< 1 Korintofoɔ 12 >

1 Me nuanom, merebɛkyerɛ mo nsɛm a ɛfa Honhom Kronkron no akyɛdeɛ no mu. Anuanom, mepɛ sɛ mohunu nokorɛ no.
O darima Duha ne bih, braćo, htio da budete u neznanju.
2 Monim sɛ ɛberɛ a na moyɛ abosonsomfoɔ no na ahoni a awuwu na ɛdi mo so de mo kɔ bɔne mu.
Znate kako ste se dok bijaste pogani, zavedeni, zanosili nijemim idolima.
3 Deɛ ɛsɛ sɛ mote aseɛ ne sɛ, obiara a ɔwɔ Onyankopɔn Honhom akwankyerɛ no ka sɛ “Yesu yɛ Awurade,” na ɔnnome Yesu.
Zato vam obznanjujem: nitko tko u Duhu Božjem govori ne kaže: “Prokletstvo Isusu”. I nitko ne može reći: “Gospodin Isus” osim u Duhu Svetom.
4 Ɛwom sɛ Honhom Kronkron no ara na ɛkyɛ akyɛdeɛ no, nanso saa akyɛdeɛ no gu ahodoɔ.
Različiti su dari, a isti Duh;
5 Akwan ahodoɔ bebree wɔ hɔ a wɔfa so som, nanso Awurade korɔ no ara na wɔsom no.
i različite službe, a isti Gospodin;
6 Tumi ahodoɔ bebree wɔ hɔ a wɔnam so som, nanso Onyankopɔn korɔ no ara na ɔma obiara tumi ma wɔde som.
i različita djelovanja, a isti Bog koji čini sve u svima.
7 Honhom Kronkron no nam yɛn mmaako mmaako so da ne ho adi ɛkwan bi so ma ɛboa yɛn nyinaa.
A svakomu se daje očitovanje Duha na korist.
8 Honhom Kronkron no ma obi nyansa na Honhom Kronkron no ara nso ama obi osuahunu.
Doista, jednomu se po Duhu daje riječ mudrosti, drugomu riječ spoznanja po tom istom Duhu;
9 Saa Honhom Kronkron no ara ma obi gyidie na ɔma obi nso tumi a ɔde sa nyarewa.
drugomu vjera u tom istom Duhu, drugomu dari liječenja u tom jednom Duhu;
10 Honhom Kronkron no ma obi tumi ma ɔyɛ anwanwadeɛ; obi nso, ɔma no tumi ma ɔka Onyankopɔn asɛm; na ɔfoforɔ nso ɔma no tumi ma ɔtumi kyerɛ nsonsonoeɛ a ɛda akyɛdeɛ a ɛfiri Honhom Kronkron no ne deɛ ɛmfiri Honhom Kronkron no mu. Honhom Kronkron no ma obi tumi ma ɔka kasa foforɔ na ɔma ɔfoforɔ nso tumi ma ɔkyerɛ kasa foforɔ no ase.
drugomu čudotvorstva, drugomu prorokovanje, drugomu razlučivanje duhova, drugomu različiti jezici, drugomu tumačenje jezika.
11 Ɛyɛ Honhom Kronkron korɔ no ara na ɔyɛ yeinom nyinaa; akyɛdeɛ ahodoɔ a ɔpɛ sɛ ɔde ma obiara no, ɔde ma no.
A sve to djeluje jedan te isti Duh dijeleći svakomu napose kako hoće.
12 Kristo te sɛ nipadua baako a ɛwɔ akwaa bebree; ɛwom sɛ ɛwɔ akwaa bebree, nanso ɛyɛ onipadua korɔ no ara.
Doista, kao što je tijelo jedno te ima mnogo udova, a svi udovi tijela iako mnogi, jedno su tijelo - tako i Krist.
13 Wɔnam saa ɛkwan korɔ no ara so abɔ yɛn Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ ne nkoa ne yɛn a yɛde yɛn ho no asu. Wɔnam Honhom Kronkron korɔ no so abɔ yɛn asu ahyɛ saa onipadua korɔ no ara mu. Na wɔde saa Honhom Kronkron no ama yɛn sɛ yɛnnom.
Ta u jednom Duhu svi smo u jedno tijelo kršteni, bilo Židovi, bilo Grci, bilo robovi, bilo slobodni. I svi smo jednim Duhom napojeni.
14 Nipadua no ankasa nyɛ akwaa baako; ɛyɛ akwaa bebree.
Ta ni tijelo nije jedan ud, nego mnogi.
15 Sɛ nan ka sɛ, “Esiane sɛ menyɛ nsa enti, menka onipadua no ho” a, ɛnkyerɛ sɛ ɔnyɛ onipadua no fa bi.
Rekne li noga: “Nisam ruka, nisam od tijela”, zar zbog toga nije od tijela?
16 Na sɛ aso ka sɛ, “Esiane sɛ menyɛ aniwa enti, menka onipadua no ho” a, ɛnkyerɛ sɛ ɔnyɛ onipadua no fa bi.
I rekne li uho: “Nisam oko, nisam od tijela”, zar zbog toga nije od tijela?
17 Na sɛ onipadua no nyinaa yɛ aniwa a, anka ɛbɛyɛ dɛn ate asɛm? Na sɛ ɛyɛ aso a anka ɛbɛyɛ dɛn ahua adeɛ?
Kad bi sve tijelo bilo oko, gdje bi bio sluh? Kad bi sve bilo sluh, gdje bi bio njuh?
18 Sɛdeɛ Onyankopɔn pɛ no no na ɔde akwaa biara siiɛ.
A ovako, Bog je rasporedio udove, svaki od njih u tijelu, kako je htio.
19 Sɛ onipadua no nyinaa yɛ akwaa korɔ a, anka onipadua no bɛyɛ ɛdeɛn?
Kad bi svi bili jedan ud, gdje bio bilo tijelo?
20 Sɛdeɛ ɛte no, akwaa gu ahodoɔ, nanso onipadua no yɛ baako pɛ.
A ovako, mnogi udovi - jedno tijelo!
21 Yei enti, aniwa ntumi nka nkyerɛ nsa sɛ, “wo ho nhia me!” Saa ara na etire rentumi nka nkyerɛ nan sɛ, “Wo ho nhia me!”
Ne može oko reći ruci: “Ne trebam te”, ili pak glava nogama: “Ne trebam vas.”
22 Saa ara na yɛrentumi nyɛ biribiara a akwaa a ɛyɛ mmerɛ no nka ho mma ɛnyɛ yie.
Naprotiv, mnogo su potrebniji udovi tijela koji izgledaju slabiji.
23 Akwaa a yɛsusu sɛ ɛnni mu pii no mmom na yɛhwɛ no yie, na deɛ ɛnyɛ fɛ wɔ onipadua ho no nso yɛhwɛ no yie pa ara.
A udove koje smatramo nečasnijima, okružujemo većom čašću. I s nepristojnima se pristojnije postupa,
24 Na akwaa a ɛdi mu no, saa ɔhwɛ no ho nhia no. Onyankopɔn ankasa nam ɛkwan bi so akeka onipadua no asisi animu de ahyɛ akwaa a wɔmmuo no animuonyam.
a pristojni toga ne trebaju. Nego, Bog je tako sastavio tijelo da je posljednjem udu dao izobilniju čast
25 Enti nkyekyɛmu biara nni onipadua no mu. Akwaa no nyinaa keka wɔn ho wɔn ho bom.
da ne bude razdora u tijelu, nego da se udovi jednako brinu jedni za druge.
26 Sɛ akwaa baako ho ka a, akwaa a aka no nyinaa ho ka bi. Na sɛ wɔkamfo akwaa no bi a, anigyeɛ ka akwaa a aka no nyinaa.
I ako trpi jedan ud, trpe zajedno svi udovi; ako li se slavi jedan ud, raduju se zajedno svi udovi.
27 Enti mo nyinaa moyɛ Kristo onipadua. Na mo mu biara yɛ nʼakwaa.
A vi ste tijelo Kristovo i, pojedinačno, udovi.
28 Onyankopɔn ahyehyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ wɔ asafo no mu: Deɛ ɛdi ɛkan, asomafoɔ; deɛ ɛtɔ so mmienu, adiyifoɔ; deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa, akyerɛkyerɛfoɔ; afei wɔn a wɔyɛ anwanwadeɛ ɛnna wɔn a wɔama wɔn tumi de sa yadeɛ anaa wɔboa afoforɔ anaa wɔkyerɛ wɔn ɛkwan anaa wɔka kasa foforɔ.
I neke postavi Bog u Crkvi: prvo za apostole, drugo za proroke, treće za učitelje; onda čudesa, onda dari liječenja; zbrinjavanja, upravljanja, razni jezici.
29 Wɔn nyinaa nyɛ asomafoɔ anaa adiyifoɔ anaa akyerɛkyerɛfoɔ. Ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔwɔ tumi a wɔde yɛ anwanwadeɛ
Zar su svi apostoli? Zar svi proroci? Zar svi učitelji? Zar svi čudotvorci?
30 anaa wɔsa nyarewa, anaa wɔka kasa foforɔ anaa wɔkyerɛ deɛ wɔka no ase.
Zar svi imaju dare liječenja? Zar svi govore jezike? Zar svi tumače?
31 Monhwehwɛ akyɛdeɛ a ɛbɛboa mo yie akyiri kwan. Mɛkyerɛ mo ɛkwan foforɔ a ɛyɛ pa ara.
Čeznite za višim darima! A evo vam puta najizvrsnijega!

< 1 Korintofoɔ 12 >