< Sefania 3 >
1 Nnome nka nhyɛsofo kuropɔn atuatew kuropɔn a ho agu fi!
Malheur à celle qui est rebelle et souillée, à la ville oppressive!
2 Ɔnyɛ osetie mma obiara onnye nteɛso biara nto mu. Ɔmfa ne ho nto Awurade so. Ontwiw mmɛn ne Nyankopɔn.
Elle n'a pas obéi à la voix. Elle n'a pas reçu de correction. Elle ne s'est pas confiée à Yahvé. Elle ne s'est pas approchée de son Dieu.
3 Nʼakannifo yɛ gyata a wɔbobɔ mu, ne sodifo yɛ mpataku a wɔnam anadwo, a wonnya biribiara mma adekyee.
Ses princes sont des lions rugissants. Ses juges sont des loups du soir. Ils ne laissent rien au lendemain.
4 Ne nkɔmhyɛfo yɛ ahantan; wɔyɛ afatwafo. Nʼasɔfo gu kronkronbea ho fi. Wɔnam mmara no so di nsɛmmɔne.
Ses prophètes sont des gens arrogants et perfides. Ses prêtres ont profané le sanctuaire. Ils ont fait violence à la loi.
5 Awurade a ɔte ne mu no yɛ ɔtreneeni; ɔnyɛ mfomso biara. Adekyee biara, ɔda ne trenee adi, na onni huammɔ da, nanso amumɔyɛfo de, wonnim aniwu.
Yahvé, en elle, est juste. Il ne fait pas de mal. Chaque matin, il fait éclater sa justice. Il ne faillit pas, mais les injustes ne connaissent pas la honte.
6 “Masɛe amanaman; madwiriw wɔn abandennen agu. Wɔn mmorɔn so adeda mpan, a obiara ntwa mu hɔ. Wɔasɛe wɔn nkuropɔn; a obiara renka.
J'ai exterminé des nations. Leurs remparts sont désolés. J'ai rendu leurs rues désertes, pour que personne n'y passe. Leurs villes sont détruites, il n'y a plus d'homme, il n'y a plus d'habitant.
7 Meka kyerɛɛ kuropɔn no se, ‘ampa ara wubesuro me na woagye nteɛso ato mu!’ Na afei ne tenabea rensɛe, na mʼasotwe biara nso remma no so. Nanso wɔn ho peree wɔn sɛ wɔbɛkɔ so ayɛ bɔne, wɔn nneyɛe nyinaa mu.
J'ai dit: « Crains-moi seulement. Recevez la correction », afin que sa demeure ne soit pas anéantie, selon tout ce que j'ai prévu à son sujet. Mais ils se sont levés de bonne heure et ont corrompu toutes leurs actions.
8 Enti twɛn me,” sɛnea Awurade se ni, “na da no mɛsɔre adi adanse. Mayɛ mʼadwene sɛ mɛboaboa amanaman ne ahenni ano na mahwie mʼabufuw agu wɔn so mʼabufuwhyew nyinaa. Me ninkutwe abufuw gya mu no, asase nyinaa bɛhyew.
« Attendez-moi donc », dit Yahvé, « jusqu'au jour où je me lèverai sur la proie, car ma résolution est de rassembler les nations, d'assembler les royaumes pour répandre sur eux ma fureur, toute mon ardente colère, car toute la terre sera dévorée par le feu de ma jalousie ».
9 “Afei medwira nnipa no ano, na wɔn nyinaa abɔ Awurade din na wɔaka abɔ mu asom no.
Car alors je purifierai les lèvres des peuples, afin qu'ils invoquent tous le nom de Yahvé, pour le servir épaule contre épaule.
10 Mʼasomfo, me nkurɔfo a wɔabɔ ahwete no befi nsubɔnten a ɛwɔ Kus nohɔ de wɔn afɔrebɔde abrɛ me.
De l'autre côté des fleuves de Cusch, mes adorateurs, les filles de mon peuple dispersé, apporteront mon offrande.
11 Saa da no, wo Yerusalem, wɔrengu wʼanim ase wɔ nneyɛe bɔne a woayɛ atia me ho, efisɛ meyi afi saa kuropɔn yi mu, wɔn a wodi ahantan mu ahurusi, na worenyɛ ahantan bio wɔ me bepɔw kronkron no so.
En ce jour-là, vous ne serez pas déçus pour toutes les actions que vous avez commises contre moi; car alors j'ôterai du milieu de vous vos orgueilleux, et vous ne serez plus arrogants sur ma montagne sainte.
12 Nanso megyaw wɔ wo mu wɔn a wodwo na wɔbrɛ wɔn ho ase, na wɔde wɔn ho to Awurade so no.
Mais je laisserai parmi vous un peuple affligé et pauvre, et il se réfugiera dans le nom de l'Éternel.
13 Wɔrenyɛ bɔne biara; wɔrenka nkontomposɛm, na wɔn ano renka nnaadaasɛm wobedidi na wɔada, na obiara renyi wɔn hu.”
Le reste d'Israël ne commettra pas d'iniquité, ne dira pas de mensonges, et il ne se trouvera pas de langue mensongère dans leur bouche; ils paîtront et se coucheront, et personne ne leur fera peur. »
14 To dwom, Ɔbabea Sion; teɛ mu dennen, Israel! Ma wʼani nnye, na di ahurusi wɔ wo koma nyinaa mu, Ɔbabea Yerusalem!
Chante, fille de Sion! Crie, Israël! Sois dans l'allégresse et réjouis-toi de tout ton cœur, fille de Jérusalem!
15 Efisɛ Awurade ayi wʼasotwe afi wo so, wama wo tamfo asan nʼakyi. Awurade, Israelhene ka wo ho; worensuro ɔhaw biara bio.
L'Éternel a ôté tes jugements, Il a chassé ton ennemi. Il a chassé ton ennemi. Le roi d'Israël, Yahvé, est au milieu de toi. Tu ne craindras plus le mal.
16 Saa da no, wɔbɛka akyerɛ Yerusalem se, “Nsuro, Sion! Mma wo nsa mu ngow.
En ce jour-là, on dira à Jérusalem: « Ne crains pas, Sion. Ne laisse pas tes mains s'affaiblir. »
17 Awurade wo Nyankopɔn ne wo wɔ hɔ, Ɔyɛ ogyefo ɔhoɔdenfo. Nʼani begye wo ho ne dɔ mu, ɔrenka wʼanim bio, ɔde nnwonto bedi wo ho anigye.”
Yahvé, ton Dieu, est au milieu de toi, un puissant qui sauve. Il se réjouira de toi dans l'allégresse. Il te calmera dans son amour. Il se réjouira de toi en chantant.
18 “Meyi wɔn a wodi awerɛhow wɔ wʼafahyɛnna ahorow a woahwere; a ayɛ adesoa ne animguase ama wo no ho.
J'éloignerai de toi ceux qui s'affligent au sujet des fêtes fixées. Ils sont pour toi un fardeau et un opprobre.
19 Saa bere no me ne wɔn a wɔhyɛɛ wo so nyinaa bedi. Megye mmerɛwyɛfo na mɛboaboa wɔn a wɔabɔ wɔn ahwete no ano. Mɛkamfo wɔn ahyɛ wɔn anuonyam asase biara a woguu wɔn anim ase wɔ so no so.
Voici, en ce temps-là, je m'occuperai de tous ceux qui t'affligent, je sauverai les boiteux et je rassemblerai ceux qui ont été chassés. Je leur donnerai la louange et l'honneur, eux dont la honte a été dans toute la terre.
20 Saa bere no, mɛboaboa mo ano; saa bere no, mede mo bɛba fie. Mɛhyɛ wo anuonyam na makamfo mo wɔ asase so nnipa nyinaa mu bere a mede mo ahonyade bɛsan ama wo na mode mo ani behu no,” sɛnea Awurade se ni.
En ce temps-là, je vous ferai entrer, et en ce temps-là, je vous rassemblerai, car je vous rendrai honneur et louange parmi tous les peuples de la terre, quand je rétablirai votre fortune sous vos yeux, dit l'Éternel.