< Sakaria 8 >

1 Asafo Awurade asɛm baa me nkyɛn bio.
Asafo Awurade asɛm baa me nkyɛn bio.
2 Sɛɛ na Asafo Awurade se: “Metwe Sion ho ninkunu pa ara; metwe ne ho ninkunu anibere so.”
Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: “Metwe Sion ho ninkunu pa ara; metwe ne ho ninkunu anibereɛ so.”
3 Nea Awurade se ni, “Mɛsan akɔ Sion na makɔtena Yerusalem. Afei wɔbɛfrɛ Yerusalem Nokware Kuropɔn, na Asafo Awurade bepɔw no, wɔbɛfrɛ no Bepɔw Kronkron.”
Deɛ Awurade seɛ nie, “Mɛsane akɔ Sion na makɔtena Yerusalem. Afei wɔbɛfrɛ Yerusalem Nokorɛ Kuropɔn, na Asafo Awurade bepɔ no, wɔbɛfrɛ no Bepɔ Kronkron.”
4 Nea Asafo Awurade se ni: “Nkwakoraa ne mmerewa bɛtenatena Yerusalem mmɔnten so bio a obiara kura pema, esiane onyin nti.
Deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Nkɔkoraa ne mmerewa bɛtenatena Yerusalem mmɔntene so bio a obiara kura poma, ɛsiane onyini enti.
5 Na mmarimaa ne mmeawa a wɔredi agoru bɛhyɛ kuropɔn no mmɔnten so ma.”
Na mmarimaa ne mmaayewa a wɔredi agorɔ bɛhyɛ kuropɔn no mmɔntene so ma.”
6 Nea Asafo Awurade se ni: “Nkae no de, ɛbɛyɛ wɔn nwonwa saa bere no, na me nso ɛbɛyɛ me nwonwa ana?”
Deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Nkaeɛfoɔ yi deɛ, ɛbɛyɛ wɔn nwanwa saa ɛberɛ no, na me nso ɛbɛyɛ me nwanwa anaa?”
7 Nea Asafo Awurade se ni: “Megye me nkurɔfo afi aman a ɛwɔ apuei ne atɔe no so.
Deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Mɛgye me nkurɔfoɔ afiri aman a ɛwɔ apueeɛ ne atɔeɛ no so.
8 Mede wɔn bɛsan aba abɛtena Yerusalem; wɔbɛyɛ me nkurɔfo, na mayɛ wɔn Nyankopɔn wɔ nokware ne trenee mu.”
Mede wɔn bɛsane aba abɛtena Yerusalem; wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ, na mayɛ wɔn Onyankopɔn wɔ nokorɛ ne tenenee mu.”
9 Nea Asafo Awurade se ni: “Mo a afei na morete nsɛm a adiyifo no kae no; adiyifo a na wɔwɔ hɔ bere a wɔtoo Asafo Awurade fi fapem no, monhyɛ mo ho den, na moatumi asi asɔredan no.
Deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Mo a afei na morete nsɛm a adiyifoɔ no kaeɛ no; adiyifoɔ a na wɔwɔ hɔ ɛberɛ a wɔtoo Asafo Awurade fie fapem no, monhyɛ mo ho den, na moatumi asi asɔredan no.
10 Bere no nnya nsoe no, na wontua apaade mma nnipa anaa mmoa. Atamfo nti, na obiara ntumi nkɔ nʼadwuma so asomdwoe mu, efisɛ na mede mpaapaemu aba wɔn mu.
Ɛberɛ no nnya nsoeɛ no, na wɔntua apaadie ho ka mma nnipa anaa mmoa. Atamfoɔ enti, na obiara ntumi nkɔ nʼadwuma so asomdwoeɛ mu, ɛfiri sɛ na mede mpaapaemu aba wɔn mu.
11 Nanso afei de, merenyɛ nkae yi sɛnea meyɛɛ kan no,” sɛnea Asafo Awurade se ni.
Nanso, afei deɛ, merenyɛ nkaeɛfoɔ yi sɛdeɛ meyɛɛ kane no,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
12 “Aba no benyin yiye, bobe bɛsow nʼaba, asase no bɛbɔ nʼaduan na ɔsoro nso bɛtɔ ne bosu. Mede saa nneɛma yi nyinaa bɛma nkae yi sɛ wɔn agyapade.
“Aba no bɛnyini yie, bobe bɛso nʼaba, asase no bɛbɔ nʼaduane na ɔsoro nso bɛtɔ ne bosuo. Mede saa nneɛma yi nyinaa bɛma nkaeɛfoɔ yi sɛ wɔn agyapadeɛ.
13 Mo, Yuda ne Israel, moayɛ nnome wɔ aman no mu, nanso megye mo na moayɛ nhyira. Munnsuro, na monhyɛ mo ho den.”
Mo, Yuda ne Israel, moayɛ nnome wɔ aman no mu, nanso mɛgye mo na moayɛ nhyira. Monnsuro, na monhyɛ mo ho den.”
14 Nea Asafo Awurade se ni: “Sɛnea meyɛɛ mʼadwene sɛ mede atoyerɛnkyɛm bɛba mo so, na mannya ahummɔbɔ bere a mo agyanom fuw me bo no,
Deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Sɛdeɛ meyɛɛ mʼadwene sɛ mede atoyerɛnkyɛm bɛba mo so, na mannya ahummɔborɔ ɛberɛ a mo agyanom fuu me bo no,
15 saa ara na afei mayɛ mʼadwene sɛ mɛyɛ Yerusalem ne Yuda yiye. Munnsuro.
saa ara na afei mayɛ mʼadwene sɛ, mɛyɛ Yerusalem ne Yuda yie. Monnsuro.
16 Nea ɛsɛ sɛ moyɛ ni: Munni mo ho mo ho nokware. Mummu atɛntrenee wɔ mo asennii;
Deɛ ɛsɛ sɛ moyɛ nie: Monni mo ho mo ho nokorɛ. Mommu atɛntenenee wɔ mo asɛnniiɛ;
17 mommmɔ pɔw bɔne ntia mo ho mo ho, na monnnɔ ntam hunu. Mikyi saa nneɛma yi nyinaa,” sɛnea Awurade se ni.
mommmɔ po bɔne ntia mo ho mo ho, na monnnɔ ntam hunu. Mekyiri saa nneɛma yi nyinaa,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
18 Asafo Awurade asɛm baa me nkyɛn bio.
Asafo Awurade asɛm baa me nkyɛn bio.
19 Nea Asafo Awurade se ni: “Asram anan, anum, ason ne du mu mmuadadi no bɛyɛ anigye ne ahosɛpɛwmmere, na ɛbɛyɛ anigye afahyɛ ama Yuda. Enti monnɔ nokware ne asomdwoe.”
Deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Abosome ɛnan, enum, nson ne edu mu mmuadadie no bɛyɛ anigyeɛ ne ahosɛpɛ mmerɛ, na ɛbɛyɛ anigyeɛ afahyɛ ama Yuda. Enti monnɔ nokorɛ ne asomdwoeɛ.”
20 Nea Asafo Awurade se ni, “Nnipa bebree ne wɔn a wɔtete nkuropɔn bebree so bɛba ara,
Deɛ Asafo Awurade seɛ nie, “Nnipa bebree ne wɔn a wɔtete nkuropɔn bebree so bɛba ara,
21 na nnipa a wofi kuropɔn baako so bɛkɔ foforo so akɔka se, ‘Momma yɛnkɔ mprempren ara nkɔsrɛ Awurade na yɛnhwehwɛ Asafo Awurade. Me de, merekɔ.’
na nnipa a wɔfiri kuropɔn baako so bɛkɔ foforɔ so akɔka sɛ, ‘Momma yɛnkɔ seesei ara nkɔsrɛ Awurade na yɛnhwehwɛ Asafo Awurade. Me deɛ, merekɔ.’
22 Na nnipa bebree ne aman akɛse bɛba Yerusalem abɛhwehwɛ Asafo Awurade no, na wɔakotow asrɛ no.”
Na nnipa bebree ne aman akɛseɛ bɛba Yerusalem abɛhwehwɛ Asafo Awurade no, na wɔakoto asrɛ no.”
23 Nea Asafo Awurade se ni: “Nna no mu, nnipa du a wɔka kasa ahorow na wofi aman ahorow so bɛba abeso Yudani atade mmuano mu, na wɔbɛka se, ‘Wo ne yɛn nkɔ, efisɛ yɛate sɛ Onyankopɔn ka wo ho.’”
Deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Nna no mu, nnipa edu a wɔka kasa ahodoɔ na wɔfiri aman ahodoɔ so bɛba abɛsɔ Yudani atadeɛ mmuano mu na wɔbɛka sɛ, ‘Wo ne yɛn nkɔ, ɛfiri sɛ yɛate sɛ Onyankopɔn ka wo ho.’”

< Sakaria 8 >