< 1 Berɛsosɛm 2 >

1 Israel mmammarima yɛ Ruben, Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, Sebulon,
Israel mmabarima yɛ Ruben, Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, Sebulon,
2 Dan, Yosef, Benyamin, Naftali, Gad ne Aser.
Dan, Yosef, Benyamin, Naftali, Gad ne Aser.
3 Yuda ne Kanaanni baa Bat-Sua woo mmammarima baasa. Na wɔn din de Er, Onan ne Sela. Nanso, na abakan Er no yɛ omumuyɛfoɔ enti, Awurade kumm no.
Yuda ne Kanaannibea Bat-Sua woo mmabarima baasa. Na wɔn din de Er, Onan ne Sela. Nanso na abakan Er no yɛ omumɔyɛfo nti, Awurade kum no.
4 Akyire no, Yuda ne nʼase kunafoɔ Tamar woo ntafoɔ. Na wɔn din de Peres ne Serah. Enti Yuda woo mmammarima baanum.
Akyiri no, Yuda ne nʼase kunafo Tamar woo nta. Na wɔn din de Peres ne Serah. Enti Yuda woo mmabarima baanum.
5 Na Peres mmammarima din de Hesron ne Hamul.
Na Peres mmabarima din de Hesron ne Hamul.
6 Serah mmammarima din de Simri, Etan, Heman, Kalkol ne Dara; wɔyɛ enum.
Serah mmabarima din de Simri, Etan, Heman, Kalkol ne Dara; wɔyɛ baanum.
7 Akar a ɔyɛ Karmi babarima ne Serah asefoɔ no mu baako nam fa a ɔfaa asadeɛ a wɔgya maa Awurade no so, de amanehunu baa Israelfoɔ so.
Akar a ɔyɛ Karmi babarima ne Serah asefo no mu baako nam fa a ɔfaa asade a wogyaw maa Awurade no so, de amanehunu baa Israelfo so.
8 Na Etan babarima ne Asaria.
Na Etan babarima ne Asaria.
9 Hesron mmammarima edin de Yerahmeel, Ram ne Kaleb.
Hesron mmabarima din de Yerahmeel, Ram ne Kaleb.
10 Ram yɛ Aminadab agya. Aminadab yɛ Nahson a na ɔyɛ Yuda ntuanoni no agya.
Ram yɛ Aminadab agya. Aminadab yɛ Nahson a na ɔyɛ Yuda ntuanoni no agya.
11 Nahson yɛ Salma agya. Na Salma nso yɛ Boas agya.
Nahson yɛ Salma agya. Na Salma nso yɛ Boas agya.
12 Boas yɛ Obed agya. Obed yɛ Yisai agya.
Boas yɛ Obed agya. Obed yɛ Yisai agya.
13 Yisai abakan yɛ Eliab. Deɛ ɔtɔ so mmienu yɛ Abinadab ɛnna deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa yɛ Simea.
Yisai abakan yɛ Eliab nea ɔto so abien yɛ Abinadab na nea ɔto so abiɛsa yɛ Simea.
14 Na deɛ ɔtɔ so ɛnan yɛ Netanel ɛnna Radai tɔ so enum.
Na nea ɔto so anan yɛ Netanel na Radai to so anum.
15 Ne babarima a ɔtɔ so nsia no din de Osem, na Dawid na na ɔtɔ so nson.
Ne babarima a ɔto so asia no din de Osem na Dawid na na ɔto so ason.
16 Na wɔn nuanom mmaa din de Seruia ne Abigail. Na Seruia woo mmammarima baasa a wɔn din yɛ Abisai, Yoab ne Asahel.
Na wɔn nuabeanom din de Seruia ne Abigail. Na Seruia woo mmabarima baasa a wɔn din yɛ Abisai, Yoab ne Asahel.
17 Abigail waree ɔbarima bi a ne din de Yeter a ɔyɛ Ismaelni na wɔwoo ɔbabarima a wɔtoo no edin Amasa.
Abigail waree ɔbarima bi a ne din de Yeter a ɔyɛ Ismaelni na wɔwoo ɔbabarima a wɔtoo no din Amasa.
18 Na Hesron babarima Kaleb wɔ yerenom baanu a wɔne Asuba ne Yeriot. Na Asuba mmammarima edin de Yeser, Sobab ne Ardon.
Na Hesron babarima Kaleb wɔ yerenom baanu a wɔne Asuba ne Yeriot. Na Asuba mmabarima din de Yeser, Sobab ne Ardon.
19 Asuba owuo akyi no, Kaleb waree Efrata. Wɔwoo ɔbabarima too no edin Hur.
Asuba wu akyi no, Kaleb waree Efrata. Wɔwoo ɔbabarima too no din Hur.
20 Hur woo Uri. Uri nso woo Besaleel.
Hur woo Uri. Uri nso woo Besaleel.
21 Ɛberɛ a Hesron dii mfeɛ aduosia no, ɔwaree Gilead nuabaa a na ɔyɛ Makir babaa. Wɔwoo ɔbabarima too no edin Segub.
Bere a Hesron dii mfe aduosia no, ɔwaree Gilead nuabea a na ɔyɛ Makir babea. Wɔwoo ɔbabarima too no din Segub.
22 Segub woo Yair a ɔdii nkuro aduonu mmiɛnsa so wɔ Gilead asase so no.
Segub woo Yair a odii nkurow aduonu abiɛsa so wɔ Gilead asase so no.
23 (Akyire no, Gesur ne Aram gyee Yair nkuro, sane gyee Kenat ne ne nkuraa aduosia a atwa ho ahyia no nyinaa.) Na yeinom nyinaa yɛ Makir a ɔyɛ Gilead agya no asefoɔ.
(Akyiri no, Gesur ne Aram gyee Yair nkurow, san gyee Kenat ne ne nkuraa aduosia a atwa ho ahyia no nyinaa.) Na eyinom nyinaa yɛ Makir a ɔyɛ Gilead agya no asefo.
24 Hesron wuu wɔ kuro Kaleb-Efrata mu no, ankyɛ na ne yere Abia woo ɔbabarima a wɔtoo no edin Asur (Tekoa agya).
Hesron wuu wɔ kurow Kaleb-Efrata mu akyi no, ne yere Abia woo ɔbabarima a wɔtoo no din Asur (Tekoa agya).
25 Hesron abakan Yerahmeel mmammarima a ɔwoo wɔn no edin yɛ Ram (abakan), Buna, Oren, Osem ne Ahiya.
Hesron abakan Yerahmeel mmabarima a ɔwoo wɔn no din yɛ Ram (abakan), Buna, Oren, Osem ne Ahiya.
26 Yerahmeel wɔ yere a ɔtɔ so mmienu a wɔfrɛ no Atara, na ɔno na ɔwoo Onam.
Na Yerahmeel wɔ ɔyere a ɔto so abien a wɔfrɛ no Atara, na ɔno na ɔwoo Onam.
27 Ram a ɔyɛ Yerahmeel abakan no mmammarima yɛ Maas, Yamin ne Eker.
Ram a ɔyɛ Yerahmeel abakan no mmabarima yɛ Maas, Yamin ne Eker.
28 Onam mmammarima yɛ Samai ne Yada. Na Samai mmammarima yɛ Nadab ne Abisur.
Onam mmabarima yɛ Samai ne Yada. Na Samai mmabarima yɛ Nadab ne Abisur.
29 Na Abisur ne ne yere Abihail mmammarima yɛ Ahban ne Molid.
Na Abisur ne ne yere Abihail mmabarima yɛ Ahban ne Molid.
30 Na Nadab mmammarima yɛ Seled ne Apaim. Seled wuiɛ a wanwo mma;
Na Nadab mmabarima yɛ Seled ne Apaim. Seled wui a wanwo mma;
31 na Apaim deɛ, ɔwoo ɔbabarima a wɔfrɛ no Yisi. Na Yisi woo Sesan. Na Sesan nyaa nʼaseni bi a wɔfrɛ no Ahlai.
na Apaim de, ɔwoo ɔbabarima a wɔfrɛ no Yisi. Na Yisi woo Sesan. Na Sesan nyaa nʼaseni bi a wɔfrɛ no Ahlai.
32 Na Samai nuabarima Yada woo Yeter ne Yonatan. Na Yeter wuiɛ a wanwo ba biara,
Na Samai nuabarima Yada woo Yeter ne Yonatan. Na Yeter wui a wanwo ba biara,
33 nanso Yonatan woo mmammarima baanu a na wɔfrɛ wɔn Pelet ne Sasa. Na yeinom nyinaa yɛ Yerahmeel asefoɔ.
nanso Yonatan woo mmabarima baanu a na wɔfrɛ wɔn Pelet ne Sasa. Na eyinom nyinaa yɛ Yerahmeel asefo.
34 Na Sesan annya mmammarima, ɔnyaa mmammaa. Na ɔwɔ Misraimni ɔsomfoɔ bi a ne din de Yarha.
Na Sesan annya mmabarima, onyaa mmabea. Na ɔwɔ Misraimni somfo bi a ne din de Yarha.
35 Sesan de ne mmammaa no mu baako maa Yarha awadeɛ na wɔwoo ɔbabarima too no edin Atai.
Sesan de ne mmabea no mu baako maa Yarha aware na wɔwoo ɔbabarima too no din Atai.
36 Atai woo Natan na Natan woo Sabad.
Atai woo Natan na Natan woo Sabad.
37 Sabad woo Efial. Efial woo Obed.
Sabad woo Efial. Efial woo Obed.
38 Obed woo Yehu na Yehu woo Asaria.
Obed woo Yehu na Yehu woo Asaria.
39 Asaria woo Heles. Heles woo Eleasa.
Asaria woo Heles. Heles woo Eleasa.
40 Eleasa woo Sisemai na Sisemai woo Salum.
Eleasa woo Sisemai na Sisemai woo Salum.
41 Salum woo Yekamia, na Yekamia woo Elisama.
Salum woo Yekamia, na Yekamia woo Elisama.
42 Yerahmeel nua Kaleb babarima piesie ne Mesa a ɔyɛ Sif agya. Na Kaleb babarima a ɔtɔ so mmienu din de Maresa a ɔyɛ Hebron agya.
Yerahmeel nua Kaleb babarima piesie ne Mesa a ɔyɛ Sif agya. Na Kaleb babarima a ɔto so abien din de Maresa a ɔyɛ Hebron agya.
43 Na Hebron mmammarima yɛ Kora, Tapua, Rekem ne Sema.
Na Hebron mmabarima yɛ Kora, Tapua, Rekem ne Sema.
44 Na Sema woo Raham. Raham woo Yorkeam. Na Rekem woo Samai.
Na Sema woo Raham. Raham woo Yorkeam. Na Rekem woo Samai.
45 Na Samai woo Maon. Maon woo Bet-Sur.
Na Samai woo Maon. Maon woo Bet-Sur.
46 Na Kaleb mpena Efa woo Haran, Mosa ne Gases. Na Haran woo Gases.
Na Kaleb mpena Efa woo Haran, Mosa ne Gases. Na Haran woo Gases.
47 Na Yahdai mmammarima yɛ Regem, Yotam, Gesan, Pelet, Efa ne Saaf.
Na Yahdai mmabarima yɛ Regem, Yotam, Gesan, Pelet, Efa ne Saaf.
48 Kaleb mpena foforɔ bi a wɔfrɛ no Maaka woo Seber ne Tirhana.
Kaleb mpena foforo bi a wɔfrɛ no Maaka woo Seber ne Tirhana.
49 Ɔsane woo Saaf a na ɔyɛ Madmana agya ne Sewa a na ɔyɛ Makbena ne Gibea agya. Na Kaleb woo ɔbabaa a ne din de Aksa.
Ɔsan woo Saaf a na ɔyɛ Madmana agya ne Sewa a na ɔyɛ Makbena ne Gibea agya. Na Kaleb woo ɔbabea a ne din de Aksa.
50 Yeinom nyinaa yɛ Kaleb asefoɔ. Kaleb yere Efrata abakan Hur mmammarima yɛ Sobal a ɔyɛ Kiriat-Yearim agya
Eyinom nyinaa yɛ Kaleb asefo. Kaleb yere Efrata abakan Hur mmabarima yɛ Sobal a ɔyɛ Kiriat-Yearim agya
51 Salma a ɔyɛ Betlehem agya ne Haref a ɔyɛ Bet-Gader agya.
Salma a ɔyɛ Betlehem agya ne Haref a ɔyɛ Bet-Gader agya.
52 Sobal a ɔyɛ Kiriat-Yearim agya no mmammarima yɛ Haroe a ne fa yɛ Manahatini
Sobal a ɔyɛ Kiriat-Yearim agya no mmabarima yɛ Haroe a ne fa yɛ Manahatini
53 na ne fa a aka no firi Kiriat-Yearim mmusua mu. Sobal asefoɔ a wɔka ho ne Yitrifoɔ, Putifoɔ, Sumatifoɔ ne Misraimfoɔ. Wɔn mu na Sorafoɔ ne Estaolfoɔ firie.
na ne fa a aka no fi Kiriat-Yearim mmusua mu. Sobal asefo a wɔka ho ne Yitrifo, Putifo, Sumatifo ne Misraimfo, wɔn mu na Sorafo ne Estaolfo fi.
54 Salma asefoɔ yɛ Betlehem, Netofafoɔ, Atrot-Bet-Yoabfoɔ, Manahatfoɔ fa bi, Sorifoɔ,
Salma asefo yɛ Betlehem, Netofafo, Atrot-Bet-Yoabfo, Manahatafo fa bi, Sorifo,
55 ne atwerɛfoɔ mmusua a wɔte Yabes no, Tirafoɔ, Simeafoɔ ne Sukatfoɔ. Yeinom nyinaa yɛ Kenifoɔ, Hamat a ɔyɛ Rekab agya no asefoɔ.
ne akyerɛwfo mmusua a wɔte Yabes no, Tirafo, Simeafo ne Sukatfo. Eyinom nyinaa yɛ Kenifo, Hamat a ɔyɛ Rekab agya no asefo.

< 1 Berɛsosɛm 2 >