< 1 Korintofoɔ 10 >
1 Anuanom, mepɛ sɛ metwe mo adwene ba nsɛm a ɛtoo yɛn nananom a wɔdii Mose akyi no so. Omununkum bɔɔ wɔn nyinaa ho ban maa wɔn nyinaa faa Ɛpo Kɔkɔɔ no mu asomdwoeɛ mu.
Moreover, brethren, I would not that ye should be ignorant, that all our fathers were under the cloud, and all passed through the sea;
2 Omununkum no ne Ɛpo no mu, wɔbɔɔ wɔn nyinaa asu sɛ Mose akyidifoɔ.
And were all baptized to Moses in the cloud and in the sea;
3 Wɔn nyinaa dii honhom fam aduane
And all ate the same spiritual food;
4 na wɔnom honhom fam anonneɛ. Wɔnom honhom botan a na ɔne wɔn nam no mu nsuo; na saa ɔbotan no yɛ Kristo no ankasa.
And all drank the same spiritual drink: (for they drank of that spiritual Rock that followed them: and that Rock was Christ.)
5 Yeinom nyinaa akyi no, na Onyankopɔn ani nsɔ wɔn mu pii, enti na wɔn amu guguu basaa wɔ ɛserɛ no so hɔ no.
But with many of them God was not well pleased: for they were overthrown in the wilderness.
6 Seesei, yeinom nyinaa yɛ nhwɛsoɔ ma yɛn na ɛbɔ yɛn kɔkɔ nso sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛpɛ bɔne sɛdeɛ wɔyɛeɛ no,
Now these things were our examples, to the intent we should not lust after evil things, as they also lusted.
7 ɛnna ɛnsɛ sɛ yɛsom ahoni sɛdeɛ wɔn mu bi yɛeɛ no. Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Nnipa no tenaa ase, didi nomee, na wɔgoroo abosomgorɔ.”
Neither be ye idolaters, as [were] some of them: as it is written, The people sat down to eat and drink, and rose up to play.
8 Ɛnsɛ sɛ yɛbɔ adwaman, sɛdeɛ wɔn mu bi yɛeɛ no na da koro wɔn mu ɔpeduonumiɛnsa wuwuiɛ no.
Neither let us commit lewdness, as some of them committed, and fell in one day three and twenty thousand.
9 Ɛnsɛ sɛ yɛsɔ Awurade hwɛ sɛdeɛ wɔn mu bi yɛeɛ no maa awɔ kekaa wɔn kunkumm wɔn no.
Neither let us tempt Christ, as some of them also tempted, and were destroyed by serpents.
10 Ɛnsɛ sɛ monwiinwii sɛdeɛ wɔn mu bi yɛeɛ maa ɔsɛe ɔbɔfoɔ sɛee wɔn no.
Neither murmur ye, as some of them also murmured, and were destroyed by the destroyer.
11 Yeinom nyinaa baa wɔn so de yɛɛ nhwɛsoɔ maa afoforɔ. Na wɔtwerɛ guu hɔ sɛ kɔkɔbɔ maa yɛn. Ɛfiri sɛ, yɛte hɔ sɛ ɛrenkyɛre na ɛberɛ no aba awieeɛ. (aiōn )
Now all these things happened to them for examples: and they are written for our admonition, upon whom the ends of the world are come. (aiōn )
12 Obiara a ɔdwene sɛ ɔgyina hɔ no, ɔnhwɛ yie na wanhwe ase.
Wherefore let him that thinketh he standeth, take heed lest he fall.
13 Sɔhwɛ biara a aba wʼakwan mu no yɛ deɛ ɛba nnipa akwan mu. Esiane sɛ Onyankopɔn di ne bɔhyɛ so enti, ɔremma ho ɛkwan mma sɔhwɛ a ɛboro wʼahoɔden so nto wo. Sɛ sɔhwɛ ba wo so a, ɔbɛma wo ahoɔden ama woatumi agyina ano, na woanya ho nyansa nso.
There hath no temptation taken you but such as is common to man: but God [is] faithful, who will not suffer you to be tempted above what ye are able; but will with the temptation also make a way to escape, that ye may be able to bear [it].
14 Enti me nnamfo pa, montwe mo ho mfiri ahonisom ho.
Wherefore, my dearly beloved, flee from idolatry.
15 Mekasa kyerɛ mo sɛ anyansafoɔ. Asɛm a meka no mommua mfa.
I speak as to wise men; judge ye what I say.
16 Sɛ yɛnom kuruwa a wɔahyira so no ano a, na ɛnyɛ Kristo mogya ayɔnkofa no anaa? Burodo a yɛbubu mu no nso, sɛ yɛdi a, na ɛnyɛ Kristo onipadua ayɔnkoyɛ anaa?
The cup of blessing which we bless, is it not the communion of the blood of Christ? The bread which we break, is it not the communion of the body of Christ?
17 Esiane sɛ burodo no yɛ baako na yɛdi no wɔ ɔhonam korɔ mu enti, ɛwom sɛ yɛ dɔɔso deɛ, nanso yɛn nyinaa yɛ nnipa baako.
For we [being] many are one bread, [and] one body: for we are all partakers of that one bread.
18 Monhwɛ Israelman. Wɔn a wɔdi afɔdeɛ aduane no ne afɔrebukyia no wɔ ayɔnkoyɛ.
Behold Israel after the flesh: are not they who eat of the sacrifices, partakers of the altar?
19 Mebisa sɛ, afɔrebɔdeɛ a wɔde ama ohoni no yɛ biribi anaa ohoni no na ɔyɛ biribi?
What then do I say? that the idol is any thing, or that which is offered in sacrifice to idols is any thing?
20 Dabi, asɛm a mereka ne sɛ, deɛ wɔde abɔ afɔdeɛ wɔ ɔbosonsomni afɔrebukyia so no, wɔde ama ahonhommɔne na ɛnyɛ Onyankopɔn. Mempɛ sɛ mode mo ho bɛhyɛnehyɛne ahonhommɔne.
But [I say], that the things which the Gentiles sacrifice, they sacrifice to demons, and not to God: and I would not that ye should have fellowship with demons.
21 Morentumi nnom Awurade kuruwa ano na monsane nnom ahonhommɔne kuruwa ano. Saa ara na morentumi nnidi wɔ Awurade ɛpono so na monsane nnidi wɔ ahonhommɔne ɛpono nso so.
Ye cannot drink the cup of the Lord, and the cup of demons: ye cannot be partakers of the Lord's table, and of the table of demons.
22 Anaa mopɛ sɛ yɛma Awurade twe ninkunu? Yɛgye di sɛ yɛyɛ den sene no anaa?
Do we provoke the Lord to jealousy? are we stronger than he?
23 Wɔka sɛ, “Woama yɛn ho ɛkwan sɛ yɛnyɛ biribiara a yɛyɛ.” Nanso, ɛnyɛ biribiara na ɛyɛ. “Wɔama yɛn ho ɛkwan sɛ yɛnyɛ biribiara.” Nanso, ɛnyɛ biribiara na ɛtumi boa yɛn.
All things are lawful for me, but all things are not expedient: all things are lawful for me, but all things edify not.
24 Ɛnsɛ sɛ obiara pɛ ne nko ne yiedie na mmom, ɛsɛ sɛ ɔhwehwɛ afoforɔ nso yiedie.
Let no man seek his own, but every man another's [wealth].
25 Adwenemdahɔ enti motumi tɔ biribiara a wɔtɔn wɔ dwa so di a mommisa ho asɛm biara.
Whatever is sold in the provision market, [that] eat, asking no question for conscience' sake:
26 Ɛfiri sɛ, Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Asase ne deɛ ɛwɔ so nyinaa yɛ Awurade dea.”
For the earth [is] the Lord's, and its fullness.
27 Obi a ɔnyɛ ogyidini frɛ wo adidi na woyɛ wʼadwene sɛ wobɛkɔ a, adwenemdahɔ enti, aduane a ɔde bɛma wo biara, di a wommisa ho asɛm biara.
If any of them that believe not invites you [to a feast], and ye are disposed to go; whatever is set before you, eat, asking no question on account of conscience.
28 Nanso, sɛ obi ka kyerɛ wo sɛ, “Wɔde saa aduane yi maa ahoni” a, ɛsiane deɛ ɔbɔɔ wo saa amaneɛ no adwenemdahɔ enti, nni saa aduane no.
But if any man shall say to you, This is offered in sacrifice to idols, eat not for his sake that showed it, and for conscience' sake: for the earth [is] the Lord's, and its fullness:
29 Ɛno nyɛ wʼadwene, na ɛyɛ onipa a ɔbɔɔ wo saa amaneɛ no adwene. Obi bɛbisa sɛ, “Adɛn enti na obi adwene si mʼahofadie ho ɛkwan?
Conscience, I say, not thy own, but of the other: for why is my liberty judged by another [man's] conscience?
30 Sɛ meda Awurade ase wɔ mʼaduane ho a, adɛn enti na aduane a mada ho ase no obi ka ho asɛm?”
For if I by grace am a partaker, why am I evil spoken of for that for which I give thanks?
31 Biribiara a mobɛyɛ no, sɛ moredidi o, sɛ morenom o, monyɛ mfa nhyɛ Onyankopɔn animuonyam.
Whether therefore ye eat or drink, or whatever ye do, do all to the glory of God.
32 Monnyɛ biribiara mfa nha Yudafoɔ anaa amanamanmufoɔ anaa Onyankopɔn asafo.
Give no offense, neither to the Jews, nor to the Gentiles, nor to the church of God:
33 Monyɛ sɛdeɛ meyɛ no. Mema obiara ani gye deɛ meyɛ ho a mennwene mʼankasa me yiedie ho, na mmom, medwene yɛn nyinaa yiedie ho sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛgye wɔn nkwa.
Even as I please all [men] in all [things], not seeking my own profit, but the [profit] of many, that they may be saved.