< Tito 1 >

1 Saa nhoma yi fi Onyankopɔn somfo ne Yesu Kristo somafo Paulo nkyɛn. Wɔpaw me na wɔsomaa me se memmɛtrɛw nnipa a Onyankopɔn ayi wɔn no gyidi mu no, na menkyerɛkyerɛ wɔn nokwasɛm a ɛde onyamesuro ba
Paweł, sługa Boga i apostoł Jezusa Chrystusa według wiary wybranych Bożych i poznania prawdy, która [jest] zgodna z pobożnością;
2 wɔ nkwa a enni awiei ho anidaso a Onyankopɔn a onni atoro no hyɛɛ yɛn ho bɔ ansa na ɔrefi wiase ase; (aiōnios g166)
W nadziei życia wiecznego, które obiecał przed dawnymi wiekami ten, który nie kłamie, Bóg; (aiōnios g166)
3 na afei ne bere a ɛsɛ mu no, ɔfaa asɛnka a ɔno Nyankopɔn a ɔyɛ yɛn Agyenkwa no hyɛ me sɛ menka no so daa no adi.
I we właściwym czasie objawił swoje słowo przez głoszenie, które zostało mi powierzone zgodnie z nakazem Boga, naszego Zbawiciela;
4 Mekyerɛw me ba Tito wɔ gyidi baako a yɛn nyinaa kura mu no mu: Adom ne asomdwoe a efi Agya Nyankopɔn ne Kristo Yesu, yɛn Agyenkwa no nka wo!
Do Tytusa, [mego] własnego syna we wspólnej wierze. Łaska, miłosierdzie i pokój od Boga Ojca i Pana Jezusa Chrystusa, naszego Zbawiciela.
5 Migyaw wo Kreta sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛtoto nneɛma a aka no pɛpɛɛpɛ na woayi mpanyimfo atuatua asafo a ɛwɔ kurow biara mu no ano.
Zostawiłem cię na Krecie w tym celu, abyś uporządkował to, co tam [jeszcze] zostało [do zrobienia], i ustanowił w każdym mieście starszych, jak ci nakazałem;
6 Kae mmara a mehyɛ maa wo no. Ɔpanyin yɛ obi a ne ho nni asɛm na ɔwɔ yere baako na ne mma yɛ agyidifo a wɔmmɔ ahohwi bra, na wɔnyɛ asoɔden nso.
Jeśli ktoś jest nienaganny, mąż jednej żony, mający dzieci wierne, nieobwiniane o hulaszcze życie lub niekarność.
7 Ɛnsɛ sɛ mfomso biara ba ɔpanyin no ho, efisɛ Onyame adwuma hyɛ ne nsa. Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ ahomaso, anaa obi a ne bo nkyɛ fuw anaa ɔkɔwensani anaa basabasayɛfo anaa sikaniberefo.
Biskup bowiem, jako szafarz Boży, ma być nienaganny, niesamowolny, nieskory do gniewu, nieoddający się piciu wina, nieskłonny do bicia, niegoniący za brudnym zyskiem;
8 Ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a ɔpɛ ahɔhoyɛ na nʼani gye nea eye ho na nʼadwene mu da hɔ na ɔteɛ na ɔyɛ kronkron na ɔwɔ ahohyɛso.
Lecz gościnny, miłujący dobro, roztropny, sprawiedliwy, święty, powściągliwy;
9 Ɛsɛ sɛ oso asɛm no mu dennen sɛnea wɔkyerɛɛ no no. Sɛ ɛba saa a, obetumi ahyɛ afoforo den wɔ saa nkyerɛkyerɛ pa no mu, na wada wɔn a wɔsɔre tia asɛm no mu no nso mfomso adi.
Trzymający się wiernego słowa, zgodnego z nauką, aby też mógł przez zdrową naukę napominać i przekonywać tych, którzy się sprzeciwiają.
10 Nnipa pii wɔ hɔ a wɔsɔre tia na wɔnam wɔn nkwaseasɛm so daadaa afoforo; ne titiriw no, wɔn a wofi twetiatwasom no mu.
Jest bowiem wielu niekarnych, oddających się czczej gadaninie i zwodzicieli, zwłaszcza wśród obrzezanych.
11 Ɛsɛ sɛ wusiw wɔn nkyerɛkyerɛ no ano, efisɛ wɔnam wɔn nkyerɛkyerɛ bɔne no so ma ntoto ba mmusua mu, nam so de pɛ sika.
Im trzeba zamknąć usta, gdyż całe domy wywracają, nauczając, czego nie należy, dla brudnego zysku.
12 Mpo Kreta adiyifo no mu baako kae se, “Kretafo no yɛ atorofo, mmoa atirimɔdenfo ne akwadwofo adidifo.”
Jeden z nich, ich własny prorok, powiedział: Kreteńczycy to zawsze kłamcy, złe bestie, brzuchy leniwe.
13 Na asɛm a ɔkae no yɛ nokware. Esiane saa nti, ɛsɛ sɛ moka wɔn anim yiye sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya gyidi pa,
Świadectwo to jest prawdziwe. Dlatego karć ich surowo, aby byli zdrowi w wierze;
14 na wɔantena ase amma twetiatwa atosɛm ne ɔhyɛ a efi nnipa a wɔapo nokware no.
I nie zajmowali się żydowskimi baśniami i przykazaniami ludzi odwracających się od prawdy.
15 Biribiara yɛ kronkron ma wɔn a wɔyɛ kronkron no, nanso biribiara nyɛ kronkron mma wɔn a wɔn ho agu fi na wonni gyidi no, efisɛ wɔn adwene ne wɔn tiboa ho agu fi.
Dla czystych wszystko jest czyste, natomiast dla skalanych i niewierzących nie ma nic czystego, lecz skalany jest zarówno ich umysł, jak i sumienie.
16 Wɔka se wonim Onyankopɔn, nanso wɔn nneyɛe nkyerɛ saa. Wɔyɛ nnipa a obiara tan wɔn, na wɔyɛ asoɔdenfo a wontumi nyɛ ade pa biara.
Twierdzą, że znają Boga, ale [swymi] uczynkami [temu] przeczą, budząc obrzydzenie, będąc nieposłusznymi i niezdolnymi do wszelkiego dobrego uczynku.

< Tito 1 >