< Sakaria 3 >

1 Afei ɔkyerɛɛ me ɔsɔfopanyin Yosua a ogyina Awurade bɔfo anim, na Satan gyina ne nifa so rebɛbɔ no sobo.
Et ostendit mihi Dominus Jesum sacerdotem magnum, stantem coram angelo Domini: et Satan stabat a dextris ejus ut adversaretur ei.
2 Na Awurade ka kyerɛɛ Satan se, “Awurade nka wʼanim, Satan! Awurade a wafa Yerusalem no, nka wʼanim. Saa ɔbarima yi nyɛ gyentia a wɔatu afi ogya mu ana?”
Et dixit Dominus ad Satan: Increpet Dominus in te, Satan! et increpet Dominus in te, qui elegit Jerusalem! numquid non iste torris est erutus de igne?
3 Na Yosua hyɛ ntadefi, bere a ogyina ɔbɔfo no anim.
Et Jesus erat indutus vestibus sordidis, et stabat ante faciem angeli.
4 Ɔbɔfo no ka kyerɛɛ wɔn a wogyinagyina nʼanim no se, “Munnyi ne ho ntadefi no.” Afei ɔka kyerɛɛ Yosua se, “Hwɛ, mayi wo bɔne afi wo so, na mede ntade a ɛyɛ fɛ bɛhyɛ wo.”
Qui respondit, et ait ad eos qui stabant coram se, dicens: Auferte vestimenta sordida ab eo. Et dixit ad eum: Ecce abstuli a te iniquitatem tuam, et indui te mutatoriis.
5 Afei mekae se, “Momfa abotiri a ani tew mmɔ ne ti.” Enti wɔde abotiri a ani tew bɔɔ no, na wɔhyɛɛ no atade, bere a Awurade bɔfo no gyina hɔ.
Et dixit: Ponite cidarim mundam super caput ejus. Et posuerunt cidarim mundam super caput ejus, et induerunt eum vestibus: et angelus Domini stabat.
6 Na Awurade bɔfo de saa akwankyerɛ yi maa Yosua:
Et contestabatur angelus Domini Jesum, dicens:
7 “Sɛɛ na Asafo Awurade se: ‘Sɛ wobɛyɛ osetie ama me na woayɛ mʼapɛde a, ɛno de, wubedi me fi so na woahwɛ mʼabangua so, na mɛma wo baabi atena wɔ nnipa a wogyinagyina ha yi mu.
Hæc dicit Dominus exercituum: Si in viis meis ambulaveris, et custodiam meam custodieris, tu quoque judicabis domum meam, et custodies atria mea, et dabo tibi ambulantes de his qui nunc hic assistunt.
8 “‘Tie, Ɔsɔfopanyin Yosua, wo ne wo nkurɔfo a wɔtete wʼanim yi, moyɛ nnipa a wogyina hɔ ma nneɛma a ɛrebesisi: Mede me somfo, Dubaa no bɛba.
Audi, Jesu sacerdos magne, tu et amici tui, qui habitant coram te, quia viri portendentes sunt: ecce enim ego adducam servum meum Orientem.
9 Hwɛ, ɔbo a mede asi Yosua anim! Ani ason na etuatua saa ɔbo baako no ho, na mikurukyerɛw biribi wɔ so,’ sɛnea Asafo Awurade se ni, ‘na mede da koro pɛ bɛpepa asase yi so bɔne.
Quia ecce lapis quem dedi coram Jesu: super lapidem unum septem oculi sunt: ecce ego cælabo sculpturam ejus, ait Dominus exercituum, et auferam iniquitatem terræ illius in die una.
10 “‘Saa da no mo mu biara bɛto nsa afrɛ ne yɔnko ne no akɔtena ne ngodua ne borɔdɔma dua ase,’ sɛnea Asafo Awurade se ni.”
In die illa, dicit Dominus exercituum, vocabit vir amicum suum subter vitem et subter ficum.

< Sakaria 3 >