< Sakaria 11 >
1 Buebue wʼapon, Lebanon, na ogya mmɛhyew wo sida!
Open your doors, Lebanon, so that fire can burn up your cedars!
2 Twa adwo, wo ɔpepaw, na sida ahwe ase; wɔasɛe nnua a ɛwɔ anuonyam no! Twa adwo Basan adum; wɔabubu kwaeberentuw no mu nnua no!
Weep, juniper, because the cedar has fallen, the majestic trees are ruined! Weep, oaks of Bashan, for the thick forest has been cut down!
3 Tie nguanhwɛfo agyaadwo; wɔasɛe wɔn adidibea frɔmfrɔm no! Tie gyata no mmubomu; Yordan ho nkyɛkyerɛ fɛɛfɛ no asɛe!
Listen to the howls of the shepherds, for their pastureland is destroyed. Listen to the roars of the young lions, for their Jordan habitat is ruined.
4 Sɛɛ na Awurade me Nyankopɔn se: “Fa nguankuw a wɔrebekum wɔn no kɔ adidibea.
This is what the Lord my God says: Become a shepherd of the flock marked for slaughter.
5 Atɔfo no kunkum nguan no na wɔntwe wɔn aso. Wɔn a wɔtɔn nguan no ka se, ‘Monkamfo Awurade, mayɛ ɔdefo!’ Na nguan no ahwɛfo no mpo nnya ahummɔbɔ mma wɔn.
Those who buy them kill them and don't feel guilty; those who sell them say, “Praise the Lord! Now I'm rich!” Even their shepherds don't care about them.
6 Merenhu asase no so nnipa mmɔbɔ bio,” sɛnea Awurade se ni. “Mede obiara bɛhyɛ ne yɔnko ne hene nsa. Wɔbɛhyɛ asase no so, na merennye obiara mfi wɔn nsam.”
For I will no longer care about the people of the Land, declares the Lord. I am going to make them victims of each other, and of the king. They will devastate the earth and I won't help anyone get away from them.
7 Enti mede nguankuw a wɔrekokum wɔn no kɔɔ adidibea, ne titiriw ne wɔn a wɔayɛ mmɔbɔ no. Afei mefaa pema abien, na mefrɛɛ baako Adɔe na baako nso Nkabom na mede wɔn kɔɔ adidi.
So I became a shepherd of the flock marked for slaughter by the sheep merchants. Then I took two staffs, one named Grace, the other named Union, and I shepherded the flock.
8 Ɔsram baako mu, mepam nguanhwɛfo abiɛsa no. Nguankuw no ampɛ me, na wɔmaa me brɛe
In one month I dismissed three shepherds. I became impatient with them, and they also hated me.
9 na mekae se, “Merenyɛ mo hwɛfo bio. Wɔn a wɔrewu nwu, na wɔn a wɔreyera nso nyera. Na ma wɔn a aka no nso nkyekyere wɔn ho wɔn ho nwe.”
Then I said, “I will not be your shepherd. If the sheep die, they die. Let those that are to perish, perish. Let those who are left eat each other!”
10 Afei mefaa me pema a mefrɛ no Adɔe no bubuu mu de sɛee apam a me ne aman no nyinaa ayɛ no.
Then I took my staff called Grace and broke it, breaking the agreement I had made with all the peoples.
11 Wɔsɛee no da no ara, na wɔn a wɔrehu amane wɔ nguankuw no mu a na wɔrehwɛ me no hui se, ɛyɛ Awurade asɛm.
It was broken on that day, and the sheep merchants who were watching me knew that it was a message from the Lord.
12 Na meka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ ɛbɛyɛ yiye a muntua me ka, na sɛ ɛnte saa nso a, momma ɛntena hɔ.” Enti, wotuaa dwetɛ mpɔw aduasa maa me.
I told them, “If you want to pay me my wages, then do so. If not, then don't.” So they paid me my wages—thirty pieces of silver.
13 Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Tow ma ɔnwemfo no,” ɛbo a ɛsɔ ani a wɔatwa ama me no. Enti, mefaa dwetɛ mpɔw aduasa no, na metow maa ɔnwemfo a ɔwɔ Awurade fi mu no.
And the Lord said to me, “Throw the money to the treasury,” this measly sum they thought I was worth! So I took the thirty pieces of silver and threw it into the treasury of the Lord's Temple.
14 Afei mibuu me pema a ɛto so abien a wɔfrɛ no Nkabom no mu, de sɛee onuayɛ a ɛda Yuda ne Israel ntam no.
Then I broke my second staff called Union, breaking the family union between Judah and Israel.
15 Afei, Awurade ka kyerɛɛ me se, “Fa oguanhwɛfo kwasea no nneɛma no bio.
The Lord told me, Get the things you use as a shepherd, a useless shepherd.
16 Na merebɛma oguanhwɛfo bi asɔre asase no so a ɔrenhwehwɛ nea wayera, ɔrenhwehwɛ nguantenmma no akyi kwan, ɔrensa nea wapira yare, ɔremma nea ɔwɔ ahoɔden aduan, na mmom, ɔbɛwe nguan a wɔadɔ no nam, na watwitwa wɔn tɔte.
For I am placing a shepherd in charge of the land who won't care for those who are dying, or look for the lost, or heal the injured, or feed the healthy. Instead he will eat the meat from the fattest sheep. He even tears their hooves off.
17 “Nnome nka oguanhwɛfo a ne so nni mfaso, na oguan gya nguankuw no! Afoa ntwa ne basa, ne nʼaniwa nifa. Ne basa no nwu koraa, nʼaniwa nifa no mfura koraa!”
What disaster is coming to this useless shepherd who abandons the flock! The sword will strike his arm and his right eye. His arm will wither away and his right eye will become completely blind.