< 1 Berɛsosɛm 4 >

1 Yuda asefoɔ no bi edin de Peres, Hesron, Karmi, Hur ne Sobal.
בני יהודה פרץ חצרון וכרמי וחור ושובל
2 Sobal babarima Reaia na ɔwoo Yahat. Yahat woo Ahumai ne Lahad. Yeinom na na wɔyɛ Sorafoɔ mmusua.
וראיה בן שובל הליד את יחת ויחת הליד את אחומי ואת להד אלה משפחות הצרעתי
3 Na Etam asefoɔ no ne Yesreel, Yisma, Yidbas, ɛnna Haslelponi a na ɔyɛ ne babaa,
ואלה אבי עיטם יזרעאל וישמא וידבש ושם אחותם הצללפוני
4 Penuel a na ɔyɛ Gedor agya ne Eser a na ɔyɛ Husa agya. Yeinom na na wɔyɛ Hur a na ɔyɛ Efrata abakan ne Betlehem agya no asefoɔ.
ופנואל אבי גדר ועזר אבי חושה אלה בני חור בכור אפרתה אבי בית לחם
5 Na Tekoa agya a ne din de Ashur no wɔ yerenom baanu a wɔfrɛ wɔn Hela ne Naara.
ולאשחור אבי תקוע היו שתי נשים חלאה ונערה
6 Naara woo Ahusam, Hefer, Temeni ne Ahastari.
ותלד לו נערה את אחזם ואת חפר ואת תימני ואת האחשתרי אלה בני נערה
7 Hela woo Seret, Sohar, Etnan,
ובני חלאה--צרת יצחר (וצחר) ואתנן
8 ne Kos a nʼasefoɔ ne Anub, Hasobeba ne Harum babarima Aharhel, Harum ne ne mmusua nyinaa.
וקוץ הוליד את ענוב ואת הצבבה ומשפחת אחרחל בן הרום
9 Na ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Yabes a ɔyɛɛ ɔkɛseɛ sene ne nuammarima nyinaa. Ne maame too no edin Yabes, ɛfiri sɛ, ɔnyaa ɔyea wɔ nʼawoɔ mu.
ויהי יעבץ נכבד מאחיו ואמו קראה שמו יעבץ לאמר כי ילדתי בעצב
10 Yabes ne obi a ɔbɔɔ mpaeɛ kyerɛɛ Israel Onyankopɔn sɛ, “Ao, hyira me na trɛ mʼahyeɛ mu. Mesrɛ wo, ka me ho wɔ deɛ mɛyɛ biara mu, na yi me firi ɔhaw ne ɔyea nyinaa mu.” Na Onyankopɔn yɛɛ nʼabisadeɛ no maa no.
ויקרא יעבץ לאלהי ישראל לאמר אם ברך תברכני והרבית את גבולי והיתה ידך עמי ועשית מרעה לבלתי עצבי--ויבא אלהים את אשר שאל
11 Suba nuabarima Kelub woo Mehir. Mehir woo Eston.
וכלוב אחי שוחה הוליד את מחיר הוא אבי אשתון
12 Eston woo Bet-Rafa, Paseah ne Tehina. Tehina woo Ir-Nahas. Yeinom ne Reka asefoɔ.
ואשתון הוליד את בית רפא ואת פסח ואת תחנה אבי עיר נחש אלה אנשי רכה
13 Kenas mmammarima ne Otniel ne Seraia. Otniel mmammarima ne Hatat ne Meonotai.
ובני קנז עתניאל ושריה ובני עתניאל חתת
14 Meonotai woo Ofra. Na Seraia woo Yoab a ɔhyɛɛ Adwumfoɔ Bɔnhwa ase, ɛfiri sɛ, na adwumfoɔ pii tete hɔ.
ומעונתי הוליד את עפרה ושריה הוליד את יואב אבי גיא חרשים--כי חרשים היו
15 Na Yefune babarima Kaleb mmammarima yɛ Iru, Ela ne Naam. Na Ela babarima yɛ Kenas.
ובני כלב בן יפנה עירו אלה ונעם ובני אלה וקנז
16 Yehalelel mmammarima ne Sif ne Sifa, Tiria ne Asarel.
ובני יהללאל--זיף וזיפה תיריא ואשראל
17 Ɛsra mmammarima yɛ Yeter, Mered, Efer ne Yalon. Mered waree Misraimni baa ma ɔwoo Miriam, Samai ne Yisba a ɔbɛyɛɛ Estemoa agya no.
ובן עזרה--יתר ומרד ועפר וילון ותהר את מרים ואת שמי ואת ישבח אבי אשתמע
18 Mered nso waree ɔbaa a ɔfiri Yuda. Ɔno nso woo Yered a ɔbɛyɛɛ Gedor agya, Heber a ɔyɛ Soko agya, ne Yekutiel a ɔyɛ Sanoa agya. Na wɔfrɛ Mered yere Misraimni no Bitia a na ɔyɛ Misraimhene babaa.
ואשתו היהדיה ילדה את ירד אבי גדור ואת חבר אבי שוכו ואת יקותיאל אבי זנוח ואלה בני בתיה בת פרעה אשר לקח מרד
19 Na Hodia yere yɛ Naham nuabaa. Ne mmammarima no mu baako na ɔwoo Keila a ɔyɛ Garmini na ɔbaako nso woo Estemoa a ɔyɛ Maakatni.
ובני אשת הודיה--אחות נחם אבי קעילה הגרמי ואשתמע המעכתי
20 Simon mmammarima ne Amnon, Rina, Ben-Hanan ne Tilon. Na Yisi asefoɔ no ne Sohet ne Ben-Sohet.
ובני שימון--אמנון ורנה בן חנן ותולון (ותילון) ובני ישעי זוחת ובן זוחת
21 Na Sela yɛ Yuda mma no mu baako. Na Sela asefoɔ no ne Er a ɔwoo Leka, Lada a ɔwoo Maresa a na wɔyɛ nweratam ho adwuma wɔ Bet-Asbea,
בני שלה בן יהודה--ער אבי לכה ולעדה אבי מרשה ומשפחות בית עבדת הבץ לבית אשבע
22 Yokim, Koseba mmarima, Yoas, ne Saraf a na wɔdi Moab ne Yasubi-Lehem so no. Saa edin yi nyinaa, wɔnya firii tete atwerɛ a na wɔatwerɛ agu hɔ mu.
ויוקים ואנשי כזבא ויואש ושרף אשר בעלו למואב--וישבי לחם והדברים עתיקים
23 Na wɔyɛ nkukuonwomfoɔ a na wɔte Netaim ne Gedera. Na wɔn nyinaa yɛ nnwuma ma ɔhene.
המה היוצרים וישבי נטעים וגדרה עם המלך במלאכתו ישבו שם
24 Na Simeon mmammarima no edin de Nemuel, Yamin, Yarib, Serah ne Saulo.
בני שמעון נמואל וימין יריב זרח שאול
25 Na Saulo asefoɔ yɛ Salum, Mibsam ne Misma.
שלם בנו מבשם בנו משמע בנו
26 Na Misma asefoɔ yɛ Hamuel, Sakur ne Simei.
ובני משמע--חמואל בנו זכור בנו שמעי בנו
27 Simei woo mmammarima dunsia ne mmammaa baasia. Ne nuammarima no deɛ, na wɔn mu biara nni abusua kɛseɛ saa. Ɛno enti, Simeon abusua annɔre te sɛ Yuda abusua no.
ולשמעי בנים ששה עשר ובנות שש ולאחיו אין בנים רבים וכל משפחתם לא הרבו עד בני יהודה
28 Wɔtenaa Beer-Seba, Molada ne Hasar-Sual,
וישבו בבאר שבע ומולדה וחצר שועל
29 Bilha, Esem ne Tolad,
ובבלהה ובעצם ובתולד
30 Betuel, Horma ne Siklag,
ובבתואל ובחרמה ובציקלג
31 Bet-Markabot, Hasar-Susim, Bet-Biri ne Saaraim. Na saa nkuro yi nyinaa hyɛɛ wɔn ase kɔsii ɔhene Dawid berɛ so.
ובבית מרכבות ובחצר סוסים ובבית בראי ובשערים אלה עריהם עד מלך דויד
32 Wɔn asefoɔ nso tenaa Etam, Ain, Rimon, Token ne Asan a ɛyɛ nkurotoɔ enum yi so,
וחצריהם עיטם ועין רמון ותכן ועשן ערים חמש
33 ne ne nkuraaseɛ a atwa ho ahyia no kɔsii Baal. Na wɔn atenaeɛ nie, na wɔahyehyɛ saa edin yi nyinaa wɔ wɔn abusuadua nkrataa mu.
וכל חצריהם אשר סביבות הערים האלה--עד בעל זאת מושבתם והתיחשם להם
34 Wɔn a wɔka Simeon asefoɔ ho no bi nso ne Mesobab, Yamlek ne Amasia babarima Yosa,
ומשובב וימלך ויושה בן אמציה
35 Yoɛl, Yosibia babarima Yehu a ɔyɛ Seraia babarima, na ɔno nso yɛ Asiel babarima,
ויואל ויהוא בן יושביה בן שריה בן עשיאל
36 Elioenai, Yaakoba, Yesohaia, Asaia, Adiel, Yesimiel ne Benaia,
ואליועיני ויעקבה וישוחיה ועשיה ועדיאל וישימאל--ובניה
37 Sifi babarima Sisa a nʼagya yɛ Alon babarima, na ɔno yɛ Yedaia babarima, na ɔno nso yɛ Simri babarima a nʼagya yɛ Semaia.
וזיזא בן שפעי בן אלון בן ידיה בן שמרי בן שמעיה
38 Edin a yɛabobɔ yi yɛ ntuanofoɔ a wɔdeda Simeon mmusuakuo a wɔyɛ adefoɔ no ano no bi.
אלה הבאים בשמות נשיאים במשפחותם ובית אבותיהם פרצו לרוב
39 Wɔkɔɔ Gedor fam a na ɛwɔ bɔnhwa no apueeɛ fam sɛ wɔrekɔpɛ asase pa ama wɔn mmoa adidi so.
וילכו למבוא גדר עד למזרח הגיא לבקש מרעה לצאנם
40 Wɔnyaa mmoa adidibea pa wɔ hɔ. Na asase no so dwo na basabasayɛ biara nni hɔ. Na Ham asefoɔ no bi akɔtena Gedor fa mu hɔ dada.
וימצאו מרעה שמן וטוב והארץ רחבת ידים ושקטת ושלוה כי מן חם הישבים שם לפנים
41 Yudahene Hesekia ɛberɛ so no, Simeon ntuanofoɔ no ko dii hɔ so, sɛee Ham ne Maonfoɔ afie pasaa. Wɔkumm obiara a na ɔte hɔ, faa asase no, ɛfiri sɛ, na wɔpɛ sɛ wɔnya mmoa didibea pa no.
ויבאו אלה הכתובים בשמות בימי יחזקיהו מלך יהודה ויכו את אהליהם ואת המעינים (המעונים) אשר נמצאו שמה ויחרימם עד היום הזה וישבו תחתיהם כי מרעה לצאנם שם
42 Akofoɔ no mu ahanum a wɔfiri Simeon abusuakuo mu no kɔɔ bepɔ Seir so, a na Pelatia, Nearia, Refaia ne Usiel a wɔn nyinaa yɛ Yisi mmammarima no na na wɔdi wɔn anim.
ומהם מן בני שמעון הלכו להר שעיר אנשים חמש מאות ופלטיה ונעריה ורפיה ועזיאל בני ישעי--בראשם
43 Amalekfoɔ kakra a wɔkaeɛ no, wɔkunkumm wɔn nyinaa, faa hɔ, na wɔtenaa hɔ.
ויכו את שארית הפלטה לעמלק וישבו שם עד היום הזה

< 1 Berɛsosɛm 4 >