< 1 Berɛsosɛm 3 >

1 Yeinom ne mmammarima a wɔwowoo wɔn maa Dawid wɔ Hebron. Na nʼabakan din de Amnon a ne maame a na ɔfiri Yesreel no din de Ahinoam. Ne ba a ɔtɔ so mmienu no, na ne din de Daniel. Na ne maame a ɔfiri Karmel no din de Abigail.
ואלה היו בני דויד אשר נולד לו בחברון הבכור אמנן לאחינעם היזרעאלית שני דניאל לאביגיל הכרמלית
2 Ne ba a ɔtɔ so mmiɛnsa no, na wɔfrɛ no Absalom. Na ne maame din de Maaka a na ɔyɛ Gesurhene Talmai babaa. Ne ba a ɔtɔ so ɛnan din de Adoniya a ne maame din de Hagit.
השלשי לאבשלום בן מעכה בת תלמי מלך גשור הרביעי אדניה בן חגית
3 Ne ba a ɔtɔ so enum no, na wɔfrɛ no Sefatia. Na wɔfrɛ ne maame Abital. Ne ba a ɔtɔ so nsia no din de Yitream a na wɔfrɛ ne maame Egla.
החמישי שפטיה לאביטל הששי יתרעם לעגלה אשתו
4 Wɔwowoo mmammarima baasia yi nyinaa maa Dawid wɔ Hebron. Ɔdii adeɛ wɔ hɔ mfirinhyia nson ne fa. Dawid yii kuropɔn no kɔɔ Yerusalem, na ɔdii adeɛ mfirinhyia aduasa mmiɛnsa wɔ hɔ.
ששה נולד לו בחברון וימלך שם שבע שנים וששה חדשים ושלשים ושלוש שנה מלך בירושלם
5 Mmammarima a wɔwowoo wɔn maa Dawid wɔ Yerusalem no ne: Simea, Sobab, Natan ne Salomo. Amiel babaa Batseba na ɔwoo saa mmarima yi.
ואלה נולדו לו בירושלים שמעא ושובב ונתן ושלמה ארבעה לבת שוע בת עמיאל
6 Wɔsane wowoo mmammarima baakron bi maa Dawid. Wɔne Yibhar, Elisua, Elifelet,
ויבחר ואלישמע ואליפלט
7 Noga, Nefeg, Yafia,
ונגה ונפג ויפיע
8 Elisama, Eliada ne Elifelet.
ואלישמע ואלידע ואליפלט תשעה
9 Yeinom ne Dawid mmammarima a ne mpena mma nka ho. Na Dawid wɔ ɔbabaa bi a wɔfrɛ no Tamar.
כל בני דויד--מלבד בני פילגשים ותמר אחותם
10 Na Salomo asefoɔ yɛ Rehoboam, Abia, Asa, Yehosafat,
ובן שלמה רחבעם אביה בנו אסא בנו יהושפט בנו
11 Yehoram, Ahasia, Yoas,
יורם בנו אחזיהו בנו יואש בנו
12 Amasia, Asaria, Yotam,
אמציהו בנו עזריה בנו יותם בנו
13 Ahas, Hesekia, Manase,
אחז בנו חזקיהו בנו מנשה בנו
14 Amon ne Yosia.
אמון בנו יאשיהו בנו
15 Na Yosia mmammarima ne Yohanan a ɔyɛ abakan, Yehoiakim a ɔtɔ so mmienu, Sedekia a ɔtɔ so mmiɛnsa, ɛnna Salum a ɔtɔ so ɛnan.
ובני יאשיהו--הבכור יוחנן השני יהויקים השלשי צדקיהו הרביעי שלום
16 Yehoiakim babarima Yehoiakyin na ɔdii nʼadeɛ, ɛnna ɔno nso ne wɔfa Sedekia bɛdii nʼadeɛ.
ובני יהויקים--יכניה בנו צדקיה בנו
17 Yehoiakyin a Babiloniafoɔ kyeree no kɔtoo afiase no mmammarima ne Sealtiel,
ובני יכניה אסר שאלתיאל בנו
18 Malkiram, Pedaia, Senasar, Yekamia, Hosama ne Nedabia.
ומלכירם ופדיה ושנאצר יקמיה הושמע ונדביה
19 Na Pedaia mmammarima yɛ Serubabel ne Simei. Na Serubabel mmammarima yɛ Mesulam ne Hanania. Na ɔwɔ ɔbabaa nso a ne din de Selomit.
ובני פדיה זרבבל ושמעי ובן זרבבל משלם וחנניה ושלמית אחותם
20 Na ne mmammarima baanum bi nso din ne Hasuba, Ohel, Berekia, Hasadia ne Yusab-Hesed.
וחשבה ואהל וברכיה וחסדיה יושב חסד--חמש
21 Na Hanania mmammarima din de Pelatia ne Yesaia. Na Yesaia babarima din de Refaia. Na Refaia babarima din de Arnan. Na Arnan babarima din de Obadia. Na Obadia babarima din de Sekania.
ובן חנניה פלטיה וישעיה בני רפיה בני ארנן בני עבדיה בני שכניה
22 Na Sekania asefoɔ yɛ Semaia ne ne mmammarima Hatus, Igal, Baria, Nearia ne Safat. Na wɔn nyinaa yɛ baasia.
ובני שכניה שמעיה ובני שמעיה חטוש ויגאל ובריח ונעריה ושפט--ששה
23 Na Nearia mmammarima din de Elioenai, Hiskia ne Asrikam. Na wɔyɛ baasa.
ובן נעריה אליועיני וחזקיה ועזריקם--שלשה
24 Na Elioenai mmammarima din de Hodawia, Eliasib, Pelaia, Akub, Yohanan, Delaia ne Anani. Na wɔyɛ baason.
ובני אליועיני הודיוהו (הודויהו) ואלישיב ופליה ועקוב ויוחנן ודליה וענני--שבעה

< 1 Berɛsosɛm 3 >