< Nnwom Mu Dwom 6 >
1 Ɛhe na wo dɔfo no kɔ mmea ahoɔfɛfo mu ahoɔfɛ? Ɛhe na wo dɔfo man fae, na yɛne wo nkɔhwehwɛ no?
Whither is thy beloved gone, O thou most beautiful among women? whither is thy beloved turned aside, and we will seek him with thee?
2 Me dɔfo kɔ ne turo mu, faako a woduadua nnua ahorow, okokyinkyin turo no mu akɔboaboa sukooko ano.
My beloved is gone down into his garden, to the bed of aromatical spices, to feed in the gardens, and to gather lilies.
3 Me dɔfo yɛ me de, na me nso meyɛ ne de; okyinkyin sukooko no mu.
I to my beloved, and my beloved to me, who feedeth among the lilies.
4 Me dɔfo, wo ho yɛ fɛ te sɛ Tirsa, wʼahoɔfɛ te sɛ Yerusalem, wusi pi te sɛ asraafo a wɔretu frankaa.
Thou art beautiful, O my love, sweet and comely as Jerusalem: terrible as an army set in array.
5 Nhwɛ me saa; wobunkam me so. Wo ti nwi te sɛ mpapokuw a wɔresian afi Gilead.
Turn away thy eyes from me, for they have made me flee away. Thy hair is as a flock of goats, that appear from Galaad.
6 Wo se te sɛ nguankuw a wɔatwitwa wɔn ho nwi foforo, a wofi aguaree. Baako mpo nyeraa ɛ.
Thy teeth as a flock of sheep, which come up from the washing, all with twins, and there is none barren among them.
7 Wʼasontɔre a ɛhyɛ wo nkataanim mu te sɛ ntunkum aduaba fa.
Thy cheeks are as the bark of a pomegranate, beside what is hidden within thee.
8 Ebia na ɔyerenom yɛ aduosia, mpenanom bɛyɛ aduɔwɔtwe, ne mmabaa dodow a wontumi nkan wɔn;
There are threescore queens, and fourscore concubines, and young maidens without number.
9 nanso mʼaborɔnoma a ne ho nni asɛm yɛ sononko; ɔno nko ara ne ne na babea, ɔno na nea ɔwoo no no pɛ nʼasɛm. Mmabaa huu no no, wɔfrɛɛ no nhyira; ahemmea ne mpenanom kamfoo no.
One is my dove, my perfect one is but one, she is the only one of her mother, the chosen of her that bore her. The daughters saw her, and declared her most blessed: the queens and concubines, and they praised her.
10 Hena na wapue sɛ ahemadakye yi, ɔyɛ frɔmfrɔm sɛ ɔsram, na ɔhyerɛn sɛ owia, nʼanuonyam te sɛ nsoromma a wɔsa so.
Who is she that cometh forth as the morning rising, fair as the moon, bright as the sun, terrible as an army set in array?
11 Misian kɔɔ nnuaba pɔw mu hɔ sɛ merekɔhwehwɛ afifide foforo a ɛwɔ obon no mu, sɛ bobe no agu nhwiren, anaasɛ ntunkum no ayɛ frɔmfrɔm.
I went down into the garden of nuts, to see the fruits of the valleys, and to look if the vineyard had flourished, and the pomegranates budded.
12 Mʼani baa me ho so no na mʼadwene de me abesi me nkurɔfo adehye nteaseɛnam so.
I knew not: my soul troubled me for the chariots of Aminadab.
13 San wʼakyi, san wʼakyi, Sulamit babea; San bra, san bra ma yɛnhwɛ wo! Aberante: Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mohwɛ Sulamit abeawa sɛnea mohwɛ Mahanaim asaw no?
Return, return, O Sulamitess: return, return that we may behold thee.