< 1 Korintofoɔ 13 >

1 Sɛ mede nnipa ne abɔfoɔ tɛkrɛma kasa na menni dɔ a, na mete sɛ yaawa a ɛregyegyeɛ anaa akasaeɛ a ɛrewoso kɛkɛ.
Quand je parlerais les langues des hommes et celles des anges, si je n'ai pas la charité, je ne suis qu'un airain qui résonne, ou une cymbale qui retentit.
2 Ebia na mewɔ akyɛdeɛ a metumi ka asɛmpa no ma ɛka nnipa akoma; ebia na mewɔ osuahunu ne nteaseɛ ma mete ahintasɛm nyinaa ase; ebia na mewɔ gyidie a ɛma metumi tutu mmepɔ, nanso sɛ menni ɔdɔ a, menka hwee.
Quand j'aurais le don de prophétie, et que je connaîtrais tous les mystères et toute la science; quand j'aurais toute la foi jusqu'à transporter des montagnes, si je n'ai pas la charité, je ne suis rien.
3 Mɛtumi de deɛ mewɔ nyinaa makyɛ na mpo matu me onipadua asi hɔ sɛ wɔnhye, nanso sɛ menni ɔdɔ a, mennya ho mfasoɔ biara.
Quand je distribuerais tous mes biens pour la nourriture des pauvres, quand je livrerais mon corps pour être brûlé, si je n'ai pas la charité, cela ne me sert de rien.
4 Ɔdɔ wɔ boasetɔ na ne tirim yɛ mmerɛ; ɔdɔ nyɛ ahoɔyea anaa ɛnkyerɛ ne ho anaa ɔnni ahomasoɔ su;
La charité est patiente; la charité est pleine de bonté. La charité n'est point envieuse; elle n'est pas présomptueuse, elle ne s'enfle pas d'orgueil.
5 ɔdɔ mmu ɔbra bɔne; ɔnyɛ pɛsɛmenkomenya; ne bo nha no; ɔmfa bɔne nhyɛ ne mu;
Elle ne fait rien de malhonnête; elle ne cherche pas son intérêt; elle ne s'aigrit pas; elle ne soupçonne point le mal.
6 ɔdɔ mpɛ bɔne, na mmom, ɔpɛ nokorɛ.
Elle ne se réjouit pas de l'injustice, mais elle met sa joie dans la vérité.
7 Ɔdɔ mpa aba; ne gyidie, nʼanidasoɔ ne ne boasetɔ nni hwammɔ.
Elle excuse tout, elle croit tout, elle espère tout, elle supporte tout.
8 Ɔdɔ wɔ hɔ daa. Nkɔmhyɛ wɔ hɔ nanso, ɛnte hɔ daa; akyɛdeɛ a ɛma wɔka kasa foforɔ wɔ hɔ, nanso ɛwɔ nʼawieeɛ; osuahunu wɔ hɔ, nanso ɛbɛtwam.
La charité ne périt jamais. Les prophéties prendront fin, le don des langues cessera, la connaissance sera abolie.
9 Deɛ yɛnim no ne nkɔm a yɛhyɛ no yɛ fa ne fa bi;
Car nous ne connaissons qu'imparfaitement, et nous ne prophétisons qu'imparfaitement;
10 nanso deɛ ɛyɛ pɛ no nya ba a, deɛ ɛyɛ fa ne fa no bɛgu.
mais quand la perfection sera venue, alors ce qui est imparfait sera aboli.
11 Meyɛ abɔfra no mekasaa sɛ abɔfra, medwenee sɛ abɔfra, mesusuu sɛ abɔfra, na meyɛɛ ɔpanin yi, magu mmɔfraasɛm no.
Lorsque j'étais enfant, je parlais comme un enfant, je pensais comme un enfant, je raisonnais comme un enfant; lorsque je suis devenu homme, je me suis défait de ce qui tenait de l'enfant.
12 Deɛ yɛhunu no seesei no te sɛ su bi a ɛyɛ kusuu wɔ ahwehwɛ mu. Ɛno akyi, yɛbɛhunu no kann. Deɛ menim seesei no yɛ ɛho fa bi; akyire yi, ɛbɛdi mu te sɛ Onyankopɔn nimdeɛ a ɔwɔ wɔ me ho no.
Aujourd'hui nous voyons comme dans un miroir, confusément: alors nous verrons face à face! Aujourd'hui je connais imparfaitement: alors je connaîtrai comme j'ai été connu.
13 Na afei nneɛma mmiɛnsa yi na ɛwɔ hɔ: gyidie, anidasoɔ, ɔdɔ; na ɔdɔ ne mu kɛseɛ.
Maintenant donc, ces trois choses demeurent: la foi, l'espérance et la charité; mais la plus grande des trois est la charité.

< 1 Korintofoɔ 13 >