< 1 Berɛsosɛm 11 >

1 Na Israel nyinaa kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hebron kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛn nyinaa yɛ wʼabusuafoɔ.
I sabraše se svi Izrailjci k Davidu u Hevron, i rekoše: evo, mi smo kost tvoja i tijelo tvoje.
2 Mmerɛ tenten bi a atwam, mpo ɛberɛ a Saulo di yɛn so ɔhene no, na wone obi a nokorɛm na wodi Israel anim. Na Awurade, wo Onyankopɔn, aka kyerɛ wo sɛ, ‘Wobɛyɛ odwanhwɛfoɔ ama me nkurɔfoɔ Israel. Wobɛyɛ wɔn sodifoɔ.’”
I preðe dok Saul bijaše car ti si odvodio i dovodio Izrailja; i Gospod Bog tvoj rekao ti je: ti æeš pasti narod moj Izrailja; i ti æeš biti voð narodu mojemu Izrailju.
3 Enti, Dawid ne Israel ntuanofoɔ no yɛɛ apam wɔ Awurade anim wɔ Hebron. Wɔsraa no ngo, sii no Israelhene sɛdeɛ Awurade nam Samuel so hyɛɛ ho bɔ no.
Tako doðoše sve starješine Izrailjeve k caru u Hevron, i uèini s njima David vjeru u Hevronu pred Gospodom, i pomazaše Davida za cara nad Izrailjem kao što bješe rekao Gospod preko Samuila.
4 Na Dawid ne Israel nyinaa kɔɔ Yerusalem anaa Yebus, sɛdeɛ na wɔfrɛ hɔ kane no, ɛfiri sɛ, Yebusifoɔ na wɔkɔtenaa asase no so kane kyekyereeɛ.
Potom otide David sa svijem Izrailjem na Jerusalim, a to je Jevus, jer ondje bijahu Jevuseji, koji življahu u onoj zemlji.
5 Nnipa a wɔfiri Yebus no ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Worentumi mma ha da biara da.” Nanso, Dawid faa aban a na ɛwɔ Sion a wɔfrɛ no Dawid Kuro no.
I rekoše Jevušani Davidu: neæeš uæi ovamo. Ali David uze kulu Sion, to je grad Davidov.
6 Dawid ka kyerɛɛ nʼakodɔm no sɛ, “Mo mu biara a ɔbɛdi anim na yɛakɔto ahyɛ Yebusifoɔ no so no, ɔno na ɔbɛyɛ mʼakodɔm so sahene.” Na Dawid nuabaa Seruia babarima Yoab dii ntohyɛsoɔ no anim, enti ɔbɛyɛɛ Dawid akodɔm so sahene.
Jer David reèe: ko prvi nadbije Jevuseje, biæe knez i vojvoda. I Joav sin Serujin izide prvi, i posta knez.
7 Dawid tenaa aban no mu, na ɛno enti na wɔfrɛɛ hɔ Dawid kuro no.
Poslije sjeðaše David u tom gradu, zato ga prozvaše grad Davidov.
8 Dawid kyekyeree kuro no, trɛɛ mu firi Milo de twaa ho hyiaeɛ, ɛberɛ a na Yoab nso rekyekyere Yerusalem nkaeɛ no.
I sazida grad unaokolo, od Milona unaokolo; a Joav opravi ostatak grada.
9 Na Dawid tumi yɛɛ kɛseɛ, ɛfiri sɛ, na Asafo Awurade ka ne ho.
I David jednako napredovaše i siljaše se, jer Gospod nad vojskama bješe s njim.
10 Yeinom ne Dawid nnɔmmarima ntuanofoɔ. Wɔne Israel nyinaa boom, sii gyinaeɛ sɛ wɔde Dawid bɛyɛ wɔn so ɔhene sɛdeɛ Awurade ahyɛ bɔ afa Israel ho no.
A ovo su poglavice meðu junacima Davidovijem, koji junaèki radiše uza nj za carstvo njegovo sa svijem Izrailjem da bude car nad Izrailjem po rijeèi Gospodnjoj;
11 Dawid nnɔmmarima no ho nsɛm nie: Deɛ ɔdi ɛkan no ne Yasobeam, a ɔyɛ Hakmonini a na ɔda Baasa no ano sɛ ɔsahene—Baasa no yɛ nnɔmmarima akatakyie a na wɔwɔ Dawid asraafoɔ mu. Ɛberɛ bi, ɔde ne pea kunkumm atamfoɔ ahasa wɔ akodie baako mu.
I ovo je broj junaka Davidovijeh: Jasoveam sin Ahmonijev, prvi izmeðu trideset; on mahnu kopljem svojim na tri stotine, i pobi ih ujedanput.
12 Deɛ ɔtɔ so mmienu wɔ Baasa no mu no yɛ Dodo babarima Eleasa a ɔyɛ Ahoa aseni.
A za njim Eleazar sin Dodov Ahošanin, on bijaše jedan od tri junaka.
13 Ɛberɛ a Dawid sɔre tiaa Filistifoɔ wɔ Pas-Damim no, na ɔka ne ho. Ɔko no sii wɔ baabi a na ɛyɛ atokofuo nko, na Israel asraafoɔ no dwaneeɛ.
On bijaše s Davidom u Fas-Damimu, kad se Filisteji skupiše na boj; i ondje bijaše njiva puna jeèma, i narod pobježe od Filisteja,
14 Nanso, Eleasa ne Dawid gyinaa wɔn nan so wɔ afuo no mfimfini, bɔɔ Filistifoɔ guiɛ. Na Awurade maa wɔdii nkonim de gyee wɔn.
A oni stadoše usred njive, i odbraniše je pobivši Filisteje; i Gospod dade izbavljenje veliko.
15 Ɛda bi a Dawid wɔ ɔbotan bi a ɛbɛn Adulam ɔbodan ho no, na Filistifoɔ asraadɔm akyere sraban wɔ Refaim bɔnhwa mu. Baasa no a na wɔka Aduasa no a wɔagye edin wɔ Dawid akodɔm mu no siane kɔhyiaa no wɔ hɔ.
I ta tri prva izmeðu trideset sidoše ka stijeni k Davidu u peæinu Odolamsku, kad vojska Filistejska stajaše u okolu u dolini Rafajskoj.
16 Saa ɛberɛ no, na Dawid te abanbɔeɛ mu hɔ a na Filistifoɔ akodɔm kuo bi akɔtena Betlehem.
A David bijaše onda u gradu, a straža Filistejska bijaše tada u Vitlejemu.
17 Dawid firi akɔnnɔ mu kaeɛ sɛ, “Ao me kɔn dɔ nsu pa a ɛwɔ abura a ɛwɔ Betlehem no bi; deɛ ɛbɛn ɛpono ano no bi.”
I David zaželje i reèe: ko bi mi donio vode da pijem iz studenca Vitlejemskoga što je kod vrata?
18 Enti, Baasa no bɔ wuraa Filistifoɔ no mu, kɔsaa abura no mu nsuo no bi de brɛɛ Dawid. Nanso, Dawid annom. Mmom, ɔhwie guu Awurade anim
Tada ta trojica prodriješe kroz oko Filistejski, i zahvatiše vode iz studenca Vitlejemskoga koji je kod vrata, i donesoše i dadoše Davidu; a David ne htje piti, nego je izli Gospodu.
19 teaam sɛ, “Ɛmpare me sɛ mɛnom saa nsuo yi. Ɛsom bo te sɛ saa mmarima yi a wɔde wɔn ho bɔɔ afɔdeɛ kɔsa brɛɛ me no mogya.” Enti, Dawid annom. Yei yɛ Baasa no mmaninsɛm no bi nhwɛsoɔ.
I reèe: ne dao mi Bog moj da to uèinim! eda li æu piti krv tijeh ljudi koji ne mariše za život svoj? jer je donesoše ne mareæi za život svoj. I ne htje je piti. To uèiniše ta tri junaka.
20 Yoab nuabarima Abisai na na ɔtua Aduasa no ano. Ɔno na ɔde ne pea kunkumm atamfoɔ no mu ahasa. Saa mmaninsɛm yi enti na ɔgyee edin te sɛ Baasa no.
I Avisaj brat Joavov bješe prvi izmeðu trojice. I on mahnu kopljem svojim na tri stotine, i pobi ih, i proslavi se meðu trojicom;
21 Abisai na na ne din ahyeta yie wɔ Aduasa no mu sɛ wɔn sahene, nanso na ɔnka Baasa no ho.
Meðu trojicom bješe slavniji od druge dvojice i bješe im poglavica; ali one trojice ne stiže.
22 Na Yehoiada babarima Benaia a ɔfiri Kabseel no nso wɔ hɔ. Na ɔno nso di mmaninsɛm. Ɔyɛɛ bebree a emu baako ne sɛ ɔkunkumm Moab akofoɔ akɛseɛ baanu bi. Ɛberɛ foforɔ bi nso, ɔtaa gyata maa aboa no kɔtɔɔ amena mu. Na sukyerɛmma ama fam ayɛ toro, nanso, ɔkyeree gyata no kumm no.
Venaja sin Jodajev, sin èovjeka junaka iz Kavseila, koji uèini velika djela, on pogubi dva junaka Moavska, i sišav ubi lava u jami kad bješe snijeg.
23 Ɛda bi a na ɔkura aporibaa nko ara no, ɔkumm Misraimni ɔkofoɔ bi a na ne tenten yɛ anammɔn nson ne fa. Na ne pea no mu pipiripie te sɛ ntomanwomfoɔ nsadua. Benaia hwam pea no firii Misraimni no nsam, de kumm no.
On ubi i nekoga Misirca visoka pet lakata. Imaše Misirac u ruci koplje kao vratilo, a on izide na nj sa štapom, i istrže Misircu koplje iz ruke, i ubi ga njegovijem kopljem.
24 Yeinom ne mmaninsɛm a ɛmaa Yehoiada babarima Benaia gyee edin te sɛ Baasa no.
To uèini Venaja sin Jodajev, i bi slavan meðu ova tri junaka.
25 Wɔhyɛɛ no animuonyam sene nkaeɛ a wɔka Aduasa no ho no, nanso na ɔmfra Baasa no mu. Na Dawid yɛɛ no ne ho awɛmfoɔ no so sahene.
Bješe najslavniji izmeðu tridesetorice, ali one trojice ne stiže. I David ga postavi nad pratiocima svojim.
26 Nnipa a na wɔka Dawid nnɔmmarima no ho nie: Yoab nuabarima Asahel; Dodo babarima Elhanan a ɔfiri Betlehem;
Junaci izmeðu vojnika bijahu: Asailo brat Joavov, Elhanan sin Dodov iz Vitlejema,
27 Samot a ɔfiri Harori; Heles a ɔfiri Pelon;
Samot Arorarin, Helis Felonjanin,
28 Ikes babarima Ira a ɔfiri Tekoa; Abieser a ɔfiri Anatot;
Ira sin Ikisov iz Tekoje, Avijezer iz Anatota,
29 Sibekai a ɔfiri Husa; Salmon a ɔfiri Ahoa;
Sivehaj iz Husata, Ilaj iz Ahoha,
30 Maharai a ɔfiri Netofa; Baana a ɔfiri Netofa babarima Heled;
Maraj iz Netofata, Heled sin Vanin iz Netofata,
31 Ribai a ɔfiri Gibea babarima Itai (wɔfiri Benyamin abusuakuo mu); Benaia a ɔfiri Piraton;
Itaj sin Rivajev iz Gavaje sinova Venijaminovih, Venaja iz Faratona,
32 Hurai a ɔfiri baabi a ɛbɛn Nahale-Gaas; Abiel a ɔfiri Araba.
Uraj od potoka Gaskih, Avilo iz Arvata,
33 Asmawet a ɔfiri Baharum; Eliahba a ɔfiri Saalbon.
Azmavet iz Varuma, Elijava iz Salvona,
34 Hasem mmammarima a wɔfiri Gison; Sage babarima Yonatan a ɔfiri Harar.
Sinovi Asima Gizonjanina, Jonatan sin Sagijin Araranin,
35 Sakar babarima Ahiam a ɔfiri Harar; Ur babarima Elifar.
Ahijam sin Saharov Araranin, Elifal sin Urov,
36 Hefer a ɔfiri Mekera; Ahiya a ɔfiri Pelon.
Efer iz Mehirata, Ahija iz Felona,
37 Hesro a ɔfiri Karmel; Esbai babarima Naarai.
Esro Karmilac, Naraj sin Esvajev,
38 Natan nuabarima Yoɛl; Hagri babarima Mibhar.
Joilo brat Natanov, Mivar sin Agirijev,
39 Selek a ɔfiri Amon; Naharai a ɔfiri Beerot (a na ɔyɛ Yoab akodeɛkurafoɔ);
Selek Amonac, Naraj Viroæanin, koji nošaše oružje Joavu sinu Serujinu,
40 Ira a ɔfiri Yitri; Gareb a ɔfiri Yitri;
Ira Jetranin, Gariv Jetranin,
41 Hetini Uria; Ahlai babarima Sabad;
Urija Hetejin, Zavad sin Alajev,
42 Sisa babarima Adina a na ɔda Rubenfoɔ ano, a na mmarima aduasa ka ne ho;
Adina sin Sizin od sinova Ruvimovijeh, poglavar sinova Ruvimovijeh, i trideset s njim,
43 Maaka babarima Hanan; Yosafat a ɔfiri Mitna;
Anan sin Mašin, i Josafat iz Mitne,
44 Usia a ɔfiri Astera; Hotam a ɔfiri Aroer mmammarima Sama ne Yeiel;
Ozija iz Asterota, Sama i Jehilo sinovi Hotana Aroiranina,
45 Simri babarima Yediael; Yoha ne nuabarima a ɔfiri Tis;
Jediailo sin Simrijev i Joha brat mu iz Tise,
46 Eliel a ɔfiri Mahawi; Elnaam mmammarima Yeribai ne Yosawia; Yitma a ɔfiri Moab;
Elilo Mavljanin, i Jerivaj i Josavija sinovi Elnamovi, i Jetema Moavac,
47 Eliel ne Obed; Yaasiel a ɔfiri Soba.
Elilo i Ovid i Jasilo iz Mesovaje.

< 1 Berɛsosɛm 11 >