< 1 Berɛsosɛm 25 >

1 Dawid ne asahene no yiyii mmarima firii Asaf, Heman ne Yedutun mmusua mu sɛ wɔmfa nsankuten, mmɛnta ne kyankyan mmɔ Onyankopɔn asɛm no ho dawuro. Wɔn din ne wɔn nnwuma na ɛdidi soɔ yi:
ダビデと軍の長たちはまたアサフ、ヘマンおよびエドトンの子らを勤めのために分かち、琴と、立琴と、シンバルをもって預言する者にした。その勤めをなした人々の数は次のとおりである。
2 Na Asaf mmammarima no nie: Sakur, Yosef, Netania ne Asarela. Na wɔhyɛ wɔn agya Asaf ase. Ɔno na ɔhene hyɛɛ no ma ɔbɔɔ Onyankopɔn asɛm no ho dawuro.
アサフの子たちはザックル、ヨセフ、ネタニヤ、アサレラであって、アサフの指揮のもとに王の命によって預言した者である。
3 Na Yedutun wɔ mmammarima a wɔn nie: Gedalia, Seri, Yesaia, Simei, Hasabia ne Matitia. Wɔyɛ baasia a wɔhyɛ wɔn agya Yedutun ase. Ɔno na ɔnam sankuten so de aseda ne nkamfo maa Awurade de bɔɔ Onyankopɔn asɛm no ho dawuro.
エドトンについては、エドトンの子たちはゲダリヤ、ゼリ、エサヤ、ハシャビヤ、マッタテヤの六人で、琴をもって主に感謝し、かつほめたたえて預言したその父エドトンの指揮の下にあった。
4 Na Heman mmammarima din nie: Bukia, Matania, Usiel, Sebuel, Yerimot, Hanania, Hanani, Eliata, Gidalti, Romamti-Eser, Yosbekasa, Maloti, Hotir, ne Mahasiot.
ヘマンについては、ヘマンの子たちはブッキヤ、マッタニヤ、ウジエル、シブエル、エレモテ、ハナニヤ、ハナニ、エリアタ、ギダルテ、ロマムテ・エゼル、ヨシベカシャ、マロテ、ホテル、マハジオテである。
5 Yeinom ne Heman a ɔyɛ ɔhene nkɔmhyɛni no mmammarima. Onyankopɔn domm no mmammarima dunan ne mmammaa baasa.
これらは皆、神がご自身の約束にしたがって高くされた王の先見者ヘマンの子たちであった。神はヘマンに男の子十四人、女の子三人を与えられた。
6 Na saa mmarima yi nyinaa hyɛ wɔn agyanom ase, na wɔnam so too nnwom wɔ Awurade fie. Wɔn nnwuma ne sɛ wɔbɔ kyankyan, mmɛnta ne nsankuten wɔ Onyankopɔn fie. Na Asaf, Yedutun ne Heman hyɛ ɔhene no ase.
これらの者は皆その父の指揮の下にあって、主の宮で歌をうたい、シンバルと立琴と琴をもって神の宮の務をした。アサフ、エドトンおよびヘマンは王の命の下にあった。
7 Na wɔatete wɔn ne wɔn abusuafoɔ nyinaa wɔ nnwom a wɔbɔ wɔ Awurade anim no mu. Na wɔn nyinaa dodoɔ yɛ ahanu aduɔwɔtwe nwɔtwe na wɔn mu biara wɔ nnwontoɔ ho nimdeɛ.
彼らおよび主に歌をうたうことのために訓練され、すべて熟練した兄弟たちの数は二百八十八人であった。
8 Wɔnam ntontobɔ kronkron so yiyii nnwomtofoɔ tuatuaa nnwuma ahodoɔ ano a wɔanhwɛ sɛ obi yɛ abɔfra anaa ɔpanin, ɔkyerɛkyerɛfoɔ anaa osuani.
彼らは小なる者も、大なる者も、教師も生徒も皆ひとしくその務のためにくじを引いた。
9 Ntonto a ɛdi ɛkan no bɔɔ Yosef a ɔfiri Asaf abusua mu, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ Ntonto a ɛtɔ so mmienu no bɔɔ Gedalia, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ
第一のくじはアサフのためにヨセフに当り、第二はゲダリヤに当った。彼とその兄弟たちおよびその子たち、合わせて十二人。
10 Ntonto a ɛtɔ so mmiɛnsa no bɔɔ Sakur, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ
第三はザックルに当った。その子たちおよびその兄弟たち、合わせて十二人。
11 Ntonto a ɛtɔ so ɛnan no bɔɔ Yisri, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ
第四はイヅリに当った。その子たちおよびその兄弟たち、合わせて十二人。
12 Ntonto a ɛtɔ so enum no bɔɔ Netania, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ
第五はネタニヤに当った。その子たちおよびその兄弟たち、合わせて十二人。
13 Ntonto a ɛtɔ so nsia no bɔɔ Bukia, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ
第六はブッキヤに当った。その子たちおよびその兄弟たち、合わせて十二人。
14 Ntonto a ɛtɔ so nson no bɔɔ Yesarela, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ
第七はアサレラに当った。その子たちおよびその兄弟たち、合わせて十二人。
15 Ntonto a ɛtɔ so nwɔtwe no bɔɔ Yesaia, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ
第八はエサヤに当った。その子たちおよびその兄弟たち、合わせて十二人。
16 Ntonto a ɛtɔ so nkron no bɔɔ Matania, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ
第九はマッタニヤに当った。その子たちおよびその兄弟たち、合わせて十二人。
17 Ntonto a ɛtɔ so edu no bɔɔ Simei, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ
第十はシメイに当った。その子たちおよびその兄弟たち、合わせて十二人。
18 Ntonto a ɛtɔ so dubaako no bɔɔ Asarel, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ
第十一はアザリエルに当った。その子たちおよびその兄弟たち、合わせて十二人。
19 Ntonto a ɛtɔ so dumienu no bɔɔ Hasabia, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ
第十二はハシャビヤに当った。その子たちおよびその兄弟たち、合わせて十二人。
20 Ntonto a ɛtɔ so dumiɛnsa no bɔɔ Subael, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ
第十三はシュバエルに当った。その子たちおよびその兄弟たち、合わせて十二人。
21 Ntonto a ɛtɔ so dunan no bɔɔ Matitia, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ
第十四はマッタテヤに当った。その子たちおよびその兄弟たち、合わせて十二人。
22 Ntonto a ɛtɔ so dunum no bɔɔ Yeremot, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ
第十五はエレモテに当った。その子たちおよびその兄弟たち、合わせて十二人。
23 Ntonto a ɛtɔ so dunsia no bɔɔ Hanania, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ
第十六はハナニヤに当った。その子たちおよびその兄弟たち、合わせて十二人。
24 Ntonto a ɛtɔ so dunson no bɔɔ Yosbekasa, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ
第十七はヨシベカシャに当った。その子たちおよびその兄弟たち、合わせて十二人。
25 Ntonto a ɛtɔ so dunwɔtwe no bɔɔ Hanani, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ
第十八はハナニに当った。その子たちおよびその兄弟たち、合わせて十二人。
26 Ntonto a ɛtɔ so dunkron no bɔɔ Maloti, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ
第十九はマロテに当った。その子たちおよびその兄弟たち、合わせて十二人。
27 Ntonto a ɛtɔ so aduonu no bɔɔ Eliata, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ
第二十はエリアタに当った。その子たちおよびその兄弟たち、合わせて十二人。
28 Ntonto a ɛtɔ so aduonu baako no bɔɔ Hotir, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ
第二十一はホテルに当った。その子たちおよびその兄弟たち、合わせて十二人。
29 Ntonto a ɛtɔ so aduonu mmienu no bɔɔ Gidalti, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ
第二十二はギダルテに当った。その子たちおよびその兄弟たち、合わせて十二人。
30 Ntonto a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa no bɔɔ Mahasiot, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ
第二十三はマハジオテに当った。その子たちおよびその兄弟たち、合わせて十二人。
31 Ntonto a ɛtɔ so aduonu ɛnan no bɔɔ Romamti-Eser, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ
第二十四はロマムテ・エゼルに当った。その子たちおよびその兄弟たち、合わせて十二人であった。

< 1 Berɛsosɛm 25 >