< 1 Berɛsosɛm 18 >

1 Yei akyiri no, Dawid ko dii Gat ne nkuro a atwa ho ahyia no so nkonim, de kaa Filistifoɔ no hyɛeɛ, brɛɛ wɔn ase.
Eyi akyi no, Dawid ko dii Gat ne nkurow a atwa ho ahyia no so nkonim, de kaa Filistifo no hyɛe, brɛɛ wɔn ase.
2 Bio, Dawid dii Moab asase no so nkonim, ma Moabfoɔ no bɛyɛɛ Dawid nkoa a na wɔtua apeatoɔ ma no.
Bio, Dawid dii Moab asase no so nkonim, maa Moabfo no bɛyɛɛ Dawid nkoa a na wotua sonkahiri ma no.
3 Afei, Dawid tɔree ɔhene Hadadeser a ɔfiri Soba akodɔm ase, de kɔsii Hamat wɔ ɛberɛ a Hadadeser bɔɔ nsra wɔ Asubɔnten Eufrate ho sɛ anka ɔrehyɛ ne tumi mu den no.
Afei, Dawid tɔree ɔhene Hadadeser a ofi Soba asraafo ase de kosii Hamat, bere a Hadadeser bɔɔ nsra wɔ Asubɔnten Eufrate ho sɛ anka ɔrehyɛ ne tumi mu den no.
4 Dawid ko gyee nteaseɛnam apem, nteaseɛnamkafoɔ mpem nson ne nammɔntwa asraafoɔ ɔpeduonu. Afei, ɔtwitwaa nteaseɛnam apɔnkɔ no nyinaa nantin ntini, ma ɛkaa ɔha pɛ.
Dawid ko gyee nteaseɛnam apem, nteaseɛnamkafo mpem ason ne asraafo anantefo mpem aduonu. Afei, obubuu apɔnkɔ a wɔtwe nteaseɛnam no nyinaa anan, ma ɛkaa ɔha pɛ.
5 Ɛberɛ a Aramfoɔ firi Damasko baa sɛ wɔrebɛboa Hadadeser no, Dawid kunkumm wɔn mu ɔpeduonu mmienu.
Bere a Aramfo fi Damasko bae sɛ wɔrebɛboa Hadadeser no, Dawid kunkum wɔn mu mpem aduonu abien.
6 Afei, ɔde asraafodɔm guu Damasko, Aram ahenkuro mu, ma Aramfoɔ no bɛyɛɛ Dawid nkoa a na wɔbrɛ no apeatoɔ. Baabiara a Dawid bɛkɔ no, Awurade ma no di nkonim.
Afei, ɔde asraafo guu Damasko, Aram ahenkurow mu, maa Aramfo no bɛyɛɛ Dawid nkoa a na wɔbrɛ no sonkahiri. Baabiara a Dawid bɛkɔ no, Awurade ma no di nkonim.
7 Dawid faa sikakɔkɔɔ nkuruwa a na ɛyɛ Hadadeser mpanimfoɔ dea no de ne nyinaa kɔɔ Yerusalem.
Dawid de Hadadeser asraafo mpanyimfo sikakɔkɔɔ nkatabo no baa Yerusalem.
8 Ɔde kɔbere mfrafraeɛ bebree a ɛfiri Hadadeser nkuro Tibhat ne Kun kaa ho baeɛ. Akyire yi, Salomo nanee kɔbere mfrafraeɛ no de yɛɛ asɔredan no ho adwuma. Ɔde yɛɛ kɔbere mfrafraeɛ Po na ɔde bi yɛɛ afadum ne kɔbere nkuku ne nkaka a wɔde di dwuma wɔ asɔredan no mu.
Ɔde kɔbere mfrafrae bebree a efi Hadadeser nkuropɔn Tibhat ne Kun kaa ho bae. Akyiri no, Salomo nan kɔbere mfrafrae no de yɛɛ asɔredan no ho adwuma. Ɔde yɛɛ kɔbere mfrafrae Po na ɔde bi yɛɛ afadum ne kɔbere nkuku ne nkaka a wɔde di dwuma wɔ asɔredan no mu.
9 Ɛberɛ a Hamathene Toi tee sɛ Dawid atɔre Sobahene Hadadeser akodɔm ase no,
Bere a Hamathene Tou tee sɛ Dawid atɔre Hadadeser asraafo no ase pasaa no,
10 ɔsomaa ne babarima Hadoram ma ɔkɔɔ Dawid nkyɛn kɔmaa no amo wɔ ne nkonimdie no ho. Na Hadadeser ne Tou atane wɔn ho akyɛre, a na akokoakoko aba wɔn ntam. Yoram kɔkyɛɛ Dawid sikakɔkɔɔ, dwetɛ ne kɔbere mfrafraeɛ bebree.
ɔsomaa ne babarima Hadoram ma ɔkɔɔ Dawid nkyɛn kɔmaa no mo wɔ ne nkonimdi no ho. Na Hadadeser ne Tou atan wɔn ho akyɛ, a na akokoakoko aba wɔn ntam. Yoram kɔkyɛɛ Dawid sikakɔkɔɔ, dwetɛ ne kɔbere mfrafrae bebree.
11 Ɔhene Dawid hyiraa saa akyɛdeɛ yi nyinaa so maa Awurade, a dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a ɔfa firii aman foforɔ a ɔkaa wɔn hyɛeɛ no so no nyinaa ka ho. Saa aman no ne Edom, Moab, Amon, Filistia ne Amalek.
Ɔhene Dawid hyiraa saa akyɛde yi nyinaa so maa Awurade, a dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a ɔfa fii aman foforo a ɔkaa wɔn hyɛe no so no nyinaa ka ho. Saa aman no ne Edom, Moab, Amon, Filisti ne Amalek.
12 Seruia babarima Abisai kunkumm Edomfoɔ mpem dunwɔtwe wɔ Nkyene Bɔnhwa no mu.
Seruia babarima Abisai kunkum Edomfo mpem dunwɔtwe wɔ Nkyene Bon no mu.
13 Ɔde asraafoɔ duaduaa Edom nyinaa, ma Edomfoɔ nyinaa bɛyɛɛ Dawid nkoa. Yei yɛ sɛdeɛ Awurade ma Dawid dii nkonim wɔ baabiara a ɔkɔeɛ no nhwɛsoɔ.
Ɔde asraafo duaduaa Edom nyinaa, maa Edomfo nyinaa bɛyɛɛ Dawid nkoa. Eyi yɛ sɛnea Awurade maa Dawid dii nkonim wɔ baabiara a ɔkɔe no nhwɛso.
14 Dawid dii ɔhene wɔ Israel nyinaa so, na ɔne obiara tenaa yie.
Dawid dii Israel nyinaa so hene, a wanhyɛ obiara so na wansisi obiara nso.
15 Seruia babarima Yoab na na ɔyɛ ɔsafohene. Ahilud babarima Yehosafat na na ɔyɛ adehyeɛ abakɔsɛmtwerɛni.
Na Seruia babarima Yoab na na ɔyɛ ɔsafohene. Ahilud babarima Yehosafat na na ɔyɛ adehye abakɔsɛmkyerɛwni.
16 Ahitub babarima Sadok ne Abiatar babarima Abimelek na na wɔyɛ asɔfoɔ. Sawsa na na ɔyɛ asɛnniiɛ twerɛfoɔ.
Ahitub babarima Sadok ne Abiatar babarima Abimelek na na wɔyɛ asɔfo. Sawsa na na ɔyɛ asennii kyerɛwfo.
17 Yehoiada babarima Benaia na na ɔyɛ ɔhene awɛmfoɔ no so panin. Dawid mmammarima somm sɛ ɔhene aboafoɔ mpanimfoɔ.
Yehoiada babarima Benaia na na odi Keretifo ne Peletifo so. Dawid mmabarima somee sɛ ɔhene aboafo mpanyimfo.

< 1 Berɛsosɛm 18 >