< 1 Korintofoɔ 15 >

1 Afei, anuanom, mepɛ sɛ mekae mo adwene fa Asɛmpa a meka kyerɛɛ mo no a mogye too mu, nam so maa mo gyidie mu yɛɛ den no ho.
Γνωρίζω δὲ ὑμῖν, ἀδελφοί, τὸ εὐαγγέλιον ὃ εὐηγγελισάμην ὑμῖν, ὃ καὶ παρελάβετε, ἐν ᾧ καὶ ἑστήκατε,
2 Ɛno ne Asɛmpa a meka kyerɛɛ mo no. Sɛ mokura Asɛmpa no mu denden a, mobɛnya nkwa, gye sɛ moannye anni.
δι’ οὗ καὶ σῴζεσθε, τίνι λόγῳ εὐηγγελισάμην ὑμῖν εἰ κατέχετε, ἐκτὸς εἰ μὴ εἰκῇ ἐπιστεύσατε.
3 Mekaa asɛm a meteeɛ a ɛho hia yie no kyerɛɛ mo sɛ, yɛn bɔne enti na Kristo wuiɛ sɛdeɛ wɔatwerɛ no Atwerɛsɛm mu sɛ,
παρέδωκα γὰρ ὑμῖν ἐν πρώτοις, ὃ καὶ παρέλαβον, ὅτι Χριστὸς ἀπέθανεν ὑπὲρ τῶν ἁμαρτιῶν ἡμῶν κατὰ τὰς γραφάς,
4 wɔsiee no, na ne nnansa so no, ɔsɔre firii awufoɔ mu sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Atwerɛsɛm no mu sɛ,
καὶ ὅτι ἐτάφη, καὶ ὅτι ἐγήγερται τῇ ἡμέρᾳ τῇ τρίτῃ κατὰ τὰς γραφάς,
5 ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ Petro ne asomafoɔ dumienu no nyinaa.
καὶ ὅτι ὤφθη Κηφᾷ, ἔπειτα τοῖς δώδεκα·
6 Afei, mpofirim, ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ nʼakyidifoɔ bɛboro ahanum a wɔn mu bi te ase na wɔn mu bi nso awuwu.
ἔπειτα ὤφθη ἐπάνω πεντακοσίοις ἀδελφοῖς ἐφάπαξ, ἐξ ὧν οἱ πλείονες μένουσιν ἕως ἄρτι, τινὲς δὲ ἐκοιμήθησαν·
7 Afei, ɔyii ne ho adi kyerɛɛ Yakobo ne asomafoɔ no nyinaa.
ἔπειτα ὤφθη Ἰακώβῳ, ἔπειτα τοῖς ἀποστόλοις πᾶσιν·
8 Akyire no koraa, ɔyii ne ho adi kyerɛɛ me a meyɛ obi a wɔanwo me ntɛm.
ἔσχατον δὲ πάντων ὡσπερεὶ τῷ ἐκτρώματι ὤφθη κἀμοί.
9 Meyɛ obi a mesua koraa wɔ asomafoɔ no mu na memfata mpo sɛ wɔfrɛ me ɔsomafoɔ ɛfiri sɛ, metaa Onyankopɔn asafo.
ἐγὼ γάρ εἰμι ὁ ἐλάχιστος τῶν ἀποστόλων, ὃς οὐκ εἰμὶ ἱκανὸς καλεῖσθαι ἀπόστολος, διότι ἐδίωξα τὴν ἐκκλησίαν τοῦ θεοῦ·
10 Nanso, Onyankopɔn adom enti, mete sɛ deɛ mete no ara na adom a ɔde dom me no aboa me yie. Ama matumi ayɛ adwuma denden asene asomafoɔ a aka no nyinaa a ɛmfiri mʼankasa mʼahoɔden mu, na mmom Onyankopɔn adom no na ɛredi dwuma wɔ me mu.
χάριτι δὲ θεοῦ εἰμι ὅ εἰμι, καὶ ἡ χάρις αὐτοῦ ἡ εἰς ἐμὲ οὐ κενὴ ἐγενήθη, ἀλλὰ περισσότερον αὐτῶν πάντων ἐκοπίασα, οὐκ ἐγὼ δὲ ἀλλὰ ἡ χάρις τοῦ θεοῦ σὺν ἐμοί.
11 Enti, sɛ ɛfiri me anaa ɛfiri wɔn no, Asɛmpa a yɛn nyinaa ka ni, na ɛno nso na mogye di.
εἴτε οὖν ἐγὼ εἴτε ἐκεῖνοι, οὕτως κηρύσσομεν καὶ οὕτως ἐπιστεύσατε.
12 Afei, sɛdeɛ Asɛmpa no ka sɛ wɔama Kristo asɔre afiri awufoɔ mu no, adɛn na mo mu bi tumi ka sɛ wɔrentumi mma awufoɔ nsɔre?
Εἰ δὲ Χριστὸς κηρύσσεται ὅτι ἐγήγερται ἐκ νεκρῶν, πῶς λέγουσιν ἐν ὑμῖν τινες ὅτι ἀνάστασις νεκρῶν οὐκ ἔστιν;
13 Sɛ saa yɛ nokorɛ deɛ a, na ɛkyerɛ sɛ wɔamma Kristo ansɔre amfiri awufoɔ mu.
εἰ δὲ ἀνάστασις νεκρῶν οὐκ ἔστιν, οὐδὲ Χριστὸς ἐγήγερται·
14 Na sɛ wɔamma Kristo ansɔre amfiri awufoɔ mu a, na ɛkyerɛ sɛ, yɛnni asɛm biara ka, na mo nso monni asɛm biara a mobɛgye adi.
εἰ δὲ Χριστὸς οὐκ ἐγήγερται, κενὸν ἄρα καὶ τὸ κήρυγμα ἡμῶν, κενὴ καὶ ἡ πίστις ὑμῶν·
15 Ɛno akyi koraa na ɛkyerɛ sɛ, yɛredi atorɔ fa Onyankopɔn ho, ɛfiri sɛ, yɛka sɛ ɔno na ɔnyanee Kristo firii awufoɔ mu. Na sɛ awufoɔ ntumi nsɔre a, ɛnneɛ na wɔamma Kristo nso ansɔre amfiri awufoɔ mu.
εὑρισκόμεθα δὲ καὶ ψευδομάρτυρες τοῦ θεοῦ, ὅτι ἐμαρτυρήσαμεν κατὰ τοῦ θεοῦ ὅτι ἤγειρεν τὸν Χριστόν, ὃν οὐκ ἤγειρεν εἴπερ ἄρα νεκροὶ οὐκ ἐγείρονται.
16 Sɛ awufoɔ ntumi nsɔre a, na Kristo nso ansɔre.
εἰ γὰρ νεκροὶ οὐκ ἐγείρονται, οὐδὲ Χριστὸς ἐγήγερται·
17 Na sɛ wɔamma Kristo ansɔre amfiri awufoɔ mu a, na mo gyidie no yɛ nnaadaa, na moda so yera wɔ mo bɔne mu.
εἰ δὲ Χριστὸς οὐκ ἐγήγερται, ματαία ἡ πίστις ὑμῶν, ἔτι ἐστὲ ἐν ταῖς ἁμαρτίαις ὑμῶν.
18 Ɛsane kyerɛ sɛ, wɔn a na wɔgye Kristo di a wɔawuwu no ayera.
ἄρα καὶ οἱ κοιμηθέντες ἐν Χριστῷ ἀπώλοντο.
19 Na sɛ yɛn anidasoɔ wɔ Kristo mu no yɛ ma saa asetena yi nko ara a, ɛnneɛ na yɛyɛ mmɔbɔ sene obiara a ɔwɔ ewiase ha.
εἰ ἐν τῇ ζωῇ ταύτῃ ἐν Χριστῷ ἠλπικότες ἐσμὲν μόνον, ἐλεεινότεροι πάντων ἀνθρώπων ἐσμέν.
20 Nanso, nokorɛ a ɛwom ne sɛ, wɔama Kristo asɔre afiri awufoɔ mu de ahyɛ mo den sɛ wɔn a wɔadeda wɔ owuo mu no, wɔbɛma wɔasɔresɔre.
Νυνὶ δὲ Χριστὸς ἐγήγερται ἐκ νεκρῶν, ἀπαρχὴ τῶν κεκοιμημένων.
21 Na sɛdeɛ owuo nam onipa so baeɛ no, saa ara nso na owusɔreɛ nam onipa so ba.
ἐπειδὴ γὰρ δι’ ἀνθρώπου θάνατος, καὶ δι’ ἀνθρώπου ἀνάστασις νεκρῶν·
22 Owuo nam Adam so baa yɛn nyinaa so; saa ara nso na Kristo de nkwa brɛɛ yɛn nyinaa.
ὥσπερ γὰρ ἐν τῷ Ἀδὰμ πάντες ἀποθνῄσκουσιν, οὕτως καὶ ἐν τῷ Χριστῷ πάντες ζῳοποιηθήσονται.
23 Nanso, biribiara bɛyɛ nnidisoɔ nnidisoɔ a Kristo na ɔbɛdi ɛkan, na sɛ Kristo di ɛkan ba bio a, wɔn a wɔyɛ ne deɛ no nso adi akyire.
ἕκαστος δὲ ἐν τῷ ἰδίῳ τάγματι· ἀπαρχὴ Χριστός, ἔπειτα οἱ τοῦ Χριστοῦ ἐν τῇ παρουσίᾳ αὐτοῦ,
24 Afei sɛ Kristo sɛe ahonhom mu atumfoɔ, ahoɔden ne tumi nyinaa a, awieeɛ no bɛba, na ɔde Ahennie no ama Onyankopɔn a ɔyɛ Agya no.
εἶτα τὸ τέλος, ὅταν παραδιδοῖ τὴν βασιλείαν τῷ θεῷ καὶ πατρί, ὅταν καταργήσῃ πᾶσαν ἀρχὴν καὶ πᾶσαν ἐξουσίαν καὶ δύναμιν.
25 Ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ Kristo di ɔhene kɔsi sɛ ɔbɛdi nʼatamfoɔ nyinaa so na ɔde wɔn ahyɛ ne nan ase.
δεῖ γὰρ αὐτὸν βασιλεύειν ἄχρι οὗ θῇ πάντας τοὺς ἐχθροὺς ὑπὸ τοὺς πόδας αὐτοῦ.
26 Ɔtamfoɔ a ɔtwa toɔ a ɔbɛdi ne so ne owuo.
ἔσχατος ἐχθρὸς καταργεῖται ὁ θάνατος·
27 Sɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Ɔde nneɛma nyinaa bɛhyɛ ne tumi ase a,” wɔmmfa Onyankopɔn nka ho. Ɛyɛ Onyankopɔn na ɔde nneɛma nyinaa hyɛɛ Kristo tumi ase.
πάντα γὰρ ὑπέταξεν ὑπὸ τοὺς πόδας αὐτοῦ. ὅταν δὲ εἴπῃ ὅτι πάντα ὑποτέτακται, δῆλον ὅτι ἐκτὸς τοῦ ὑποτάξαντος αὐτῷ τὰ πάντα.
28 Na sɛ wɔde nneɛma nyinaa hyɛ Kristo tumi ase a, ɔno ankasa a ɔyɛ Ɔba no de ne ho bɛhyɛ Onyankopɔn a ɔde nneɛma nyinaa hyɛɛ ne Ba no tumi ase no, ase; na Onyankopɔn adi biribiara so.
ὅταν δὲ ὑποταγῇ αὐτῷ τὰ πάντα, τότε καὶ αὐτὸς ὁ υἱὸς ὑποταγήσεται τῷ ὑποτάξαντι αὐτῷ τὰ πάντα, ἵνα ᾖ ὁ θεὸς τὰ πάντα ἐν πᾶσιν.
29 Sɛ owusɔreɛ nni hɔ a, anka wɔn a wɔbɔ awufoɔ din bɔ asu no bɛyɛ dɛn? Wɔn adwene ne sɛn? Sɛ ɛyɛ nokorɛ sɛ deɛ wɔka sɛ, wɔnnyane awufoɔ mma nkwa mu a, adɛn enti na wɔbɔ awufoɔ din bɔ wɔn asu?
Ἐπεὶ τί ποιήσουσιν οἱ βαπτιζόμενοι ὑπὲρ τῶν νεκρῶν; εἰ ὅλως νεκροὶ οὐκ ἐγείρονται, τί καὶ βαπτίζονται ὑπὲρ αὐτῶν;
30 Na adɛn na dɔnhwereɛ biara yɛde yɛn ho to amaneɛ mu?
τί καὶ ἡμεῖς κινδυνεύομεν πᾶσαν ὥραν;
31 Anuanom, dɔnhwereɛ biara mehyia owuo. Esiane Yesu enti, ahohoahoa a mewɔ wɔ mo mu, na ɛma me ka yei.
καθ’ ἡμέραν ἀποθνῄσκω, νὴ τὴν ὑμετέραν καύχησιν, ἀδελφοί, ἣν ἔχω ἐν Χριστῷ Ἰησοῦ τῷ κυρίῳ ἡμῶν.
32 Modwene sɛ mfasoɔ bɛn na menyaa wɔ ɔko a me ne “nkekaboa” koo wɔ Efeso no? Na sɛ awufoɔ nsɔre mma nkwa mu a, ɛnneɛ “Momma yɛnnidi na yɛnnom, ɛfiri sɛ, ɔkyena yɛbɛwu” sɛdeɛ wɔka no.
εἰ κατὰ ἄνθρωπον ἐθηριομάχησα ἐν Ἐφέσῳ, τί μοι τὸ ὄφελος; εἰ νεκροὶ οὐκ ἐγείρονται, φάγωμεν καὶ πίωμεν, αὔριον γὰρ ἀποθνῄσκομεν.
33 “Mommma wɔnnnaadaa mo. Nkɔmmɔ bɔne sɛe ɔbra pa.”
μὴ πλανᾶσθε· φθείρουσιν ἤθη χρηστὰ ὁμιλίαι κακαί.
34 Monyɛ mo asɛdeɛ na monnyae mo akwammɔne no. Meka yei de hyɛ mo aniwuo sɛ mo mu bi nnim Onyankopɔn.
ἐκνήψατε δικαίως καὶ μὴ ἁμαρτάνετε, ἀγνωσίαν γὰρ θεοῦ τινες ἔχουσιν· πρὸς ἐντροπὴν ὑμῖν λαλῶ.
35 Obi bɛbisa sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛtumi ama awufoɔ asɔre aba nkwa mu? Wɔbɛyɛ onipadua su bɛn?”
Ἀλλὰ ἐρεῖ τις· πῶς ἐγείρονται οἱ νεκροί; ποίῳ δὲ σώματι ἔρχονται;
36 Ɔkwasea! Sɛ wodua aba wɔ fam a, gye sɛ ɛwu ansa na afifiri.
ἄφρων, σὺ ὃ σπείρεις, οὐ ζῳοποιεῖται ἐὰν μὴ ἀποθάνῃ·
37 Na deɛ wodua wɔ fam no, ɛnyɛ dua, na mmom ɛyɛ awi aba anaasɛ aba foforɔ bi.
καὶ ὃ σπείρεις, οὐ τὸ σῶμα τὸ γενησόμενον σπείρεις ἀλλὰ γυμνὸν κόκκον εἰ τύχοι σίτου ἤ τινος τῶν λοιπῶν·
38 Bɔbea a Onyankopɔn adwene ho sɛ ɔpɛ sɛ ɔde bɔ aba no na ɔde bɔ no; ɔma aba biara bɔbea a ɛfata no.
ὁ δὲ θεὸς δίδωσιν αὐτῷ σῶμα καθὼς ἠθέλησεν, καὶ ἑκάστῳ τῶν σπερμάτων ἴδιον σῶμα.
39 Honam a ɛkata ateasefoɔ ho no nyinaa nyɛ honam korɔ. Nnipa wɔ wɔn honam; mmoa wɔ wɔn deɛ; nnomaa wɔ wɔn deɛ ɛnna nsuomnam nso wɔ wɔn deɛ.
οὐ πᾶσα σὰρξ ἡ αὐτὴ σάρξ, ἀλλὰ ἄλλη μὲν ἀνθρώπων, ἄλλη δὲ σὰρξ κτηνῶν, ἄλλη δὲ σὰρξ πτηνῶν, ἄλλη δὲ ἰχθύων.
40 Ɔsoro onipadua wɔ hɔ, ɛnna ɛfam onipadua nso wɔ hɔ. Ahoɔfɛ bi wɔ hɔ ma ɔsoro onipadua nko ara, ɛnna ahoɔfɛ bi nso wɔ hɔ ma ɛfam onipadua.
καὶ σώματα ἐπουράνια, καὶ σώματα ἐπίγεια· ἀλλὰ ἑτέρα μὲν ἡ τῶν ἐπουρανίων δόξα, ἑτέρα δὲ ἡ τῶν ἐπιγείων.
41 Owia wɔ nʼankasa nʼahoɔfɛ. Ɔsrane wɔ ne deɛ nko; nsoromma ahoɔfɛ gu ahodoɔ; na nsoromma no mu nso wɔwɔ ahoɔfɛ su ahodoɔ.
ἄλλη δόξα ἡλίου, καὶ ἄλλη δόξα σελήνης, καὶ ἄλλη δόξα ἀστέρων· ἀστὴρ γὰρ ἀστέρος διαφέρει ἐν δόξῃ.
42 Sɛ wɔma awufoɔ sɔre ba nkwa mu a, saa ara na ɛbɛba. Sɛ wɔsie onipadua no a, ɛporɔ; wɔma ɛsɔre nso a ɛmporɔ.
οὕτως καὶ ἡ ἀνάστασις τῶν νεκρῶν. σπείρεται ἐν φθορᾷ, ἐγείρεται ἐν ἀφθαρσίᾳ·
43 Sɛ wɔsie onipadua a, ɛyɛ tan na ɛyɛ mmerɛ, nanso sɛ wɔma ɛsɔre a, ɛyɛ fɛ na ɛnya ahoɔden.
σπείρεται ἐν ἀτιμίᾳ, ἐγείρεται ἐν δόξῃ· σπείρεται ἐν ἀσθενείᾳ, ἐγείρεται ἐν δυνάμει·
44 Sɛ wɔsie onipadua no a, ɛyɛ honam na sɛ wɔma ɛsɔre a, ɛyɛ honhom. Ɔhonam wɔ hɔ enti ɛsɛ sɛ honhom nso wɔ hɔ.
σπείρεται σῶμα ψυχικόν, ἐγείρεται σῶμα πνευματικόν. εἰ ἔστιν σῶμα Ψυχικόν, ἔστιν καὶ πνευματικόν.
45 Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Adam a ɔyɛ nnipa nyinaa kannifoɔ no, wɔbɔɔ no sɛ onipa ɔteasefoɔ”; nanso Adam a ɔtwa toɔ no yɛ Honhom a ɔma nkwa.
οὕτως καὶ γέγραπται, ἐγένετο ὁ πρῶτος ἄνθρωπος Ἀδὰμ εἰς ψυχὴν ζῶσαν· ὁ ἔσχατος Ἀδὰμ εἰς πνεῦμα ζῳοποιοῦν.
46 Ɛnyɛ honhom mo ni na ɔbaa kane. Ɔbaa deɛ ɔkura honam fam onipadua no akyi.
ἀλλ’ οὐ πρῶτον τὸ πνευματικὸν ἀλλὰ τὸ ψυχικόν, ἔπειτα τὸ πνευματικόν.
47 Wɔde fam mfuturo na ɛbɔɔ Adam a ɔdi ɛkan no. Adam a ɔtɔ so mmienu no firi ɔsoro.
ὁ πρῶτος ἄνθρωπος ἐκ γῆς χοϊκός, ὁ δεύτερος ἄνθρωπος ἐξ οὐρανοῦ.
48 Wɔn a wɔte asase so no te sɛ deɛ wɔde dɔteɛ bɔɔ no no; na wɔn a wɔyɛ ɔsoro mma no te sɛ wɔn a wɔfiri ɔsoro.
οἷος ὁ χοϊκός, τοιοῦτοι καὶ οἱ χοϊκοί, καὶ οἷος ὁ ἐπουράνιος, τοιοῦτοι καὶ οἱ ἐπουράνιοι·
49 Sɛdeɛ yɛte sɛ nnipa a wɔde dɔteɛ bɔɔ yɛn no, saa ara na yɛbɛyɛ sɛ onipa a ɔfiri ɔsoro no.
καὶ καθὼς ἐφορέσαμεν τὴν εἰκόνα τοῦ χοϊκοῦ, φορέσωμεν καὶ τὴν εἰκόνα τοῦ ἐπουρανίου.
50 Anuanom, deɛ mepɛ sɛ mekyerɛ ne sɛ, deɛ wɔde honam ne mogya ayɛ no nni kyɛfa wɔ Onyankopɔn Ahennie no mu; na deɛ ɛporɔ no ntumi ntena hɔ.
Τοῦτο δέ φημι, ἀδελφοί, ὅτι σὰρξ καὶ αἷμα βασιλείαν θεοῦ κληρονομῆσαι οὐ δύναται, οὐδὲ ἡ φθορὰ τὴν ἀφθαρσίαν κληρονομεῖ.
51 Montie saa ahintasɛm yi: Yɛn nyinaa renwu, nanso ɛberɛ tiawa bi mu wɔbɛsakyera yɛn nyinaa;
ἰδοὺ μυστήριον ὑμῖν λέγω· πάντες οὐ κοιμηθησόμεθα, πάντες δὲ ἀλλαγησόμεθα,
52 sɛ totorobɛnto a ɛtwa toɔ no bɔ a, nsakraeɛ no bɛyɛ anibueɛ. Sɛ ɛbɔ a, awufoɔ bɛdane ateasefoɔ na yɛn nyinaa bɛsakyera.
ἐν ἀτόμῳ, ἐν ῥιπῇ ὀφθαλμοῦ, ἐν τῇ ἐσχάτῃ σάλπιγγι· σαλπίσει γάρ, καὶ οἱ νεκροὶ ἐγερθήσονται ἄφθαρτοι, καὶ ἡμεῖς ἀλλαγησόμεθα.
53 Na deɛ ɛporɔ no de deɛ ɛmporɔ akata ne ho, na deɛ ɛwu no de deɛ ɛnwu akata ne ho.
δεῖ γὰρ τὸ φθαρτὸν τοῦτο ἐνδύσασθαι ἀφθαρσίαν καὶ τὸ θνητὸν τοῦτο ἐνδύσασθαι ἀθανασίαν.
54 Enti deɛ ɛporɔ de deɛ ɛmporɔ kata ne ho na deɛ ɛbɛwu de deɛ ɛrenwu kata ne ho a, Atwerɛsɛm no bɛba mu sɛ, “Wɔasɛe owuo; nkonim aba!”
ὅταν δὲ τὸ φθαρτὸν τοῦτο ἐνδύσηται ἀφθαρσίαν καὶ τὸ θνητὸν τοῦτο ἐνδύσηται ἀθανασίαν, τότε γενήσεται ὁ λόγος ὁ γεγραμμένος, κατεπόθη ὁ θάνατος εἰς νῖκος.
55 “Owuo, wo nkonim wɔ he? Owuo, wo nwowɔeɛ wɔ he?” (Hadēs g86)
ποῦ σου, θάνατε, τὸ νῖκος; ποῦ σου, θάνατε, τὸ κέντρον; (Hadēs g86)
56 Owuo nya ne tumi firi bɔne mu na bɔne nso nya ne tumi firi Mmara no mu.
τὸ δὲ κέντρον τοῦ θανάτου ἡ ἁμαρτία, ἡ δὲ δύναμις τῆς ἁμαρτίας ὁ νόμος.
57 Nanso, yɛda Onyankopɔn a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so ma yɛn tumi no ase!
τῷ δὲ θεῷ χάρις τῷ διδόντι ἡμῖν τὸ νῖκος διὰ τοῦ κυρίου ἡμῶν Ἰησοῦ Χριστοῦ.
58 Enti, me nuanom, monnyina pintinn. Ɛda biara monyɛ Awurade adwuma, ɛfiri sɛ, menim sɛ moyɛ Awurade adwuma a ɛrenyɛ ɔkwa da.
ὥστε, ἀδελφοί μου ἀγαπητοί, ἑδραῖοι γίνεσθε, ἀμετακίνητοι, περισσεύοντες ἐν τῷ ἔργῳ τοῦ κυρίου πάντοτε, εἰδότες ὅτι ὁ κόπος ὑμῶν οὐκ ἔστιν κενὸς ἐν κυρίῳ.

< 1 Korintofoɔ 15 >