< 1 Berɛsosɛm 12 >

1 Ɛberɛ a Dawid dwane firii Kis babarima Saulo anim kɔhintaa wɔ Siklag no, saa mmarima yi kɔdɔmm no. Na wɔka nnɔmmarima a wɔboa Dawid wɔ akodie mu.
و اينانند که نزد داود به صِقلَغ آمدند، هنگامي که او هنوز از ترس شاؤل بن قَيس گرفتار بود، و ايشان از آن شجاعان بودند که در جنگ معاون او بودند.۱
2 Na wɔn nyinaa yɛ agyantofoɔ toamfomfoɔ. Na wɔtumi de wɔn nsa benkum ne nifa nyinaa to agyan ne ahwimmoɔ. Na wɔn nyinaa yɛ Saulo abusuafoɔ a wɔfiri Benyamin abusuakuo mu.
و به کمان مسلح بودند و سنگها و تيرها از کمانها از دست راست و دست چپ مي انداختند و از برادران شاؤل بنياميني بودند.۲
3 Na deɛ ɔtua wɔn ano yɛ Semaa a ɔfiri Gibea no babarima Ahieser. Na ne nuabarima ne Yoas a ɔyɛ nʼabadiakyire. Yeinom ne nnɔmmarima no nkaeɛ: Asmawet mmammarima Yesiel ne Pelet; Beraka ne Yehu a wɔfiri Anatot;
سردار ايشان اَخيعَزَر بود، و بعد از او يوآش پسران شَماعَه جِبعاتي و يزيئيل و فالَط پسران عَزمُوت و بَراکَه و ييهُوي عناتوتي،۳
4 Ismaia a ɔfiri Gibeon, ɔkofoɔ kɛseɛ ne ntuanoni wɔ Aduasa no mu; Yeremia, Yahasiel, Yohanan ne Yosabad a wɔfiri Gedera;
و يشمَعياي جِبعُوني که در ميان آن سي نفر شجاع بود، و بر آن سي نفر برتري داشت و اِرميا و يحزيئيل و يوحانان و يوزابادِ جَديراتي،۴
5 Elusai, Yerimot, Bealia, Semaria, ne Sefatia a ɔfiri Harif;
و اَلعُوزاي و يريموت وبَعلِيا و شَمَريا و شَفَطياي حَرُوفي،۵
6 Elkana, Yesia, Asarel, Yoeser, Yasobeam a wɔyɛ Korafoɔ;
و اَلقانَه و يشَيا و عَزَرئيل و يوعَزَر و يشُبعام که از قُورَحيان بودند،۶
7 Yoela, Sebadia, Yeroham mmammarima a wɔfiri Gedor.
ويوعيلَه و زَبديا پسران يرُوحام جَدوري.۷
8 Gadfoɔ akofoɔ akokoɔdurufoɔ bi a wɔakwadare akodie mu dwane kɔɔ Dawid afa ɛberɛ a na ɔwɔ abanbɔeɛ mu wɔ ɛserɛ no so. Na wɔyɛ anintini wɔ nkataboɔ ne pea akodie mu a wɔn ho yɛ hu sɛ gyata, na wɔn ho yɛ hare te sɛ mmepɔ so atwe.
و بعضي از جاديان که مردان قوي شجاع و مردان جنگ آزموده و مسلح به سپر و تيراندازان که روي ايشان مثل روي شير و مانند غزال کوهي تيزرو بودند، خوشتن را نزد داود در ملاذ بيابان جدا ساختند،۸
9 Eser na na ɔtua wɔn ano. Obadia yɛ abadiakyire. Eliab na ɔtɔ so mmiɛnsa.
که رئيس ايشان عازَر و دومين عُوبَديا و سومين اَلِيآب بود،۹
10 Deɛ ɔtɔ so ɛnan ne Mismana. Deɛ ɔtɔ so enum ne Yeremia.
و چهارمين مِشمَنَّه و پنجمين اِرميا،۱۰
11 Atai tɔ so nsia, Eliel tɔ so nson.
و ششم عَتّاي و هفتم اَلِيئيل،۱۱
12 Yohanan tɔ so nwɔtwe, Elsabad tɔ so nkron.
و هشتم يوحانان و نهم اَلزاباد،۱۲
13 Yeremia tɔ so edu, Makbanai tɔ so dubaako.
و دهم اِرميا و يازدهم مَکبَنَّاي.۱۳
14 Saa nnɔmmarima a wɔfiri Gad yi yɛ asahene. Deɛ ɔnyɛ den koraa no, ɔtumi ne asraafoɔ ɔha ko, ɛnna deɛ ɔyɛ den no tumi ne asraafoɔ apem ko.
اينان از بني جاد رؤساي لشکر بودند که کوچکتر ايشان برابر صد نفر و بزرگتر برابر هزار نفر مي بود.۱۴
15 Afe no ahyɛaseɛ a Asubɔnten Yordan ayiri no, wɔtwa kɔpamoo nnipa a wɔtete tata so wɔ nʼapueeɛ ne nʼatɔeɛ nkonkɔn so nyinaa firii hɔ.
اينانند که در ماه اول از اُردُن عبور نمودند هنگامي که آن از تمامي حدودش سيلان کرده بود و جميع ساکنان و اديها را هم به طرف مشرق و هم به طرف مغرب منهزم ساختند.۱۵
16 Afoforɔ a wɔfiri Benyamin ne Yuda no baa Dawid nkyɛn wɔ abanbɔeɛ hɔ.
و بعضي از بني بنيامين و يهودا نزد داود به آن ملاذ آمدند.۱۶
17 Dawid kɔhyiaa wɔn kaa sɛ, “Sɛ moaba asomdwoeɛ so sɛ morebɛboa me a, yɛyɛ nnamfo. Na sɛ moaba sɛ morebɛyi me ama mʼatamfoɔ wɔ ɛberɛ a menyɛɛ bɔne bi a, yɛn agyanom Onyankopɔn nhwɛ mmu mo atɛn.”
داود به استقبال ايشان بيرون آمده، ايشان را خطاب کرده، گفت: « اگر با سلامتي براي اعانت من نزد من آمديد، دل من با شما ملصق خواهد شد؛ و اگر براي تسليم نمودن من به دست دشمنانم آمديد، با آنکه ظلمي در دست من نيست، پس خداي پدران ما اين را ببيند و انصاف نمايد.»۱۷
18 Na honhom no sii Amasai a akyire no ɔbɛyɛɛ Aduasa no so panin no so, na ɔkaa sɛ, “Yɛyɛ wo dea, Dawid! Yɛwɔ wʼafa, Yisai ba; Asomdwoeɛ ne nkɔsoɔ nyɛ wo kyɛfa na wʼaboafoɔ nyinaa nnya nkɔsoɔ, ɛfiri sɛ, wo Onyankopɔn ne deɛ ɔboa wo.” Enti, Dawid maa wɔbɛkaa ne ho, na ɔyɛɛ wɔn mpanimfoɔ wɔ nʼakodɔm mu.
آنگاه روح بر عماساي که رئيس شلاشيم بود نازل شد (و او گفت): « اي داود ما از آن تو و اي پسر يسي ما با تو هستيم؛ سلامتي، سلامتي بر تو باد، و سلامتي بر انصار تو باد زيرا خداي تو نصرت دهنده تو است.» پس داود ايشان را پذيرفته، سرداران لشکر ساخت.۱۸
19 Manase mmarima no bi tee wɔn ho kɔdɔmm Dawid wɔ ɛberɛ a na ɔne Filistifoɔ no rekɔko atia Saulo no. Nanso, asɛm no ani daneeɛ a Filistifoɔ ntuanofoɔ ampene so sɛ Dawid ne ne mmarima no bɛka wɔn ho akɔ. Wɔdwendwenee ho ara no, wɔmaa wɔsanee wɔn akyi kaa sɛ, “Sɛ Dawid dane nʼani kɔ Saulo afa de tia yɛn a, yɛn nkwa na yɛde bɛtwa so.”
و بعضي از مَنَّسي به داود ملحق شدند هنگامي که او همراه فلسطينيان براي مقاتله با شاؤل مي رفت؛ اما ايشان را مدد نکردند زيرا که سرداران فلسطينيان بعد از مشورت نمودن، او را پس فرستاده، گفتند که: « او با سرهاي ما به آقاي خود شاؤل ملحق خواهد شد.»۱۹
20 Manase mmarima a wɔwae kɔɔ Dawid afa wɔ ɛberɛ a na ɔresane akɔ Siklag no ne Adna, Yosabad, Yediael, Mikael, Yosabad, Elihu ne Siletai. Na wɔn mu biara da akodɔm apem ano.
و هنگامي که به صِقلَغ مي رفت، بعضي از مَنَّسي به او پيوستند يعني عَدناح و يوزاباد و يدِيعَئيل و ميکائيل و يوزاباد و اَلِيهُو و صِلتاي که سرداران هزارهاي مَنَّسي بودند.۲۰
21 Wɔboaa Dawid maa ɔtaa afomfafoɔ no, ɛfiri sɛ, na wɔyɛ akokoɔdurufoɔ ne akofoɔ akɛseɛ a wɔbɛyɛɛ asahene wɔ nʼakodɔm mu.
ايشان داود را به مقاومت فوجهاي (عَمالَقه) مدد کردند، زيرا جميع ايشان مردان قوي شجاع و سردار لشکر بودند.۲۱
22 Adekyeeɛ biara, mmarima bebree kɔdɔm Dawid kɔsii sɛ ɔnyaa asraadɔm a ɛso te sɛ Onyankopɔn deɛ.
زيرا در آن وقت، روز به روز براي اعانت داود نزد وي مي آمدند تا لشکرِ بزرگ، مثل لشکر خدا شد.۲۲
23 Yeinom ne akofoɔ akɛseɛ dodoɔ a wɔdɔm Dawid wɔ Hebron no. Na wɔn nyinaa pɛ sɛ Dawid si Saulo anan mu di ɔhene, sɛdeɛ Awurade ahyɛ ato hɔ no.
و اين است شماره افراد آناني که براي جنگ مسلح شده، نزد داود به حَبرُون آمدند تا سلطنت شاؤل را بر حسب فرمان خداوند به وي تحويل نمايند.۲۳
24 Akofoɔ akɛseɛ a wɔfiri Yuda abusuakuo mu no, na wɔn dodoɔ yɛ mpem nsia ne aha nwɔtwe a wɔkurakura nkataboɔ ne mpea.
از بني يهودا شش هزار و هشتصد نفر که سپر و نيزه داشتند و مسلح جنگ بودند.۲۴
25 Akofoɔ akɛseɛ a wɔfiri Simeon abusuakuo mu no, na wɔn dodoɔ yɛ mpem nson ne ɔha.
از بني شَمعون هفت هزار و يکصد نفر که مردان قوي شجاع براي جنگ بودند.۲۵
26 Akodɔm a na wɔfiri Lewi abusuakuo mu no, na wɔn dodoɔ yɛ mpem ɛnan ne ahansia.
از بني لاوي چهار هزار و ششصد نفر.۲۶
27 Na Yehoiada a ɔtua Aaron abusua no ano no wɔ akodɔm mpem mmiɛnsa ne ahanson a wɔhyɛ nʼase.
و يهُوياداع رئيس بني هارون و سه هزار و هفتصد نفر همراه وي.۲۷
28 Saa ara nso na na Sadok, ɔbabunu ɔkofoɔ kɛseɛ ne nʼabusuafoɔ aduonu mmienu a wɔn nyinaa yɛ asraafoɔ mpanimfoɔ ka ho.
و صادوق که جوان قوي و شجاع بود با بيست ودو سردار از خاندان پدرش.۲۸
29 Akofoɔ akɛseɛ a wɔfiri Benyamin abusuakuo mu a wɔyɛ Saulo abusuafoɔ no, na wɔn dodoɔ yɛ mpem mmiɛnsa. Na Benyaminfoɔ no mu fa kɛseɛ no taa Saulo akyi ara.
و از بني بنيامين سه هزار نفر از برادران شاؤل و تا آن وقت اکثر ايشان وفاي خاندان شاؤل را نگاه مي داشتند.۲۹
30 Akofoɔ akɛseɛ a wɔfiri Efraim abusuakuo mu no, na wɔn dodoɔ yɛ mpem aduonu ne aha nwɔtwe a wɔn mu biara agye edin wɔ nʼabusua mu.
و از بني افرايم بيست هزار و هشتصد نفر که مردان قوي و شجاع و در خاندان پدران خويش نامور بودند.۳۰
31 Manase abusuakuo fa a na ɛwɔ Yordan atɔeɛ fam no nso, wɔtuu mmarima mpem dunwɔtwe a wɔn botaeɛ ara ne sɛ wɔbɛboaa Dawid ma wadi ɔhene.
و از نصف سبط مَنَّسي هجده هزار نفر که به نامهاي خود تعيين شده بودند که بيايند و داود را به پادشاهي نصب نمايند.۳۱
32 Ntuanofoɔ a wɔfiri Isakar abusuakuo mu ne wɔn abusuafoɔ dodoɔ yɛ ahanu. Na saa mmarima yi nyinaa te nsɛm a ɛrekɔ so saa ɛberɛ no ase, na wɔnim ɛkwan pa a ɛyɛ ma Israel nso.
و از بني يسّاکار کساني که از زمانها مخبر شده، مي فهميدند که اسرائيليان چه بايد بکنند، سرداران ايشان دوست نفر و جميع برادران ايشان فرمان بردار ايشان بودند.۳۲
33 Akofoɔ a wɔakwadare akodie mu a wɔfiri Sebulon abusuakuo mu no, na wɔn dodoɔ yɛ mpem aduonum. Na wɔakɔ amia mu ayɛ krado ama akodie, na na wɔtaa Dawid akyi pintinn.
و از زبولون پنجاه هزار نفر که با لشکر بيرون رفته، مي توانستند جنگ را با همه آلات حرب بيارايند و صف آرايي کنند و دو دل نبودند.۳۳
34 Wɔn a wɔfiri Naftali abusuakuo mu no yɛ asraafoɔ mpanimfoɔ apem ne akofoɔ akɛseɛ mpem aduasa nson a wɔkurakura nkataboɔ ne mpea.
و از نَفتالي هزار سردار و با ايشان سي و هفت هزار نفر با سپر و نيزه.۳۴
35 Akofoɔ a wɔfiri Dan abusuakuo mu no, na wɔn dodoɔ yɛ mpem aduonu nwɔtwe ne ahansia a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko.
و از بني دان بيست و هشت هزار و ششصد نفر براي جنگ مهيا شدند.۳۵
36 Akofoɔ akɛseɛ a wɔatete wɔn yie a wɔfiri Aser abusuakuo mu no, na wɔn dodoɔ yɛ mpem aduanan a wɔn nyinaa ayɛ krado ama ɔko.
و از اَشِير چهل هزار نفر که با لشکر بيرون رفته، مي توانستند جنگ را مهيا سازند.۳۶
37 Ruben, Gad mmusuakuo ne Manase abusuakuo fa a na wɔtete Asubɔnten Yordan apueeɛ fam no maa asraadɔm mpem ɔha ne aduonu a wɔwɔ akodeɛ ahodoɔ nyinaa.
و از آن طرف اُردُن از بني جاد و نصف سبط مَنَّسي صد و بيست هزار نفر که با جميع آلات لشکر براي جنگ (مهيا شدند).۳۷
38 Saa asraafoɔ yi nyinaa kɔɔ amia mu na wɔkɔɔ Hebron a wɔn botaeɛ ara ne sɛ wɔde Dawid bɛyɛ Israelhene. Nokorɛm, Israel nyinaa adwene kɔɔ bɛnkorɔ mu sɛ, ɛsɛ sɛ Dawid na ɔyɛ wɔn ɔhene.
جميع اينها مردان جنگي بودند که بر صف آرائي قادر بودند با دل کامل به حَبرُون آمدند تا داود را بر تمامي اسرائيل به پادشاهي نصب نمايند، و تمامي بقيه اسرائيل نيز براي پادشاه ساختن داود يک دل بودند.۳۸
39 Wɔne Dawid didiiɛ, nomeeɛ nnansa, ɛfiri sɛ, na wɔn abusuafoɔ no ayɛ ahoboa rehwɛ wɔn ɛkwan.
و در آنجا با داود سه روز اکل و شرب نمودند زيرا که برادران ايشان به جهت ايشان تدارک ديده بودند.۳۹
40 Nnipa bi a wɔfiri akyiri te sɛ Isakar, Sebulon, ne Naftali de nnuane tenaa wɔn mfunumu, nyoma ne anantwie so baeɛ. Wɔde asikyiresiam, ɔfam, ɛhyɛ, nsã, ngo, anantwie ne nnwan bebree baa afahyɛ no ase. Anigyeɛ a ɛnni kabea baa Israel asase so.
و مجاوران ايشان نيز تا يسّاکار و زبولون و نَفتالي نان بر الاغها و شتران و قاطران و گاوان آوردند و مأکولات از آرد و قرصهاي انجير و کشمش و شراب و روغن و گاوان و گوسفندان به فراواني آوردند چونکه در اسرائيل شادماني بود.۴۰

< 1 Berɛsosɛm 12 >