< 1 Berɛsosɛm 1 >

1 Adam asefoɔ yɛ Set, Enos,
Adam, Seth, Énosch,
2 Kenan, Mahalalel, Yared,
Kénan, Mahalaleel, Jéred,
3 Henok, Metusela, Lamek,
Hénoc, Metuschélah, Lémec,
4 Noa mma ne, Sem, Ham, ne Yafet.
Noé. Sem, Cham et Japhet.
5 Na Yafet asefoɔ ne Gomer, Magog, Media, Yawan, Tubal, Mesek ne Tiras.
Fils de Japhet: Gomer, Magog, Madaï, Javan, Tubal, Méschec et Tiras.
6 Na Gomer asefoɔ ne Askenas, Rifat ne Togarma.
Fils de Gomer: Aschkenaz, Diphat et Togarma.
7 Na Yawan asefoɔ ne Elisa, Tarsis, Kitim ne Rodanim.
Fils de Javan: Élischa, Tarsisa, Kittim et Rodanim.
8 Na Ham asefoɔ ne Kus, Misraim, Put ne Kanaan.
Fils de Cham: Cusch, Mitsraïm, Puth et Canaan.
9 Na Kus asefoɔ ne Seba, Hawila, Sabta, Raama ne Sabteka. Na Raama asefoɔ yɛ Saba ne Dedan.
Fils de Cusch: Saba, Havila, Sabta, Raema et Sabteca. Fils de Raema: Séba et Dedan.
10 Kus woo Nimrod. Na Nimrod bɛyɛɛ ɔkofoɔ kɛseɛ wɔ asase so.
Cusch engendra Nimrod; c’est lui qui commença à être puissant sur la terre.
11 Misraim yɛ tete agya ma Ludfoɔ, Anamfoɔ, Lehabfoɔ, Naftuhfoɔ,
Mitsraïm engendra les Ludim, les Ananim, les Lehabim, les Naphtuhim,
12 Patrusfoɔ, Kasluhfoɔ ne Kaftorfoɔ a wɔn ase na Filistifoɔ firi.
les Patrusim, les Casluhim, d’où sont sortis les Philistins, et les Caphtorim.
13 Na Kanaan abakan din de Sidon a na ɔyɛ Sidonfoɔ tete agya. Na Kanaan nso yɛ Hetifoɔ,
Canaan engendra Sidon, son premier-né, et Heth,
14 Yebusifoɔ, Amorifoɔ, Girgasifoɔ,
et les Jébusiens, les Amoréens, les Guirgasiens,
15 Hewifoɔ, Arkifoɔ, Sinifoɔ,
les Héviens, les Arkiens, les Siniens,
16 Arwadfoɔ, Semarifoɔ ne Hamatifoɔ tete agya.
les Arvadiens, les Tsemariens, les Hamathiens.
17 Na Sem asefoɔ yɛ Elam, Asur, Arfaksad, Lud ne Aram. Aram asefoɔ ne Us, Hul, Geter ne Mas.
Fils de Sem: Élam, Assur, Arpacschad, Lud et Aram; Uts, Hul, Guéter et Méschec.
18 Na Arfaksad woo Sela na Sela woo Eber.
Arpacschad engendra Schélach; et Schélach engendra Héber.
19 Eber woo mmammarima baanu. Abakan no din de Peleg a asekyerɛ ne “nkyekyɛmu” ɛfiri sɛ, ne berɛ so na nnipa a wɔwɔ ewiase mu kyekyɛ kɔɔ kasa ahodoɔ mu na wɔbɔ hweteeɛ. Nʼakyiri ba no din de Yoktan.
Il naquit à Héber deux fils: le nom de l’un était Péleg, parce que de son temps la terre fut partagée, et le nom de son frère était Jokthan.
20 Yoktan woo Almodada, Selef, Hasarmawet, Yera,
Jokthan engendra Almodad, Schéleph, Hatsarmaveth, Jérach,
21 Hadoram, Usal, Dikla,
Hadoram, Uzal, Dikla,
22 Obal, Abimael, Seba,
Ébal, Abimaël, Séba, Ophir, Havila et Jobab.
23 Ofir, Hawila ne Yobab. Yeinom nyinaa yɛ Yoktan asefoɔ.
Tous ceux-là furent fils de Jokthan.
24 Ɛno enti, yei ne abusuadua a ɛfiri Sem: Arfaksad, Sela,
Sem, Arpacschad, Schélach,
25 Eber, Peleg, Reu,
Héber, Péleg, Rehu,
26 Serug, Nahor, Tera,
Serug, Nachor, Térach,
27 ne Abram a akyire yi, wɔfrɛɛ no Abraham no.
Abram, qui est Abraham.
28 Abraham mmammarima yɛ Isak ne Ismael.
Fils d’Abraham: Isaac et Ismaël.
29 Na Ismael mmammarima nso ne Nebaiot a ɔyɛ nʼabakan, Kedar, Adbeel, Mibsam,
Voici leur postérité. Nebajoth, premier-né d’Ismaël, Kédar, Adbeel, Mibsam,
30 Misma, Duma, Masa, Hadad, Tema,
Mischma, Duma, Massa, Hadad, Téma,
31 Yetur, Nafis ne Kedema. Yeinom ne Ismael mmammarima.
Jethur, Naphisch et Kedma. Ce sont là les fils d’Ismaël.
32 Na Abraham mpena Ketura mmammarima ne Simran, Yoksan, Medan, Midian, Yisbak ne Sua. Na Yoksan asefoɔ yɛ Seba ne Dedan.
Fils de Ketura, concubine d’Abraham. Elle enfanta Zimran, Jokschan, Medan, Madian, Jischbak et Schuach. Fils de Jokschan: Séba et Dedan.
33 Na Midian mmammarima ne Efa, Efer, Henok, Abida ne Eldaa. Yeinom nyinaa yɛ Abraham ne ne mpena Ketura mmammarima.
Fils de Madian: Épha, Épher, Hénoc, Abida et Eldaa. Ce sont là tous les fils de Ketura.
34 Abraham woo Isak. Isak mmammarima yɛ Esau ne Israel.
Abraham engendra Isaac. Fils d’Isaac: Ésaü et Israël.
35 Na Esau mmammarima yɛ Elifas, Reuel, Yeus, Yalam ne Kora.
Fils d’Ésaü: Éliphaz, Reuel, Jeusch, Jaelam et Koré.
36 Na Elifas mmammarima yɛ Teman, Omar, Sefi, Gatam, Kenas, Timna ne Amalek.
Fils d’Éliphaz: Théman, Omar, Tsephi, Gaetham, Kenaz, Thimna et Amalek.
37 Na Reuel mmammarima yɛ Nahat, Serah, Sama ne Misa.
Fils de Reuel: Nahath, Zérach, Schamma et Mizza.
38 Na Seir mmammarima yɛ Lotan, Sobal, Sibeon, Ana, Dison, Eser ne Disan.
Fils de Séir: Lothan, Schobal, Tsibeon, Ana, Dischon, Étser et Dischan.
39 Na Lotan mmammarima yɛ Hori ne Homam. Na Lotan nuabaa din de Timna.
Fils de Lothan: Hori et Homam. Sœur de Lothan: Thimna.
40 Na Sobal mmammarima yɛ Alian, Manahat, Ebal, Sefi ne Onam. Sibeon mmammarima yɛ Aya ne Ana.
Fils de Schobal: Aljan, Manahath, Ébal, Schephi et Onam. Fils de Tsibeon: Ajja et Ana.
41 Na Ana babarima yɛ Dison. Na Dison mma yɛ Hemdan, Esban, Yitran ne Keran.
Fils d’Ana: Dischon. Fils de Dischon: Hamran, Eschban, Jithran et Keran.
42 Na Eser mmammarima yɛ Bilhan, Saawan ne Akan. Na Disan mmammarima yɛ Us ne Aran.
Fils d’Étser: Bilhan, Zaavan et Jaakan. Fils de Dischan: Uts et Aran.
43 Yeinom ne ahemfo a wɔdii Edom so ansa na Israelfoɔ renya ahemfo: Beor babarima Bela, a ɔtenaa kuropɔn Dinhaba so dii ɔhene.
Voici les rois qui ont régné dans le pays d’Édom, avant qu’un roi régnât sur les enfants d’Israël. Béla, fils de Beor; et le nom de sa ville était Dinhaba.
44 Na Bela wuiɛ no, Serah babarima Yobab a ɔfiri Bosra bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
Béla mourut; et Jobab, fils de Zérach, de Botsra, régna à sa place.
45 Na Yobab wuiɛ no, Husam a ɔfiri Teman asase so bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
Jobab mourut; et Huscham, du pays des Thémanites, régna à sa place.
46 Husam owuo akyi Hadad a ɔyɛ Bedad babarima a ɔkɔdii Midian so nkonim wɔ Moab asase so no na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhempɔn. Wɔtoo nʼahenkuro no edin Hawit.
Huscham mourut; et Hadad, fils de Bedad, régna à sa place. C’est lui qui frappa Madian dans les champs de Moab. Le nom de sa ville était Avith.
47 Hadad wuiɛ no, Samla a ɔfiri Masreka kuropɔn mu bɛyɛɛ ɔhene.
Hadad mourut; et Samla, de Masréka, régna à sa place.
48 Samla wuiɛ no, Saulo a ɔfiri Rehobot a ɛda asuo Eufrate ho no bɛdii ɔhene.
Samla mourut; et Saül, de Rehoboth sur le fleuve, régna à sa place.
49 Na Saulo wuiɛ no, Akbor babarima Baal-Hanan bɛdii ɔhene.
Saül mourut; et Baal-Hanan, fils d’Acbor, régna à sa place.
50 Baal-Hanan wuiɛ no, Hadad tenaa kuropɔn Pai mu dii ɔhene. Na ne yere a wɔfrɛ no Mehetabel no yɛ Matred babaa ne Me-Sahab nso nana.
Baal-Hanan mourut; et Hadad régna à sa place. Le nom de sa ville était Pahi; et le nom de sa femme Mehéthabeel, fille de Mathred, fille de Mézahab.
51 Na Hadad nso wuiɛ. Na Edom mmusua no ntuanofoɔ ne Timna, Alwa, Yetet,
Hadad mourut. Les chefs d’Édom furent: le chef Thimna, le chef Alja, le chef Jetheth,
52 Oholibama, Ela, Pinon,
le chef Oholibama, le chef Éla, le chef Pinon,
53 Kenas, Teman, Mibsar,
le chef Kenaz, le chef Théman, le chef Mibtsar,
54 Magdiel ne Iram. Yeinom na na wɔyɛ Edom mmusua ntuanofoɔ.
le chef Magdiel, le chef Iram. Ce sont là des chefs d’Édom.

< 1 Berɛsosɛm 1 >