< Sakaria 6 >

1 Memaa mʼani so bio, na mihuu nteaseɛnam anan a efi mmepɔw abien ntam reba, mmepɔw no yɛ kɔbere mfrafrae.
De nouveau, je levai les yeux pour regarder, et voici que quatre chars sortaient d’entre les deux montagnes; or, ces montagnes étaient des montagnes d’airain.
2 Teaseɛnam a edi kan no, na apɔnkɔ kɔkɔɔ na wɔtwe, na apɔnkɔ tuntum nso twe nea ɛto so abien no.
Au premier char il y avait des chevaux roux, au second char des chevaux noirs;
3 Nea ɛto so abiɛsa no, na apɔnkɔ fitaa na wɔtwe. Nea ɛto so anan no, na apɔnkɔ ntokontrama na wɔtwe, na apɔnkɔ no nyinaa ho yɛ den.
au troisième char des chevaux blancs et au quatrième char des chevaux tachetés brun.
4 Mibisaa ɔbɔfo a na ɔne me rekasa no se, “Me wura, eyinom yɛ dɛn?”
Je pris la parole et dis à l’ange qui conversait avec moi: "Que représentent ceux-là, seigneur?"
5 Ɔbɔfo no buaa me se, “Eyinom yɛ ahonhom anan a wofi ɔsoro, na wɔrefi wiase nyinaa Awurade no anim akɔ.
L’Ange répliqua en me disant: "Ce sont les quatre vents du ciel qui sortent, après s’être présentés devant le Maître de toute la terre."
6 Teaseɛnam a apɔnkɔ tuntum retwe no rekɔ ɔman a ɛwɔ atifi fam no so. Teaseɛnam a apɔnkɔ fitaa retwe no rekɔ atɔe fam; na nea apɔnkɔ ntokontrama twe no rekɔ anafo fam.”
Pour ce qui est du char où sont les chevaux noirs, ils prirent leur course vers le pays du Nord, les blancs suivirent leurs traces; quant aux tachetés, ils s’en allèrent vers le pays du Sud.
7 Apɔnkɔ ahoɔdenfo no fii adi no, wɔpɛɛ sɛ wɔkɔ asase nyinaa so. Na ɔbɔfo no kae se, “Monkɔ asase nyinaa so!” Enti wɔkɔɔ asase so mmaa nyinaa.
Et les bruns sortirent à leur tour, demandant à aller parcourir la terre. Et il dit: "Allez et parcourez la terre!" Et ils se mirent à parcourir la terre.
8 Afei ɔfrɛɛ me se, “Hwɛ, wɔn a wɔrekɔ atifi fam man so no ama me Honhom ahomegye wɔ atifi fam asase no so.”
Puis, il m’apostropha et me parla en ces termes: "Vois, ceux qui s’en vont vers le pays du Nord, apaisent mon esprit dans le pays du Nord."
9 Awurade asɛm baa me nkyɛn. Ɔkae se,
La parole de l’Eternel me fut adressée en ces termes:
10 “Gye sikakɔkɔɔ ne dwetɛ fi wɔn a wɔatwa wɔn asu, Heldai, Tobia ne Yedaia a wofi Babilonia aba no nkyɛn. Da no ara kɔ Sefania babarima Yosia fi.
"Accepte de la part de ceux qui sont en exil les dons apportés par Heldaï, Tobia et Jedaïa et va, ce même jour, te rendre dans la maison de Josia, fils de Cefania, où ils sont arrivés de Babylone.
11 Gye dwetɛ ne sikakɔkɔɔ na fa yɛ ahenkyɛw, hyɛ ɔsɔfopanyin Yosua a ɔyɛ Yehosadak babarima no ti.
Tu prendras de l’argent et de l’or, tu en feras des couronnes, que tu poseras sur la tête de Josué, fils de Joçadak, le grand-prêtre.
12 Ka kyerɛ no se, sɛɛ na Asafo Awurade se: ‘Ɔbarima a wɔfrɛ no Dubaa no ni, na ɔbɛfefɛw afi hɔ akosi Awurade asɔredan no.
Et tu lui diras ces mots: Ainsi parle l’Eternel-Cebaot: Voici un homme dont le nom est "Rejeton" et il germera de sa place pour bâtir le temple de l’Eternel.
13 Ɔno na obesi Awurade asɔredan no, na wɔbɛhyɛ no anuonyam, na ɔbɛtena nʼahengua so adi ne hene, na ɔbɛyɛ ɔsɔfo wɔ nʼahengua so. Afei asomdwoe bɛba abien no ntam.’
Oui, c’est lui qui bâtira le temple de l’Eternel, il en retirera de la gloire et il s’asseoira et règnera sur son trône; un prêtre sera près de son trône, et il y aura une entente pacifique entre eux.
14 Wɔde ahenkyɛw no bɛma Heldai, Tobia, Yedaia ne Sefania babarima Hen, na wɔde ayɛ nkae ade wɔ Awurade asɔredan mu.
Les couronnes seront conservées dans le temple de l’Eternel, comme mémorial à l’intention de Hèlem, Tobia et Jedaïa, et comme signe d’honneur pour le fils de Cefania.
15 Wɔn a wɔwɔ akyirikyiri no bɛba abɛboa Awurade asɔredan no si, na mubehu sɛ Asafo Awurade na wasoma me mo nkyɛn. Sɛ moyɛ osetie ma Awurade mo Nyankopɔn nokware mu a, eyi bɛba mu.”
Et on viendra de loin pour prendre part à la construction du temple de l’Eternel, et vous reconnaîtrez que c’est l’Eternel-Cebaot qui m’a délégué auprès de vous. Cela s’accomplira, si vous obéissez ponctuellement à la voix de l’Eternel, votre Dieu."

< Sakaria 6 >