< 1 Berɛsosɛm 6 >

1 Na Lewi mmammarima yɛ: Gerson, Kohat ne Merari.
Fils de Lévi: Gersom, Caath et Mérari.
2 Na Kohat asefoɔ nso yɛ: Amram, Ishar, Hebron ne Usiel.
Fils de Caath: Amram, Isaar et Oziel.
3 Na Amram mma yɛ: Aaron, Mose ne Miriam. Na Aaron mmammarima yɛ: Nadab, Abihu, Eleasa ne Itamar.
Fils d’Amram: Aaron, Moïse et Marie. — Fils d’Aaron: Nadab, Abiu, Eléazar et Ithamar. —
4 Eleasa woo Pinehas. Pinehas woo Abisua.
Eléazar engendra Phinées; Phinées engendra Abisué;
5 Abisua woo Buki, na Buki woo Usi,
Abisué engendra Bocci; Bocci engendra Ozi;
6 Usi woo Serahia, Serahia woo Meraiot,
Ozi engendra Zaraïas; Zaraïas engendra Méraïoth;
7 Meraiot woo Amaria, na Amaria woo Ahitub,
Méraïoth engendra Amarias; Amarias engendra Achitob;
8 Ahitub woo Sadok, na Sadok woo Ahimaas,
Achitob engendra Sadoc; Sadoc engendra Achimaas;
9 Ahimaas woo Asaria, Asaria woo Yohanan,
Achimaas engendra Azarias; Azarias engendra Johanan;
10 Yohanan woo Asaria, a ɔno na na ɔyɛ ɔsɔfopanin wɔ asɔredan a Salomo sii wɔ Yerusalem no mu.
Johanan engendra Azarias: c’est lui qui exerça le sacerdoce dans la maison que Salomon bâtit à Jérusalem;
11 Asaria woo Amaria, Amaria woo Ahitub,
Azarias engendra Amarias; Amarias engendra Achitob;
12 Ahitub woo Sadok, Sadok woo Salum,
Achitob engendra Sadoc; Sadoc engendra Sellum;
13 Salum woo Hilkia, Hilkia woo Asaria.
Sellum engendra Helcias; Helcias engendra Azarias;
14 Asaria woo Seraia, Seraia woo Yehosadak.
Azarias engendra Saraïas; Saraïas engendra Josédec.
15 Wɔtwaa Yehosadak asuo ɛberɛ a Awurade de Yudafoɔ ne Yerusalemfoɔ kɔɔ nnommum mu a na wɔhyɛ Nebukadnessar ase no.
Josédec partit pour l’exil quand Yahweh fit emmener en captivité Juda et Jérusalem par l’intermédiaire de Nabuchodonosor.
16 Na Lewi mmammarima din de: Gersom, Kohat ne Merari.
Fils de Lévi: Gersom, Caath et Mérari. —
17 Na Libni ne Simei ka Gerson asefoɔ ho.
Voici les noms des fils de Gersom: Lobni et Séméï. —
18 Na Amram, Ishar, Hebron ne Usiel ka Kohat asefoɔ no ho.
Fils de Caath: Amram, Isaar, Hébron et Oziel. —
19 Na Mahli ne Musi ka Merari asefoɔ no ho. Yeinom ne Lewifoɔ mmusua sɛdeɛ wɔn mpanimfoɔ nnidisoɔ teɛ.
Fils de Mérari: Moholi et Musi. Voici les familles de Lévi selon leurs pères:
20 Na Gerson asefoɔ yɛ: Libni, Yahat, Sima,
De Gersom: Lobni, son fils; Jahath, son fils; Zamma, son fils;
21 Yoa, Ido, Serah ne Yeaterai.
Joah, son fils; Addo, son fils; Zara, son fils; Jethraï, son fils. —
22 Na Kohat asefoɔ ne Aminadab, Kora, Asir,
Fils de Caath: Aminadab, son fils; Coré, son fils; Asir, son fils;
23 Elkana, Ebiasaf, Asir,
Elcana, son fils; Abiasaph, son fils; Asir, son fils;
24 Tahat, Uriel, Usia ne Saulo.
Thahath, son fils; Uriel, son fils; Ozias, son fils; Saül, son fils.
25 Na Elkana asefoɔ ne: Amasai, Ahimot,
Fils d’Elcana: Amasaï et Achimoth;
26 Sofai, Nahat,
Elcana, son fils; Sophaï, son fils; Nahath, son fils;
27 Eliab, Yeroham, Elkana ne Samuel.
Eliab, son fils; Jéroham, son fils; Elcana, son fils.
28 Na Samuel mmammarima din ne: Yoɛl a ɔyɛ ɔpanin ne Abiya a ɔtɔ so mmienu no.
Fils de Samuel: le premier-né Vasséni, et Abia. —
29 Na Merari mma ne: Mahli, Libni, Simei, Usa,
Fils de Mérari: Moholi; Lobni, son fils; Séméï, son fils; Oza, son fils;
30 Simea, Hagia ne Asaia.
Sammaa, son fils; Haggia, son fils; Asaïa, son fils.
31 Dawid maa saa nnipa a wɔn din didi soɔ yi dii Awurade fie nnwom anim, ɛberɛ a wɔde Apam Adaka no sii hɔ no.
Voici ceux que David établit pour diriger le chant dans la maison de Yahweh, depuis que l’arche eut un lieu de repos:
32 Wɔde nnwom kaa wɔn som ho wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu hɔ, kɔsii sɛ Salomo sii Awurade asɔredan no wɔ Yerusalem. Afei, wɔnam mmara a wɔde maa wɔn so dii wɔn dwuma wɔ hɔ.
ils remplirent les fonctions de chantres devant la Demeure de la tente de réunion, jusqu’à ce que Salomon eût bâti la maison de Yahweh à Jérusalem, et ils se tenaient à leur service selon leur règlement. —
33 Saa mmarima yi na wɔne wɔn mma somm wɔ hɔ no. Heman, dwom ho nimdefoɔ no, na ɔfiri Kohat abusua mu. Wɔto nʼabusuadua ana firi Yoɛl, Samuel,
Voici ceux qui officiaient avec leurs fils: — D’entre les fils des Caathites: Héman, le chantre, fils de Joël, fils de Samuel,
34 Elkana, Yeroham, Eliel, Yoa,
fils d’Elcana, fils de Jéroham, fils d’Eliel, fils de Thohu,
35 Suf, Elkana, Mahat, Amasai,
fils de Suph, fils d’Elcana, fils de Mahath, fils d’Amasaï,
36 Elkana, Yoɛl, Asaria, Sefania,
fils d’Elcana, fils de Joël, fils d’Azarias, fils de Sophonias,
37 Tahat, Asir, Ebiasaf, Kora,
fils de Thahath, fils d’Asir, fils d’Abiasaph, fils de Coré,
38 Ishar, Kohat, Lewi ne Israel ase;
fils d’Isaar, fils de Caath, fils de Lévi, fils d’Israël.
39 Herman abadiakyire a ɔdi ɛkan no din de Asaf, a na ɔfiri Gerson abusua mu. Wɔto Asaf abusuadua ana firi Berekia, Simea,
— Son frère Asaph, qui se tenait à sa droite: Asaph, fils de Barachias, fils de Samaa,
40 Mikael, Baaseia, Malkia,
fils de Michaël, fils de Basaïas, fils de Melchias,
41 Etni, Serah, Adaia,
fils d’Athanaï, fils de Zara, fils d’Adaïa,
42 Etan, Sima, Simei,
fils d’Ethan, fils de Zamma, fils de Séméï,
43 Yahat, Gersom ne Lewi ase.
fils de Jeth, fils de Gersom, fils de Lévi.
44 Herman abadiakyire a ɔtɔ so mmienu no din de Etan, a na ɔfiri Merari abusua mu. Wɔto Etan abusuadua ana firi Kisi, Abdi, Maluk,
— Fils de Mérari, leurs frères, à la gauche: Ethan, fils de Cusi, fils d’Abdi, fils de Maloch,
45 Hasabia, Amasia, Hilkia,
fils de Hasabias, fils d’Amasias, fils de Helcias,
46 Amsi, Bani, Semer,
fils d’Amasaï, fils de Boni, fils de Somer,
47 Mahli, Musi, Merari ne Lewi ase.
fils de Moholi, fils de Musi, fils de Mérari, fils de Lévi.
48 Na wɔn abusuafoɔ a wɔyɛ Lewifoɔ no nso, wɔmaa wɔn dwuma ahodoɔ bi dii wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan a ɛyɛ Onyankopɔn fie no mu.
Leurs frères, les lévites, étaient chargés de tout le service du tabernacle de la maison de Yahweh.
49 Aaron ne nʼasefoɔ nko na wɔsom sɛ asɔfoɔ. Na wɔde afɔrebɔdeɛ gu ɔhyeɛ afɔrebukyia ne ohwam afɔrebukyia so, na wɔdi dwuma biara a ɛfa kronkron mu kronkron hɔ ho. Wɔnam mmara a Onyankopɔn ɔsomfoɔ Mose de maa wɔn no so yɛɛ mpatadeɛ maa Israel.
Mais Aaron et ses fils brûlaient les victimes sur l’autel des holocaustes et l’encens sur l’autel des parfums; ils avaient à remplir tout le ministère du saint des saints, et à faire l’expiation pour Israël, selon tout ce qu’avait ordonné Moïse, serviteur de Dieu.
50 Na Aaron asefoɔ yɛ: Eleasa, Pinehas, Abisua,
Voici les fils d’Aaron: Eléazar, son fils; Phinées, son fils; Abisué, son fils;
51 Buki, Usi, Serahia,
Bocci, son fils; Ozi, son fils; Zaraïas, son fils;
52 Meraiot, Amaria, Ahitub,
Méraïoth, son fils; Amarias, son fils; Achitob, son fils;
53 Sadok ne Ahimaas.
Sadoc, son fils; Achimaas, son fils.
54 Yei ne abakɔsɛm a ɛfa nkuro ne asase a wɔnam ntontobɔ kronkron so de maa Aaron ne nʼasefoɔ a wɔfiri Kohat abusua mu no.
Voici leurs habitations, selon leurs enceintes, dans leurs territoires: — Aux fils d’Aaron, de la famille des Caathites, désignés les premiers par le sort,
55 Na Hebron ne mmoa adidibea nsase a atwa ho ahyia wɔ Yuda no ka ho.
on donna Hébron, dans le pays de Juda, et les pâturages qui l’entourent;
56 Nanso, kuro no ho mfuo ne ɛho nkuraa no deɛ, wɔde maa Yefune babarima Kaleb.
mais on donna le territoire de la ville et ses villages à Caleb, fils de Jéphoné.
57 Enti, saa nkuro yi a mmoa adidibea atwa ebiara ho ahyia na wɔde maa Aaron asefoɔ: Hebron a ɛyɛ dwanekɔbea kuro, Libna, Yatir, Estemoa,
On donna donc aux fils d’Aaron la ville de refuge Hébron, Lobna et ses pâturages,
58 Hilen, Debir,
Jéther, Esthémo et ses pâturages, Hélon et ses pâturages, Dabir et ses pâturages,
59 Asan, Yuta ne Bet-Semes.
Asan et ses pâturages, Bethsémès et ses pâturages;
60 Na wɔmaa wɔn Gibeon, Geba, Alemet ne Anatot firii Benyamin asase mu a mmoa adidibea ka emu biara ho. Enti, nkurotoɔ dumiɛnsa na wɔde maa Aaron asefoɔ.
de la tribu de Benjamin, Gabée et ses pâturages, Almath et ses pâturages, Anathoth et ses pâturages. Total de leurs villes: treize villes, d’après leurs familles.
61 Na Kohat asefoɔ a wɔkaeɛ no nso, wɔnyaa nkurotoɔ edu a wɔnam ntontobɔ kronkron so firii Manase abusua fa no asase so.
— Les autres fils de Caath eurent par le sort dix villes des familles de la tribu, de la demi-tribu de Manassé.
62 Gerson asefoɔ nam ntontobɔ kronkron so nyaa nkurotoɔ dumiɛnsa firii Isakar, Aser ne Naftali nsase so. Wɔnyaa bi nso firii Basan pɔ mu a ɛyɛ Manase dea, a ɛwɔ Yordan apueeɛ fam no.
Les fils de Gersom, d’après leurs familles, eurent treize villes de la tribu d’Issachar, de la tribu d’Aser, de la tribu de Nephthali et de la tribu de Manassé, en Basan.
63 Merari asefoɔ nam ntontobɔ kronkron so, nyaa nkurotoɔ dumienu firii Ruben, Gad ne Sebulon nsase so.
Les fils de Mérari, d’après leurs familles, eurent par le sort douze villes de la tribu de Ruben, de la tribu de Gad et de la tribu de Zabulon.
64 Enti, Israelfoɔ de saa nkuro yi ne mmoa adidibea yi nyinaa maa Lewifoɔ.
Les enfants d’Israël donnèrent aux Lévites les villes et leurs pâturages.
65 Wɔnam ntontobɔ kronkron so na wɔde nkuro a ɛwowɔ Yuda, Simeon ne Benyamin nsase so maeɛ sɛdeɛ wɔaka dada no.
Ils donnèrent par le sort, de la tribu des enfants de Juda, de la tribu des enfants de Siméon et de la tribu des enfants de Benjamin, ces villes qu’ils désignèrent par leurs noms.
66 Saa nkurotoɔ yi ne ɛho mmoa adidibea na Kohat asefoɔ nya firii Efraim asase so:
Pour les autres familles des fils de Caath, les villes qui leur échurent furent de la tribu d’Éphraïm.
67 Sekem a ɛyɛ dwanekɔbea kuro a ɛwɔ Efraim bepɔ asase no so, Geser,
On leur donna: la ville de refuge Sichem et ses pâturages, dans la montagne d’Éphraïm, Gazer et ses pâturages,
68 Yokmeam, Bet-Horon,
Jecmaam et ses pâturages, Bethoron et ses pâturages,
69 Ayalon ne Gat-Rimon.
Hélon et ses pâturages, Geth-Remmon et ses pâturages;
70 Kohat asefoɔ nkaeɛ no, wɔde saa nkurotoɔ a ɛfiri Manase abusua fa no mu na ɛmaa wɔn: Aner ne Bileam a emu biara mmoa adidibea ka ho.
et de la demi-tribu de Manassé, Aner et ses pâturages, Balaam et ses pâturages: pour les familles des autres fils de Caath.
71 Gerson asefoɔ nyaa kuro a wɔfrɛ no Golan a ɛwɔ Basan no firii Manase abusua fa asase so a Astarot ka ho, a ne nyinaa mmoa adidibea da ho.
On donna aux fils de Gersom: de la famille de la demi-tribu de Manassé, Gaulon en Basan et ses pâturages, Astharoth et ses pâturages;
72 Isakar asase so nso, wɔmaa wɔn Kedes, Daberat,
de la tribu d’Issachar, Cédès et ses pâturages, Dabéreth et ses pâturages,
73 Ramot ne Anem a wɔn mmoa adidibea ka ho.
Ramoth et ses pâturages, Anem et ses pâturages;
74 Aser asase so, wɔnyaa Masal, Abdon,
de la tribu d’Aser, Masal et ses pâturages, Abdon et ses pâturages,
75 Hukok ne Rehob a na emu biara mmoa adidibea ka ho.
Hucac et ses pâturages, Rohob et ses pâturages;
76 Naftali asase so, wɔde Kedes a ɛwɔ Galilea, Hamon ne Kiriataim maa wɔn, a na mmoa adidibea ka emu biara ho.
et de la tribu de Nephthali, Cédès en Galilée et ses pâturages, Hamon et ses pâturages, et Cariathaïm et ses pâturages.
77 Merari asefoɔ nkaeɛ no nyaa Yokneam, Karta, Rimon ne Tabor nkuro firi Sebulon asase so, a na mmoa adidibea ka ebiara ho.
On donna au reste des Lévites, aux fils de Mérari: de la tribu de Zabulon, Remmono et ses pâturages, Thabor et ses pâturages;
78 Ruben asase a ɛda Asubɔnten Yordan apueeɛ fam a ɛne Yeriko di nhwɛanim no nso, wɔnyaa Beser a ɛyɛ anweatam kuro, Yahas,
de l’autre côté du Jourdain, vis-à-vis de Jéricho, à l’orient du Jourdain: de la tribu de Ruben, Bosor, au désert, et ses pâturages, Jassa et ses pâturages,
79 Kedemot ne Mefaat a mmoa adidibea ka emu biara ho.
Cadémoth et ses pâturages, Méphaat et ses pâturages;
80 Na Gad asase so nso, wɔnyaa Ramot a ɛwɔ Gilead, Mahanaim,
et de la tribu de Gad, Ramoth en Galaad et ses pâturages, Manaïm, et ses pâturages,
81 Hesbon ne Yaser a mmoa adidibea ka ebiara ho.
Hésebon et ses pâturages, Jézer et ses pâturages.

< 1 Berɛsosɛm 6 >