< Tito 2 >
1 Ɛsɛ sɛ woma nkyerɛkyerɛ pa a wɔagye ato mu.
But speak you those things which become healthy teaching.
2 Ka kyerɛ nkwakoraa na wɔmma wɔn ani nna hɔ, wɔnyɛ anyansafo, na wɔnhyɛ wɔn ho so; wɔn gyidi mu nyɛ den, wonnya ɔdɔ na wontumi ntena ɔhaw mu.
That the elderly men be sober, grave, prudent, sound in faith, in divine love, in patience:
3 Saa ara nso na ka kyerɛ mmerewa na wɔmmɔ ɔbra a ɛyɛ kronkron. Wonnni nseku na wɔnnyɛ asadweam nso. Wɔnkyerɛ akyerɛ pa,
likewise that the elderly women be reverent in demeanor, not tattlers, not given to much wine, teachers of that which is good;
4 sɛnea ɛbɛyɛ a wɔnam so betumi ama mmabaa adɔ wɔn kununom ne wɔn mma,
in order that they instruct the young women to love their husbands, to love their children,
5 ama wɔatumi ahyɛ wɔn ho so, ayɛ kronkron na wɔayɛ awarefo pa a wotie wɔn kununom asɛm, na obi anka bɔne amfa Onyankopɔn asɛm no ho.
to be prudent, chaste, domestic, good, submissive to their own husbands, in order that the word of God may not be blasphemed.
6 Saa ara na hyɛ mmerante na wonnya ahohyɛso.
Likewise exhort the young men to be prudent:
7 Nneɛma nyinaa mu no, fa wo ho yɛ nhwɛso pa wɔ nnwuma payɛ mu. Di nokware na ma wʼani nku wo nkyerɛkyerɛ ho.
concerning all things exhibiting yourself an example of good works; in teaching; purity, gravity,
8 Ka nsɛm a ho tew na obi antumi antia mu na ama atamfo ani awu sɛ wonnya asɛm bɔne nka mfa yɛn ho.
the sound word, irrefutable, in order that the adversary may be ashamed, having nothing evil to say concerning us.
9 Ɛsɛ sɛ asomfo tie wɔn wuranom, na ade nyinaa mu no, wɔsɔ wɔn wuranom ani. Ɛnsɛ sɛ woyiyi nsɛm ano
That servants submit to their own masters, that they be obedient in all things; not speaking back;
10 anaa wɔbɔ wɔn korɔn. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ papa mmere nyinaa na wodi nokware na anam so ama biribiara a wɔyɛ no de anuonyamhyɛ aba nkyerɛkyerɛ a ɛfa Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Agyenkwa no ho no.
not purloining, but exhibiting all good faith, that they may adorn the teaching of God our Saviour in all things.
11 Onyankopɔn adom a ɛde nkwagye ba no ayi no ho adi akyerɛ nnipa nyinaa.
For the grace of God, that brings salvation to all men, has appeared,
12 Nʼadom no kyerɛ yɛn sɛ, yɛmpa asetena a ɛho ntew no ne wiase akɔnnɔ akyi na yɛntena ase ahohyɛso, kronkronyɛ ne Onyamesuro mu wɔ wiase ha. (aiōn )
teaching us, that, denying ungodliness and worldly lusts, we must live prudently and righteously and holily in this present age; (aiōn )
13 Yɛwɔ anidaso wɔ bere a yɛretwɛn Onyankopɔn tumfo a ɔne Agyenkwa Yesu Kristo no ba a ɔbɛba bio wɔ anuonyam mu no.
looking for the blessed hope even the appearing of the glory of our great God and our Saviour Christ Jesus;
14 Ɔde ne ho maa yɛn de gyee yɛn fii bɔne mu, ɔyɛɛ yɛn nnipa a yɛpɛ papayɛ no kronkron de yɛn yɛɛ ne nko ara de.
who gave himself for us, that he might redeem us from all iniquity, and purify to himself a peculiar people, zealous of good works.
15 Kyerɛkyerɛ saa nneɛma yi na gyina wo tumi so hyɛ wʼatiefo nkuran, ka wɔn anim. Mma wɔn mu bi mmmu wo abomfiaa.
Speak these things and exhort and convict with all authority; let no one despise thee.