< 1 Berɛsosɛm 19 >

1 Yeinom akyiri no, Amonhene Nahas wuiɛ, na ne babarima Hanun bɛdii adeɛ.
Eyinom akyi no, Amonhene Nahas wui, na ne babarima Hanun bedii ade.
2 Dawid kaa sɛ, “Me ne Hanun bɛyɛ baako, ɛfiri sɛ, nʼagya Nahas ne me yɛɛ baako nokorɛm.” Ɛno enti, Dawid tuu abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Hanun nkyɛn, kɔmaa no hyɛden wɔ nʼagya wuo no enti. Nanso, ɛberɛ a abɔfoɔ no duruu Amon asase so no,
Dawid susuw ho se, “Mɛda ayamye adi akyerɛ Nahas ba Hanun, efisɛ nʼagya daa ayamye adi kyerɛɛ me.” Ɛno nti, Dawid tuu abɔfo ma wɔkɔɔ Hanun nkyɛn, kɔmaa no hyɛden wɔ nʼagya wu no ho. Bere a abɔfo no duu Amon asase so no,
3 Hanun afotufoɔ bisaa no sɛ, “Enti, wogye di ampa ara sɛ, saa mmarima yi baa sɛ wɔrebɛhyɛ wʼagya animuonyam? Dabi! Dawid asoma wɔn sɛ wɔmmɛsra asase yi, na wɔnam so ako agye.”
Hanun asahene bisaa no se, “Enti wugye di ampa ara sɛ, saa mmarima yi baa sɛ wɔrebɛhyɛ wʼagya anuonyam? Dabi! Dawid asoma wɔn sɛ wɔmmɛsra asase yi, na wɔnam so ako agye.”
4 Enti, Hanun kyeree Dawid abɔfoɔ no, werɛɛ wɔn abɔgyesɛ, twitwaa wɔn ntadeɛ ano wɔ wɔn to ase, maa wɔsane de animguaseɛ kɔɔ Dawid nkyɛn.
Enti Hanun kyeree Dawid abɔfo no, yii wɔn abogyesɛ, twitwaa wɔn ntade ano wɔ wɔn to ase, ma wɔsan kɔe.
5 Ɛberɛ a Dawid tee asɛm no, ɔtuu abɔfoɔ kɔɔ abɔfoɔ no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔntena Yeriko kɔsi sɛ wɔn abɔgyesɛ no bɛfu, ɛfiri sɛ, na wɔn ho ayɛ fɛreɛ.
Bere a Dawid tee asɛm no, otuu abɔfo kɔɔ asomafo no nkyɛn kɔkae se, “Montena Yeriko mma mo abogyesɛ no mfuw ansa na moaba.” Efisɛ na wɔn ho ayɛ fɛre yiye.
6 Afei, Amonfoɔ hunuu abufutrasoɔ a wɔahyɛ Dawid no, Hanun ne Amonfoɔ soma maa wɔde dwetɛ nkariboɔ ani tɔno 38 kɔgyee nteaseɛnam ne akodɔm firii Aram-naharaim, Aram-maaka ne Soba.
Afei, Amonfo huu abufuwtraso a wɔahyɛ Dawid no, Hanun ne Amonfo soma ma wɔde dwetɛ nkaribo ani tɔn aduasa awotwe kogyee nteaseɛnam ne asraafodɔm fii Aram-naharaim, Aram-maaka ne Soba.
7 Wɔsane pɛɛ nteaseɛnam mpem aduasa mmienu, na wɔnyaa akyigyina firii Maakahene ne nʼakodɔm nkyɛn. Saa akodɔm yi kyeree nsraban wɔ Medeba, ɛhɔ na Amon akodɔm a Hanun nya firii nʼankasa nkuro so no kɔkaa wɔn ho.
Wɔsan pɛɛ nteaseɛnam mpem aduasa abien, na wonyaa akyigyina fii Maakahene ne nʼakofo nkyɛn. Saa asraafodɔm yi kyeree nsraban wɔ Medeba, ɛhɔ na Amon asraafodɔm a Hanun nya fii nʼankasa nkurow so no kɔkaa wɔn ho.
8 Ɛberɛ a Dawid tee saa asɛm yi no, ɔsomaa Yoab ne nʼakofoɔ sɛ wɔne wɔn nkɔko.
Bere a Dawid tee saa no, ɔsomaa Yoab ne nʼakofo sɛ wɔne wɔn nkɔko.
9 Amonfoɔ akodɔm no bɛgyinagyinaa kuro no ɛpono ano, na ahemfo a wɔaka no nso gyinagyinaa ɛserɛ no so.
Amonfo asraafo no begyinagyinaa kuropɔn no pon ano, na ahemfo a wɔaka no nso gyinagyinaa sare no so.
10 Ɛberɛ a Yoab hunuu sɛ ɛsɛ dɔm no anim kyerɛ ne so wɔ nʼanim ne nʼakyi no, ɔyii nʼakodɔm no mu akofoɔ a wɔnim ako no. Ɔde wɔn hyɛɛ nʼankasa ase, dii wɔn anim kɔko tiaa Aramfoɔ no a wɔgyinagyina ɛserɛ so no.
Bere a Yoab huu sɛ ɛsɛ sɛ ɔko ha ne ha no, ɔpaw nʼakofodɔm no mu akofo a wonim ako yiye no. Ɔde wɔn hyɛɛ nʼankasa ase, dii wɔn anim kɔko tiaa Aramfo no a wogyinagyina sare so no.
11 Ɔgyaa akodɔm a wɔaka no maa ne nuabarima Abisai sɛ ɔnkɔto nhyɛ Amonfoɔ no so.
Ogyaw asraafodɔm a wɔaka no maa ne nuabarima Abisai sɛ ɔnkɔtow nhyɛ Amonfo no so.
12 Na Yoab ka kyerɛɛ ne nuabarima no sɛ, “Sɛ Aramfoɔ no yɛ den ma me dodo a, bra na bɛboa me.” Yoab toaa so sɛ, “Sɛ Amonfoɔ no yɛ den dodo ma wo a, mɛba abɛboa wo.
Na Yoab ka kyerɛɛ ne nuabarima no se, “Sɛ Aramfo no yɛ den ma me dodo a, bra na bɛboa me.” Yoab toaa so se, “Sɛ Amonfo no yɛ den dodo ma wo a, mɛba abɛboa wo.
13 Hyɛ wo ho den. Ma yɛmfa akokoɔduru nko nnye yɛn nkurɔfoɔ ne yɛn Onyankopɔn nkuro. Awurade pɛ nyɛ hɔ.”
Hyɛ wo ho den. Ma yɛmfa akokoduru nko nnye yɛn nkurɔfo ne yɛn Onyankopɔn nkurow. Awurade bɛyɛ nea eye wɔ nʼani so.”
14 Ɛberɛ a Yoab ne nʼakodɔm to hyɛɛ Aramfoɔ so no, wɔfirii aseɛ dwaneeɛ.
Bere a Yoab ne nʼakofo no tow hyɛɛ Aramfo no so no, wofii ase guanee.
15 Na Amonfoɔ hunuu sɛ Aramfoɔ no redwane no, wɔdwane firi Abisai anim kɔɔ kuropɔn no mu. Afei, Yoab sane kɔɔ Yerusalem.
Na Amonfo huu sɛ Aramfo no reguan no, woguan fi Abisai anim kɔɔ kuropɔn no mu. Afei, Yoab san kɔɔ Yerusalem.
16 Afei, Aramfoɔ no hunuu sɛ ɛnyɛ wɔn afɛ ne Israelfoɔ enti, wɔfrɛɛ Aram akodɔm foforɔ firii Asubɔnten Eufrate ho sɛ wɔmmɛboa. Saa akodɔm a wɔhyɛ Sofak a ɔyɛ Hadadeser akodɔm nyinaa sahene ase no baeɛ.
Aramfo no huu sɛ ɛnyɛ wɔn afɛ ne Israelfo no nti, wɔfrɛɛ Aram asraafodɔm foforo fii Asubɔnten Eufrate ho sɛ wɔmmɛboa. Saa asraafodɔm a wɔhyɛ Sofak a ɔyɛ Hadadeser asraafodɔm nyinaa so sahene ase no bae.
17 Ɛberɛ a Dawid tee asɛm a asi no, ɔboaboaa Israel nyinaa ano, de wɔn twaa Asubɔnten Yordan, de nʼakodɔm no gyinagyinaa wɔn mpasua so. Afei, ɔne atamfoɔ no de ɔko hyehyɛɛ so, maa wɔko tiaa no.
Bere a Dawid tee asɛm a asi no, ɔboaboaa Israel nyinaa ano, de wɔn twaa Asubɔnten Yordan, de nʼakofo no gyinagyinaa wɔn mpasua so. Afei, ɔne atamfo no de ɔko hyehyɛɛ so, ma wɔko tiaa no.
18 Ɛha nso, Aramfoɔ no dwane firii Israelfoɔ no anim. Saa ɛberɛ yi, Dawid akodɔm no kunkumm nteaseɛnamkafoɔ mpem nson ne anammɔntwa asraadɔm ɔpeduanan a Sofak a ɔyɛ akodɔm no sahene no ka ho.
Ɛha nso, Aramfo no guan fii Israelfo no anim, na Dawid asraafo no kunkum nteaseɛnamkafo mpem ason ne anammɔnmufo asraafo mpem aduanan a Sofak a ɔyɛ wɔn so sahene no ka ho.
19 Hadadeser asomfoɔ hunuu sɛ Israel adi wɔn so nkonim no, wɔmaa wɔn nsa so, maa Dawid faa wɔn sɛ ne nkoa. Ɛno akyi, Aramfoɔ ampɛ sɛ wɔbɛboa Amonfoɔ bio.
Hadadeser asomfo huu sɛ Israel adi wɔn so nkonim no, wɔmaa wɔn nsa so, maa Dawid faa wɔn sɛ ne nkoa. Ɛno akyi no, Aramfo ampɛ sɛ wɔbɛboa Amonfo bio.

< 1 Berɛsosɛm 19 >