< Sakaria 13 >
1 “Saa da no, wobetu asubura ama Dawidfi ne Yerusalemfo de ahohoro wɔn bɔne ne wɔn ho fi.
“Saa ɛda no, wɔbɛtu asubura ama Dawid fie ne Yerusalemfoɔ de ahohoro wɔn bɔne ne wɔn ho fi.
2 “Saa da no, meyi ahoni no din afi asase no so, na wɔrenkae wɔn bio,” sɛnea Asafo Awurade se ni. “Meyi adiyifo ne fi honhom afi asase no so.
“Saa ɛda no, mɛyi ahoni no din afiri asase no so, na wɔrenkae wɔn bio,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. “Mɛyi adiyifoɔ ne efiyɛ honhom afiri asase no so.
3 Sɛ obi kɔ so hyɛ nkɔm a agya ne ɛna a wɔwoo saa nipa no bɛka akyerɛ no se, ‘Ɛsɛ sɛ wuwu, efisɛ, wode Awurade din atwa atoro.’ Sɛ ɔhyɛ nkɔm a, ɔno ankasa awofo bɛwɔ no afoa.
Sɛ obi kɔ so hyɛ nkɔm a, agya ne ɛna a wɔwoo saa onipa no bɛka akyerɛ no sɛ, ‘Ɛsɛ sɛ wowuo, ɛfiri sɛ, wode Awurade din atwa atorɔ.’ Sɛ ɔhyɛ nkɔm a, ɔno ankasa awofoɔ bɛwɔ no sekan.
4 “Saa da no, odiyifo biara ani bewu wɔ ne nkɔmhyɛ anisoadehu ho. Ɔrenhyɛ odiyifo atade a wɔde nwi ayɛ no mfa nnaadaa nnipa.
“Saa ɛda no, odiyifoɔ biara ani bɛwu wɔ ne nkɔmhyɛ anisoadehunu ho. Ɔrenhyɛ odiyifoɔ atadeɛ a wɔde nwi ayɛ, mfa nnaadaa nnipa.
5 Ɔbɛka se, ‘Menyɛ odiyifo. Meyɛ okuafo. Na efi me mmerantebere mu, asase yi so na minya mʼano aduan.’
Ɔbɛka sɛ, ‘Menyɛ odiyifoɔ. Meyɛ okuafoɔ. Na ɛfiri me mmeranteberɛ mu no, asase yi so na menya mʼano aduane.’
6 Na sɛ obi bisa no se, ‘Akuru bɛn na ɛwɔ wo ho yi a?’ Obebua se, ‘Ɛyɛ akuru a minyaa wɔ me nnamfonom fi.’”
Na sɛ obi bisa no sɛ, ‘Ɛdeɛn akuro na ɛwɔ wo ho yi a?’ Ɔbɛbua sɛ, ‘Ɛyɛ akuro a menyaa wɔ me nnamfonom fie.’”
7 “Sɔre, afoa, sɔre tia me guanhwɛfo, tia onipa a ɔbɛn me!” Sɛnea Asafo Awurade se ni. “Bɔ oguanhwɛfo no, na nguan no bɛbɔ ahwete, na mɛma me nsa so atia nguantenmma no.
“Sɔre, Ao, akofena, sɔre tia me dwanhwɛfoɔ, tia onipa a ɔbɛn me!” Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. “Bɔ odwanhwɛfoɔ no, na nnwan no bɛbɔ ahwete, na mɛma me nsa so atia nnwammaa no.
8 Asase no so nyinaa,” sɛnea Awurade se ni, “Wɔbɛbɔ nkyɛmu abiɛsa mu abien ahwe fam ma wɔawuwu; na nkyɛmu abiɛsa mu baako bɛka wɔ so.
Asase no so nyinaa,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie, “Wɔbɛbɔ nkyɛmu mmiɛnsa mu mmienu ahwe fam ma wɔawuwu; na nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bɛka wɔ so.
9 Mede nkyɛmu abiɛsa mu baako yi bɛfa ogya mu; mɛnan wɔn te sɛnea wɔnan dwetɛ, na masɔn wɔn so sɛ sikakɔkɔɔ. Wɔbɛbɔ me din afrɛ me, na megye wɔn so. Mɛka se, ‘Wɔyɛ me nkurɔfo,’ na wɔbɛka se, ‘Awurade yɛ yɛn Nyankopɔn.’”
Mede nkyɛmu mmiɛnsa mu baako yi bɛfa ogya mu; mɛnane wɔn te sɛ deɛ wɔnane dwetɛ, na masɔne wɔn so sɛ sikakɔkɔɔ. Wɔbɛbɔ me din afrɛ me, na mɛgye wɔn so. Mɛka sɛ, ‘Wɔyɛ me nkurɔfoɔ,’ na wɔbɛka sɛ, ‘Awurade yɛ yɛn Onyankopɔn.’”