< 1 Berɛsosɛm 28 >
1 Dawid frɛɛ ne mpanimfoɔ nyinaa kɔɔ Yerusalem. Saa mpanimfoɔ no ne mmusuakuo no ntuanofoɔ, asahene a wɔdeda akodɔm akuo dumienu no ano, asraafoɔ mpanimfoɔ a wɔaka no, wɔn a wɔhwɛ ɔhene agyapadeɛ ne ne mmoa so, ahemfie nhenkwaa, akofoɔ akɛseɛ ne akofoɔ a wɔaka wɔ ahennie no mu no.
David assembled all the officials of Israel at Jerusalem: the officials of the tribes, the officers of the divisions that served the king in their scheduled work, the commanders of thousands and of hundreds, the managers over all the property and possessions of the king and of his sons, and the officers and fighting men, including the most skilled of them.
2 Dawid sɔre gyinaa wɔn anim, kasa kyerɛɛ wɔn sɛ, “Me nuanom ne me nkurɔfoɔ, anka mepɛɛ sɛ mɛsi asɔredan a wɔde Awurade Apam Adaka, Onyankopɔn nan ntiasoɔ no bɛsi afebɔɔ. Meyɛɛ ho ahoboa nyinaa sɛ mede rebɛsi,
Then David the king rose to his feet and said, “Listen to me, my brothers and my people. It was my intention to build a temple for the ark of the covenant of Yahweh; a footstool for our God, and I have made preparations to build it.
3 nanso Onyankopɔn ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Ɛnsɛ sɛ wosi asɔredan de hyɛ me din animuonyam, ɛfiri sɛ, woyɛ ɔkofoɔ a woahwie mogya bebree aguo.’
But God said to me, 'You will not build a temple for my name, because you are a man of war and have shed blood.'
4 “Nanso, Awurade, Israel Onyankopɔn, ayi me wɔ mʼagya abusua mu sɛ, menni ɔhene wɔ Israel so daa. Na wayi Yuda abusuakuo sɛ wɔnni ɔhene na Yuda mmusua mu nso, ɔyii mʼagya abusua. Na mʼagya mma mu no nso, ɛyɛɛ Awurade fɛ sɛ ɔsii me Israel nyinaa so ɔhene.
Yet Yahweh, the God of Israel, chose me from all my father's family to be king over Israel forever. He has chosen the tribe of Judah as leader. In the tribe of Judah, and in my father's household, out of all my father's sons, he chose me to be king over all Israel.
5 Na me mmammarima pii a Awurade de wɔn maa me no mu nso, ɔyii Salomo sɛ ɔnni mʼadeɛ wɔ nʼahennie Israel ahennwa so.
From the many sons whom Yahweh has given me, he chose Solomon, my son, to sit on the throne of the kingdom of Yahweh, over Israel.
6 Ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Wo babarima Salomo na ɔbɛsi mʼasɔredan ne nʼadihɔ nyinaa, ɛfiri sɛ mayi no sɛ me babarima na mɛyɛ nʼagya.
He said to me, 'Solomon your son will build my house and my courtyards, for I have chosen him to be my son, and I will be his father.
7 Na sɛ ɔkɔ so di mʼahyɛdeɛ ne me mmara so, sɛdeɛ ɔyɛ seesei yi a, mɛma nʼahennie atim afebɔɔ.’
I will establish his kingdom forever, if he remains committed to obey my commandments and decrees, as you are this day.'
8 “Enti, seesei a Onyankopɔn yɛ yɛn danseni yi, menam wo so de saa asodie yi ma Israel nyinaa a wɔyɛ Awurade manfoɔ no: Monhwɛ yie na monni Awurade, mo Onyankopɔn, ahyɛdeɛ nyinaa so sɛdeɛ mobɛfa saa asase pa yi, na moagya ama mo asefoɔ sɛ wɔn agyapadeɛ daa.
Now then, in the sight of all Israel, this assembly for Yahweh, and in the presence of our God, all of you must keep and try to carry out all the commandments of Yahweh your God. Do this so that you may possess this good land and leave it as an inheritance to your children after you forever.
9 “Afei, me ba Salomo, hunu wʼagyanom Onyankopɔn. Fa wʼakoma ne wʼadwene nyinaa sɔre no, na som no. Ɛfiri sɛ, Awurade hunu akoma biara mu, enti ɔhunu na ɔnim emu nhyehyɛeɛ ne nsusuiɛ biara. Sɛ wohwehwɛ no a, wobɛhunu no. Na sɛ wopo no a, ɔbɛpo wo afebɔɔ.
As for you, Solomon my son, obey the God of your father, and serve him with your whole heart and a willing spirit. Do this because Yahweh searches all hearts and understands every motivation of everyone's thoughts. If you seek him, he will be found by you, but if you abandon him, he will reject you permanently.
10 Enti, fa no asɛnhia. Awurade ayi wo sɛ si asɔredan ma no, sɛ ne kronkronbea. Yɛ den, na di dwuma no.”
Realize that Yahweh has chosen you to build this temple as his sanctuary. Be strong and do it.”
11 Afei Dawid de asɔredan no ho mfoni a sikakorabea, ɔsoro adan, emu adan ne emu kronkronbea a Apam Adaka no mfofareɛm a ɛhɔ yɛ mpatabea, faako a wɔde Adaka no bɛsi maa Salomo.
Then David gave to Solomon his son the plans for the temple portico, the temple buildings, the storerooms, the upper rooms, the inner rooms, and the room with the atonement lid.
12 Nhyehyɛeɛ biara a Honhom no de maa Dawid a ɛfa Awurade Asɔredan adihɔ ho, akyire adan, Onyankopɔn Asɔredan no mu sikakorabea ne akyɛdeɛ a wɔde ama Onyankopɔn no, ɔkyerɛɛ Salomo.
He gave him the plans he had drawn for the courtyards of Yahweh's house, all the surrounding rooms, the storerooms in God's house, and the treasuries for the things that belong to Yahweh.
13 Saa ara na Dawid kyerɛɛ Salomo dwuma a asɔfoɔ ne Lewifoɔ nkyekyɛmu ahodoɔ no nyɛ wɔ Awurade Asɔredan no mu. Na ɔkyerɛkyerɛɛ nneɛma pɔtee a ɛwɔ Awurade Asɔredan no mu a wɔde sɔre Awurade ne deɛ wɔde bɔ afɔdeɛ.
He gave him regulations for the divisions of the priests and Levites, for the assigned responsibilities for the service of the house of Yahweh, and for all the objects for the service in Yahweh's house.
14 Dawid kyerɛɛ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ dodoɔ a wɔmfa nyɛ nneɛma a ɛho bɛhia.
He determined the weight of all the gold vessels for each service, the weight of silver vessels for each service,
15 Ɔkyerɛɛ Salomo sikakɔkɔɔ dodoɔ a ɛho bɛhia ama sikakɔkɔɔ nkaneadua no ne nkanea no, ɛnna ɔkyerɛɛ dwetɛ dodoɔ a ɛho bɛhia ama dwetɛ nkaneadua no ne nkanea no yɛ, ne ɛkwan korɔ a wɔbɛfa so de emu biara adi dwuma no so.
the weight of the gold for all the gold articles, to be lampstands and gold lamps, the weight of gold for each lampstand, the weight of silver for each silver lampstand, according to the use of each lampstand in the service.
16 Ɔkyerɛɛ sikakɔkɔɔ dodoɔ a wɔmfa nyɛ ɛpono a wɔde Hyiadan mu Burodo no bɛto so ɛnna ɔkyerɛɛ dwetɛ dodoɔ a wɔmfa nyɛ apono a ɛka ho no.
He gave the weight of the gold for the tables of the bread of the presence, for every table, and the weight of the silver for the silver tables.
17 Dawid sane kyerɛɛ sikakɔkɔɔ dodoɔ a wɔmfa nyɛ ɛnam darewa a wɔde bɛsosɔ afɔrebɔ ɛnam mu, atam, sukuruwa ne nyowaa ne dwetɛ dodoɔ a wɔmfa nyɛ ayowaa biara.
He gave the weight of pure gold for the meat forks, basins, and cups. He gave the weight for each of the gold bowls, and the weight of each of the silver bowls.
18 Deɛ ɔde wieeɛ ne sɛ, ɔkyerɛɛ sikakɔkɔɔ a wɔabere ho dodoɔ a wɔde bɛyɛ nnuhwam afɔrebukyia no ne sikakɔkɔɔ Kerubim a nʼataban atrɛ wɔ Awurade Adaka no so.
He gave the weight of refined gold for the incense altar, and of the gold for the design of the cherubim that spread out their wings and covered the ark of the covenant of Yahweh.
19 Dawid ka kyerɛɛ Salomo sɛ, “Saa mfoni yi nyinaa, Awurade nsa na ɔde twerɛ maa me.”
David said, “I have put all this in writing as Yahweh directed me and gave me to understand regarding the design.”
20 Afei, Dawid toaa so sɛ, “Yɛ den na ma wo bo nyɛ duru na yɛ adwuma no. Nsuro na mma dwumadie no kɛseyɛ ntu wo bo, ɛfiri sɛ, Awurade Onyankopɔn, me Onyankopɔn, ka wo ho. Ɔrenni wo hwammɔ na ɔrennya wo. Ɔbɛhwɛ sɛ dwumadie biara a ɛfa Awurade Asɔredan no sie ho no, wɔbɛwie no pɛpɛɛpɛ.
David said to Solomon his son, “Be strong and brave. Do the work. Do not be afraid or anxious, for Yahweh God, my God, is with you. He will not leave you nor abandon you until all the work for the service of Yahweh's temple is finished.
21 Asɔfoɔ ne Lewifoɔ akuo no bɛsom wɔ Onyankopɔn Asɔredan no mu. Wɔn a aka a wɔwɔ nimdeɛ ahodoɔ no nyinaa bɛyi wɔn yam aboa, na ntuanofoɔ ne ɔman no nyinaa nso bɛyɛ biribiara a wobɛka.”
See, here are the divisions of the priests and Levites for all the service in God's temple. They will be with you, together with all willing and skillful men, to assist you in the work and to perform the service. The officials and all the people are ready to follow your commands.”