< 1 Berɛsosɛm 5 >

1 Na Israel babarima panin ne Ruben. Nanso, ɛsiane sɛ wammu nʼagya, na ɔne nʼagya mpenafoɔ no mu baako kɔdaeɛ no enti, ɔde nʼabakanyɛ maa ne nua Yosef mmammarima. Esiane saa asɛm yi enti, wɔamfa Ruben din anka abusuadua no ho sɛ abakan.
καὶ υἱοὶ Ρουβην πρωτοτόκου Ισραηλ ὅτι οὗτος ὁ πρωτότοκος καὶ ἐν τῷ ἀναβῆναι ἐπὶ τὴν κοίτην τοῦ πατρὸς αὐτοῦ ἔδωκεν εὐλογίαν αὐτοῦ τῷ υἱῷ αὐτοῦ Ιωσηφ υἱῷ Ισραηλ καὶ οὐκ ἐγενεαλογήθη εἰς πρωτοτόκια
2 Yuda asefoɔ na wɔyɛɛ abusuakuo a wɔwɔ tumi pa ara, ne saa enti wɔyii ɔman no sodifoɔ firi wɔn mu, nanso, mpaninnie no deɛ, na ɛyɛ Yosef dea.
ὅτι Ιουδας δυνατὸς ἰσχύι καὶ ἐν τοῖς ἀδελφοῖς αὐτοῦ καὶ εἰς ἡγούμενον ἐξ αὐτοῦ καὶ ἡ εὐλογία τοῦ Ιωσηφ
3 Israel abakan Ruben no mmammarima ne: Hanok, Palu, Hesron ne Karmi.
υἱοὶ Ρουβην πρωτοτόκου Ισραηλ Ενωχ καὶ Φαλλους Αρσων καὶ Χαρμι
4 Yoɛl asefoɔ ne Semaia, Gog, Simei,
υἱοὶ Ιωηλ Σεμεϊ καὶ Βαναια υἱὸς αὐτοῦ καὶ υἱοὶ Γουγ υἱοῦ Σεμεϊ
5 Mika, Reaia, Baal,
υἱὸς αὐτοῦ Μιχα υἱὸς αὐτοῦ Ρηχα υἱὸς αὐτοῦ Βααλ
6 ne Beera. Ɛberɛ a Asiriahene Tilgat-Pilneser de Rubenfoɔ kɔɔ nnommumfa mu no, Beera na na ɔdi Rubenfoɔ no anim.
υἱὸς αὐτοῦ Βεηρα ὃν μετῴκισεν Θαγλαθφαλνασαρ βασιλεὺς Ασσουρ οὗτος ἄρχων τῶν Ρουβην
7 Wɔatwerɛ Beera nkurɔfoɔ din sɛdeɛ wɔn mmusua ne abusua no teɛ: Yeiel ne wɔn ntuanoni, ɛnna Sakaria
καὶ ἀδελφοὶ αὐτοῦ τῇ πατριᾷ αὐτοῦ ἐν τοῖς καταλοχισμοῖς αὐτῶν κατὰ γενέσεις αὐτῶν ὁ ἄρχων Ιωηλ καὶ Ζαχαρια
8 ne Asas babarima Bela a ɔyɛ Sema babarima a ɔyɛ Yoɛl babarima. Saa Rubenfoɔ yi tenaa beaeɛ a ɛfiri Aroer de kɔsi Nebo ne Baal-Meon.
καὶ Βαλεκ υἱὸς Οζουζ υἱὸς Σαμα υἱὸς Ιωηλ οὗτος κατῴκησεν ἐν Αροηρ καὶ ἐπὶ Ναβαυ καὶ Βεελμαων
9 Esiane sɛ na wɔwɔ anantwie bebree wɔ Gilead asase so no enti, wɔdidi kɔɔ apueeɛ fam wɔ anweatam a ɛtrɛ kɔ Asubɔnten Eufrate no ho.
καὶ πρὸς ἀνατολὰς κατῴκησεν ἕως ἐρχομένων τῆς ἐρήμου ἀπὸ τοῦ ποταμοῦ Εὐφράτου ὅτι κτήνη αὐτῶν πολλὰ ἐν γῇ Γαλααδ
10 Ɔhene Saulo pɛn so, Rubenfoɔ dii Hagarfoɔ so nkonim wɔ ɔko mu. Enti, wɔtu kɔɔ Hagarfoɔ atenaeɛ a ɛwɔ Gilead apueeɛ fam hɔ no.
καὶ ἐν ἡμέραις Σαουλ ἐποίησαν πόλεμον πρὸς τοὺς παροίκους καὶ ἔπεσον ἐν χερσὶν αὐτῶν κατοικοῦντες ἐν σκηναῖς ἕως πάντες κατ’ ἀνατολὰς τῆς Γαλααδ
11 Basan asase so no, na Gad asefoɔ na wɔtete asase a ɛdi Rubenfoɔ deɛ no so. Wɔtrɛ kɔɔ apueeɛ fam kɔsii Saleka.
υἱοὶ Γαδ κατέναντι αὐτῶν κατῴκησαν ἐν τῇ Βασαν ἕως Σελχα
12 Na Yoɛl na ɔtua wɔn ano wɔ Basan asase so. Na Safam, Yanai ne Safat yɛ nʼaboafoɔ.
Ιωηλ ὁ πρωτότοκος καὶ Σαφαμ ὁ δεύτερος καὶ Ιανι ὁ γραμματεὺς ἐν Βασαν
13 Na wɔn abusuafoɔ a wɔyɛ ntuanofoɔ ma mmusua afoforɔ nson din ne: Mikael, Mesulam, Seba, Yorai, Yakan, Sia ne Eber.
καὶ οἱ ἀδελφοὶ αὐτῶν κατ’ οἴκους πατριῶν αὐτῶν Μιχαηλ Μοσολλαμ καὶ Σεβεε καὶ Ιωρεε καὶ Ιαχαν καὶ Ζουε καὶ Ωβηδ ἑπτά
14 Yeinom nyinaa yɛ Huri babarima Abihail a ɔyɛ Yaroa babarima, Gilead babarima, Mikael babarima, Yesisai babarima Yahdo babarima, Bus babarima.
οὗτοι υἱοὶ Αβιχαιλ υἱοῦ Ουρι υἱοῦ Ιδαι υἱοῦ Γαλααδ υἱοῦ Μιχαηλ υἱοῦ Ισαι υἱοῦ Ιουρι υἱοῦ Ζαβουχαμ
15 Abdiel babarima Ahi, Guni babarima no na na ɔyɛ wɔn mmusua no ntuanoni.
υἱοῦ Αβδιηλ υἱοῦ Γουνι ἄρχων οἴκου πατριῶν
16 Gadfoɔ no tenaa Gilead asase a ɛwɔ Basan ne ne nkuraaseɛ ne Saron tata no nyinaa so.
κατῴκουν ἐν Γαλααδ ἐν Βασαν καὶ ἐν ταῖς κώμαις αὐτῶν καὶ πάντα τὰ περίχωρα Σαρων ἕως ἐξόδου
17 Yudahene Yotam ne Israelhene Yeroboam ɛberɛ so na wɔtwerɛɛ yeinom nyinaa guu abusuadua nkrataa mu.
πάντων ὁ καταλοχισμὸς ἐν ἡμέραις Ιωαθαμ βασιλέως Ιουδα καὶ ἐν ἡμέραις Ιεροβοαμ βασιλέως Ισραηλ
18 Na akofoɔ akɛseɛ a wɔwɔ Ruben, Gad mmusua ne Manase abusua fa mu no ano si ɔpeduanan ɛnan ahanson ne aduosia. Wɔkurakura akokyɛm, akofena ne agyan, na wɔn nyinaa akwadare wɔ akodie mu.
υἱοὶ Ρουβην καὶ Γαδ καὶ ἥμισυ φυλῆς Μανασση ἐξ υἱῶν δυνάμεως ἄνδρες αἴροντες ἀσπίδας καὶ μάχαιραν καὶ τείνοντες τόξον καὶ δεδιδαγμένοι πόλεμον τεσσαράκοντα καὶ τέσσαρες χιλιάδες καὶ ἑπτακόσιοι καὶ ἑξήκοντα ἐκπορευόμενοι εἰς παράταξιν
19 Wɔko tiaa Hagarfoɔ, Yeturfoɔ, Nafisfoɔ ne Nodabfoɔ.
καὶ ἐποίουν πόλεμον μετὰ τῶν Αγαρηνῶν καὶ Ιτουραίων καὶ Ναφισαίων καὶ Ναδαβαίων
20 Wɔsu frɛɛ Onyankopɔn wɔ ɔko no mu, na ɔtiee wɔn mpaeɛbɔ, ɛfiri sɛ, wɔde wɔn ho too no so. Enti, wɔdii Hagarfoɔ no ne wɔn dɔm nyinaa so nkonim.
καὶ κατίσχυσαν ἐπ’ αὐτῶν καὶ ἐδόθησαν εἰς χεῖρας αὐτῶν οἱ Αγαραῖοι καὶ πάντα τὰ σκηνώματα αὐτῶν ὅτι πρὸς τὸν θεὸν ἐβόησαν ἐν τῷ πολέμῳ καὶ ἐπήκουσεν αὐτοῖς ὅτι ἤλπισαν ἐπ’ αὐτόν
21 Asadeɛ a wɔfa firii Hagarfoɔ no nkyɛn no yɛ nyoma ɔpeduonum, nnwan ɔpehanu aduonum, mfunumu mpenu ne nneduafoɔ ɔpeha.
καὶ ᾐχμαλώτευσαν τὴν ἀποσκευὴν αὐτῶν καμήλους πεντακισχιλίας καὶ προβάτων διακοσίας πεντήκοντα χιλιάδας ὄνους δισχιλίους καὶ ψυχὰς ἀνδρῶν ἑκατὸν χιλιάδας
22 Wɔkunkumm Hagarfoɔ no bebree ɔko no mu, ɛfiri sɛ, na Onyankopɔn reko tia wɔn. Enti, wɔtenaa wɔn asase so, kɔsii sɛ wɔtwaa wɔn asuo.
ὅτι τραυματίαι πολλοὶ ἔπεσον ὅτι παρὰ τοῦ θεοῦ ὁ πόλεμος καὶ κατῴκησαν ἀντ’ αὐτῶν ἕως τῆς μετοικεσίας
23 Manase abusua fa no trɛɛ wɔ asase no so firi Basan kɔsii Baal-Hermon, Senir ne bepɔ Hermon ho. Na wɔdɔɔso yie.
καὶ οἱ ἡμίσεις φυλῆς Μανασση κατῴκησαν ἐν τῇ γῇ ἀπὸ Βασαν ἕως Βααλερμων καὶ Σανιρ καὶ ὄρος Αερμων καὶ ἐν τῷ Λιβάνῳ αὐτοὶ ἐπλεονάσθησαν
24 Yeinom ne wɔn mmusua no ntuanofoɔ: Efer, Yisi, Eliel, Asriel, Yeremia, Hodawia ne Yahdiel. Na wɔn mu biara agye edin sɛ ɔkofoɔ kɛseɛ ne ɔkandifoɔ.
καὶ οὗτοι ἀρχηγοὶ οἴκου πατριῶν αὐτῶν Οφερ καὶ Ισεϊ καὶ Ελιηλ καὶ Εσδριηλ καὶ Ιερμια καὶ Ωδουια καὶ Ιεδιηλ ἄνδρες ἰσχυροὶ δυνάμει ἄνδρες ὀνομαστοί ἄρχοντες τῶν οἴκων πατριῶν αὐτῶν
25 Nanso, na wɔnni nokorɛ, na wɔbuu wɔn agyanom ne Onyankopɔn apam no so. Wɔsomm aman a Onyankopɔn sɛee wɔn no anyame.
καὶ ἠθέτησαν ἐν θεῷ πατέρων αὐτῶν καὶ ἐπόρνευσαν ὀπίσω θεῶν λαῶν τῆς γῆς οὓς ἐξῆρεν ὁ θεὸς ἀπὸ προσώπου αὐτῶν
26 Enti, Israel Onyankopɔn de hyɛɛ Asiriahene Pul (a na wɔsane frɛ no Tiglat-Pileser) akoma mu sɛ ɔnko mfa asase no, na ɔnkyekyere Rubenfoɔ, Gadfoɔ ne Manasefoɔ abusua fa sɛ nneduafoɔ. Asiariafoɔ no twaa wɔn asuo kɔɔ Halah, Habor, Hara ne Asubɔnten Gosan ho a wɔda so te hɔ bɛsi ɛnnɛ.
καὶ ἐπήγειρεν ὁ θεὸς Ισραηλ τὸ πνεῦμα Φαλωχ βασιλέως Ασσουρ καὶ τὸ πνεῦμα Θαγλαθφαλνασαρ βασιλέως Ασσουρ καὶ μετῴκισεν τὸν Ρουβην καὶ τὸν Γαδδι καὶ τὸ ἥμισυ φυλῆς Μανασση καὶ ἤγαγεν αὐτοὺς εἰς Χαλαχ καὶ Χαβωρ καὶ ἐπὶ ποταμὸν Γωζαν ἕως τῆς ἡμέρας ταύτης

< 1 Berɛsosɛm 5 >