< Sakaria 7 >

1 Ɔhene Dario adedi mfe anan so no, Awurade asɛm baa Sakaria nkyɛn ɔsram a ɛto so akron a wɔfrɛ no Kislev no da ɛto so anan no mu.
Potom èetvrte godine cara Darija doðe rijeè Gospodnja Zahariji èetvrtoga dana devetoga mjeseca, Hasleva,
2 Na Bet-Elfo asoma Sareser ne Regem-Melek ne wɔn mmarima sɛ wɔnkɔsrɛ Awurade.
Kad poslaše u dom Božji Sarasara i Regemeleha i ljude svoje da mole Gospoda,
3 Wɔmfa asɔfo a wɔwɔ Asafo Awurade fi ne adiyifo so mmisa se, “Menkɔ so ntwa adwo, nni mmuada wɔ ɔsram a ɛto so anum no mu, sɛnea mayɛ no mfe bebree a atwa mu no ana?”
I da govore sveštenicima, koji bijahu u domu Gospoda nad vojskama, i prorocima, i reku: hoæemo li plakati petoga mjeseca odvajajuæi se, kako èinismo veæ toliko godina?
4 Afei Asafo Awurade asɛm baa me nkyɛn se,
I doðe mi rijeè Gospodnja govoreæi:
5 “Bisa asase no so nnipa nyinaa ne asɔfo no se, ‘Mfe aduɔson a atwam no, sɛ mudii mmuada na mutwaa adwo wɔ asram anum ne ason so no, na ɛyɛ ampa sɛ me nti na mudi mmuada no ana?
Kaži svemu narodu zemaljskom i sveštenicima, i reci: kad postiste i tužiste petoga i sedmoga mjeseca za sedamdeset godina, eda li meni postiste?
6 Bere a mudidi na monom no, na ɛnyɛ mo ara na moyɛ de gye mo ani ana?
A kad jedete i pijete, ne jedete li i ne pijete li sami?
7 Ɛnyɛ saa nsɛm yi ara na Awurade faa kan adiyifo so paee mu kae, wɔ bere a Yerusalem ne nkurow a atwa ne ho ahyia no wɔ asomdwoe ne nkɔso no, bere a na nnipa akɔtena Negeb ne atɔe fam nkoko no so ana?’”
Nijesu li to rijeèi koje je Gospod proglasio preko preðašnjih proroka, kad Jerusalim bijaše naseljen i miran i gradovi njegovi oko njega, i kad bijaše naseljen južni kraj i ravnica?
8 Na Awurade asɛm baa Sakaria nkyɛn bio:
Doðe rijeè Gospodnja Zahariji govoreæi:
9 “Sɛɛ na Asafo Awurade se, ‘Mummu atɛn a ɛyɛ nokware na munnya ahummɔbɔ ne ayamhyehye mma mo ho mo ho.
Ovako govori Gospod nad vojskama: sudite pravo i budite milostivi i žalostivi jedan drugom.
10 Monnhyɛ akunafo, ayisaa, ahɔho ne ahiafo so. Monnnwene bɔne mo koma mu mma mo ho mo ho.’
I ne èinite krivo udovici ni siroti, inostrancu ni siromahu, i ne mislite zlo jedan drugom u srcu svom.
11 “Nanso wɔantie; wɔde asoɔden dan wɔn akyi na wosisiw wɔn aso.
Ali ne htješe slušati, i uzmakoše ramenom natrag, i zatiskoše uši svoje da ne èuju.
12 Wɔyɛɛ wɔn koma den sɛ ɔtwɛrebo, na wɔantie mmara anaa nsɛm a Asafo Awurade nam ne Honhom so de somaa kan adiyifo no. Ɛno nti, Asafo Awurade bo fuw yiye.
I srcem svojim otvrdnuše kao dijamanat da ne èuju zakona i rijeèi koje sla Gospod nad vojskama duhom svojim preko proroka preðašnjih; zato doðe velik gnjev od Gospoda nad vojskama.
13 “‘Mefrɛe no, wɔannye me so, enti wɔfrɛ a merennye wɔn so,’ sɛnea Asafo Awurade se ni.
Zato kao što on vika a oni ne slušaše, tako i oni vikaše a ja ih ne slušah, govori Gospod nad vojskama.
14 ‘Mede mfɛtɛ bɔɔ wɔn petee aman nyinaa so ma wɔkɔyɛɛ ahɔho wɔ hɔ. Asase a wogyaw no daa mpan a obiara ntwa mu wɔ hɔ. Sɛɛ na wɔyɛ maa asase fɛfɛɛfɛ no sɛee.’”
Nego ih razmetnuh vihorom po svijem narodima, kojih ne poznavaše, i zemlja opustje iza njih da niko u nju ne dohoðaše niti se iz nje vraæaše, i obratiše milu zemlju u pustoš.

< Sakaria 7 >