< 1 Korintofoɔ 11 >

1 Monsua me sɛdeɛ mesua Kristo no.
你们应该效法我,一如我效法基督。
2 Mekamfo mo, ɛfiri sɛ, ɛberɛ biara, mokae me di me nkyerɛkyerɛ a mekyerɛɛ mo no so.
我感谢你们时刻记得我,感谢你们始终遵循我向你们宣讲的教义。
3 Na mepɛ sɛ mote aseɛ sɛ, ɔbarima tiri ne Kristo, na ɔbarima yɛ ɔbaa tiri, nanso Kristo tiri ne Onyankopɔn.
但是我希望你们理解,基督是男人的“头”,男人是女人的“头”,上帝是基督的“头。”
4 Enti, ɔbarima biara a ɔkata ne tiri so bɔ mpaeɛ anaa ɔka Onyankopɔn asɛm wɔ badwam no gu Kristo anim ase.
男人的首领在祈祷或讲道时如果蒙着头,就是羞辱自己的头。
5 Na ɔbaa a ɔnkata ne tiri so na ɔbɔ mpaeɛ ka Onyankopɔn asɛm wɔ badwam no nso gu ne kunu anim ase. Nsonsonoeɛ biara nna ɔne ɔbaa a wayi ne tirinwi no ntam.
女人祷告或讲道时,如果不蒙着头,就是羞辱自己的头,因为这就好比剃发一般。
6 Sɛ ɔbaa no nkata ne tiri so a, ɛsɛ sɛ ɔtwitwa ne tirinwi gu. Esiane sɛ ɛyɛ animguaseɛ sɛ ɔbaa bɛyi ne tirinwi anaa ɔbɛtwitwa agu no enti, ɛsɛ sɛ ɔkata so.
女人如果没有蒙着头,就应当剪去头发。如果女人以为剪发或剃头很羞耻,就应当蒙着头。
7 Ɛho nhia sɛ ɔbarima bɛkata ne tiri so, ɛfiri sɛ, ɔyɛ Onyankopɔn animuonyam ne ne sɛso
男人不应蒙头,因为他是上帝的形象和荣耀,女人是男人的荣耀。
8 na wɔammɔ ɔbarima amfiri ɔbaa mu, na mmom, wɔbɔɔ ɔbaa firii ɔbarima mu.
因为男人并非来自女人,但女人却来自男人,
9 Saa ara nso na ɛnyɛ ɔbaa enti na wɔbɔɔ ɔbarima, nanso ɔbaa deɛ, ɔbarima enti na wɔbɔɔ no.
男人并非为女人而创造,女人却是为了男人而创造。
10 Esiane saa asɛm yi ne abɔfoɔ no enti, ɛsɛ sɛ ɔbaa nya nkatasoɔ bi wɔ ne tiri so, de kyerɛ sɛ ɔhyɛ tumi bi ase.
因此,为了尊重守护天使,女人应当在头上显示权权威记号。
11 Yɛn asetena wɔ Awurade mu no, ɔbaa nne ne ho ɛnna ɔbarima nso nne ne ho.
尽管如此,从主的角度来看,女人和男人一样重要,男人也和女人一样重要。
12 Na sɛdeɛ wɔbɔɔ ɔbaa firii ɔbarima mu no, saa ara nso na ɔbaa woo ɔbarima, na biribiara nso firi Onyankopɔn.
正如女人来自男人,男人也来自女人。但更重要的是,万物皆来自上帝。
13 Ɛyɛ sɛ ɔbaa bɛbɔ mpaeɛ afrɛ Onyankopɔn wɔ badwa mu a biribiara nkata ne tiri so anaa? Mo ara mommua mfa.
你们可以自己判断一下,女人不蒙住头向上帝祷告是否合适?
14 Ɛnyɛ saa abɔdeɛ korɔ no ara na ɛka sɛ, sɛ ɔbarima tiri fu bebree a, ɛyɛ animguaseɛ ma no no?
男人留长发并非自然行为,是一种羞耻。
15 Nanso, sɛ ɔbaa deɛ, ne tiri fu pii a, ɛyɛ animuonyam ma no no? Wɔama no nwi pii sɛ akatasoɔ.
但女人留长发却可以给她带来荣耀吗?因为头发就像她的盖头。
16 Nanso, sɛ obi pɛ sɛ ɔgye ho akyinnyeɛ a, asɛm a mewɔ ka wɔ ho ara ne sɛ, yɛn anaa Onyankopɔn asafo no nni ɛkwan foforɔ biara a wɔfa so som.
如果有人想要争论这个问题,他们应该意识到,这是教会遵循的唯一习惯。
17 Nhyehyɛeɛ a ɛdidi so yi a mereka akyerɛ mo yi, menkamfo mo, ɛfiri sɛ, mo asafo nhyiamu de ɔhaw brɛ mo mmom.
我现在做的是指引你们,而非称赞你们,因为当你们聚集在一起,带来的坏处远多于好处。
18 Deɛ ɛdi ɛkan no, mate sɛ mo ne mo ho mo ho di asie wɔ mo nhyiamu mu na megye di sɛ nokorɛ kakra wɔ mu.
首先,我听说你们在聚会的时候起了纷争,我相信这情况属实。
19 Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ mo mu kyekyɛ sɛdeɛ nokorɛ bɛda adi.
你们当然会出现分党结派之事,这样可以真正显示出,那些真诚之人可以真正证明他们自己。
20 Sɛ mohyia sɛ kuo a, momma sɛ morebɛdi Awurade Adidi no.
当你们聚集在一起,你们其实并不是在庆祝主的最后晚餐。
21 Na mogu so redidi no, obiara di nʼaduane wɔ ɛberɛ a ɛkɔm de ebinom na afoforɔ nso aboboro nsã.
有人想要先于其他人进餐,让其他人仍然感到饥饿,还有人会喝醉。
22 Mo ara monni afie a modidi nom wɔ mu? Anaasɛ mopɛ sɛ mogu Onyankopɔn asafo no ne wɔn a adeɛ ahia wɔn no anim ase? Ɛdeɛn na mohwehwɛ sɛ meka fa saa asɛm yi ho kyerɛ mo? Menkamfo mo anaa? Ɛsɛ sɛ mohunu sɛ ɛnsɛ sɛ mekamfo mo!
难道你们没有自己的家供你们吃喝吗?还是说,你们藐视上帝的教会,羞辱穷人?我该怎么和你们说呢?夸奖你们做得好吗?你们这样做,我不可能予以称赞。
23 Awurade nkyɛn na menya nkyerɛkyerɛ a mekyerɛkyerɛ mo no sɛ, Awurade Yesu, anadwo a wɔyii no maeɛ no, ɔfaa burodo
我向你们讲述的这一切,都来自主:在主耶稣被出卖的那一夜,他拿起饼,
24 na ɔdaa Onyankopɔn ase no, ɔbuu mu kaa sɛ, “Yei ne me onipadua a mede ma mo. Monyɛ yei mfa nkae me.”
在感谢后便掰开饼,说:“这饼就是我的身体,将赐予你们,你们要这样做来记住我。”
25 Saa ara na Adidi no akyi no, ɔfaa kuruwa na ɔkaa sɛ, “Saa kuruwa yi yɛ Onyankopɔn apam foforɔ a wɔde me mogya ahyɛ mu den. Ɛberɛ biara a mobɛnom no, momfa nkae me.”
当晚他拿起酒杯,说:“这杯是以我的血订立的新盟约,当你们饮酒的时候要记住我。
26 Ɛberɛ biara a mobɛdi burodo no na mobɛnom kuruwa no ano no, monka Awurade wuo no ho asɛm kɔsi sɛ ɔbɛba.
每当你们吃这饼,喝这杯中酒,就是在讲述主的死,直到他回归。”
27 Ɛkyerɛ sɛ, sɛ obi di Awurade burodo no na ɔnom kuruwa no ano wɔ ɛkwan a ɛmfata so a, ɔdi Awurade onipadua ne ne mogya no ho fɔ.
因此,任何人如果以不光彩的方式吃主的饼,喝主的杯中酒,就是错对主的身体和主的血,应该感到罪恶感。
28 Enti ansa na obiara bɛdi burodo no, anom kuruwa no ano no, ɛsɛ sɛ ɔkari ne ho hwɛ.
每个人在吃饼和饮这杯中酒时,都应该内省。
29 Na sɛ wammu Awurade onipadua no na ɔdi nom firi kuruwa no mu a, ɔdi nom de atemmuo ba nʼankasa so.
因为吃喝之人如果没有意识到与主身体之间的关系,就会面临审判。
30 Ɛno enti na mo mu bebree yareyare na moyɛ mmerɛ na mo mu pii awuwu no.
也是因为这个原因,你们中间有许多人软弱、患病、甚至死去。
31 Sɛ yɛkari yɛn ho hwɛ ansa a, yɛrenkɔ Onyankopɔn atemmuo mu.
但我们若认真内省,就不会像这样受到审判。
32 Nanso, Awurade bu yɛn atɛn, twe yɛn aso sɛdeɛ ɔremmu yɛne ewiase nyinaa fɔ.
但当我们接受审判时,就是在接受他的管教,以免和世人一起被定罪。
33 Ɛno enti, me nuanom, sɛ mohyia sɛ morekɔ Awurade Adidi no a, montwɛn mo ho mo ho.
所以我的兄弟姐妹们,你们聚集在一起吃下主的最后晚餐,要彼此等待。
34 Sɛ ɛkɔm de obi a, ɔnnidi wɔ efie na Onyankopɔn ammu no atɛn wɔ wɔn nhyiamu no ase. Nsɛm a aka no, sɛ meba a, mɛka ho asɛm.
如果有人饥饿,应当在家里先吃,免得聚在一起时受到审判。我会在造访你们的时候,给予你们更多的指导。

< 1 Korintofoɔ 11 >