< 1 Berɛsosɛm 15 >

1 Afei, Dawid sisii adan bebree wɔ Dawid kurom. Bio, ɔsiesiee baabi, sii ntomadan wɔ hɔ a ɔde Onyankopɔn Apam Adaka no bɛsi.
Afei, Dawid sisii adan bebree wɔ Dawid kurom. Bio, osiesiee baabi, sii ntamadan wɔ hɔ a ɔde Onyankopɔn Apam Adaka no besi.
2 Afei, ɔhyɛɛ sɛ, “Sɛ yɛma Onyankopɔn Apam Adaka no so de rekɔ a, obiara nni ho kwan sɛ ɔsoa bi agye Lewifoɔ no nko ara. Awurade ayi wɔn sɛ, wɔn nko ara na ɛsɛ sɛ wɔsoa Awurade Apam Adaka no na wɔsom wɔ nʼanim daa daa.”
Afei, ɔhyɛɛ se, “Sɛ yɛma Onyankopɔn Apam Adaka no so de rekɔ a, obiara nni ho kwan sɛ ɔsoa bi gye Lewifo no nko ara. Awurade ayi wɔn sɛ, wɔn nko ara na ɛsɛ sɛ wɔsoa Awurade Apam Adaka no na wɔsom wɔ nʼanim daa daa.”
3 Afei, Dawid frɛɛ Israelfoɔ nyinaa kɔɔ Yerusalem sɛ wɔmfa Awurade Apam Adaka no nkɔsi baabi a wɔasiesie ama no no.
Dawid frɛɛ Israelfo nyinaa kɔɔ Yerusalem sɛ wɔmfa Apam Adaka no nkosi faako a wɔasiesie ama no no.
4 Yeinom ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔfrɛɛ wɔn no:
Eyinom ne asɔfo ne Lewifo a wɔfrɛɛ wɔn no:
5 Wɔn a wɔfiri Kohat abusua mu no, na wɔn dodoɔ yɛ ɔha aduonu a Uriel yɛ wɔn ntuanoni.
Wɔn a wofi Kohat abusua mu no, na wɔn dodow yɛ ɔha aduonu a Uriel tua wɔn ano.
6 Wɔn a wɔfiri Merari abusua mu no, na wɔn dodoɔ yɛ ahanu aduonu, a Asaia da wɔn ano.
Wɔn a wofi Merari abusua mu no, na wɔn dodow yɛ ahannu aduonu, a Asaia da wɔn ano.
7 Wɔn a wɔfiri Gersom abusua mu no, na wɔn dodoɔ yɛ ɔha ne aduasa, a Yoɛl da wɔn ano.
Wɔn a wofi Gersom abusua mu no, na wɔn dodow yɛ ɔha aduasa, a Yoel da wɔn ano.
8 Na Elisafan asefoɔ yɛ ahanu a Semaia da wɔn ano.
Na Elisafan asefo yɛ ahannu a Semaia da wɔn ano.
9 Na Hebron asefoɔ yɛ aduɔwɔtwe a Eliel yɛ wɔn ntuanoni.
Na Hebron asefo yɛ aduɔwɔtwe a Eliel tua wɔn ano.
10 Na Usiel asefoɔ yɛ ɔha ne dumienu a Aminadab yɛ wɔn ntuanoni.
Na Usiel asefo yɛ ɔha ne dumien a Aminadab tua wɔn ano.
11 Afei, Dawid frɛɛ asɔfoɔ Sadok ne Abiatar ne saa Lewifoɔ mpanimfoɔ yi: Uriel, Asaia, Yoɛl, Semaia, Eliel ne Aminadab.
Afei, Dawid frɛɛ asɔfo Sadok ne Abiatar ne saa Lewifo mpanyimfo yi: Uriel, Asaia, Yoel, Semaia, Eliel ne Aminadab.
12 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo na moyɛ Lewifoɔ mmusua mu ntuanofoɔ. Mo ne Lewifoɔ a wɔka mo ho nyinaa nnwira mo ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mobɛtumi de Awurade, Israel Onyankopɔn, Apam Adaka bɛba beaeɛ a masiesie ama no no.
Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mo na moyɛ Lewifo mmusua mu ntuanofo. Mo ne Lewifo a wɔka mo ho nyinaa nnwira mo ho, sɛnea ɛbɛyɛ a mubetumi de Awurade, Israel Nyankopɔn, Apam Adaka no bɛba beae a masiesie ama no no.
13 Esiane sɛ, kane no, mo Lewifoɔ ansoa Apam Adaka no enti, Awurade, yɛn Onyankopɔn, abufuo sɔre tiaa yɛn. Yɛammisa Onyankopɔn ɛkwan pa a ɛsɛ sɛ yɛfa so soa.”
Esiane sɛ kan no mo Lewifo ansoa Apam Adaka no nti, Awurade, yɛn Nyankopɔn, abufuw sɔre tiaa yɛn. Yɛammisa Onyankopɔn ɔkwan pa a ɛsɛ sɛ yɛfa so soa.”
14 Enti, asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no dwiraa wɔn ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛtumi de Awurade, Israel Onyankopɔn Apam Adaka no akɔ Yerusalem.
Enti asɔfo no ne Lewifo no dwiraa wɔn ho, sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de Awurade, Israel Nyankopɔn Apam Adaka no akɔ Yerusalem.
15 Na Lewifoɔ no soaa Onyankopɔn Apam Adaka no wɔ wɔn mmati so a, nnua a wɔde soa no hyehyɛ ho pɛpɛɛpɛ, sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no.
Na Lewifo no soaa Onyankopɔn Apam Adaka no wɔ wɔn mmati so a, nnua a wɔde soa no hyehyɛ ho pɛpɛɛpɛ, sɛnea Mose hyɛɛ wɔn no.
16 Dawid hyɛɛ Lewifoɔ mpanimfoɔ no nso sɛ, wɔnte Lewifoɔ nnwomtofoɔ kuo, wɔn a wɔnim nnwontoɔ, ne wɔn a wɔwɔ nnwontoɔ ho nimdeɛ na wɔmfa mmɛnta, mmɛn, asankuten ne kyankyan mmɛto anigyeɛ nnwom.
Dawid hyɛɛ Lewifo mpanyimfo no nso sɛ wɔntew Lewifo nnwontofo kuw, wɔn a wonim nnwonto, ne wɔn a wɔwɔ nnwonto ho nimdeɛ na wɔmfa mmɛnta, mmɛn, asankuten ne kyɛnkyɛn mmɛto anigye nnwom.
17 Na Lewifoɔ no yii Yoɛl babarima Heman, Berekia babarima Asaf ne Kusaia babarima Etan a wɔfiri Merari abusua mu, ma wɔdii nnwomtofoɔ no anim.
Na Lewifo no yii Yoel babarima Heman, Berekia babarima Asaf ne Kusaia babarima Etan a wofi Merari abusua mu, ma wodii nnwontofo no anim.
18 Wɔyii saa mmarima yi sɛ wɔn aboafoɔ: Sakaria, Ben, Yaasiel, Semiramot, Yehiel, Uni, Eliab, Benaia, Maaseia, Matitia, Elifelehu, Mikneia ne apono ano ahwɛfoɔ Obed-Edom ne Yeiel.
Woyii saa mmarima yi sɛ wɔn aboafo: Sakaria, Ben, Yaasiel, Semiramot, Yehiel, Uni, Eliab, Benaia, Maaseia, Matitia, Elifelehu, Mikneia ne apon ano ahwɛfo Obed-Edom ne Yeiel.
19 Wɔyii Heman, Asaf ne Etan sɛ wɔmmɔ kɔbere mfrafraeɛ kyankyan no.
Woyii Heman, Asaf ne Etan sɛ wɔmmɔ kɔbere mfrafrae kyɛnkyɛn no.
20 Wɔyii Sakaria, Asiel, Semiramot, Yehiel, Uni, Eliab, Maaseia ne Benaia sɛ wɔmmɔ mmɛnta no.
Woyii Sakaria, Asiel, Semiramot, Yehiel, Uni, Eliab, Maaseia ne Benaia sɛ wɔmmɔ mmɛnta no.
21 Wɔyii Matitia, Elifelehu, Miknela, Obed-Edom, Yeiel ne Asasia sɛ wɔmmɔ asankuten no.
Woyii Matitia, Elifelehu, Miknela, Obed-Edom, Yeiel ne Asasia sɛ wɔmmɔ asankuten no.
22 Wɔyii Kenania a ɔyɛ Lewifoɔ panin no sɛ ɔnna nnwontokuo no ano, ɛsiane ne nimdeɛ enti.
Woyii Kenania a ɔyɛ Lewifo panyin no sɛ ɔnna nnwontokuw no ano, esiane ne nimdeɛ nti.
23 Wɔyii Berekia ne Elkana sɛ wɔnwɛn Apam Adaka no.
Woyii Berekia ne Elkana sɛ wɔnwɛn Apam Adaka no.
24 Sebania, Yosafat, Netanel, Amasai, Sakaria, Benaia ne Elieser a wɔn nyinaa yɛ asɔfoɔ no na wɔbɛto santen adi Onyankopɔn Apam Adaka no anim, ahyɛn ntotorobɛnto no. Wɔyii Obed-Edom ne Yehia nso sɛ wɔnwɛn Apam Adaka no.
Sebania, Yosafat, Netanel, Amasai, Sakaria, Benaia ne Elieser a wɔn nyinaa yɛ asɔfo no na wɔbɛto santen adi Onyankopɔn Apam Adaka no anim, ahyɛn ntorobɛnto no. Woyii Obed-Edom ne Yehia sɛ wɔnwɛn Apam Adaka no.
25 Afei, Dawid ne Israel mpanimfoɔ ne akodɔm asahene no de ahokeka a ɛso bi nni kɔɔ Obed-Edom fie sɛ wɔrekɔfa Awurade Apam Adaka no akɔ Yerusalem.
Enti Dawid ne Israel mpanyimfo ne asraafo so asahene no de ahokeka a ɛso bi nni kɔɔ Obed-Edom fi sɛ wɔrekɔfa Awurade Apam Adaka no akɔ Yerusalem.
26 Na ɛsiane sɛ akyinnyeɛ biara nni ho sɛ Awurade ka Lewifoɔ a wɔso Awurade Apam Adaka no ho no enti, wɔde anantwinini nson ne nnwennini nson bɔɔ afɔdeɛ.
Na esiane sɛ akyinnye biara nni ho sɛ Awurade ka Lewifo a wɔso Awurade Apam Adaka no ho no nti, wɔde anantwinini ason ne adwennini ason bɔɔ afɔre.
27 Wɔhyɛɛ Dawid serekye atadeɛ fɛfɛ bi. Saa ara na Lewifoɔ a wɔsoaa Apam Adaka no, nnwomtofoɔ no ne Kenania a ɔyɛ nnwomtofoɔ kwankyerɛfoɔ no nso yɛeɛ. Na Dawid hyɛ asɔfoɔ ngugusoɔ bi nso.
Wɔhyɛɛ Dawid sirikyi atade fɛfɛ bi. Saa ara na Lewifo a wɔsoaa Apam Adaka no, nnwontofo no ne Kenania a ɔyɛ nnwontofo no kwankyerɛfo no nso yɛe. Na Dawid hyɛ asɔfo nguguso bi nso.
28 Enti, Israel nyinaa de ahokeka, osebɔ, mmɛnhyɛn ne totorobɛntohyɛn, kyankyanbɔ, mmɛnta ne asankutenbɔ de Awurade Apam Adaka no kɔɔ Yerusalem.
Enti Israel nyinaa de ahokeka, osebɔ, mmɛnhyɛn ne ntorobɛntohyɛn, akasaewosow, mmɛnta ne asankutenbɔ de Awurade Apam Adaka no kɔɔ Yerusalem.
29 Na ɛberɛ a Awurade Apam Adaka no wuraa Dawid kuro mu no, Saulo babaa Mikal too nʼani hwɛɛ fam, firii ne mpomma mu. Ɛberɛ a ɔhunuu sɛ ɔhene Dawid resa na ɔde anigyeɛ rehurihuri no, ɔbuu no animtiaa nʼakoma mu.
Na bere a Awurade Apam Adaka no wuraa Dawid kurow mu no, Saulo babea Mikal too nʼani hwɛɛ fam, fii ne mfɛnsere mu. Bere a ohuu sɛ ɔhene Dawid resaw na ɔde anigye rehuruhuruw no, obuu no animtiaa wɔ ne koma mu.

< 1 Berɛsosɛm 15 >