< Sakaria 2 >
1 Afei memaa mʼani so, na mihuu ɔbarima bi a okura susuhama sɛ ogyina mʼanim!
Afei memaa mʼani so, na mehunuu ɔbarima bi a ɔkura susuhoma sɛ ɔgyina mʼanim!
2 Mibisaa no se, “Ɛhe na worekɔ?” Obuae se, “Merekosusuw Yerusalem, ahu ne trɛw ne ne tenten.”
Mebisaa no sɛ, “Ɛhe na worekɔ?” Ɔbuaa sɛ, “Merekɔsusu Yerusalem, ahunu ne tɛtrɛtɛ ne ne tentene.”
3 Na ɔbɔfo a na ɔne me rekasa na kɔe, na ɔbɔfo foforo behyiaa no
Na ɔbɔfoɔ a na ɔne me rekasa no kɔɔeɛ, na ɔbɔfoɔ foforɔ bɛhyiaa no
4 na ɔka kyerɛɛ no se, “Tu mmirika, ka kyerɛ saa aberante no se, ‘Yerusalem bɛyɛ kuropɔn a enni afasu esiane nnipa ne mmoa dodow a wɔwɔ mu nti.
na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Tu mmirika, ka kyerɛ saa aberanteɛ no sɛ, ‘Yerusalem bɛyɛ kuropɔn a ɛnni afasuo ɛsiane nnipa ne mmoa dodoɔ a wɔwɔ mu enti.
5 Na mʼankasa mɛyɛ ogya fasu, atwa ho ahyia,’ sɛnea Awurade se ni, ‘na mayɛ ne mu anuonyam.’
Na mʼankasa mɛyɛ ogya fasuo, atwa ho ahyia,’ sɛdeɛ Awurade seɛ nie, ‘na mayɛ ne mu animuonyam.’
6 “Mommra! Mommra! Munguan mfi atifi asase no so,” sɛ Awurade se ni, “Na mahwete mo mu ama ɔsoro mframa anan no,” sɛnea Awurade se ni.
“Mommra! Mommra! Monnwane mfiri atifi asase no so,” sɛ Awurade seɛ nie, “Na mahwete mo mu ama ɔsoro mframa ɛnan no,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
7 “Mommra, Sion! Munguan, mo a mote Ɔbabea Babilonia!”
“Mommra, Ao Sion! Monnwane mo a mote Babilonia!”
8 Efisɛ sɛɛ na Asafo Awurade se, “Onuonyamfo no asoma me akotia aman a wɔafow mo nneɛma no akyi no, nea ɔde ne nsa bɛka mo biara no de nsa aka AWURADE aniwa nkesua.
Ɛfiri sɛ sei na Asafo Awurade seɛ, “Onimuonyamfoɔ no asoma me akɔtia aman a wɔafo wo nneɛma no. Ɛfiri sɛ, deɛ ɔde ne nsa bɛka wo biara no de nsa aka AWURADE aniwa kosua.
9 Nokware, mɛma me nsa so de atia wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nkoa bɛfom wɔn nneɛma. Na ɛbɛma moahu sɛ Asafo Awurade na wasoma me.
Nokorɛm mɛma me nsa so de atia wɔn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn nkoa bɛfom wɔn nneɛma. Na ɛbɛma woahunu sɛ Asafo Awurade na wasoma me.
10 “Teɛ mu na ma wʼani nnye, Ɔbabea Sion. Efisɛ, mereba, na mene mo bɛtena,” sɛnea Awurade se ni.
“Team na ma wʼani nnye, Ao, Ɔbabaa Sion. Ɛfiri sɛ, mereba, na mene mo bɛtena,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
11 “Aman bebree bɛka Awurade ho saa da no na wɔabɛyɛ me nkurɔfo. Me ne mo bɛtena, na mubehu sɛ, Asafo Awurade na wasoma me mo nkyɛn.
“Aman bebree bɛka Awurade ho saa ɛda no na wɔabɛyɛ me nkurɔfoɔ. Me ne mo bɛtena, na mobɛhunu sɛ, Asafo Awurade na wasoma me mo nkyɛn.
12 Awurade bɛfa Yuda sɛ nʼagyapade wɔ asase kronkron no so, na ɔbɛfa Yerusalem bio.
Awurade bɛfa Yuda sɛ nʼagyapadeɛ wɔ asase kronkron no so, na ɔbɛfa Yerusalem bio.
13 Monyɛ komm wɔ Awurade anim, adesamma nyinaa, efisɛ wakanyan ne ho wɔ ne tenabea kronkron hɔ.”
Monyɛ komm wɔ Awurade anim, adasamma nyinaa, ɛfiri sɛ wakanyane ne ho wɔ nʼatenaeɛ kronkron hɔ.”