< Nnwom Mu Dwom 5 >
1 Maba me turo mu, me nuabea, mʼayeforo; maboaboa me kurobow ne me nnuhuam ano. Madi me wokyɛm ne ɛwo; manom me bobesa ne me nufusu. Nnamfonom: Nnamfonom, munnidi na monnom; Adɔfonom, monnom nea ɛbɛmee mo dɔ.
Maba me turo mu, me nuabaa, mʼayeforɔ; maboaboa me kurobo ne me nnuhwam ano. Madi me woɔkyɛm ne ɛwoɔ; manom me bobesa ne me nufosuo. Nnamfonom: Ao, nnamfonom, monnidi na monnom; Ao, adɔfonom, monnom deɛ ɛbɛmee mo.
2 Medae, nanso me koma anna. Tie! me dɔfo rebɔ pon no mu; “Bue me, me nuabea, me dɔ, mʼaborɔnoma, a ne ho nni dɛm. Obosu afɔw me tirim, anadwo mu bosu afɔw me nwi.”
Medaeɛ nanso mʼakoma anna. Tie! Me dɔfoɔ rebɔ ɛpono no mu; “Bue me, me nuabaa, me dɔ, mʼaborɔnoma, a ne ho nni dɛm. Obosuo afɔ me tirim, anadwo mu bosuo afɔ me nwi.”
3 Maworɔw mʼatade, mensan mfa nhyɛ ana? Mahohoro mʼanan ase, memma ho nyɛ fi bio ana?
Maworɔ mʼatadeɛ, mensane mfa nhyɛ anaa? Mahohoro me nan ase, memma ho nyɛ fi bio anaa?
4 Me dɔfo yɛɛ sɛ ɔrebue pon no me koma fii ase bɔɔ kim kim wɔ me mu.
Me dɔfoɔ yɛɛ sɛ ɔrebue ɛpono no mʼakoma firi aseɛ bɔɔ kimkim wɔ me mu.
5 Mesɔree sɛ merekobue me dɔfo, na me nsa ho kurobow ne me nsateaa ho aduhuam, yɛɛ korɔkorɔ no nsa ho.
Mesɔree sɛ merekɔhini me dɔfoɔ, na me nsa ho kurobo ne me nsateaa ho aduhwam, yɛɛ apratwom no ho.
6 Mibue maa me dɔfo no, nanso na ɔkɔ. Ne kɔ no maa me ho dwiriw me. Mehwehwɛɛ no nanso manhu no baabiara. Mefrɛɛ no nanso wannye me so.
Mebue maa me dɔfoɔ no, nanso na ɔkɔ. Ne korɔ no maa me ho dwirii me. Mehwehwɛɛ no nanso manhunu no baabiara. Mefrɛɛ no nanso wannye me so.
7 Awɛmfo no huu me bere a wɔrebɔ aporɔw wɔ kuropɔn no mu. Wɔbobɔɔ me pirapiraa me; woyii mʼatade kɔe; saa awɛmfo a wɔwɛn afasu no!
Awɛmfoɔ no hunuu me ɛberɛ a wɔrebɔ aporɔ wɔ kuropɔn no mu. Wɔbobɔɔ me pirapiraa me; wɔyii mʼatadeɛ kɔreɛ saa awɛmfoɔ a wɔwɛn afasuo no!
8 Yerusalem mmabea, mehyɛ mo, sɛ muhu me dɔfo no a, asɛm bɛn na mobɛka akyerɛ no? Monka nkyerɛ no se ɔdɔ ama matɔ beraw.
Ao, Yerusalem mmammaa, mehyɛ mo, sɛ mohunu me dɔfoɔ no a, asɛm bɛn na mobɛka akyerɛ no? Monka nkyerɛ no sɛ ɔdɔ ama matɔ piti.
9 Dɛn na wo dɔfo de sen afoforo, mmea ahoɔfɛfo mu ahoɔfɛ? Dɛn na wo dɔfo de sen afoforo a enti wohyɛ yɛn sɛɛ?
Ɛdeɛn na wo dɔfoɔ de sene afoforɔ, mmaa ahoɔfɛfoɔ mu ahoɔfɛ? Ɛdeɛn na wo dɔfoɔ de sene afoforɔ a enti wohyɛ yɛn sei?
10 Me dɔfo ho twa na ogyigye, wɔfa mpem du a, ɔyɛ sononko.
Me dɔfoɔ ho twa na ɔgyegye, wɔfa mpemdu a ɔda mu fua.
11 Ne ti yɛ sikakɔkɔɔ ankasa; ne ti so nwi yɛ kuhaa, na ɛyɛ tuntum sɛ kwaakwaadabi.
Ne ti yɛ sikakɔkɔɔ amapa; ne tiri so nwi yɛ kuhaa, na ɛyɛ tuntum sɛ kwaakwaadabi.
12 Nʼaniwa aba te sɛ aborɔnoma a ogyina asuwa bi ho; ɛte sɛ nea wɔde nufusu aguare no, na etuatua hɔ sɛ abohemaa.
Nʼaniwa aba te sɛ aborɔnoma a ɔgyina asuwa bi ho; ɛte sɛ deɛ wɔde nufosuo adware no, na ɛsisi hɔ sɛ abohemaa.
13 Nʼafono te sɛ pɛprɛ a wɔasɛw no kɛtɛ. Ɛho hua te sɛ aduhuam. Nʼanofafa te sɛ sukooko a ɛsosɔ kurobow.
Nʼafono te sɛ pɛperɛ a wɔasɛ no kɛtɛ. Ɛho hwa te sɛ aduhwam. Nʼanofafa te sɛ sukooko a ɛsosɔ kurobo.
14 Nʼabasa te sɛ sikakɔkɔɔ abaa a wɔde sikabereɛbo asisi mu. Ne nipadua te sɛ asonse a wɔatwiw ho na wɔde hoabo adura ho.
Nʼabasa te sɛ sikakɔkɔɔ abaa a wɔde sikabereɛboɔ asisi mu. Ne onipadua te sɛ asonse a wɔatwi ho na wɔde aboɔdemmoɔ adura ho.
15 Nʼanan te sɛ abohemaa afadum a esisi sikakɔkɔɔ ankasa nnyinaso so. Ne bɔbea te sɛ Lebanon a ɔyɛ sononko sɛ ne sida.
Ne nan te sɛ abohemaa afadum a ɛsisi sikakɔkɔɔ amapa nnyinasoɔ so. Ne bɔberɛ te sɛ Lebanon a ɔyɛ sononko sɛ ne ntweneduro.
16 Nʼano te sɛ ɔdɛ ankasa; ɔkwan biara so, ne ho yɛ fɛ. Me dɔfo ni, mʼadamfo ni, Yerusalem mmabea.
Nʼano te sɛ ɔdɛ ankasa; ɛkwan biara so, ne ho yɛ fɛ. Me dɔfoɔ nie, mʼadamfo nie, Ao, Yerusalem mmammaa.