< Sakaria 9 >

1 Nkɔmhyɛ: Awurade asɛm tia Hadrak asase na ɛbɛka Damasko efisɛ, nnipa ne Israel mmusuakuw nyinaa ani wɔ Awurade so.
An oracle: The message of the Lord concerns the land of Hadrach, it rests upon Damascus. For the capital of Aram belongs to the Lord, as the tribes of Israel do,
2 Na ɛbɛka Hamat a ɔne no bɔ hye, ɛbɛka Tiro ne Sidon, ɛwɔ mu sɛ wɔyɛ anyansafo.
and also Hamath which borders on it. Tyre and Sidon, for all their wisdom.
3 Tiro asi abandennen ama ne ho; waboa dwetɛ ano te sɛ mfutuma, ne sikakɔkɔɔ ano te sɛ dɔte a ɛwɔ mmɔnten so.
Tyre built for herself a fortress. Heaped up silver as dust, and gold like the dirt of the streets.
4 Nanso Awurade begye nʼahode nyinaa na wasɛe ne tumi a ɔwɔ wɔ po so, na wɔde ogya bɛhyew no dwerɛbee.
But now the Lord will dispossess her, cast down her rampart into the sea. She will be consumed in fire.
5 Askelon behu na wasuro Gasa de ɔyaw bebubu ne mu, na Ekron nso saa ara, efisɛ nʼanidaso bɛsa. Gasa bɛhwere ne hene na wobegyaw Askelon ofituw.
Ashkelon will see and fear, and Gaza writhe in anguish, Ekron, also for her hope will be put to shame. The king will perish from Gaza, Ashkelon will remain uninhabited.
6 Ananafo bɛtena Asdod, na metwa Filistifo ahantan agu.
A foreign people will settle in Ashdod, and I will humble the pride of the Philistines.
7 Meyi mogya afi wɔn ano, akyiwade nnuan nso meyi afi wɔn ano. Nkae no bɛyɛ yɛn Nyankopɔn de; wɔbɛyɛ Yuda ntuanofo, na Ekron bɛyɛ sɛ Yebusifo.
I will take their blood from their mouth, and their abominations from between their teeth. They also will be a remnant for our God, like a clan in Judah, and Ekron will be like the Jebusites.
8 Nanso mɛbɔ me Fi ho ban wɔ wɔn a wɔtetɛw bɔ korɔn ho. Ɔhyɛsoni biara ntumi mfa me nkurɔfo so bio, efisɛ afei merewɛn.
But I will encamp as a guard about my house, so that none will pass through or return, and no oppressor will pass through them again, for now I have seen with my own eyes.
9 Di ahurusi, Ɔbabea Sion! Teɛ mu, Ɔbabea Yerusalem! Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn. Ɔteɛ na ɔwɔ nkwagye, odwo, na ɔte afurum so, afurum ba so na ɔte.
Rejoice greatly, daughter of Zion! Shout aloud, daughter of Jerusalem! Look, your king comes to you. Vindicated and victorious is he, humble, and riding on a donkey, on a colt, the foal of a donkey.
10 Megye nteaseɛnam afi Efraim ne akofo apɔnkɔ afi Yerusalem, na akodi tadua no wobebubu mu. Ɔbɛpae mu aka asomdwoe nsɛm akyerɛ aman no. Nʼahenni befi po akɔka po; ebefi Asubɔnten no akɔpem nsase ano.
He will cut off chariots from Ephraim, and war horses from Jerusalem. The battle bow will be cut off, and he will speak peace to the nations. His rule will be from sea to sea, from the river to the ends of the earth.
11 Na wo de, esiane me ne wo mogya apam no nti, meyi wo nneduafo afi amoa a nsu nni mu mu.
And you, too – because of your blood covenant, I have set free your prisoners from the waterless pit.
12 Monsan nkɔ mʼaban mu, nneduafo a mowɔ anidaso; mprempren mpo merebɔ mo nkae sɛ mɛhyɛ mo anan mu mmɔho.
To the stronghold will the prisoners of hope return. This day I declare, I will restore double to you.
13 Mɛkom Yuda sɛnea mikuntun me tadua na mede Efraim bɛhyɛ mu. Mɛkanyan wo mmabarima, Sion, atia wo Hela mmabarima, na mɛyɛ wo sɛ ɔkofo afoa.
For I have bent Judah to me, like a bow which I have filled with Ephraim like an arrow. I will urge your sons, Zion, against the sons of Greece, I will make you like the sword of a hero.
14 Afei Awurade bɛda ne ho adi wɔ wɔn so; nʼagyan betwa yerɛw te sɛ anyinam. Otumfo Awurade bɛhyɛn torobɛnto no; ɔbɛbɔ nsra wɔ atɔe fam ahum mu,
Then the Lord will be seen above them and his arrow will go forth like lightning. The Lord will blow a blast upon a trumpet, and travel on the whirlwinds of the south.
15 Asafo Awurade bɛkata wɔn so. Wɔde ahwimmo bɛsɛe na wɔde adi nkonim. Wɔbɛnom na wɔabobɔ mu sɛnea wɔanom nsa; wɔbɛyɛ ma te sɛ kuruwa a wɔde pete afɔremuka ntwea so.
The Lord of hosts will defend them. They will devour and tread down the slingstones, they will drink their blood like wine, they will be full like a bowl, like the crevices of the altar.
16 Awurade wɔn Nyankopɔn, begye wɔn saa da no sɛ oguanhwɛfo gye ne nguan. Wobetwa yerɛw yerɛw wɔ nʼasase so, sɛ abohemaa a ɛbobɔ ahenkyɛw ho.
And the Lord their God will save them on that day, as the flock of his people, as the jewel of a crown shining in his land.
17 Sɛnea wɔn ho betwa na wɔn ho ayɛ fɛ afa! Aduan bɛma mmerante anyin ahoɔden so na nsa foforo bɛma mmabaa anyin saa ara.
How good and how beautiful will it be! Corn will make the young men flourish and new wine the young women!

< Sakaria 9 >