< Sakaria 5 >

1 Mehwɛɛ bio, na mihuu nhoma mmobɔwee a ɛretu wɔ wim wɔ mʼanim!
わたしがまた目をあげて見ていると、飛んでいる巻物を見た。
2 Obisaa me se, “Dɛn na wuhu yi?” Mibuae se, “Mihu nhoma mmobɔwee a ɛnenam wim a ne tenten yɛ anammɔn aduasa, na ne trɛw nso yɛ anammɔn dunum.”
彼がわたしに「何を見るか」と言ったので、「飛んでいる巻物を見ます。その長さは二十キュビト、その幅は十キュビトです」と答えた。
3 Na ɔka kyerɛɛ me se, “Eyi ne nnome a ɛreba asase yi so nyinaa; sɛnea ɔfa baako kyerɛ no, wɔbɛpam ɔkorɔmfo biara, na ɔfa baako nso kyerɛ sɛ, obiara a ɔka ntamhunu no, wɔbɛpam no.
すると彼はまた、わたしに言った、「これは全地のおもてに出て行く、のろいの言葉です。すべて盗む者はこれに照して除き去られ、すべて偽り誓う者は、これに照して除き去られるのです。
4 Asafo Awurade pae mu ka se, ‘Meresoma nnome yi na ɛbɛhyɛn ɔkorɔmfo ne obiara a ɔde me din ka ntamhunu no fi. Ɛbɛka ofie hɔ na asɛe ne nnua ne abo.’”
万軍の主は仰せられます、わたしはこれを出て行かせる。これは盗む者の家に入り、またわたしの名をさして偽り誓う者の家に入り、その家の中に宿って、これをその木と石と共に滅ぼすと」。
5 Afei ɔbɔfo a na ɔne me rekasa no baa nʼanim bɛka kyerɛɛ me se, “Ma wʼani so na hwɛ eyi, nea ɛreba yi.”
わたしと語る天の使は進んで来て、わたしに「目をあげて、この出てきた物が、なんであるかを見なさい」と言った。
6 Mibisa sɛ “Ɛyɛ dɛn?” Obuae se, “Ɛyɛ kɛntɛn a wɔde susuw nneɛma.” Ɔtoaa so se, “nnipa a wɔwɔ wiase yi mu bɔne ahyɛ no ma.”
わたしが「これはなんですか」と言うと、彼は「この出てきた物は、エパ枡です」と言い、また「これは全地の罪です」と言った。
7 Afei woyii kɛntɛn no so sumpii mmuaso no, na mu na na ɔbea bi hyɛ!
そして見よ、鉛のふたを取りあげると、そのエパ枡の中にひとりの女がすわっていた。
8 Ɔkae se, “Eyi yɛ atirimɔdensɛm,” afei ɔkaa ɔbea no hyɛɛ kɛntɛn no mu na ɔde sumpii mmuaso no kataa no so.
すると彼は「これは罪悪である」と言って、その女をエパ枡の中に押し入れ、鉛の重しを、その枡の口に投げかぶせた。
9 Afei memaa me ti so huu mmea baanu a wɔwɔ ntaban te sɛ asukɔnkɔn de a wɔde dannan wɔn ho wɔ wim. Wɔmaa kɛntɛn no so kɔɔ wim, ɔsoro ne asase ntam.
それからわたしが目をあげて見ていると、ふたりの女が出てきた。これに、こうのとりの翼のような翼があり、その翼に風をはらんで、エパ枡を天と地との間に持ちあげた。
10 Mibisaa ɔbɔfo a na ɔne me rekasa no se, “Ɛhe na wɔde kɛntɛn no rekɔ?”
わたしは、わたしと語る天の使に言った、「彼らはエパ枡を、どこへ持って行くのですか」。
11 Obuae se, “Wɔde rekɔ Babilonia asase so akosi fi ama no. Na sɛ, wowie a, wɔde kɛntɛn no bɛkɔ akosi nʼafa.”
彼はわたしに言った、「シナルの地で、女たちのために家を建てるのです。それが建てられると、彼らはエパ枡をそこにすえ、それの土台の上に置くのです」。

< Sakaria 5 >