ Kristo Yesu mu. Amen.

< 1 Korintofoɔ 16 >